Atirimɔden Asenni A Ɛyɛ Hu No
NÁ ƐYƐ afeha a ɛto so 13 no mu. Na wɔkyerɛ sɛ atuatewfo wɔ Franse kesee fam nyinaa. Na ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ no adi nkogu wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛtɔre eyinom ase wɔ n’asasesin a na ɔkyerɛ sɛ emufo yɛ Katolekfo nkutoo no mu. Na adeyɛ a emu yɛ den ho hia. Paapa no ananmusifo atitiriw a “wodi nyamesom mu atuatew ho dwuma” baa hɔ. Atirimɔden asenni no aba kurow no mu.
Atirimɔden asenni no fii ase wɔ mfeha a ɛto so 11 ne 12 no mu tɔnn, bere a wofii ase tew atuatewfo akuw wɔ Katolek Europa no. Nanso Paapa Lucius III na ofii Atirimɔden Asenni no ase wɔ Verona Nhyiam ase wɔ Italy wɔ 1184 mu. Ɛdenam Roma Ɔhempɔn Frederick I Barbarossa mmoa so no, ɔhyɛɛ mmara sɛ wobetu obiara a ɔka asɛm bi anaasɛ ne nsusuwii mpo ne Katolekfo nkyerɛkyerɛ bɔ abira no afi asɔre no mu na aban no atwe n’aso. Wɔde ahyɛde maa Asɔfo mpanyin sɛ wɔnhwehwɛ (Latin, inquirere) atuatewfo. Eyi na efii nea wɔbɛfrɛɛ no Episkopafo Atirimɔden Asenni a ɛkyerɛ sɛ wɔde ahyɛ Katolekfo asɔfo mpanyin tumi ase no ase.
Nhyehyɛe Ahorow a Emu Yɛ Den Kɛse
Nanso, sɛnea ɛbɛdaa adi wɔ Roma ani so no, na asɔfo mpanyin no mfa nnamyɛ kɛse nhwehwɛ atuatewfo. Enti paapanom a wobedii ade akyiri no mu pii somaa wɔn ananmusifo a ɛdenam Cisterciafo nkokorafo mmoa so no wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ wɔn ankasa nyamesom mu atuatew mu “nhwehwɛmu” no. Enti wɔ bere bi mu no, na Atirimɔden Asenni abien a wɔfrɛ no Episkopafo ne Paapanom Ananmusifo Atirimɔden Asenni na ɛwɔ hɔ, na na nea ɛto so abien no mu yɛ den sen nea edi kan no.
Paapa Innocent III ani ansɔ saa Atirimɔden Asenni a ɛyɛ den yi mpo. Enti wɔ 1209 mu no, otuu atuatewfo a na wɔwɔ Franse kesee fam no so sa. Na eyinom yɛ Catharfo a na wɔyɛ nyamesom kuw bi a ɛde Manichaeu som afra Kristofo Honhom Nimdeɛ-som a awae afi nokware Kristosom ho no mu titiriw.a Esiane sɛ na Albi yɛ kurow a na Catharfo no dɔɔso wom titiriw no mu biako nti, wɔbɛfrɛɛ wɔn sɛ Albigenfo.
“Ɔko kronkron” a wɔko de tiaa Albigenfo no baa awiei wɔ 1229 mu, nanso wɔantumi antɔre atuatewfo no nyinaa ase. Enti wɔ Toulouse a ɛwɔ Franse kesee fam Nhyiam ase wɔ saa afe koro no ara mu no, Paapa Gregory IX hyɛɛ Atirimɔden Asenni no mu den bio. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wonyaa asennifo a wɔrensakra wɔn a asɔre biara mu ɔsɔfo biako ka ho. Wɔ 1231 mu no, ɔhyɛɛ mmara a ɛbɛma wɔahyew atuatewfo a wɔnkyerɛ ahonu ne nea ɛbɛma wɔde wɔn a wɔkyerɛ ahonu ato afiase wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu no.
Wɔ mfe abien akyi wɔ 1233 mu no, Gregory IX gyee asɔfo mpanyin no asɛyɛde a ɛne sɛ wɔnhwehwɛ atuatewfo no fii wɔn nsam. Ɔhyehyɛɛ Nkokorafo Atirimɔden Asenni, na wɔfrɛ no saa esiane sɛ ɔpaw nkokorafo sɛ asennifo nti. Ɔpaw eyinom fii Dominican Kuw a na wɔatew no foforo ne Franciscafo nso mu titiriw.
Ɔkwan a Atirimɔden Asenni no Faa So
Na asennifo a wɔyɛ Dominica ne Francisca nkokorafo no boaboa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no ano wɔ asɔredan ahorow mu. Wɔfrɛ wɔn kɔ hɔ sɛ sɛ wɔadi ɔsom mu atuatew ho fɔ a wɔmmɛka anaasɛ wommeyi atuatewfo biara a wonim wɔn mma. Sɛ wosusuw mpo sɛ obi atew ɔsom mu atua a, ɛsɛ sɛ woyi no ma.
Obiara—ɔbarima, ɔbea, abofra, anaasɛ akoa—betumi abɔ obi sobo sɛ watew ɔsom mu atua a onsuro sɛ onii no bebisa no ho asɛm anaasɛ obehu nea ɔbɔɔ asennifo no amanneɛ akyiri yi mpo. Ɛntaa mma sɛ onni a wɔabɔ no sobo no benya obi adi n’asɛm ama no, esiane sɛ wɔbɔ mmaranimfo anaasɛ obi a obedi adanse ama no no sobo sɛ ɔreboa atuatewfo. Enti, mpɛn pii nea wɔabɔ no sobo no nkutoo na ogyina asennifo no anim.
Ankyɛ koraa no, wɔma nea wɔabɔ no sobo no ɔsram biako sɛ ɔmmɛka ne bɔne nkyerɛ. Sɛ wɔka wɔn bɔne kyerɛ anaasɛ dabi no, “nhwehwɛmu” (Latin, inquisitio) no yɛ nea wofi ase. Wɔde wɔn a wɔabɔ wɔn sobo no to afiase a wɔn mu biara da ɔdan biako mu a aduan kakraa bi ka ho. Bere a ɔsɔfo panyin no afiase ayɛ ma no, wɔde wɔn kɔ ɔmanfo afiase. Bere a ɛno nso ayɛ ma abu so no, wɔde tete adan yɛɛ afiase ahorow.
Esiane sɛ na asennifo no bu wɔn a wɔabɔ wɔn sobo no sɛ wɔadi fɔ dedaw ansa na wɔafi ase adi wɔn asɛm nti, na wɔfa akwan ahorow anan so na ama wɔaka sɛ wɔatew ɔsom mu atua. Nea edi kan no, wohunahuna wɔn sɛ wobekum wɔn wɔ dua so. Nea etia abien no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn wɔ afiase dan ketewaa bi a sum wom na emu afɔw mu. Nea etia abiɛsa no, wɔn a wɔkɔsra wɔn wɔ afiase no ka nsɛm de sɛe wɔn adwene. Nea etwa to ne ayayade afoforo a wɔyɛ wɔn a ogya a wɔde hyehye wɔn ka ho. Na nkokorafo gyina wɔn nkyɛn na ama wɔakyerɛw bɔne ho mpaemuka biara a wɔbɛyɛ no ato hɔ. Na wɔrentumi mmu obi bem da.
Asotwe Ahorow
Na wɔde asotwe ma Kwasida wɔ asɔredan mu anaasɛ wɔ ɔmanfo aguabɔbea a asɔfo wɔ hɔ. Asotwe a emu nyɛ den betumi ayɛ ayayade a obi ankasa yɛ ne ho. Nanso nea ɛka eyi ho ne ntamasin a ɛyɛ akokɔsrade a wɔde ayɛ mmeamudua a wɔhyɛ wɔn sɛ wɔmfa mmɔ wɔn ntade mu a na ɛma ɛyɛ den sɛ wobenya adwuma ayɛ no. Anaasɛ asotwe no betumi ayɛ mmaa a wɔbɛbɔ wɔn wɔ baguam, afiase a wɔde wɔn bɛto anaasɛ ma a wɔde wɔn bɛma aban no ma wɔde ogya ahyew wɔn.
Na nea ɛka asotwe a emu yɛ den ho ne obi a wɔabu no kumfɔ nneɛma a wobegye na Asɔre ne ɔman no akyɛ no. Enti na ɛma atuatewfo no abusua mufo a wɔaka no hu amane kɛse. Wobubu atuatewfo ne nnipa a wɔma wɔn hintabea no afie gu.
Bio nso, wodii nnipa a na wɔawuwu a wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ atuatewfo no asɛm wɔ wɔn wu akyi. Sɛ wodi fɔ a, wotu wɔn afunu hyew na wogye wɔn agyapade. Bio nso, eyi de amanehunu kɛse baa abusua no mufo a wɔaka a wɔte ase no so.
Na eyi ne ɔkwan a mfinimfini mmere no mu Atirimɔden Asenni no faa so na na ɛsono sɛnea edi nsɛm ho dwuma wɔ mmere ne mmeae ahorow.
Ayayade a Paapanom Penee So
Wɔ 1252 mu no, Paapa Innocent IV tintimii ne mmara a ɛne Ad exstirpanda a ɛmaa kwan sɛ wɔnyɛ nkurɔfo ayayade wɔ asɔre no asennibea ahorow no. Paapa Alexander IV, Urban IV ne Clement IV hyɛɛ mmara afoforo a ɛfa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ nkurɔfo ayayade no ho.
Mfiase no na wɔmma asɔfo a wɔyɛ asennifo no mma baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade no, nanso Paapa Alexander IV ne Urban IV twaa mmara yi mu. Eyi maa “nsemmisa” no kɔɔ so wɔ faako a wɔyɛ nkurɔfo ayayade no. Saa ara na mfiase a wɔhyɛɛ mmara no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo ayayade pɛnkoro nanso paapanom asennifo no anni mmara yi so na wɔkae sɛ ayayade a wɔsan yɛ wɔn no yɛ nea edi kan no “ntoaso.”
Wɔ bere tiaa bi mu no, na wɔyɛ adansefo mpo ayayade na ama wɔayi atuatewfo a wonim wɔn no nyinaa ama. Ɛtɔ bere bi a wɔyɛ obi a waka sɛ watew ɔsom mu atua no ayayade bere a waka ne bɔne mpo no. Sɛnea The Catholic Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu no, na eyi “‘bɛma wadi adanse atia ne nnamfo ne ne mfɛfo abɔnefo.”—Po VIII, kratafa 32.
Mfeha Asia Mu Ahude
Enti wofii atirimɔden asenni no ase wɔ afeha a ɛto so 13 Y.B. mfiase mu hɔ na wɔde dii dwuma mfehaha pii de sɛee obiara a ɔkaa asɛm anaa ne nsusuwii mpo ne Katolek Asɔre de anhyia no. Ɛmaa ehu kaa Katolek Europa nyinaa. Ɛreba afeha a ɛto so 15 awiei a Atirimɔden Asenni no ano fii ase brɛɛ ase wɔ France ne aman afoforo a ɛwɔ Europa Atɔe Fam ne Mfinimfini no mu no, ɛsɔree wɔ Spania.
Wɔde Spania Atirimɔden Asenni a Paapa Sixtus IV ma wɔhyehyɛe wɔ 1478 mu no dii kan de sɔre tiaa Marranosfo anaasɛ Spania Yudafo ne Moriscofo anaasɛ Spania Nkramofo. Wosusuwii sɛ eyinom mu pii a na wɔagye Katolekfo gyidi atom esiane ehu nti no kɔ so de wɔn ho hyɛ wɔn kan som no mu wɔ kokoam. Ankyɛ biara wɔde Atirimɔden Asenni no dii dwuma sɛ akode a ɛyɛ hu de tiaa Protestantfo ne atuatewfo afoforo.
Bere a Atirimɔden Asenni no gyaee wɔ Spain ne Portugal no, ɛkɔɔ aman a saa Katolek ahenni abien yi di wɔn so tumi wɔ Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam no mu ne mmeae afoforo. Egyaee bere a Napoleon ko faa Spain wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase mu hɔ no. Wɔsan hyehyɛe bio wɔ bere tiaa bi mu bere a wotuu Napoleon ade so no, nanso awiei koraa no, egui wɔ 1834 mu a ɛyɛ bɛyɛ mfe ɔha ne fã pɛ ni.
[Ase hɔ nsɛm]
a Katolekfo abakɔsɛm akyerɛwfo taa frɛ mfinimfini mmere no mu atuatewfo no sɛ “Manichaeus awaefo.” Na Mani anaa Manes yɛ obi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no mu a ɔtew ɔsom bi a ɛde Zoroastersom ne Buddasom fraa Kristofo Nimdeɛ-Som a awae afi nokware Kristosom ho no mu. Na bere a ebia atuatewfo akuw ahorow te sɛ Catharfo nneyɛe gyina Bani nkyerɛkyerɛ ahorow so no, na eyi nte saa wɔ atuatewfo akuw ahorow te sɛ Waldenfo a na wɔn nneyɛe gyina Bible nkyerɛkyerɛ so kɛse no fam
[Kratafa 21 mfoni]
Akwan ahorow a asennifo no faa so yɛɛ nkurɔfo ayayade
[Asɛm Fibea]
Photo Bibliothéque Nationale, Paris
[Kratafa 22 mfoni]
Paapa Innocent IV na ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ nkurɔfo ayayade