Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 4/8 kr. 13-17
  • Spania Atirimɔden Asenni No​—Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Spania Atirimɔden Asenni No​—Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wɔde Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam Kɛse”
  • Atirimɔden Asenni no​—Ɔkwan a Ɛde Kɔ Biakoyɛ Mu?
  • Torquemada​—Atirimɔden Osennifo a Ɔsen Biara
  • Atirimɔden Asenni no ne Bible No
  • Sɛnea Atirimɔden Asenni no te Ankasa
  • Wɔannu Koma ne Adwene Mu
  • So Awiei no Ma Ɔkwan a Wɔfaa so no Fata?
  • Kristofo Akodi​—Wɔ Afoforo Adwene Ho
  • Atirimɔden Asenni A Ɛyɛ Hu No
    Nyan!—1986
  • “Ɔsom mu Ɔwaefo” Asɛnni ne Ne Kum
    Nyan!—1997
  • Mexico Atirimɔden Asenni No—Ɛkɔɔ so Dɛn?
    Nyan!—1994
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 4/8 kr. 13-17

Spania Atirimɔden Asenni No​—Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?

Efi Spain Nyan! kyerɛwfo hɔ

NÁ ƐYƐ June 5, 1635 mu, bere a wɔbɔɔ Alonso de Alarcón amanneɛ sɛ wɔama nhoma sɛ wɔnkyere no no. Wobuu ani guu ka a ɔkae sɛ odi bem no so. Wɔde no too afiase wɔ ɔdan bi a ɔno nkutoo na ɔda mu mu. Wɔtoo nsa frɛɛ no mpɛn abiɛsa sɛ ɔnka ne bɔne, nanso ɔkae sɛ odi bem.

Wɔ April 10, 1636 mu no, wɔyɛɛ no ayayade wɔ ayayadeyɛ afiri bi mu kosii sɛ ɔtɔɔ mum. Wɔ October 12 mu no, wobuu no fɔ sɛ wɔmmɔ no mmaa 100 na wotwaa no asu mfe asia.

“Wɔde Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam Kɛse”

Ná Alonso yɛ ntamawenfo wɔ Toledo a ɛwɔ Spain, (ɛno na ɛwɔ atifi hɔ no) ɔwɔ mmabea baasa, na ne fã adwudwo. N’ankasa oduruyɛfo ka kyerɛɛ nhwehwɛmufo no sɛ wobetumi ayɛ no ayayade a ɛnyɛ hu​—anyɛ yiye koraa no wɔ ne fã a adwudwo no. Ná Alonso yɛ Spania Atirimɔden Asenni no akyere.

Ne bɔne? Wɔtotoo n’ano sɛ wadi mogya nam Fida (a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Yudafo nsusuwii) ne sɛ waka abususɛm atia Ɔbaabun Maria (wɔbɔɔ amanneɛ sɛ waka sɛ ne mmabea mu biako yɛ ɔbaabun sen Maria) . Ná n’anototofo no ne kurom hɔ ɔsɔfo no.

Nyamekyerɛfo hwehwɛɛ asɛm no mu na wɔhyɛe sɛ anototo a wɔde tia no no yɛ abususɛm ho adanse a emu da hɔ. Wɔkae sɛ ade mũ no nyinaa yɛ ad majorem Dei gloriam (nea ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam kɛse) , ɛwom sɛ Alonso ne afoforo 100,000 anaa nea ɛte saa a wodii wɔn asɛm wɔ Atirimɔden Asenni no mu no anhu no wɔ saa kwan no so de.

Nea ɛnyɛ nwonwa no, Spania Atirimɔden Asenni no abɛyɛ asɛm a wɔde ka nyamesom mu nhyɛso ne kateeyɛ ho asɛm. Asɛm “atirimɔden asenni” a mfiase no na ɛkyerɛ “nhwehwɛmu” ara kwa no abɛyɛ nea wɔde ka ayayadeyɛ, ntɛnkyea, ne ɔdesani hokwan a wobu ani gu so wɔ ɔkwan a mmɔborɔhunu nnim so ho asɛm mprempren. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi de nhyɛso adeyɛ a ɛte saa sii hɔ? Na ne botae ahorow ne dɛn? So wobetumi ama afata sɛ ɛyɛ “bɔne a ɛho hia”?

Atirimɔden Asenni no​—Ɔkwan a Ɛde Kɔ Biakoyɛ Mu?

Wɔ afeha 13 mu no Katolek Asɔre no de Atirimɔden Asenni no sii hɔ wɔ Franse, Germany, Italy, ne Spain. Na n’atirimpɔw titiriw ne sɛ ebesiw nyamesom mu atuatewfo akuw a asɔfo no bu wɔn sɛ wɔyɛ asiane ma asɔre no ano. Bere a wɔsɛee saa akuw yi akyi no, Atirimɔden Asenni a asɔre no gyina akyi no nkɛntɛnso so tewee, nanso na nea ɛde bae no de ɔhaw pii bɛba Spaniafo pii so ɛno akyi bɛyɛ mfeha abien.

Wɔ afeha 15 mu no Katolek Ahene Isabella ne Ferdinand dii Moorfo Nkramofo a wotwa to a na wɔatra Spania mfeha awotwe no so. Saa ahempɔn yi hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so de anya ɔman mu biakoyɛ. Wosusuwii sɛ nyamesom yɛ adwinnade a eye a wobetumi de anya eyi.

Wɔ September 1480 mu no, Atirimɔden Asenni no san bae wɔ Spania, nanso na Ɔman no na ɛwɔ so tumi. Na n’atirimpɔw ne sɛ wɔde benya “ɔman no ahodwira ne gyidi mu biakoyɛ.” Spania Katolek sodifo no hyɛɛ Paapa Sixtus IV ma ɔyɛɛ paapa mmara a ɛma wɔn tumi sɛ wɔbɛpaw atirimɔden asennifo ma wɔahwehwɛ abususɛnkafo mu na wɔatwe wɔn aso. Ɛno akyi no, Ɔman no tuaa Atirimɔden Asenni no ho ka na wɔyɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi dwuma no ho nhyehyɛe. Na ɔko a wɔnam so de ɔsom mu biakoyɛ katee bɛhyɛ ɔman no so afi ase. Dominican ne Franciscan nkokorafo na wodii nhyehyɛe no ho dwuma titiriw, nanso na ahempɔn no na wɔhwɛ so.

Na eyi yɛ Asɔre ne Ɔman ahotɔ aware. Asɔre no pɛe sɛ esiw ahunahuna a na ɛde ani bu fi Spania Yudafo mpempem pii ne Moorfo a na wɔahyɛ wɔn ma wɔabɛyɛ Katolekfo nanso na wɔde anibɔne hwɛ wɔn sɛ wobekura wɔn kan gyidi ahorow no mu no ano. Akyiri yi na ɛde saa adwinnade koro no ara besiw Protestant kuw ahorow a ɛbae wɔ afeha a edi hɔ no mu no ano.

Ɛbɛdaa adi sɛ Atirimɔden Asenni no yɛ akode a tumi wom ma Ɔman no nso. Esiw atuatew ano, ɛma wonyaa sika a ɛdɔɔso wɔ nea wogye fii n’akyerefo hɔ no mu, na ɛmaa tumi no kaa ahempɔn no nsam. Wɔ bɛyɛ mfeha abiɛsa mu no saa nhyehyɛe a ɛyɛ hu yi de ne pɛ hyɛɛ Spaniafo so.

Torquemada​—Atirimɔden Osennifo a Ɔsen Biara

Wɔ 1483 mu, bere a Atirimɔden Asenni no san baa Spania no akyi mfe abiɛsa no, wɔpaw Tomás de Torquemada a na ɔyɛ Dominican ɔkokorani na n’ankasa ase fi Yudafo mu no sɛ atirimɔden osennifo panyin. Na n’atirimɔden wɔ wɔn a wobu wɔn sɛ abususɛnkafo ho no so bi mmae da. Paapa Sixtus IV kamfoo no sɛ “ɔde [ne] mmɔdenbɔ dii nneɛma ahorow a ɛbɛyɛ ayeyi ama Onyankopɔn no ho dwuma.”

Akyiri yi bere a Torquemada nneɛma a ɔyɛ ma ɛtra so no ama Paapa Alexander VI abɔ hu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbegow ne tumi no mu denam atirimɔden asennifo afoforo baanu a ɔpaw wɔn no so. Ammfa hwee amma. Torquemada kɔɔ so dii wɔn nyinaa so tumi, na wɔ ne bere so no, anyɛ yiye koraa no ɔhyew nnipa 2,000 wɔ dua ho​—a sɛnea The Encyclopædia Britannica kyerɛ no ɛyɛ “afoforo ho koma a wonni nnyinasosɛm no sɛe a ɛyɛ hu.” Nnipa pii guan fii ɔman no mu, bere a afoforo a wontumi nkan wɔn huu afiase nna ne ayayadeyɛ mu amane na wɔde nsa too wɔn agyapade so no. Ɛda adi sɛ, Torquemada gye dii sɛ ɔyɛɛ n’adwuma no de som Kristo. Nokwarem no, asɔre nkyerɛkyerɛ penee ne nneyɛe ahorow no so.a

Nanso, Bible no bɔ kɔkɔ sɛ nyamesom mu mmɔdenbɔ betumi ayɛ nnaadaa. Wɔ afeha a edi kan no mu no, Paulo kaa Yudafo a wɔsɔre tiaa Kristofo no ho asɛm sɛ na wɔyɛ nkurɔfo a “wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.” (Romafo 10:2) Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ mmɔdenbɔ a ɛyɛ nnaadaa no bɛma wɔn a wɔte sɛɛ no akunkum wɔn a wɔn ho nni asɛm no mpo a wosusuw sɛ ‘wɔde resom Onyankopɔn.’​—Yohane 16:2.

Torquemada nhyehyɛe no yɛ nneɛma a ɛyɛ yaw a efi mmɔdenbɔ a kateeyɛ akum ano mu mmom sen sɛ ɛde ɔdɔ ne nokware nimdeɛ bedi ho dwuma mu ba no ho nhwɛso. Na ne de no nyɛ Kristofo kwan a wɔfa so nya gyidi mu biakoyɛ.

Atirimɔden Asenni no ne Bible No

Esiane atirimɔden asennifo no nti, na Spaniafo ntumi nkenkan Bible no wɔ wɔn ankasa kasa mu mfehaha pii. Atirimɔden asennifo no buu wɔ a obi wɔ bi wɔ wɔn kasa no mu no ara kwa sɛ ɛyɛ abususɛm. Wɔ 1557 mu no Atirimɔden Asenni no baraa Bible no wɔ Spaniafo kasa biara mu. Wɔhyew Bible pii a wontumi nkan.

Ebeduu 1791 mu ansa na awiei koraa no wotintim Katolekfo Bible bi wɔ Spania kasa mu wɔ Spania a na egyina Latin Vulgate no so. Spania asɔre no nkyerɛase a edi kan a nhoma ahorow no nyinaa wom a efi mfitiase kasa horow no mu a wɔfrɛ no Nacar-Colunga Bible no amma araa kosii 1944 mu.

Wobetumi abu Atirimɔden Asenni no tumi mu trɛw wɔ eyi ho no nso denam nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atirimɔden ɔsennifo panyin no san hwɛɛ Romance (tete Spania kasa) Bible ahorow a wɔde nsa kyerɛwee a ɛwɔ ɔhene no ankasa nhomakorabea wɔ El Escorial no mpo mu no so. Wɔda so ara hu kɔkɔbɔ a ɛne “wɔabara” wɔ saa nkrataa yi binom nkratafa a edi kan no mu.

Ebia Bible no a wɔbarae mfehaha pii wɔ Spania no ayɛ nokwasɛm biako a enti Spaniafo ani gye Kyerɛw Kronkron no ho nnɛ no. Pii wɔ Bible no bi nnɛ na wɔwɔ nokware ɔpɛ sɛ wobehu nea ɛkyerɛkyerɛ ankasa no.

Sɛnea Atirimɔden Asenni no te Ankasa

Ade biako a efi Atirimɔden Asenni no mu bae a ɛmpa da ne pɛsɛmenkominya ne afoforo ho anibɔne a ɛma enyinii no. Paapa Sixtus IV nwiinwii sɛ atirimɔden asennifo no kyerɛɛ sika ho akɔnnɔ kɛse sen nyamesom mu mmɔdenbɔ. Na ɔdefo biara da asiane mu sɛ wobeyi no ama, na ɛwom sɛ ebia wɔ asenni nhwehwɛmu no mu no “wɔbɛpata ɔne asɔre no abom” de, nanso wɔde nsa bɛto ne nneɛma so ara.

Wobuu afoforo atɛn wɔ wɔn wu akyi, na wɔn adedifo nnya kaprɛ mpo, na ɛtɔ mmere bi a egyina amanneɛbɔfo a wɔmmɔ wɔn din a wɔn nso wobenya ahode a wɔde nsa to so no mu kyɛfa bi no so. Akwansrafo ne amanneɛbɔfo pii a wɔde wɔn dii dwuma no maa ehu ne afoforo ho anibɔne bae. Mpɛn pii no wɔde ayayadeyɛ dii dwuma de nyaa “mfɛfo abususɛnkafo” na ɛma wɔkyekyeree nnipa a wodi bem pii wɔ adanse a enni mũ biara so.

Anibɔne a ano yɛ den a wɔde tia Semfo de nnebɔne afoforo bae. Sɛ nhwɛso no, wɔtotoo Elvira del Campo a ofi Toledo ano wɔ 1568 mu efisɛ ɔhyɛɛ ntade a ani tew Memeneda na ɔtwee ne ho fii prako nam ho a wɔkyerɛ sɛ n’abien nyinaa yɛ Yudasom a wodi ho dwuma wɔ kokoam ho adanse. Bere a wɔreyɛ no ayayade a mmɔborohunu nnim wɔ ayayadeyɛ afiri bi so no, ɔsrɛe sɛ: “Awuranom, dɛn nti na monnka nea mopɛ sɛ meka no nkyerɛ me?” Wɔ ayayadeyɛ a na ɛtɔ so abien mu no na ɛsɛ sɛ ɔka sɛ ɛnyɛ ne yafunu a ɛhaw no nti na ɛma ɔmpɛ prako nam na mmom Yudafo nsusuwii a okurae nti.

Wɔannu Koma ne Adwene Mu

Nanso, wɔtee akokodurufo ɔkasatia nne bere a na atirimɔden asenni no tumi mu ayɛ den no mpo mu. Woyii Elio Antonio de Nebrija a na ɔyɛ ne bere no so abenfo akɛse no mu biako no maa Atirimɔden Asenni no esiane ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obesiesie Latin Vulgate Bible no mu nsɛm nti. Ɔkasa tiae sɛ: “So ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me ma meka sɛ minnim nea minim no? Nkoayɛ anaa tumi bɛn na atirimɔden wom sɛɛ yi?” Luis Vives a ɔyɛ ɔdenimfo foforo a Atirimɔden Asenni no tɔree n’abusua nyinaa ase no kyerɛwee sɛ: “Yɛte mmere a emu yɛ den a yerentumi nkasa anaasɛ yɛremmua yɛn ano bere a asiane nni hɔ mu.”

Wɔ afeha 19 mu no, Antonio Puigblanch a na ɔyɛ Spaniani ɔkyerɛwfo ne ɔmansɛmdifo a otuu Atirimɔden Asenni no a wobetwam ho ɔsa no kae sɛ: “[Esiane sɛ] Atirimɔden Asenni no yɛ asɔfo asennibea nti, n’ahoɔden no ne odwo honhom a ɛsɛ sɛ ɛda Asɛmpa no ho asomfo adi no nhyia.” Ɛnnɛ mpo, Katolekfo anokwafo pii da so ara rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛte asɔre no afã wɔ Atirimɔden Asenni no mu no ase.

Enti asemmisa bi a ɛfata ne sɛ: So akwan horow a ɛte sɛɛ a wɔfaa so no duu nkurɔfo koma ne wɔn adwene mu ankasa? Abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ: “Bere a Atirimɔden Asenni no de nkyerɛkyerɛ ne afahyɛ ahorow hyɛɛ nkurɔfo so no, antumi ankanyan nokware obu amma nyamesom.”

Sɛ nhwɛso no bere a Julián a ɔyɛ aberantewaa bi a ɔresua asɔfodi no kenkan asɔre no afã wɔ Atirimɔden Asenni no mu ho asɛm no, ne ho dwiriw no. Ne kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ sɛnea Onyankopɔn ayɛ hell sɛ ɔde bɛyɛ abɔnefo ayayade daa no, saa ara na Asɔre no nso de ayayade bedi dwuma bere a ɛho hia no. Nanso saa mmuae yi anyi n’adwenem naayɛ no amfi hɔ, na ofii asɔfo nteteebea hɔ. Saa ara nso na Julio a ɔyɛ Spaniani mmaranimfo aberantewaa bi a na n’adwene mu yɛ no nãã wɔ Katoleksom ho dedaw no gye toom sɛ asɔre no rentumi nyɛ Kristofo de ampa bere a ɔkenkanee Atirimɔden Asenni no ho nsɛm pii akyi no.

Ɛda adi sɛ ahunahuna, afiase nna, ayayadeyɛ, ne owu mpo a wɔde dii dwuma sɛ nea wɔde benya amammui ne nyamesom mu ade a wɔhwehwɛ no ansow aba. Spania asɔre no a ne nhyɛso abakɔsɛm ayɛ nkekae wɔ ne ho no da so ara twa nea efi basabasayɛ, ɔtan, ne afoforo ho anibɔne a oduae no mu ba no.

So Awiei no Ma Ɔkwan a Wɔfaa so no Fata?

Adwene a ɛne sɛ ‘ɔsom mu biakoyɛ wɔ ɔkwan biara so’ no yɛ nea asiane wom. Ɛyɛ mmerɛw sɛ nyamesom mu mmɔdenbɔ bɛdan ayɛ kateeyɛ. Wobetumi abɔ saa asiane yi agu denam Bible nnyinasosɛm a wɔde nokwaredi bedi akyi no so. Afeha a edi kan Kristofo nhwɛso no kyerɛ sɛ eyi te saa.

Ɛdefa ɔkwan a tete Kristofo faa so kuraa nkyerɛkyerɛ mu biakoyɛ mu ho no, The New Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Kristosom mfeha abiɛsa a edi kan no mu no, na asotwe a wɔde ba abususɛnkafo so no yɛ honhom mu de nkutoo, mpɛn pii no wotu wɔn.” Eyi ne Kyerɛwsɛm mu akwankyerɛ no hyia, sɛ: “Abususɛnkafo a wotu no fo pɛnkoro ne mprenu no, pow no.”​—Tito 3:10, Douay.

Kristofo Akodi​—Wɔ Afoforo Adwene Ho

Bible no ka asɛmpa no a wɔbɛka akyerɛ no ho asɛm sɛ ɛyɛ honhom mu akodi. Botae no ne sɛ wɔde ‘bɛfa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.’ Nea ɛbɛyɛ na wɔanya biakoyɛ a ɛtra hɔ daa no, akode ho behia nanso ɛnyɛ nea wɔde yɛ ayayade. Mmom no, honhom mu akode a “ɛyɛ den Onyankopɔn anim” no bɛyɛ ade a wɔde di dwuma a “odwo ne obu a emu dɔ” ka ho bere nyinaa.​—2 Korintofo 10:3-5; 1 Petro 3:15, NW.

Nea ɛyɛ anigye no, yebetumi ahwɛ bere a nyamesom mu ɔtaa befi hɔ no kwan. Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ ɛrenkyɛ bere bi bɛba a “wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.” Nyamesom mu biakoyɛ ankasa bɛba, “na [Yehowa] ho hu bɛyɛ asase [nyinaa so] ma, sɛ nsu kata po so no.”​—Yesaia 11:9; Adiyisɛm 21:1-4.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ná Katolek “ahotefo” a wɔagye din aka sɛ wɔpene abususɛnkafo a wokum wɔn no so. Augustine kae sɛ “ɛho hia sɛ wɔde ɔhyɛ di dwuma bere a wɔabu ani agu nsɛm a wɔde susuw nneɛma ho so no.” Afei nso, Thomas Aquinas paeem kae sɛ “abususɛnka . . . yɛ bɔne a ɛnyɛ tu a wotu obi nkutoo na ɛfata no na mmom owu mpo.”

[Kratafa 14 mfoni]

Funnaka a wɔde akyere a woakyekyere no toom nna pii

[Asɛm Fibea]

Exposición de Antiguos Instrumentos de Tortura, Toledo, Spain

Ayayadeyɛ antweri afiri a wɔde dii dwuma de twee akyere no mu

[Asɛm Fibea]

Exposición de Antiguos Instrumentos de Tortura, Toledo, Spain

[Kratafa 15 mfoni]

Odonko bi​—wɔde akyere no sɛn so a woakyekyere ne nsa agu n’akyi

[Asɛm Fibea]

Exposición de Antiguos Instrumentos de Tortura, Toledo, Spain

Dungeon for housing prisoners, such as Alonso de Alarcón

[Kratafa 15 mfoni]

Amoa a wɔde nneduafo te sɛ Alonso de Alarcón guu mu

[Asɛm Fibea]

Exposición de Antiguos Instrumentos de Tortura, Toledo, Spain

[Kratafa 16 mfoni]

Onuayɛ Kronkron Afiase, faako a wɔde akyere no gui wɔ Toledo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena