Nnɛyi Wiase No—So Ɛwɔ Afoforo Ho Koma Anaasɛ Ɛyɛ Anibiannaso?
EBINOM te nka sɛ yɛte bere a wɔwɔ afoforo ho koma mu—wiase a wɔ nsase horow pii so no nnipa a wokunkum wɔn anaa wɔyɛ wɔn ayayade esiane wɔn nyamesom gyidi horow nti yɛ nea wobu sɛ nyansa nnim. Nanso, afoforo ho koma a wɔwɔ yi yɛ nea emu yɛ den dɛn ankasa? So ebetumi aba sɛ nea wɔde hoahoa wɔn ho kɛse sɛ ɛyɛ bere a wɔwɔ afoforo ho koma yi yɛ bere a wɔyɛ anibiannaso ara kwa?
Hokwan ho Akodi
Nokwarem, afoforo ho koma a wɔanya no yɛ nea nnansa yi ara na ɛreba, wɔ Atɔe fam wiase no mu mpo. Sɛnea Webster’s Third New International Dictionary kyerɛ no, Engiresi asɛmfua “tolerance” a asekyerɛ ne obi ho koma a wonya no fi Franse kasa mu. Vocabulaire de la Philosophie a André Lalande kyerɛwee no se: “Saa Franse asɛmfua no bae wɔ afeha a ɛto so XVI no mu esiane Katolekfo ne Protestantfo ntam nyamesom akodi ahorow no nti. Awiei no nea ɛbae ne sɛ Katolekfo benyaa Protestantfo ho koma na Protestantfo nso saa ara.”
Wɔ Franse no Edict of Nantes a ɛyɛ mmara a Ɔhene Henry IV nam so maa Protestantfo nyaa ahofadi kakra no na ɛde Nyamesom Akodi ahorow no baa awiei wɔ 1598 mu. Nanso na nyamesom mu ahofadi yɛ nea emu nyɛɛ den ara wɔ Franse. Wɔ 1685 mu no Ɔhene Louis XIV yii saa mmara yi fii hɔ na wɔ saa afeha yi mu no wɔde Protestantfo guu afiase anaasɛ wokunkum wɔn. Ɛyɛ bere a Fransefo ɔman Anidan no fii ase wɔ 1789 mu no akyi ansa na nyamesom mu ahofadi bɛyɛɛ nea wɔmaa ho kwan mmara kwan so wɔ Franse.
Wɔ Germany no, Augsburg Asomdwoe Apam no na ɛde Katolekfo ne Lutheranfo ntam akodi no baa awiei wɔ 1555 mu. Nanso, eyi ma wonyaa hokwan sɛ wɔde wɔn nyamesom bɛhyɛ nkoa a wɔhyehyɛ wɔn ase no so. Ná nyamesom mu ahofadi biara nni hɔ mma asɔretiafo Mfirihyia Aduasa akodi a na ɛda Europa Katolekfo ne Protestantfo ntam no baa awiei wɔ 1648 mu, na Westphalia Asomdwoe Apam no maa Calvinfo nyaa nyamesom mu ahofadi. Nanso, ɛyɛ ɛde besi 1781 mu ansa na Germanfo mmara a ɛma wonya afoforo ho koma no maa afoforo a wɔnyɛ Katolekfo nyinaa nyaa nyamesom mu ahofadi, nanso na anohyeto wɔ saa ahofadi no mu mpo.
England nso de bere tenten koo ɔko a emu yɛ den de hwehwɛe sɛ wobegye wɔn atom. Katolekfo, Anglicanfo ne Puritanfo taa wɔn ho wɔn ho bere a wɔn mu biara bedii tumi no. Wɔ 1689 mu, wɔ ɔhene William III a ɔyɛ Protestantni no ase no, Britaniafo yɛɛ mmara a ɛma wonya nyamesom afoforo mufo ho koma, nanso ɛbaraa kasa a wɔbɛkasa atia Baasakoro nkyerɛkyerɛ no, na wɔamma wɔn a wɔyɛ asɔretiafo no kwan ma wɔanni dwuma wɔ amammuisɛm mu. Afeha a ɛto so 18 no mu no, wɔyɛɛ mmara ahorow a ɛde nkakrankakra maa wɔn a wɔnyɛ Anglicanfo no nyaa nyamesom mu ahofadi. Nanso wɔde hokwan ahorow bi a na ɛwɔ hɔ kamee Katolekfo, Yudafo ne asɔretiafo. Ɛyɛ ɛde besi 1820 mfe no mu ansa na wɔreyi anohyeto ahorow yi dodow no ara afi hɔ, na ɛde besi 1880 mu—afeha a etwaam no mu—ansa na wɔmaa nyamesom mu asɔretiafo a wɔwɔ England no kwan sɛ wobetumi asie wɔn awufo sɛnea wɔn gyidi ahorow te.
Nyamesom Nkabom—Afoforo ho Koma a Wonya anaasɛ Anibiannaso?
Enti yebetumi ahu sɛ nea ɛte sɛ nea wɔanya nyamesom afoforo ho koma nnɛ no yɛ nea emu nyɛ den koraa wɔ abakɔsɛm mu. Enti, dɛn na ɛka nkurɔfo ma wonya nyamesom afoforo ho koma nnɛ no? So ɛyɛ fi a wofi koma pa mu agye hokwan ahorow a afoforo wɔ no atom, anaasɛ ɛyɛ nyamesom mu anibiannaso?
Roman Katolek Asɔre no kura adwene a etwa to no bi. The Catholic Encyclopedia da asɛm no adi pen sɛ: “Wonyaa nyamesom afoforo ho koma bere a gyidi sae no.” Nhoma koro yi ara ka sɛ: “Enti ɛte sɛnea Asɔre no bɔ ne ho abira kɛse, efisɛ bere a ɛka sɛ enya nyamesom afoforo ho koma na ɛhwehwɛ ahofadi ma n’ankasa ho no, ɛda so ara yɛ nea enni nyamesom afoforo a aka no nyinaa ho koma.”
Sɛ eyi ho nhwɛso no, wɔ Ecumenical Council Vatican II a ɛbaa awiei wɔ 1965 mu no ase no, nea edi kan koraa wɔ abakɔsɛm mu no, Roman Katolek Asɔre no huu hia a nyamesom mu ahofadi ho hia. Nanso asɛm a Paul VI kae ankasa wɔ saa ahofadi no ho a wobɛkenkan no yiye da no adi sɛ nea na ehia no kɛse ne Katolek Asɔre no ahofadi wɔ aman a Katolekfo ahofadi ho aba asɛm wɔ so no ho sen sɛnea ɛfa wɔn a wɔnyɛ Katolekfo ho no. Na ka a Paapa no reka Maria som ne asɔfo a ɛnsɛ sɛ wɔware ho asɛm denneennen nnansa yi no da no adi sɛ n’asɛm a ɛfa nyamesom biakoyɛ ho no yɛ nea ɔhwehwɛ sɛ Protestantfo bɛsan aba Roma Asɔre no mu.
Ɛdefa nnɛyi nyamesom nkabom a Protestant ne Ortodoks Wiase Asɔreasɔre Bagua no di mu akoten no ho no, The New Encyclopedia Britannica no se: “Afeha a ɛto 20 asɔre nkabom kuw no abɔ mmɔden sɛ ɛbɛboa ma wɔadi asɔre mu mpaapaemu ahorow so ankasa denam nsɛm a ɛmfa adwenkyerɛ ho a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu no so.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.) Wɔ ɔkwan foforo so no, asɔre nkabom no hwehwɛ sɛ ɛbɛka asɔreasɔre ahorow no abom wɔ nneɛma ahorow nyinaa mu, gye sɛ nsɛm a ɛfa honhom mu nneɛma ho nko. Edi nsɛm a ɛfa asetra ne amammui ho dwuma. Wɔkyerɛ sɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no de sika ma “ahofadi akuw horow” wɔ aman ahorow so. Salvation Army asɔre no twee ne ho fii Wiase Asɔreasɔre Bagua no ho nnansa yi ara na ɛkae sɛ wɔrema “amammuisɛm akyerɛ wɔn kwan sen sɛ wɔbɛma asɛmpa no akyerɛ wɔn kwan,” ɛkae nso sɛ ɛde sika fam mmoa ma nsɛmmɔnedifo akuw horow. Enti ɛda adi pefee sɛ nkyerɛkyerɛ ho koma a asɔre nkabom kuw no anya no yɛ nkyerɛkyerɛ mu anibiannaso ho sɛnkyerɛnne ankasa. Wɔ ɔkwan foforo so no, ne ho a ɛde hyehyɛ amammuisɛm mu no yɛ nea ɛmma amammui nniso horow binom ani nnye ne ho.
Gyidi Horow a Emu Yɛ Den a Ɛnyɛ Nea Wonni Afoforo ho Koma
Wɔ M’Clintock ne Strong Cyclopaedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature no mu no, yɛkenkan sɛ: “Kristo Asɔre no, wɔ n’ahotew mu no, nnim biribi a wɔfrɛ no afoforo ho koma a wonni, na enti ɛrentumi nni ɔtaa ho fɔ.” (Wɔn ankasa na wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.) Cyclopedia no faa John Jortin a na ɔyɛ afeha a ɛto so 18 Engiresini Protestantni a n’awofo yɛ Franse Protestantfo no asɛm kae sɛ: “Faako a ɔtaa fi ase no, ɛhɔ na Kristosom ba awiei.” Ɛkɔɔ so kae sɛ: “Ɛyɛ bere a Kristosom bɛyɛɛ [Roma] ahemman no som, na wɔde ahonyade ne anuonyam hyehyɛɛ n’asɔfo no akyi na bɔne kɛse a ɛne ɔtaa no ano bɛyɛɛ den kɛse na ɛmaa ne nkɛntɛnso bɔne no kaa Asɛmpa no nyamesom no.”
Yiw, ɛyɛ bere a ɔwae no bae akyi na “Kristofo” bɛyɛɛ ataafo a wonni afoforo ho koma. Ɔrehyɛ ɔwae yi ho nkɔm no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere bi bɛba a nnipa rennya ɔkyerɛ pa a eye no ho koma . . . Wɔrentie nokware no bio, na mmom wobedi nnipa anansesɛm ahorow akyi.” (2 Timoteo 4:3, 4, The New Testament in Modern English a J. B. Phillips yɛe) Kristoman asɔreasɔre no gyidikasɛm ahorow yɛ nea nnipa anansesɛm ahorow pii wom, na ɛyɛ anansesɛm a ɛtete sɛɛ ara ho na Kristofo a wɔwaee no bɛyɛɛ ataafo. Sɛ nhwɛso no, anansesɛm a ɛfa “Nnipa kronkron baasa wɔ Onyankopɔn koro mu” no maa akyinnyegye ne ɔtaa kɛse sɔree wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. no mu. Wɔkɔɔ so taa wɔn a wɔsɔre tiaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no wɔ mfehaha pii mu.
Ɛwom, nokware Kristofo nyɛ ataafo. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wonni nyamesom mu gyidi horow a ɛyɛ den anaasɛ wonsiw bɔneyɛ ano. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nokware Kristoni gyinabea no, sɛ: “Efisɛ yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den wɔ Onyankopɔn anim sɛ yɛde beburuw aban akɛse, na yɛaburuw adwene ne ade biara a ɛko rɔn a wɔma so ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.”—2 Korintofo 10:4, 5.
Nanso, ebinom bɛka sɛ nokwarem, Yehowa Adansefo nni afoforo ho koma, efisɛ wɔpam adebɔneyɛfo ne ankorankoro a wɔntra ase sɛnea wɔn nyamesom mu gyidi ahorow te no fi asafo no mu. Nanso, saa adeyɛ yi nyɛ nea egyina onipa gyinapɛn bi anaa obi ankasa adwemmɔne so. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔmpam wɔn a wɔyɛ bɔne no. (1 Korintofo 5:9-13) Nanso, Yehowa Adansefo nni wɔn a wɔapam wɔn no ho nseku, wontwiri wɔn na wɔnhaw wɔn wɔ ɔkwan biara so. Bible ahyɛde a ese ɛsɛ sɛ wɔne saafo no gyae fekubɔ no ara na wodi akyi. Saa kwan yi so no wokura Kristofo asafo no ahotew ne ne din no mu. Hwɛ soronko ara a adeyɛ a ɛte sɛɛ yɛ wɔ asɔre ahorow a akyekyere asɔretiafo na ataa wɔn denneennen no ho!
Nyamesom ‘Twa Nea Wagu’
Ɔsomafo Paulo kae bere bi sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Ɛda adi sɛ eyi fa nyamesom ahyehyɛde ahorow a ennya afoforo ho koma wɔ mfehaha pii mu no ho.
Wɔ Bible nhoma a etwa to no mu no, wɔyɛ atoro som ho mfonini sɛ ɔbea aguamman a “wiase ahene ne no abɔ aguamman.” (Adiyisɛm 17:1, 2; 18:9) Eyi kyerɛ tɔn a nyamesom tɔn ne ho ma amammuisɛm mmom sen sɛ ɛbɛtwe ne ho ‘afi wiase no ho’ de adi Yesu ahyɛde no so. (Yohane 17:16) Bible no aka ato hɔ sɛ amansɛmdifo a wɔn ani nnye nyamesom ho no ani rennye hyehyɛ a nyamesom de ne ho hyehyɛ wɔn nsɛm mu no ho na ɔbɛdan aba ne so. Yehowa Nyankopɔn nam wɔn so ‘bebu aguamman kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn’ na ‘obedi ne nkoa mogya ho werɛ wɔ ne nsam.’—Adiyisɛm 19:2; 17:16, 17.
Ataafo a wonni afoforo ho koma a wɔte sɛ mpapo no nyinaa “befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu.” Nanso ɛdefa n’asuafo a wɔte sɛ nguanten a wɔataa wɔn mu pii esiane wɔn ho koma a wonni nti no ho de, Kristo bɛka akyerɛ wɔn sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, mommɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase no nni.” (Mateo 25:31-46) Afei de na wobebua nokware Kristofo mpaebɔ no, a ɛne sɛ: “Ma w’ahenni no mmra, na wɔnyɛ wo pɛ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10, Ph.
Ɛhe na wubegyina bere a nyamesom ho koma a wonni no ba n’awiei no? Worentumi nkɔ so ara nyɛ anibiannaso Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Romafo 9:22, 23 no, sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, ɔpɛ sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wasiesie ama anuonyam no so.” Yiw, nsɛmmɔnedi ‘ho koma’ a Onyankopɔn ‘anya’ no adi atirimpɔw pa ho dwuma: Ama ankorankoro a wɔpɛ ne trenee no anya bere apaw nea ɛteɛ. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bere a saa abodwokyɛre yi bɛba awiei. (Asomafo no Nnwuma 17:30, 31) Adanse ahorow no nyinaa kyerɛ sɛ bere a ɔde anya nnebɔneyɛfo ho koma no reyɛ aba awiei. Enti Bible no reka akyerɛ wo sɛ fi atoro nyamesom mu ansa na aka akyiri!—Adiyisɛm 18:4, 5.
Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woatwe wo ho afi atoro nyamesom a ada no adi sɛ enni afoforo ho koma wɔ mfehaha pii a atwam no mu no ho. Wo ne Adansefo no nsua Bible no. Wobetumi aboa wo ma woahu anidaso bi a ɛyɛ nwonwa wɔ Bible no mu a ɛne tra a wobɛtra ase daa wɔ Paradise asase so, faako a koma a onipa nni wɔ ne yɔnko nipa ho bɛyɛ ade a atwam no.
[Kratafa 8 mfoni]
Bible mu nokware ahorow no na Yehowa Adansefo de ko tia mfomso, ɛnyɛ basabasayɛ
[Kratafa 9 mfoni]
Wiase tumi horow no bɛyɛ nea enni wiase nyamesom ho koma, na wɔde aguamman bi ayɛ ho sɛnkyerɛnne wɔ Adiyisɛm nhoma no mu