Kari a Wobɛkari Pɛ Betumi Ama W’asetra Atu Mpɔn
ABOTARE te sɛ asikre a yɛde gu kafe mu. Nea ɛsɛ a yɛde begu mu no tumi ma ɛyɛ dɛ. Nanso bere a yɛhwɛ yiye wɔ asikre ho no, mpɛn pii na yensi abotare. Dɛn ntia?
Arthur M. Melzer, ɔbenfo bi a ɔwɔ Michigan State Sukuupɔn mu no kyerɛwee sɛ: “Nnipa mpɛ sɛ wosi abotare. Adwemmɔne . . . ne ade a wɔtaa nya.” Enti abohuru nyɛ nipasu mu sintɔ bi a nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ; esiane sɛ adesamma nyinaa nyɛ pɛ nti, yetumi da adwenharesɛm adi.—Fa toto Romafo 5:12 ho.
Wɔn a Wobetumi Ayɛ Nhyɛsofo
Wɔ 1991 no, Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ adwenharesɛm reda adi kɛse wɔ United States. Asɛm no kaa “nhyɛsofo,” nkurɔfo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma obiara adi wɔn ankasa abrabɔ ho gyinapɛn ahorow akyi no ho asɛm. Wɔahaw wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ no. Sɛ nhwɛso no, woyii ɔbea bi a ɔwɔ Boston adi fii n’adwumam esiane sɛ wantwiw n’anim ankeka n’ano nti. Woyii ɔbarima bi a ɔwɔ Los Angeles adi fii adwumam esiane sɛ na ɔso dodo nti. Dɛn nti na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ nkurɔfo ma wɔayɛ nea afoforo pɛ?
Adwenharefo nni ntease, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, mpi, ne katee. Nanso ɛnyɛ nokware sɛ nnipa dodow no ara nte asɛm ase, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, wɔyɛ mpi, anaasɛ wɔyɛ katee kakra? Sɛ saa su horow yi gye ntini wɔ yɛn nipasu mu a, yɛbɛyɛ adwenharefo.
Na wo nso ɛ? So wowosow wo ti wɔ obi foforo aduan a ɔpɛ ho? Sɛ woredi nkɔmmɔ a, ɛyɛ a wopɛ sɛ wo na woka asɛm a etwa to? Sɛ wo ne nnipakuw bi reyɛ adwuma a, ɛyɛ a wohwehwɛ sɛ wodi wo nsusuwii akyi? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode asikre kakra ka wo kafe ho!
Nanso, sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, abohuru betumi adan afoforo ho adwemmɔne a emu yɛ den a wonya. Ade biako a ebetumi ama abohuru ayɛ kɛse ne anibere bɔne.
“Adwenem Naayɛ Kɛse a Nkurɔfo Nya”
Nnipa asetra ho animdefo ahwehwɛ adesamma asetra bere a atwam mu ahu bere ne baabi a mmusuakuw ho adwemmɔne ada adi. Wohui sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na saa abohuru yi da adi, na saa ara na ɛnna adi ɔkwan koro so wɔ ɔman biara mu. Germanfo adebɔ ho nyansahu nsɛmma nhoma GEO bɔ amanneɛ sɛ, mmusuakuw ntam ntawntawdi ba wɔ ahohia bere mu, bere a “nkurɔfo adwenem yɛ wɔn naa kɛse, na wohu sɛ asɛm reyɛ ato wɔn no.”
So “adwenem naayɛ a ɛkɔ akyiri” a ɛte saa abu so nnɛ? Akyinnye biara nni ho. Adesamma nhyiaa nsɛnnennen ntoatoaso te sɛ nnɛ da. Adwuma a wonnya nyɛ, nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den, nnipa nkyereso, mframa a ɛsɔn owia mu ahoɔden a ɛsɛe ade so a wɔresɛe no, nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ soro wɔ nkuropɔn mu, nsu a wɔnom a wɔreyɛ no fĩ, asase so a ɛreyɛ hyew—eyinom mu biara ho hu a ɛtra hɔ kyɛ de anibere ba. Ahohia de anibere ba, na anibere a ɛnsɛ kowie abohuru mu.
Sɛ nhwɛso no, abohuru a ɛte saa da adi wɔ baabi a mmusuakuw ne nkurɔfo a ɛsonsono wɔn amammerɛ bom tra, te sɛ nea ɛwɔ Europa nsase bi so no. Sɛnea National Geographic amanneɛbɔ bi kyerɛe wɔ 1993 mu no, saa bere no na Europa Atɔe fam aman agye atubrafo bɛboro ɔpepem 22. “Ahɔho a wɔkɔɔ hɔ” a ɛsono wɔn kasa, amammerɛ, anaa wɔn nyamesom no maa Europafo pii “ho dwiriw wɔn.” Ananafo ho nitan ada adi wɔ Austria, Belgium, Britain, France, Germany, Italy, Spain, ne Sweden.
Na wiase atumfoɔ nso ɛ? Wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no, Hitler maa abohuru bɛyɛɛ aban nhyehyɛe. Awerɛhosɛm ne sɛ, amammui ne nyamesom mu atumfoɔ bi nam abohuru so na enya nea wɔhwehwɛ. Saa na ɛte wɔ mmeae bi te sɛ Austria, France, Ireland, Russia, Rwanda, ne United States.
Kwati Anibiannaso Ho Afiri No
Sɛ asikre kakraa bi na ɛwɔ yɛn kafe mu a, yehu sɛ ne dɛ nwie pɛyɛ; saa nso na asikre pii wom a, yɛte nka sɛ ɛyɛ fremfrem dodo. Saa ara na abohuru te. Susuw ɔbarima bi a ɔkyerɛ ade wɔ kɔlege wɔ United States, asɛm no ho hwɛ.
Mfe bi a atwam no, David R. Carlin, Kumaa, nyaa ɔkwan tiawa bi a etu mpɔn a na ɔfa so kanyan adesuakuw nkɔmmɔbɔ. Na ɔhyɛ da bisa asɛm bi a ɛne ne sukuufo no adwene nhyia, a onim sɛ wobegye ho kyim. Na ɔnam saayɛ so ma wosusuw nsɛm ho anigye so. Nanso, wɔ 1989 no, Carlin kyerɛwee sɛ na ɔkwan koro no ara ntu mpɔn bio. Dɛn ntia? Bere a sukuufo no da so ara nnye nea ɔka no ntom no, wonnye no kyim bio. Carlin kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na wɔanya “akyinnyegyefo ho abotare”—anibiannaso su a ɛmma hwee mfa wɔn ho koraa.
So anibiannaso yɛ abotare? Sɛ nea obi dwen anaa ɔyɛ mfa obiara ho a, ɛnde na gyinapɛn biara nni hɔ koraa. Sɛ gyinapɛn ahorow nni hɔ a, anibiannaso na esi ananmu—nneɛma ho anigye a wɔnkyerɛ koraa. Ɛyɛ dɛn na tebea horow a ɛtete saa tumi ba?
Sɛnea Ɔbenfo Melzer kyerɛ no, anibiannaso tumi trɛw wɔ ɔman a wogye suban ho gyinapɛn ahorow tom mu. Nnipa begye tom sɛ nneyɛe ahorow nyinaa ye, na biribiara yɛ nea ankorankoro bi ani gye ho kɛkɛ. Sɛ́ anka nkurɔfo besua sɛnea wosusuw nneɛma ho, na wɔabisa nea wogye tom ne nea wonnye ntom ho nsɛm no, “wɔtaa sua sɛ wɔrensusuw nneɛma ho koraa.” Wonni abrabɔ mu tumi a ɛkanyan obi ma otumi gyina afoforo abohuru ano.
Na wo nso ɛ? So ɛtɔ da bi a wutumi hu sɛ woreyɛ anya anibiannaso su? So wɔka nsɛnkwaa a ɛyɛ ahuhusɛm anaasɛ ɛfa nnipa mu nyiyim ho a, woserew? So woma wo babarima anaa ɔbabea a wadu mpanyin afe so hwɛ video ahorow a ɛfa adifudepɛ anaa ɔbrasɛe ho? Wote nka sɛ ɛfata sɛ wo mma hwɛ kɔmputa so agoru a basabasayɛ wom?
Sɛ abusua anaa ɔman bi nya nneɛma ho abotare ma ɛtra so a, wobedi awerɛhow, esiane sɛ obiara nnim—anaa onnwen—nea ɛteɛ anaa ɛnteɛ ho nti. U.S. Mmarahyɛ Baguani Dan Coats, bɔɔ “anibiannaso a wosusuw sɛ ɛyɛ abotare” no ho kɔkɔ. Abotare tumi ma obi nya adwempa; abotare a ɛtra so—anibiannaso—ma obi bɛyɛ nipahunu.
Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi ho abotare, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛpo? Dɛn na ɛboa obi ma ɔkari pɛ? Eyi na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Kratafa 19 mfonini]
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ade ma akari pɛ wɔ tebea horow mu