Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 11/8 kr. 6
  • Adwenhorow a Ɛnteɛ a Nnipa Pii Kura

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwenhorow a Ɛnteɛ a Nnipa Pii Kura
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anosiw Wɔ Fie
    Nyan!—1993
  • Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Bere a Obi Adi Amumɔyɛsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Ɔhaw no Wɔ Baabiara
    Nyan!—1999
  • Sɛnea Yɛbɛkyekye Wɔn a Wɔato Wɔn Mmonnaa Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 11/8 kr. 6

Adwenhorow a Ɛnteɛ a Nnipa Pii Kura

Adwene a Ɛnteɛ: Mmonnaatofo taa yɛ nnipa a wonnim wɔn, akwasampafo a wɔn adwenem ka wɔn a wowia mmofra na wɔhyɛ wɔn to wɔn mmonnaa.

Nsɛm no dodow ara mu​—ebinom bu akontaa sɛ ɔha biara mu nkyem 85 kosi 90​—no, ɔmmonnaatofo no yɛ obi a abofra no nim no na ɔwɔ no mu ahotoso. Sɛ anka mmonnaatofo de ɔhyɛ bedi dwuma no, wɔfaa daadaa abofra no nkakrankakra ma ɔne no da, ɔde osuahu kɛse a abofra no nni ne sɛnea ontumi nnwen nsɛm ho nkɔ akyiri no di dwuma. (Fa toto 1 Korintofo 13:11 ne Mmebusɛm 22:15 ho.) Mmonnaatofo yi nyɛ nnipa a wɔn adwenem ka wɔn a wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho. Wɔn mu pii pɛ nyamesom, afoforo bu wɔn, na wɔpɛ wɔn asɛm yiye wɔ mpɔtam hɔ. Sɛnea United States Federal Bureau of Investigation kyerɛ no, “ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ wobenya adwene sɛ esiane sɛ obi yɛ onipa pa, ɔkɔ asɔre, ɔyɛ adwumaden, ɔpɛ mmoa asɛm ne nea ɛkeka ho nti, ɔnto mmofra mmonnaa.” Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wobenya adwene nso sɛ mmonnaatofo nyinaa yɛ mmarima anaasɛ wɔn a wɔto wɔn mmonnaa nyinaa yɛ mmea.

Adwene a Ɛnteɛ: Mmofra kura adwenhunu wɔ mmonnaato ho anaasɛ wodi atoro wɔ ho.

Mpɛn pii no, mmofra nni nna ho nsɛm mu osuahu anaa nimdeɛ a ɛbɛma wɔabɔ wɔn tirim atumi akyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee sɛ wɔato wɔn mmonnaa, ɛwom sɛ mmofra nkumaa binom ntumi mfa nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ fann mma de. Nhwehwɛmufo a wogye akyinnye sen biara mpo gye tom sɛ mmonnaa a wɔka sɛ wɔato wɔn no dodow no ara yɛ nokware. Susuw nhoma Sex Abuse Hysteria​—Salem Witch Trials Revisited a ɛtwe adwene si atoro a wodi sɛ wɔato wɔn mmonnaa so no ho.a Nhoma yi gye tom sɛ: “Mmonnaa ankasa a wɔto mmofra no abu so, na mmonnaa a wɔka sɛ wɔato mmofra no mu dodow no ara (ebia 95% anaa nea ɛboro saa) betumi ayɛ nokware.” Ɛyɛ den yiye ma mmofra sɛ wɔbɛka sɛ wɔato wɔn mmonnaa. Sɛ wodi atoro wɔ mmonnaato ho a, mpɛn pii no wɔde kyerɛ sɛ wɔanto wɔn mmonnaa, ɛwom mpo sɛ na wɔato wɔn mmonnaa ankasa de.

Adwene a Ɛnteɛ: Mmofra kanyan afoforo akɔnnɔ na wɔn nneyɛe na ɛtaa ma wɔto wɔn mmonnaa.

Eyi yɛ adwenkyea titiriw, efisɛ nokwarem no, ɛde asodi no to nea wɔato no mmonnaa no so. Mmofra nni sɛnea wɔne afoforo da ho adwene ankasa. Wonnim nea adeyɛ a ɛte sɛɛ kyerɛ ne sɛnea ɛbɛsakra wɔn ho adwene biara. Enti wontumi mma ho kwan wɔ ɔkwan a ntease wom biara so. Ɛyɛ monnaatofo no nkutoo na mmonnaato no ho asodi da no so.​—Fa toto Luka 11:11, 12 ho.

Adwene a Ɛnteɛ: Sɛ mmofra ka sɛ wɔato wɔn mmonnaa a, ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka ho asɛm na ‘wɔmma wɔn werɛ mfi.’

Sɛ abofra no anka sɛ wɔato no mmonnaa a, hena na onya mu mfaso sen obiara? So ɛnyɛ ɔmmonnaatofo no? Nokwarem no, nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ wɔn nkate a wɔbɛka ahyɛ de akyerɛ sɛ wɔanto wɔn mmonnaa no nyɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so di mmonnaato ho dwuma. Wɔ akwan akron a wɔn a wɔtoo wɔn mmonnaa faa so gyina ano ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ England mu no, wɔn a wɔkae sɛ wɔanto wɔn mmonnaa, wɔkwatii anaasɛ wɔkaa asɛm no hyɛe na wɔhaw kɛse wɔ wɔn mpanyin bere mu. Sɛ obi tow hyɛɛ wo so wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so a, so wobɛpɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ nka ho asɛm? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka saa asɛm no kyerɛ abofra? Kwan a wobɛma abofra no ma wayɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ asɛmmɔne a ɛte sɛɛ ho, te sɛ awerɛhodi ne abufuw bɛma awiei koraa no, wafi ase anya ahotɔ.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ awaregu bi mu no, wɔahu sɛ mpanyimfo a wɔtwe manso no de sobo a ɛkyerɛ sɛ wɔato abofra mmonnaa no di dwuma sɛ akode.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena