Anosiw Wɔ Fie
Ná Monique adi mfe akron bere a ɔbarima no fii ase too no mmonnaa, ofii ase denam kokoam a ɔkɔtɛw de hwɛ ne ho bere a ɔreyi n’atade agu hɔ no so; afei ofii ase kɔɔ ne dan mu anadwo de ne nsa kekaa n’awode. Bere a wamma no kwan no, ne bo fuw no. Bere bi ɔde asae tow hyɛɛ no so mpo, na osum no faa atrapoe so bɛhwee fam. Monique ka sɛɛ “Obiara annye me anni”—ne maame mpo annye no anni. Ná ɔmmonnaatofo no yɛ Monique maame kunu.
ƆNYƐ obi a obiara nnim no a ɔyɛ sum ase nneɛma, obi a watwe ne ho afi nnipa ho a oyi mmofra hu sen biara. Ɛyɛ abusua no muni. Mmonnaato dodow no ara si wɔ fie. Enti ɔkwan bɛn so na wobetumi ama fie ayɛ baabi a ɛyɛ den kɛse sɛ wɔbɛto mmonnaa wɔ hɔ?
Abakɔsɛm kyerɛwfo Ɔbenfo Sander J. Breiner hwehwɛ mmonnaa a wɔtoo mmofra wɔ tete aman anum—Egypt, China, Greece, Rome, ne Israel—mu ho adanse mu wɔ ne nhoma Slaughter of the Innocents no mu. Ɔka sɛ ɛwom sɛ mmonnaato kɔɔ so wɔ Israel de, nanso sɛ wɔde toto aman afoforo anan no mu de ho a, na ɛntaa nsi. Dɛn ntia? Esiane sɛ na lsraelfo nte sɛ aman a wɔbemmɛn wɔn no nti, wokyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ obu mma mmea ne mmofra—adwene pa a Kyerɛw Kronkron no na ɛma wonyae. Bere a lsraelfo no de ɔsoro mmara dii abusua asetra ho dwuma no, wosiw mmonnaa a wɔto mmofra ano. Nnɛyi mmusua hia gyinapɛn pa a ɛho tew yi sen bere biara a atwam.
Abrabɔ ho Mmara
So Bible mmara wɔ w’abusua so tumi bi? Sɛ nhwɛso no, Leviticus 18:6 kenkan sɛ: “Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkoyi n’adagyaw so. Mene [Yehowa].” Saa ara na Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no hwɛ ma wodi mmonnaato biara ho mmara a emu yɛ den so. Wobetumi atu anaa wobeyi obiara a ɔto abofra mmonnaa afi asafo no mu.a—1 Korintofo 6:9, 10.
Ɛsɛ sɛ mmusua nyinaa hu saa mmara ahorow no na wɔbom hwehwɛ mu. Deuteronomium 6:6, 7 hyɛ sɛ: “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Mmara ahorow yi a wode bɛkyerɛkyerɛ wo mma no kɔ akyiri sen ho asɛm a wobɛka akyerɛ wo mma wɔ bere ne bere mu kɛkɛ. Ɛkyerɛ sɛ mobɛbɔ ho nkɔmmɔ daa. Ɛsɛ sɛ ɛna ne agya no nyinaa si so dua wɔ bere ne bere mu sɛ wogye Onyankopɔn mmara a ɛfa mogyafra ho ne nea enti a wɔhyɛɛ mmara horow yi a ɔdɔ wom no tom.
Wubetumi de nsɛm te sɛ nea ɛfa Dawid mma Tamar ne Amnon ho no akyerɛ mmofra no sɛ anohyeto wɔ nna ho nsɛm mu a ɛnsɛ sɛ obiara—abusuafo a wɔbɛn wɔn mpo ka ho—bu so.—Genesis 9:20-29; 2 Samuel 13:10-16.
Wobetumi ada obu a wɔwɔ ma nnyinasosɛm ahorow yi adi wɔ asetra ho nhyehyɛe pa mpo mu. Wɔ Apuei Fam ɔman bi mu no, nhwehwɛmu ada no adi sɛ mogyafradi pii si wɔ mmusua a mmofra ne wɔn awofo da dan koro mu bere a wɔn sikasɛm tebea ma ɛho nhia mpo sɛ wɔyɛ saa. Saa ara nso na mpɛn pii no nyansa nnim sɛ wɔbɛma mmofra a ɛsono wɔn bɔbeasu ada mpa biako so anaa ɔdan koro mu bere a wonyin no, sɛ wobetumi akwati eyi a. Sɛ wontumi nkwati nkyereso mpo a, ɛsɛ sɛ awofo de atɛmpa si faako a ɛsɛ sɛ abusua no muni biara da ho gyinae.
Bible mmara bara asabow, na ɛkyerɛ sɛ ebetumi ama obi abɔ ahohwi. (Mmebusɛm 23:29-33) Sɛnea nhwehwɛmu biako kyerɛ no, nnipa a wɔn abusuafo too wɔn mmonnaa no mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 60 kosi 70 kae sɛ na ɔwofo ɔmmonnaatofo no anom nsa bere a ofii ase too wɔn mmonnaa no.
Abusua Ti a Ɔwɔ Ɔdɔ
Nhwehwɛmufo ahu sɛ wɔto mmonnaa pii wɔ mmusua a okununom yɛ nhyɛso no mu. Adwene a nnipa pii kura sɛ wɔyɛɛ mmea na mmarima de wɔn adi wɔn ahiade ho dwuma kɛkɛ no ne Kyerɛwnsɛm bɔ abira. Mmarima bi de saa adwene a ɛne Kristosom nhyia yi kyerɛ sɛ ɛteɛ sɛ wobegye biribiara a wontumi nnya mfi wɔn yere hɔ no afi ɔbabea hɔ. Nhyɛso yi betumi ama mmea a wɔwɔ tebea yi mu no ayɛ basaa. Wɔn mu pii nte nka bio mpo sɛ wɔmmɔ wɔn ankasa mma ho ban. (Fa toto Ɔsɛnkafo 7:7 ho.) Nea ɛne yi bɔ abira no, nhwehwɛmu bi ma wohui sɛ, sɛ agyanom a wɔyɛ adwuma tra so ntaa ntra fie a, ɛtɔ mmere bi a, ɛma ɛnanom ne wɔn mmabarimanom fi ase da.
Na w’abusua no nso ɛ? Sɛ okunu no, so wobu wo tiyɛ asɛyɛde no aniberesɛm anaa wode ma wo yere? (1 Korintofo 11:3) So wodɔ wo yere, wudi no ni na wubu no? (Efesofo 5:25; 1 Petro 3:7) So wubu ne nsusuwii sɛ ɛfata? (Genesis 21:12; Mmebusɛm 31:26, 28) Na wo mma nso ɛ? So wubu wɔn sɛ wɔsom bo? (Dwom 127:3) Anaasɛ wubu wɔn sɛ wɔyɛ nnesoa kɛkɛ, a wutumi de wɔn di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ntɛm ara? (Fa toto 2 Korintofo 12:14 ho.) Yi w’abusua mu asɛyɛde ho adwenkyea a enni kyerɛwsɛm mu no kyene, na wobɛma wɔatumi ako atia mmonnaato kɛse.
Baabi a Wonya Nkate mu Ahobammɔ
Ababaa bi a yɛbɛfrɛ no Sandi ka sɛ: “Na tebea a m’abusua mũ no nyinaa wom no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛto yɛn mmonnaa. Ná atew ne ho, na na emuni biara atew ne ho afi ɔfoforo ho.” Afoforo a wɔne wɔn mmɔ, kateeyɛ, nneyɛe a wɔnka ho asɛm koraa—saa subammɔne a ɛne kyerɛwsɛm nhyia no yɛ abusua a wɔto emufo mmonnaa ho sɛnkyerɛnne. (Fa toto 2 Samuel 12:12; Mmebusɛm 18:1; Filipifo 4:5 ho.) Ma fie hɔ tebea nyɛ nea ɛma mmofra nya nkate mu ahobammɔ. Ɛsɛ sɛ fie yɛ baabi a wɔte nka sɛ wɔhyɛ wɔn den, baabi a wofi wɔn pɛ mu kasa a wonsuro.
Afei nso, ɛho hia kɛse sɛ wɔyɛ biribi de kyerɛ mmofra no sɛ wɔdɔ wɔn—ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn atuu, wɔkorɔkorɔ wɔn, wɔso wɔn nsa mu, wɔne wɔn huruhuruw. Ɛnsɛ sɛ woyɛ ade tra so wɔ mmonnaato mu asiane ahorow ho denam nneyɛe a wɔde yi ɔdɔ adi kyerɛ yi a wode bɛkame wɔn no so. Fa ɔdɔ ne anigye ne nkamfo kyerɛkyerɛ mmofra sɛ wɔsom bo. Sandi kae sɛ: “Ná me maame adwene ne sɛ ɛnteɛ sɛ wɔbɛkamfo obiara wɔ biribiara ho. Ɛbɛma wo tirim ayɛ wo dɛ dodo.” Anyɛ yiye koraa no, wɔtoo Sandi mmonnaa mfe du a wanka ankyerɛ obiara. Ɛnyɛ den sɛ ebia mmofra a wontumi nhu no yiye sɛ wɔdɔ wɔn, na wɔyɛ nnipa a mfaso wɔ wɔn so no begye ɔmmonnaatofo bi nkamfo, ne “dɔ,” anaa n’ahunahuna sɛ ɔrenyi ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn bio no atom.
Obi a ɔtoo mmarimaa ɔhaha pii mmonnaa bɛboro mfe 40 gye toom sɛ mmarimaa a na wohia adamfo te sɛ ɔno wɔ nkate fam no na ɔtoo wɔn mmonnaa “sen obiara.” Ɛnsɛ sɛ woma wo ba te nka sɛ ohia biribi a ɛte saa.
Ma Mmonnaato a Ɛba Ntoatoaso no Nnyae
Bere a na Hiob rehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no, ɔkae sɛ: “Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu!” (Hiob 10:1) Saa ara na awofo pii ahu sɛ wobetumi aboa wɔn mma denam boa a wɔbɛboa wɔn ankasa ho no so. The Harvard Mental Health Letter kaa nnansa yi sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛyaw a mmarima ka ho asɛm a wɔkasa tia denneennen wɔ asetra mu no ma mmonnaato kɔ so.” Ɛte sɛ nea mmarima a wɔmma wɔnka mmonnaa a wɔtoo wɔn no ho yaw a wodi no ankasa betumi adan mmonnaatofo. The Safe Child Book ka sɛ wɔtoo wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no dodow no ara mmonnaa bere a na wɔyɛ mmofra no, na wɔannya mmoa a ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn no da. Wɔnam mmofra afoforo a wɔto wɔn mmonnaa no so da ɛyaw ne abufuw a wɔte nka no adi.b—Hwɛ Hiob 7:11; 32:20 nso.
Asiane a mmofra hyia no betumi ayɛ kɛse nso bere a ɛnanom nsua sɛnea wobedi mmonnaa a wɔtoo wɔn wɔ bere a atwam no mu ho dwuma no. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmufo bɔ amanneɛ sɛ mmea a wɔtoo wɔn mmonnaa bere a na wɔyɛ mmeawa no taa ware mmarima a wɔto mmofra mmonnaa. Bio nso, sɛ ɔbea bi nnii mmonnaa a wɔtoo no wɔ bere a atwam no mu ho dwuma a, ntease wom sɛ ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔne ne mma besusuw mmonnaato ho. Sɛ wɔto obi mmonnaa a, ebia ebetumi ayɛ den ama no sɛ obehu na wadi ho dwuma pa. Enti yɛ a ɛna no renyɛ ho hwee no bɛma mmofra no ahu amane kɛse.
Enti, wobetumi ato wɔn asefo a wodidi so no mmonnaa. Nokwarem no, ɛte sɛ nea nnipa pii a wɔpaw sɛ wɔnka wɔn kan amanehunu ho asɛm no tumi gyina nsɛm ano sɛnea ɛsɛ wɔ asetra mu, na eyi fata nkamfo. Nanso ɛyaw a nnipa pii di no yɛ kɛse, na ɛho hia sɛ wɔbɔ mmɔden—di mmofraberem mu amanehunu kɛse saa ho dwuma—a sɛ ehia a, mmoa a wɔbɛhwehwɛ afi ho abenfo hɔ ka ho. Ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho mmɔbɔmmɔbɔ. Wɔpɛ sɛ mmofra mmonnaato a ɛyɛ yaw a ɛkɔ so wɔ wɔn abusua mu yi gyae.—Hwɛ October 8, 1991, Awake!, nkratafa 3 kosi 11.
Mmonnaato Awiei
Sɛ wode nsɛm a wɔaka no di dwuma yiye a, ebetumi aboa pii ma tumi a wobetumi ato abofra mmonnaa wɔ wo fie no so atew. Nanso, kae sɛ mmonnaatofo yɛ wɔn ade wɔ kokoam, wɔde ahotoso di dwuma, na wɔde mpanyimfo nnɛɛdɛe di mmofra a wonnim hwee ho dwuma. Enti, ɛte sɛ nea ebinom fa wɔn ho di wɔ wɔn nsɛmmɔnedi no mu.
Nanso, nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn hu nea wɔyɛ no. (Hiob 34:22) Sɛ wɔannu wɔn ho na wɔansakra a, ne werɛ remfi wɔn nnebɔne no. Ɔbɛma wɔn nneyɛe no ada adi wɔ ne bere a ɛsɛ mu. (Fa toto Mateo 10:26 ho.) Na obebu atɛntrenee. Yehowa Nyankopɔn hyɛ bere bi a ‘obetu’ nkontompofo nyinaa ‘afi asase so,’ na wama wɔn a wodwo a wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa nkutoo atra so ho bɔ. (Mmebusɛm 2:22; Dwom 37:10, 11, 29; 2 Petro 2:9-12) Esiane Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no nti, yɛwɔ wiase foforo ho anidaso a ɛyɛ anigye (1 Timoteo 2:6) Saa bere no nkutoo na mmonnaato bɛba awiei koraa.
Ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de bɔ yɛn mma ho ban. Wɔsom bo yiye! Awofo dodow no ara de wɔn nkwa bɛto asiane mu ntɛm ara de abɔ wɔn mma nkumaa ho ban. (Fa toto Yohane 15:13 ho.) Sɛ yɛammɔ yɛn mma ho ban a, nneɛma a ɛyɛ hu betumi afi mu aba. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma wɔn akyɛde a ɛyɛ nwonwa—mmofrabere a amanehunu nnim. Wobetumi ate nka te sɛ odwontofo no ara, nea ɔkyerɛwee sɛ: “Mise [Yehowa] sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.”—Dwom 91:2.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔto abofra mmonnaa bere a obi de abofra no dwudwo n’ankasa nna ho akɔnnɔ ano no. Ɛtaa yɛ nea Bible frɛ no aguamammɔ, anaa por·neiʹa, a emu bi betumi ayɛ awode ho goru, nna ankasa a wɔde ho hyem, awode a wɔde hyɛ anom ne turum. Nneyɛe bɔne bi te sɛ nufu ho goru, nna ho akɔnnɔ a wɔkanyan, aguamansɛm nhoma a wɔde kyerɛ abofra, kokoam a wɔtɛw hwɛ obi adagyaw anaa nna, obi ho a ɔhyɛ da pa betumi ayɛ nea Bible no kasa tia sɛ ɛyɛ “afide.”—Galatifo 5:19-21; hwɛ March 15, 1983. The Watchtower, kratafa 30 ase hɔ asɛm.
b Ɛwom sɛ wɔtoo wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no mu dodow no ara mmonnaa bere a na wɔyɛ mmofra no de, nanso eyi nkyerɛ sɛ mmonnaato no ma mmofra dan mmonnaatofo. Mmofraa a wɔtoo wɔn mmonnaa a wɔn nso bɛyɛɛ nnipa a wɔto mmofra mmonnaa no nnu wɔn a wɔtoo wɔn mmonnaa bere a na wɔyɛ mmofra no mu nkyem abiɛsa mu biako.
[Adaka wɔ kratafa 11]
Obi a ne busuani too no mmonnaa mfe pii kae sɛ: “Mmonnaato kum mmofra, ɛsɛe wɔn ahotoso ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔte nka sɛ wɔn ho nni asɛm. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmofra ho ban. Efisɛ mprempren ɛsɛ sɛ mesan hyehyɛ m’asetra nyinaa bio. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔma mmofra pii yɛ saa?”
Nokwarem no, dɛn ntia?
[Adaka wɔ kratafa 11]
Tie Mmofra No!
WƆYƐƐ nhwehwɛmu bi nnansa yi faa nnipa 30 a wɔto mmofra mmonnaa ho wɔ British Columbia, Canada. Nea wohui no yɛ hu. Na nnipa 30 ato mmofra 2,099 mmonnaa. Na wɔn mu fã kura dibea a ɛma wonya wɔn mu ahotoso—akyerɛkyerɛfo, asɔfo, adwumam mpanyimfo, ne adwumayɛfo a wɔhwɛ mmofra. Ná ɔmmonnaatofo biako a wadi mfe 50 a ɔyɛ ɛsẽ ho oduruyɛfo ato mmofra bɛyɛ 500 mmonnaa bɛboro mfe 26.
Nanso,The Globe and Mail a ɛwɔ Toronto ka sɛ: “Nsɛm no mu ɔha biara mu nkyem 80 mu no, mpɔtam hɔfo no mu nnipa bi anaa nnipa pii (a ɔmmonnaatofo no nnamfo anaa ne mfɛfo, wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no abusuafo, mmofra afoforo, ne wɔn a wɔato wɔn pɛn ka ho) nnye ntom anaasɛ wɔbrɛ mmonaato no ase.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ “amanneɛbɔ no ka sɛ gye a wonnye ntom ne gye a wonnye nni ama mmonnaa a wɔto mmofra no kɔ so.”
Wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no mu bi aka mmonnaatofo no ho asɛm akyerɛ obi a ɔwɔ tumi. Nanso, The Globe and Mail kyerɛ sɛ amanneɛbɔ, no ka sɛ, “mmofra a wɔtoo wɔn mmonnaa no awofo mpɛ sɛ wogye nea wɔn mma reka akyerɛ wɔn no tom.” Saa ara na nnansa yi aban panyin bi a ɔwɔ Germany kaa amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ mmofra a wɔato wɔn mmonnaa no ka wɔn asɛm no kyerɛ mpanyimfo mpɛn ason ansa na wogyee wɔn dii.
[Adaka wɔ kratafa 12]
“Hwehwɛ Mmoa Mprempren”
“SƐ WOYƐ ɔbarima a wo ne mmofra da a, ebia woreka akyerɛ wo ho sɛ, ‘Ɔpɛ’ anaa ‘Ɔno ara na obisae,’ anaasɛ ‘Merekyerɛ no sɛnea wonya nna mu kyɛfa.’ Woredi atoro akyerɛ wo ho. Wɔn a wɔyɛ mmarima ankasa no ne mmofra nna. Sɛ wowɔ nkate ketewaa bi a ɛkyerɛ sɛ wodwen saa abofra no ho a, gyae yɛ. Hwehwɛ mmoa mprempren.”—Ammaneɛbɔ a amanfo ho dwumadi de mae, a wɔafa aka wɔ nhoma By Silence Betrayed mu.
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Mmofra hia sƐ wƆdƆ wƆn na wodwen wƆn ho kƐse.