Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 12/8 kr. 23
  • So Apɔw-mu-Teɛteɛ So Wɔ Mfaso Ma Wɔn A Wɔanyinyin?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Apɔw-mu-Teɛteɛ So Wɔ Mfaso Ma Wɔn A Wɔanyinyin?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere Tenten Bɛn na Yebetumi Atra Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Sɛ Biribiara Nkanyan Me Sɛ Menteɛteɛ M’apɔw Mu a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nnipa Retu Mmirika!
    Nyan!—1981
  • Nea Efi Mu Ba Ano a Wobegyina
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 12/8 kr. 23

So Apɔw-mu-Teɛteɛ So Wɔ Mfaso Ma Wɔn A Wɔanyinyin?

“So Apɔw-mu-Teɛteɛ Betumi Asakra Sɛnea Onipa Nyin?” Ɛno ne asɛmti bi a epuei wɔ The New York Times mu bɛyɛ mfe anum ni. Asɛm no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnuruyɛ ho nyansahufo a wofi Tufts Sukuupɔn [a ɛwɔ Boston] mu ahu sɛ nnipa a wɔanyinyin a wɔwɔ wɔn mfe 90 mu betumi anya ahoɔden na wɔn ntini ahorow asan atumi ayɛ akɛse mpo, sɛ wɔma wɔde wɔn ho hyɛ nneɛma a wɔmema so mu anibere so a.”

Adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔanyinyin betumi anya mfaso ankasa afi apɔw-mu-teɛteɛ mu akɔ so ada adi. Havard Health Letter, February 1991 de no bɔɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1990 ho amanneɛ. Na ɛkae sɛ: “Nnipa akron [a wɔwɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim afie] a wɔadi mfe 87 kosi 96 no awie asram abien apɔw-mu-teɛteɛ ho ntetee a emu yɛ den a wɔnam nneɛma a emu yɛ duru a wɔmemaa so de hyɛɛ wɔn ntini mu den sa no.” Ɛdefa saa nhwehwɛmu yi ho no, Mayo Clinic Nutrition Letter kyerɛkyerɛe mu sɛ: “Ɛkaa kakraa bi ma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no anya ntini mu ahoɔden mmɔho wɔ wɔn anan mu, wɔn asera mu ahoɔden kɔɔ soro ɔha biara mu nkyem 9 na wonyaa nkɔso wɔ ahokeka ho sɔhwɛ ahorow mu.”

Nhwehwɛmufo no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ wususuw wɔn mfe a akɔ anim, faako tra a ɛboro so ho su a wɔwɔ, nyarewa ahorow a enni aduru, wɔn nipadua a entumi nni dwuma yiye ne didi a wontumi nnidi kɛse no ho a, ɛma anigye a wɔde gyee apɔwmuden ho ntetee a ɛka yɛn dwumadi ho nhyehyɛe ahorow ho no yɛ nwonwa.” Mfaso a ɛwɔ apɔw-mu-teɛteɛ so no yɛ nea wohu bere nyinaa.

Sɛ nhwɛso no, susuw Jack Siebert a wadi mfe 90 a ne nifa dwudwoe wɔ 1979 mu a ɛno nti ɔde poma nantew no ho hwɛ. Bɛyɛ mfe du ni, anɔpa biara ɔda mpa mu ma ne nan benkum a eye no so, na ohim ne nan no te sɛ nea ɔreka baesekre araa bɛyɛ simma 20. Ɛtɔ de bi a ɔde ne nan nifa a awu no to benkum no so (sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no) na ohim n’abien no nyinaa bom. Ɛnyɛ ahoɔden nko na saa apɔw-mu-teɛteɛ yi ama ne nan mu ntini no anya a ɔda so ara tumi nantew poma ho, na mmom atumi aboa no ma ne koma ne ntini ahorow a mogya fam no akɔ so adi dwuma yiye na ama n’adwenem akɔ so ada hɔ.

Enti, kae sɛ, ɛnkaa akyi dodo sɛ wubefi ase ateɛteɛ w’apɔw mu. Ampa, ebia wurentu Boston Marathon mmirika​—a ne tenten yɛ kilomita 42​—a wɔde nnɔnhwerew num ne simma num na ewie tu no da sɛnea John Kelly a wadi mfe 82 yɛe wɔ 1990 mu no. Na saa ara nso na ebia worentumi mfa nnɔnhwerew nson ne simma nkron mpo ntu saa mmirika tenten no, sɛnea nana-nkansowa Mavis Lindgren yɛe wɔ 1991 mu no. Nanso, nhoma a American Heart Association kyerɛw, Circulation, kae wɔ afe a etwaam no mu sɛ: “Ɛho hia sɛ wunya su a ɛbɛma woahwehwɛ akwan ahorow a wobɛfa so ama wo ho ayɛ hyew.”

Nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obi betumi anya apɔwmuden ho mfaso horow mpo wɔ dwumadi ahorow a ɛnyɛ den pii a wɔyɛ no daa so na atew koma ne ntini ahorow a mogya fa mu ho nyarewa ho asiane so. Nea ɛka dwumadi ahorow a ɛtete saa ho ne mpasatu, mfikyifuw yɛ, adihɔ adwumayɛ, ofie nnwuma, asaw ne apɔw-mu-teɛteɛ pɔtee a wɔakamfo akyerɛ a wɔyɛ wɔ ofie no.”

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Onipa a wanyin a wadi dɛm betumi anya mfaso wɔ apɔw-mu-teɛteɛ so, sɛnea saa ɔbarima yi a wadi mfe 90 a ne fã adwudwo yi anya no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena