Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 12/8 kr. 24-25
  • So Yehowa Yɛ Akodi Nyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yehowa Yɛ Akodi Nyankopɔn?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Atemmu Ahorow
  • Onyankopɔn Akodi Ahorow ho Hia na Asomdwoe Aba
  • Yehowa Gyinapɛn Ahorow De Asomdwoe Ba
  • Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yehowa​—Atirimɔden Anaa Ɔdɔ Nyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Siesie Wo Ho Ma Ogye A Ɛde Kɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 12/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

So Yehowa Yɛ Akodi Nyankopɔn?

EFI BERE tenten na Bible akenkanfo binom abɔ Yehowa sobo sɛ ɔyɛ akodi nyame a ɔpɛ mogyahwiegu. Sɛ nhwɛso no, George A. Dorsey ka wɔ ne nhoma The Story of Civilization​—Man’s Own Show mu sɛ Yehowa, Bible no Nyankopɔn no, “yɛ adwowtwafo, ayayadeyɛfo, akofo, wɔn a wɔko di afoforo so, ne atirimɔdensɛm nyinaa Nyankopɔn.” Bible ɔkasatiafo Roland H. Bainton ka no pefee sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ho nni ɔko bi mu a, wɔda timmɔbɔ kɛse adi wom.”

So Yehowa yɛ onyame a odi ako ampa? Sɛnea ebinom susuw no, so n’ani gye nnipa a wɔn ho nni asɛm a wokunkum wɔn no ho ankasa?

Tete Atemmu Ahorow

Ampa, Bible no ka Yehowa kan atemmu ahorow ho asɛm pefee. Nanso, nnipa abɔnefo nkutoo so na ɔde atemmu ahorow no bae bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, bere a “anuɔden hyɛɛ” asase so ma wɔ Noa nna no mu nkutoo na Yehowa kae sɛ: “Mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe ɔhonam a nkwa honhom wɔ mu nyinaa.” (Genesis 6:11, 17) Ɛdefa atemmu foforo ho no, na ɛyɛ bere a Sodom ne Gomora nkurow no mufo “gyaee wɔn ho mu maa nna ho nneyɛe bɔne na wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ akɔnnɔ bɔne mu” nkutoo na Onyankopɔn maa ‘sufre ne ogya tɔe.’​—Yuda 1:7, The New Berkeley Version; Genesis 19:24.

So na ɛyɛ Onyankopɔn dɛ sɛ ɔde ɔsɛe baa ɔhonam nyinaa so wɔ Noa nna no mu? Anaasɛ onyaa anigye a ɛnsɛ bi wɔ sɛe a ɔsɛee Sodom ne Gomora mufo no mu? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya ɛho mmuae no, momma yɛnhwehwɛ nneɛma ahorow a ɛde Noa nna no mu Nsuyiri no bae mu. Bere a na Bible no aka sɛ Onyankopɔn bɛpopa abɔnefo nyinaa afi asase ani de ayi basabasayɛ afi asase so ho asɛm akyi no, ɛka sɛ: “Ɛyɛɛ [Yehowa] yaw ne komam.” Yiw, ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw sɛ, ‘nnipa komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.’ Enti, nea ɛbɛyɛ na watumi agye nnipa pii nkwa wɔ Nsuyiri a na ɛreba no mu no, Onyankopɔn somaa Noa, “treneekafo” no, sɛ ɔmmɔ wɔn kɔkɔ na ɔmpam adaka a ɔde bɛgye wɔn nkwa.​—Genesis 6:5-18; 2 Petro 2:5.

Saa ara nso na ɔresoma abɔfo akɔsɛe Sodom ne Gomora no, Onyankopɔn kae sɛ: “Meresian makɔhwɛ sɛ ebia wɔayɛ sɛnea nteɛm a etia wɔn no te anaa . . . Mepɛ sɛ mihu.” (Genesis 18:20-32, The Jerusalem Bible) Yehowa hyɛɛ Abraham (a na ne wɔfaase Lot te Sodom) no bɔ sɛ, sɛ ɛda adi wɔ Ne nhwehwɛmu no mu sɛ atreneefo du pɛ wɔ nkurow no mu a, ɔrensɛe no. So Onyankopɔn bi a mogyahwiegu yɛ no fɛ bɛda mmɔborɔhunu a ɛte saa adi? Nea ɛne eyi bɔ abira no, so yentumi nka sɛ Yehowa su atitiriw no mu biako ne mmɔborɔhunu? (Exodus 34:6) Ɔno ankasa ka sɛ: “Ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa.”​—Hesekiel 33:11.

Pow a abɔnefo pow sɛ wɔbɛdan wɔn ho afi wɔn akwammɔne so no na ɛde atemmu ba wɔn so bere nyinaa, na ɛnyɛ sɛ Yehowa ani gye nnipakum ho nti. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘So ɛnyɛ Yehowa na ɔhyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wɔne Kanaanfo no nkɔko na wɔntɔre wɔn ase no?’

Onyankopɔn Akodi Ahorow ho Hia na Asomdwoe Aba

Abakɔsɛm ka subammɔne a Kanaanfo de traa ase ho asɛm​—ná wɔyɛ amumɔyɛfo ankasa. Na ahonhonsɛmdi, mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre, atirimɔdenne, ne ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔsom ahorow a aporɔw na wodi akyi. Sɛ́ atɛntrenee Nyankopɔn a ɔhwehwɛ sɛ wɔsom ɔno nkutoo no, ná Yehowa ntumi mma saa nneyɛe ahorow a wokyi yi ho kwan mma ɛnsɛe nnipa a wɔn ho nni asɛm, titiriw no Israel, asomdwoe ne dwoodwoo asetra. (Deuteronomium 5:9) Sɛ nhwɛso no, susuw ho hwɛ, sɛ anka polisifo a wɔfata anaa milihyiafo a wɔbɛhwɛ ma wɔde ɔman no mu mmara ahorow adi dwuma nni faako a wote a​—so anka ɛno mma basabasayɛ a enye koraa mma? Saa pɛpɛɛpɛ na Kanaanfo brasɛe ne asiane ankasa a na ebetumi de aba ɔsom kronn so no kaa Yehowa ma ɔyɛɛ ade tiaa wɔn. Enti, ɔkae sɛ: “Asase no so agu fĩ, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka.”​—Leviticus 18:25.

Wodii ɔsoro atɛntrenee ho dwuma bere a Onyankopɔn abrafo​—Israel asraafo no​—sɛee Kanaanfo no. Nokware a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn paw nnipa ma wodii saa atemmu yi ho dwuma sen sɛ ɔde ogya anaa nsuyiri bedi dwuma no ammrɛ atemmu no ase. Enti, bere a Israel ne Kanaan aman nson no redi ako no, ɔhyɛɛ asraafo no sɛ: ‘Mommma biribiara a ɛhome nnnya nkwa.’​—Deuteronomium 20:16.

Nanso, sɛ́ obi a ɔwɔ obu ma nkwa no, Onyankopɔn ampene nnipakum a ntease nnim so. Sɛ nhwɛso no, bere a Kanaan nkurow no mu biako mufo, Gibeonfo, hwehwɛɛ mmɔborɔhunu no, Yehowa huu wɔn mmɔbɔ. (Yosua 9:3-27) So onyame tirimɔdenfo a n’ani gye akodi ho bɛyɛ eyi? Dabi, nanso Onyankopɔn a ɔdɔ asomdwoe ne atɛntrenee no bɛyɛ saa​—Dwom 33:5; 37:28.

Yehowa Gyinapɛn Ahorow De Asomdwoe Ba

Bible no kɔ so de Onyankopɔn nhyira bata asomdwoe ho bere nyinaa. Eyi te saa efisɛ Yehowa dɔ asomdwoe, na ɛnyɛ akodi. (Numeri 6:24-26; Dwom 29:11; 147:12-14) Ne saa nti, bere a Ɔhene Dawid pɛe sɛ osi asɔrefie ma Yehowa no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsi ofi mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim.”​—1 Beresosɛm 22:8; Asomafo no nnwuma 13:22.

Bere a na ɔwɔ asase so no, Dawid Ɔkɛse, Yesu Kristo kaa bere a atɛntrenee ho dɔ a Onyankopɔn wɔ no remma no kwan mma onnya nnɛyi nnebɔne a yehu yi ho koma bio ho asɛm. (Mateo 24:3, 36-39) Sɛnea ɔyɛe wɔ Noa nna no mu Nsuyiri ne Sodom ne Gomora sɛe no mu no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn bebu atɛn de ayi pɛsɛmenkominya ne abɔnefo afi asase so, na ɔnam saayɛ so abɔ kwan ma asomdwoe aba ne soro Ahenni nniso no ase.​—Dwom 37:10, 11, 29; Daniel 2:44.

Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nyɛ akodi nyame a ɔpɛ mogyahwiegu. Nanso, ɔntwentwɛn n’asotwe a ɔde ma ase bere a ɛfata no. Adepa a Onyankopɔn pɛ no hwehwɛ sɛ ɔyɛ ade ma wɔn a wɔdɔ no no denam nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛhyɛ wɔn so no a ɔbɛsɛe no no so. Sɛ ɔyɛ saa a, nokware asomdwoe bebu so wɔ wiase nyinaa bere a wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase nokwarem no de biakoyɛ bɛsom Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn no.”​—Filipifo 4:9.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

David ne Goliat/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena