Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 12/8 kr. 26-27
  • “Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Ahorow a Wode Kube Yɛ
  • “Ɛyɛ Dɛ Sen Bobesa”
  • Nnuan a Wɔde Kube Yɛ
  • Ɔkɔtɔ a Ne Dɛ Yɛ Soronko
    Nyan!—1995
  • Baabi a Sika Tra Nnua So
    Nyan!—1995
  • Kube a Wɔde Yɛ Kube Tosaw
    Nyan!—1992
  • Abɛ A Wotumi De Yɛ Nneɛma A Egu Ahorow
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 12/8 kr. 26-27

“Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Kenya hɔ

WƆ NNIPA pii fam no, kube dua sɛ akwadwodua​—ɛyɛ sɛnkyerɛnne ma ɔhome ne ahomegye ankasa. Nanso wɔ nnipa a wɔtete Mombasa Supɔw a ɛwɔ Kenya mpoano no fam de, ɛsen ɔhome ne ahomegye ho sɛnkyerɛnne ara kɛkɛ. Ebinom ka saa dua kɛse a ɛyɛ fakaa yi ho asɛm sɛ “nkwa dua.” Wɔ saa nkurɔfo a wɔtete mpoano yi fam no, ɛnyɛ fɛ nko na dua no ma ɛhɔ yɛ na mmom etumi ma wonya nnipa asetram ahiade atitiriw bi nso.

Wɔde kube di dwuma ahorow pii. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔafrɛ kube dua no “dua a nnepa pii wom,” “dua a ɛma adesamma nya nufusu wɔ wɔn afie mu,” ne “dua a mfaso wɔ so sen biara ma onipa.” Nhoma The Coconut Palm​—A Monograph ka sɛ: “Ebia adesamma nya nneɛma pa pii fi mu sen dua foforo biara.”

Nneɛma Ahorow a Wode Kube Yɛ

Kenyafo a wɔtete mpoano de kube adi dwuma ahorow nyansam wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, susuw Kadii, a ɔyɛ ɛhɔni ɔbaawarefo no ho hwɛ. Watra saa beae yi a ɛhɔ yɛ hyew kɛse yi fi ne mmofraase pɛɛ. Yebisa no sɛ: “So wode kube adi dwuma atitiriw bi wɔ wo fie bere nyinaa?”

Kadii ma mmuae sɛ: “Mekae yiye sɛ bere a na meyɛ abeawa no na yɛde kube di dwuma ahorow wɔ yɛn gyaade. Esiane sɛ ɔbon no yɛ den yiye na etumi kyɛ nti, yɛde yɛɛ nkuruwa, ntere, ne nkwankora. Ná wɔde abon akɛse no yɛ nkwansɛn ne nkoraa. Ná yesua sɛnea wɔyɛ saa nneɛma a yɛde di dwuma wɔ fie no wɔ sukuu sɛ yɛn sukuu adesua no fa.”

Mbagah, Kadii kunu a wɔtetee no mpoano hɔ ara nso wɔ pii ka fa dwuma afoforo a wɔde kube di wɔ gyaade akyi no ho. Mbagah ka sɛ: “Sɛ́ abarimaa a na merenyin no, mihui sɛ na saa dua yi yɛ dua a ɛho hia yiye wɔ asetram.”

Sɛ nhwɛso no, ɔka kube dua a ɛyɛ den na ɛyɛ twann no ho asɛm sɛ: “Yɛde yɛ mpuran bɔ dan so, de gyina dan, na yɛde yɛ ɔdan ho nneɛma afoforo pii nso.”

Na kube no nhaban no nso ɛ? Mbagah kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ nkuraa pii mu no, mmea bi wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa nwene saa nhaban yi na wɔyɛ no akɛseakɛse a wɔde kuru dan so.” Ɛwom mpo sɛ ebia owia a ano yɛ den bɔ ofie bi so yiye de, nanso wɔn a wɔte ofie no mu no ho dwo wɔn na wɔn ho tɔ wɔn nso. Ɛnyɛ owia no hyew no nko na nhaban a wɔde kuru ɔdan so no bɔ wɔn ho ban fi ho na mmom ɛma mframa tumi ba ofie no mu ma emu dwo nso. Ɛyɛ den sɛ wubetumi anya biribi foforo a ɛsen eyi a wɔde kuru dan so. Wotumi de kube nhaban a wɔanwene no di dwuma yiye sɛ afasu, aban, ne apono ahorow nso.

Mbagah de anigye serew ka sɛ: “Mommma yɛn werɛ mmfi kube hono no. Yɛnam dua a ano yɛ hwirenhwiren anaa biribi te sɛ peaw a ɛbɔ fam ano a yɛde kube no pempem so so na yenya. Yɛde yɛn nsa abien sɔ kube no mu de pempem peaw no so na yekyinkyim no sɛnea ɛbɛyɛ a kube hono no beyi afi aba no ankasa ho.” Yenya tosaw a ani yɛ fɛ te sɛ sika kɔkɔɔ a yetumi de yɛ kɛtɛ, bomo, kuntu a wɔde sɛw fam, brush, prae ahorow, na wotumi de hyɛ ɛpa mu mpo.

“Ɛyɛ Dɛ Sen Bobesa”

Kube yɛ wɔn nnuan a wodi no fã titiriw bi nso, na wotumi di fi bere a asow foforo kosi bere a aguan koraa no. Nsu a ani yɛ kurennyenn a ɛho tew, na ahoɔden wom a ɛyɛ dɛ yiye wɔ kube a ennya nguanee (a wɔfrɛ no dafu wɔ Kiswahili kasa mu) no mu. Wotumi nom nsu no wɔ ɔbon no mu denam tokuro a wotue wɔ aba no atifi so​—ade a ɛfata a wɔde kum sukɔm wɔ beae a awia bɔ kɛse! Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔbɔrehufo a wagye din, Marco Polo, kaa saa kube mu nsu yi ho asɛm sɛ: “Kube nsu no ani yɛ kurennyenn te sɛ nsu ankasa, ɛyɛ nwunu na ɛyɛ huam yiye, na ɛyɛ dɛ sen bobesa anaa anonne biara.”

Akwantufo taa da nkate a ɛte saa ara adi bere a wɔnom kube mu nsu yi nea edi kan wɔ saa beae yi no. Na sɛ wɔnom emu nsu no wie a, wotumi de ɔbon no fã bi a apae yi kube aduan a ɛwɔ ɔbon no mu no. Aduan no yɛ mmerɛw, ɛyɛ dɛ, na ahomeka wom nso. Bere a kube aduan a enguanee no yɛ ade foforo ma ahɔhoɔ a wɔba hɔ no, wɔn a wɔtete mpoano hɔ no fam de, wɔnom emu nsu no da biara da, na wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse bere a nsu pa ho ayɛ nã no.

Nnuan a Wɔde Kube Yɛ

Kube guanee no fa a ɛsom bo titiriw ne n’aduan, anaa n’aba no. Sɛ woyi fi ɔbon no mu a wotumi we, wotwiw de yɛ nnuan ahorow pii, anaasɛ wokyi emu nsu a ɛsom bo no.

Kadii ka sɛ: “Bere a na meyɛ abeawa no, na ɛsɛ sɛ mehwɛ hu sɛ nsu a ani te sɛ nufusu a wokyi fi kube mu no bi wɔ hɔ bere nyinaa a mede bɛnoa aduan.” Wɔde nsu a wokyi fi kube mu yi ka mpataa, akokɔnam, adua, ɛmo, aborɔdwomaa, bankye, ne burodo ho ma ɛyɛ dɛ. Ɛma curry abom nso yɛ dɛ. Nanso yɛpɛ sɛ yehu ɔkwan a Kadii nam so nyaa kube mu nsu a ani te sɛ nufusu no.

Kadii kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na yɛde mbuzi na ɛyɛ.” Mbuzi yɛ Kiswahili asɛmfua a ɛkyerɛ dua akongua ketewaa bi a ne sorokɔ bɛyɛ sɛntimita 15 pɛ. Ɛsẽ a ano yɛ nnam tuatua nkyɛn nkyɛn, na wɔahyɛ da ayeyɛ a nnipa twiw so kube. “Ná ɛyɛ anigye ma yɛn mmofra no sɛ yɛbɛtra mbuzi so. Ná yɛfa kube a wɔapae mu no fã na yɛde emu no atwiw mbuzi sẽ no so kosi sɛ kube bon no mu aduan no nyinaa bɛsa. Nea na edi hɔ a yɛyɛ ne sɛ yɛfa kube a yɛatwiw no de gu sɔnee tenten bi a ɛte sɛ funɛre a yɛde kube nhaban ayɛ mu. Afei yekyi kube nsu a ɛyɛ dɛ no fi mu.”

Kube yɛ duaba ankasa, na wɔde ka nnuaba a ɛwɔ beae a awia bɔ hɔ kɛse no ho. Sɛ obi dwen aduan a wɔde nnuaba te sɛ borɔferɛ a wɔatwitwa, aborɔbɛ, mango, kwadu, ne nhaban bi ayɛ a wɔde kube a wɔatwiw anaa mpo kube mu nsu a wɔakyi agu so ho kɛkɛ a, n’ano fi ase sɔ nsu.

Wobu bɛ bi sɛ: “Nea odua kube no . . . dua aduan ne anonne, n’ankasa trabea, ne agyapade ma ne mma.” Enti kube dua a ɛte sɛ akwadwodua no nyɛ akwadworɔ koraa. Na bere a ebia wɔbɛgye ho kyim sɛ ebia ɛno ne dua a ɛso wɔ mfaso sen biara ma onipa anaa ɛnte saa no, ɛyɛ dua a wonya nneɛma pa pii fi mu wɔ saa Afrika asase yi so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena