Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 28
  • Kube a Wɔde Yɛ Kube Tosaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kube a Wɔde Yɛ Kube Tosaw
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”
    Nyan!—1993
  • Ɔkɔtɔ a Ne Dɛ Yɛ Soronko
    Nyan!—1995
  • Kɔla ne Ntama Ahorow a na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Bible Mmere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɔhaw Ahorow A Ɛwɔ “Paradise”
    Nyan!—1982
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 28

Kube a Wɔde Yɛ Kube Tosaw

Efi India Nyan! kyerɛwfo hɔ

Ɛkame ayɛ sɛ obiara nim kube. Nanso kube tosaw yɛ dɛn? Ɛyɛ mfaso a wonya fi kube biara mu.

Ɔbon dennen bi kata kube mu aduan fitaa a eye dɛ no akyi. Ɛhono pipirii bi a ete sɛ sapɔw a ebia ebinom besusuw sɛ ɛso nni mfaso biara no bɔ ɔbon no ho ban. Wɔ india anafo fam ha a kube wɔ pii no, woyi hono no fi aba no ho na wɔde hyɛ nsu mu ma odi bɛyɛ asram awotwe. Afei wɔde wɔn nsa boro ma ɛyɛ mmerɛw na afei wɔde afiri tetew mu ma ɛyɛ futurufuturu, sapɔw a ani te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔfrɛ no kube tosaw.

Wobetumi ahyɛ kube tosaw aduru kɔla ahorow pii. Afei wɔde wɔn nsa kyinkyim no ma ɛyɛ ahama na wɔde yɛ kube tosaw hama. Nsa ne mfiri a wɔde nwene tosaw no ma ɛyɛ ɔpon ano ntama fɛfɛ, mourzouks (tosaw a emu yɛ duru a wɔde sɛw fam) , kuntu a wɔde sɛw fam, ntama a wɔde sɛw fam ahorow ne nneɛma a wɔde bobɔ adan ho.

Wɔtɔ nneɛma a wɔde kube tosaw yɛ yi pii wɔ wiase nyinaa, na ntease pa ntia. Ɔhyew ntumi nsɛe tosaw a ɛyɛ papa no; mfɔte ntumi nsɛe no, ɛmporɔw, na enhura; entintim fam; na ogya ntumi nhyew. Ɛyɛ ade a ɛsen biara a ɛma ɔdan mu hyew yɛ nea ɛfata na ɛmma wɔnte nnyigyei nka kɛse. Susuw ho hwɛ​—ne nyinaa fi kube hono a wɔtaa tow kyene sɛ ɛso nni mfaso no ara mu!

[Kratafa 28 mfonini]

Wɔde kube hono hyɛ nsu mu ma edi bɛyɛ asram awotwe

[Kratafa 28 mfonini]

Wɔde kube tosaw a wɔahyɛ no aduru yɛ ɔpon ano kɛtɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena