Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 5/8 kr. 12
  • Ɔkɔtɔ a Ne Dɛ Yɛ Soronko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkɔtɔ a Ne Dɛ Yɛ Soronko
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”
    Nyan!—1993
  • Adesua 6
    Me Bible Adesua
  • Ɔhaw Ahorow A Ɛwɔ “Paradise”
    Nyan!—1982
  • Britania Nsuka Nsupɔw A Owia Bɔ Wɔ So Kɛse No
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 5/8 kr. 12

Ɔkɔtɔ a Ne Dɛ Yɛ Soronko

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Solomon Islands hɔ

KUBE kɔtɔ—ɛyɛ ade foforo ma wo?a Mmeae kakraa bi pɛ na ebi wɔ, a New Georgia nsupɔw a ɛyɛ Solomon Islands fã ka ho.

Nnipa a wɔte hɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kube akɔtɔ anaa? Yiw, wɔwɔ ha, nanso gye sɛ wokɔ akɔtɔbɔ anadwo.” Saa akɔtɔ a wopue anadwo yi deda abɔn a emu dɔ a ɛdeda nnufɔkye ase mu wɔ kwae mu awiabere. Sɛ wofi adi anadwo a, nokwarem no, nea wodi ne kube, a wɔde wɔn aperɛw akɛse no waawae ne hono no, nanso wodi ahabammono a ɛyɛ mmerɛw ahorow ahorow nso. Nea ɛbɛyɛ na obi atumi ahu saa abɔde a ne ho yɛ nwonwa yi no, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne a ɛda adi a ɛne kube hono a egugu nnufɔkye dunsin a aporɔw mu ntokuro atuntum ano.

Supɔw sofo no kyerɛkyerɛ mu sɛ edu June ne July a, akɔtɔ no tutu abɔn kɔhyehyɛ mu, na bere a wɔaworɔw wɔn ho no, wonya honam foforo, akotade a ɛsõ sen kan de no, ansa na wɔafi adi. Esiane sɛ kube akɔtɔ bi tumi di mfe 50 nti, obi betumi de n’ani abu sɛnea wotumi nyin yɛ akɛse no. Bere a migu so rehwɛ no, biako fii ne bɔn mu puei a na ne nan tenten bɛyɛ sɛntimita 50.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn bɔn a wɔworɔw wɔn ho wɔ mu a ɛte sɛ nea ahobammɔ wom no ntumi mmɔ wɔn ho ban mfi ɔkɔtɔbɔfo a otumi hu nea bɔn no ano a ayɛ kurukuruwa na ɛhɔ kɔ fam no kyerɛ no ho. Enni gyina, na watu abɔde a onni ahobammɔ no afi fam na akowie no wɔ pon a wato so. Asia adidibea pii nni saa kɔtɔ yi ho agoru koraa, ɛnkanka ɛnam kurukuruwa a ɛwɔ n’akyi a akoekoe a ɛyɛ mmerɛw no.

Enti wɔ Solomon Islands ha no, kube akɔtɔ ase a ebetumi atɔre no haw wɔn paa. Nsunamyi Asoɛe no de anohyeto ato kɔtɔ abere a wotumi to nkesua dodow ne ne kɛse a wobetumi atɔn ama aman afoforo so. Ebinom ahyɛ nyansa sɛ wɔnyɛ ayɛmmea a wobetumi de akɔtɔ afi hɔ akɔ baabi a wotumi tra. Nanso ɛho behia sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu pii, efisɛ wonni ɔkwan a wɔfa so to no ho nimdeɛ a ɛsɛ.

Kube akɔtɔ a wɔn so rehuan no nso si hia a yehia wiase nhyehyɛe bi a ɛbɛma yɛanya atrae ahorow a abɔde nyinaa wom no so dua. Wɔ saa tebea no mu no, Ɔbɔadeɛ no asase so abɔde ahorow a ɛyɛ nwonwa no mu biara betumi ayɛ ne fam de ama nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 148:5-10 no abam: “Ma wonyi [Yehowa] din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛe na wɔbɔɔ wɔn . . . Munyi [Yehowa] ayɛ mfi asase so, . . . mmoa a wɔwea ne ntakraboa.”

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔfrɛ no ɔkɔtɔ korɔmfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena