Wiase Nsɛm
Samanwaw Ho Ahwɛyiye A Wɔyɛ
Wiase nyinaa ahyehyɛde a ɛhwɛ apɔwmuden ho nsɛm so (WHO) aka samanwaw ho asɛm sɛ ɔyare a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho ahwɛyiye wɔ wiase nyinaa, na ɛbɔɔ kɔkɔ sɛ ɔyare no bekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 30 wɔ mfe du a edi hɔ no mu, gye sɛ wɔyɛ ho biribi de siw trɛw a ɛretrɛw no ano. Ɛwom sɛ TB (samanwaw) yɛ ɔyare a wotumi siw ano na wotumi sa de, nanso nnipa a aka wɔn dodow akɔ soro ntɛmntɛm wɔ nnansa yi mfe mu. Ɔyare no kã nnipa ɔpepem awɔtwe afe biara mprempren. Sɛnea WHO kyerɛ no, sɔre a ɔyare no asan asɔre bio no fã bi fi bu a aban ahorow abu wɔn ani agu TB ano siw ho dwumadi nhyehyɛe ahorow no so ma asɛe anaa agu koraa no. Ade biako nso a ama ɔyare no retrɛw ne abusuabɔ a emu yɛ den a ɔyare mmoawa a wɔde TB ba ne HIV (ɔyare mmoawa a wɔde AIDS ba) de wɔ no. Onipa a wanya HIV mmoawa no bi wɔ asiane a ɛne sɛ obetumi anya TB a ɛyɛ hu no bi mmɔho 25. Wɔn a TB kunkum wɔn no mu ɔha biara mu nkyem 95 wɔ wiase aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu.
Bible no Afã Bi wɔ Kasa Horow Bɛboro 2,000 Mu
United Bible Societies (UBS) bɔɔ amanneɛ wɔ 1992 mu sɛ wɔkyerɛɛ Bible no afã bi ase kɔɔ kasa horow bɛboro 31 mu; enti kasa horow a anyɛ yiye koraa no wɔakyerɛ Bible mu nhoma biako ase akɔ mu no adu 2,009. Ɛrenkyɛ, dodow yi benya nkɔanim bio efisɛ UBS rekyerɛ Bible no afã horow bi ase akɔ kasa afoforo 419 mu. Bible mũ no nyinaa wɔ kasa horow 329 mu mprempren na “Apam Foforo” no wɔ kasa afoforo 770 mu. Ecumenical Press Service kyerɛw sɛ: “Kasa horow a wɔka wɔ wiase nyinaa dodow si efi 5,000 kosi 6,500.” Nea ɛyɛ anigye no, ɛde besi 1993 no, Bible mũ anaa n’afa ahorow a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., atintim dodow boro ɔpepem 83.
Kar Kɔba Dedaw a Mfaso wɔ So
Wɔsesa kar kɔba ɔpepem 17 afe biara wɔ Brazil. Nanso, nsɛmma nhoma Superinteressante bɔ amanneɛ sɛ wobetumi de kɔba dedaw a ɛte saa adi dwuma pa, denam rɔba no a wɔnnan de fra amã a wɔde ka akwan so no mu. Ɛwom sɛ rɔba a wɔnnan de di dwuma ho adwen no nyɛ foforo de, nanso kɔba a wɔde fra amã mu no yɛ ade foforo. Yɛwɔ anidaso sɛ wɔ saa kwan yi so no “wɔbɛtew wura pii a aboaboa ano wɔ yɛn okyinsoromma yi so no so kɛse.”
AIDS wɔ Afrika Kesee Fam
AIDS kɔ so trɛw wɔ Afrika kesee fam aman so a wontumi nsiw ano. Wohui sɛ mmoawa a wɔde AIDS ba no kaa nnipa a wɔboro 50 da biara da wɔ 1992 mu wɔ South Africa. Esiane sɛ nnipa a wɔtete ɔman no amantam ahorow a wɔwɔ ahofadi a nnipa akyere so wɔ hɔ mu no nka akontaabu yi ho nti, nnipa dodow a wobetumi anya AIDS da biara da no dɔɔso sen nea wɔaka no. Star atesɛm krataa a ɛwɔ Johannesburg, South Africa, bɔ amanneɛ sɛ “nnipa pii bu trɛw a Aids retrɛw ntɛmntɛm wɔ Afrika kesee fam nyinaa no sɛ nsɛnnennen a ɛho hia sɛ wodi ho dwuma ntɛm wɔ mfe du a ɛreba no mu biako.”
Rabies Asan Aba Bio
Rabies (ɔyare a wonya fi mmoa te sɛ ɔkraman ne agyinamoa ka mu) a wɔtɔree ase wɔ South Africa Natal mantam mu no asan retrɛw mprempren. Nnipa pii atutu afi Natal ne Mozambique a ɛbɛn hɔ no nkuraase akɔtratra nkurow akɛse mu a wɔn nyɛmmoa ka wɔn ho. Nhyehyɛe a wɔayɛ de wɔ mmoayare yi ho paane nnuu saa nnipa a wɔatutu afi wɔn nkurow so yi nkyɛn. Wɔbɔɔ wɔn a wɔanya rabies bɛboro 300 ho amanneɛ wɔ 1992 mu. Nnipa 29 a ɔyare no kunkum wɔn no mu dodow no ara yɛ mmofra. Paul Kloeck, adwuma a ɛhwɛ mmoa aduruyɛ so mantam so panyin ka no anibere so sɛ: “Ɛyɛ den yiye sɛ yebedu nnipa pii a wɔatutu akɔtratra mmeae ahorow no nkyɛn.” Ɔka sɛ: “Amammui mu basabasayɛ, amammerɛ ne suro a wosuro nnipa dodow nhyiam siw yɛn dwumadi ho kwan.
Buddhasom a Wɔde Jazz Abata Ho
Wɔ nkabom bi a ɛyɛ nwonwa mu no, Buddhasom mu asɔfo apem a wofi Japan asase no nyinaa so ne jazz nnwontofo a wɔagye din hyiaam wɔ Tokyo Nippon Budokan kɛse no mu yɛɛ shomyo ne jazz kɔnsɛt. Nea Shomyo kyerɛ titiriw ara ne sutra (Buddhasom mu nsɛm) a wɔto no sɛ nnwom anaa wɔde kankye wɔ Indiafo kwan so a ɛne Atɔe famfo nnwom nsɛ koraa. Bere a ɔkwan a wɔnam so to wɔn nnwom yɛ soronko koraa mpo no, anyɛ jazz nnwontofo no den koraa sɛ wɔde wɔn nnwom ne sutra no bɛbom adi dwuma. The Daily Yomiuri faa jazz adakabɛn bɔfo bi a wagye din asɛm kae sɛ: “Misusuw sɛ tirim a wɔbɔ yɛ ade tumi kanyan obi wɔ honhom mu wɔ nyamesom mu kɛse.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛtɔ da bi a mete nka sɛ ɛnyɛ me na merebɔ adakabɛn no na mmom tumi soronko bi a efi wiase foforo bi mu na ɛrebɔ.”
Nsɛmmɔnedi ho Suro wɔ Germany
Germanfo 3 biara mu baanu bu akuw a wɔyɛ nnipa mu nyiyimu no sɛ ɔman no demokrase amammui no ho asiane. Nea ɛboro ɔman no mu nnipa mu fã na wɔbɛpɛ sɛ wohu sɛ ɔman no yɛ ade de siw wɔn a wɔnam basabasayɛ so yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow no ano denneennen. Ɛkame ayɛ sɛ nea ɛreyɛ adu ɔman no mu nnipa ɔha biara mu nkyem 50 pene so sɛ ɛsɛ sɛ polisifo de nkontimaa ne mframa a wɔfrɛ no tear gas a ɛhyehyew aniwa taa di dwuma. Ɛdefa ko a wɔko tia nsɛmmɔnedifo akuw ho no, nnipa a wɔreyɛ adu ɔha biara mu nkyem 60 pene afiri a wɔde sie tie asɛm a wɔde bedi dwuma de atie nkɔmmɔbɔ ahorow a ɛkɔ so wɔ nkurɔfo afie mu no so. Eyi yɛ amanneɛbɔ a efi nnipa a wɔreyɛ adu 3,000 a Emnid Institute bisabisaa wɔn adwene wɔ nsɛm ho wɔ 1992 awiei hɔ a Frankfurter Allgemeine Zeitung bɔɔ ho amanneɛ no hɔ.
Ɔdɔ ho Nsɛm Ahorow
Ɔdɔ ho nsɛm a ɛfa “ɔbarima ne ɔbea ntam agodie” ho a mmarima ne mmarima di aba so wɔ Japan wɔ mfe abien a atwam no mu. Wɔn a ɛho nsɛm akenkan yɛ wɔn anigye yiye ne mmea, titiriw efi wɔn a wɔadi fi bɛyɛ mfe dunson kosi 20 mfiase hɔ no. Asahi Evening News ka sɛ saa ɔdɔ ho nsɛm a wɔda no adi yi haw ɔman no mmarima a wɔne mmarima da no. Ɛfaa ɔkyerɛwfo a wɔyɛ ɔbarima a ɔne mmarima da, Masaki Sato asɛm kae sɛ: “Wɔ mmofra a wɔadu mpanyin mfe so nna ho nsɛm no mu no, wɔka mmarima ho nsɛm ma ɛbɛyɛ biribi a mmea ani gye ho.” Ɔkɔɔ so nwiinwii sɛ: “Mmea mpene mmea mfonini a wɔde ba aguamansɛm nhoma ahorow mu no so. Mprempren (mmarima a wɔne mmarima da) nso wɔ tebea a ɛte saa ara mu.
Mmofra a Wɔyera
Afe biara mmofra ɔhaha pii yera a wonhu wɔn wɔ Italy. Ebinom fi fie anɔpa kɔ sukuu a wɔnsan mma bio. Wɔ 1992 mu no, mmofra nkumaa 734 yerae, na wɔdɔɔso sen afe a etwaam no de so 245. Sɛnea Italy asoɛe a ɛhwɛ ɔman no mu nsɛm so amanneɛbɔ kyerɛ no, na mmofra afoforo a wɔayera a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ dodow yɛ 3,063. Mmeawa a wɔyera dodow dɔɔso sen mmarimaa.
Dɛn na Ɛma W’ani Gye?
Ɛda adi sɛ, sika pii a nkurɔfo wɔ mma wonnya anigye. Nsɛmma nhoma Psychology Today ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ bere a obi akatua boro nea wobu no sɛ ahiafo akatua so no, n’akatua a adɔɔso no ne onipa no ankasa anigye nni abusuabɔ kɛse bi.” Wɔka sɛ nokwasɛm ahorow a edidi so yi ho hia na obi anya anigye: nsusuwii pa a wɔde hwɛ nneɛma pa a etumi bam kwan; adamfofa su ne nnamfo a obi nya; te a obi te nka sɛ otumi di n’asetra so, a nea ɛka ho ne “hyehyɛ a otumi hyehyɛ ne bere yiye”; ne “nyamesom mu gyidi a ɛyɛ nnam” a obi nya.
Ɛnkaa Akyi Dodow sɛ Wubegyae
Dodow a wugyae sigaretnom ntɛm no, dodow no ara na kum a ahurututu mu akisikuru betumi akum wo no so tew. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ Amerikafo 900,000 ho no, The Lancet amanneɛbɔ daa nea edidi so yi adi. Ná wɔn a wɔnnom sigaret a ahurututu mu akisikuru kunkum wɔn ansa na wɔadi mfe 75 no nnu nnipa 100,000 biara mu 50. Wɔ mmarima a wogyaee sigaretnom wɔ wɔn mfe 30 mu no fam no, kum a ɔyare no kunkum wɔn no kɔɔ soro koduu nnipa 100,000 biara mu 100. Na wɔn a wogyaee sigaretnom wɔ wɔn mfe 60 mu no, wɔn mu dodow a wowuwui kɔɔ soro koduu 100,000 biara mu 550. Na wɔn a wɔannyae sigaretnom koraa no, dodow a ahurututu mu akisikuru kunkum wɔn no yɛ 100,000 biara mu 1,250. Ná mmea dodow a ahurututu mu akisikuru kunkum wɔn no wɔ fam de nanso na ɛda nokwasɛm koro no ara adi.
Nhwehwemu Dan Mu Mfomso Ahorow
Asoɛe a ɛhwɛ wiase nyinaa apɔwmuden ho nsɛm so (WHO) ka sɛ nnipa ɔpehaha pii wuwu afe biara anaasɛ wɔyare nyarewa a emu yɛ den esiane mfomso ahorow a wodi wɔ nyarewa ho nhwehwɛmu adan mu nti. Nhwehwɛmufo di dwuma titiriw wɔ mogya ne nnipa mu nneɛma ahorow a wɔhwehwɛmu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu na wɔasi ɔyare bi ano mu. Nea efi nhwehwɛmu a wɔyɛ mu ba a ɛnyɛ nokware betumi ama wɔahwɛ ɔyarefo wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Animdefo bɛboro 90 a wofi wiase afanan nyinaa kohyiae wɔ Geneva, Switzerland, wɔ April mu susuw asɛnnennen yi ho.
“Nkuropɔn a Emu Nnipa Huhaa”
Time nsɛmma nhoma ka sɛ: “Ebedu afeha yi awiei no, na yɛanya nkuropɔn 21 a emu nnipa dodow bedu ɔpepem 10 anaa nea ɛboro saa. Eyinom mu 18 bɛwɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse no mu, a aman a wodi hia buruburoo wɔ wiase no bi ka ho.” Aman dumiɛnsa na wɔakyerɛw wɔn din sɛ wɔwɔ nkuropɔn a emu nnipa adu ɔpepem du anaa nea ɛboro saa dedaw. Tokyo na edi kan, na emu nnipa reyɛ adu ɔpepem 26, na nea edidi so ne São Paulo, New York City, Mexico City, Shanghai, Bombay, Los Angeles, Buenos Aires, Seoul, Beijing, Rio de Janeiro, Calcutta, ne Djakarta. Wiase nyinaa sikakorabea adwuma no ka sɛ, nkuropɔn bi wowɔ Afrika a emu nnipa dodow ‘nya nkɔanim ɔha biara mu nkyem 10 afe biara—ntrɛwmu a enya nkɔanim ntɛmntɛm sen biara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ pɛn. Nea nnipa a wɔdɔɔso taa de ba ne efĩ ne nyarewa a ɛdɔɔso.
Titanic mu Nneɛma Gye
Wɔmaa nneɛma 1,800 a wɔakoyi afi Titanic mu wuranom asram abiɛsa sɛ wɔmfa mmɛgye, bere a wokohuu po so hyɛn a ɛmemee wɔ Newfoundland nsu nwununwunu mu no mfe nson akyi no. Esiane sɛ ɛpo so hyɛn no memee wɔ n’akwantu a edi kan mu wɔ 1912 nti, ɛda adi sɛ wɔn a wɔrekogye nneɛma no bɛyɛ nkurɔfo a wodii nnipa 687 a wofii asiane no mu kae anaa nnipa 1,513 a wɔhweree wɔn nkwa no ade. Nea ɛka nneɛma ahorow a wɔakoyi aba no ho ne wɔɔkye, agude, dwetɛ sika, nneɛma a wɔde mmoa nhoma ayeyɛ, ne nneɛma ahorow a wɔde yɛ tirinhwi ho adwuma. Nanso, esiane sɛ nneɛma no mu kakraa bi pɛ na wɔakyerɛkyerɛw din wɔ ho nti, ɛbɛyɛ den sɛ obi betumi akyerɛ sɛ biribi pɔtee bi yɛ ne dea. Bio nso, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔgye biribi na obetumi akyerɛ sɛ dekode no yɛ ne dea no yi ntoboa bi de tew ɛka dɔla ɔpepem 5.5 a wɔbɔe wɔ ɛhyɛn no hwehwɛ ho no so, na eyi gyina dekode no bo so. Nneɛma a wɔnnye no bɛba abɛyɛ adwumayɛ akuw a wɔbɔɔ dwumadi no ho ka no agyapade. Nea ɛyɛ anigye no, na nneɛma a wɔde di dwuma wɔ asetram daa a woyiyii no mu biara nni hɔ a wɔde rɔba na ɛyɛe.