Nkonimdi ne Awerɛhosɛm
“Nsamanwaw ho abakɔsɛm wɔ mfe 30 a atwam mu no ayɛ nkonimdi ne awerɛhosɛm—nkonim a nyansahufo a wɔma wonyaa kwan a wɔbɛfa so adi yare no so atu ase koraa no dii, ne awerɛhosɛm kɛse a ɛne sɛ wɔantumi amfa ano aduru a wonyae no anni dwuma.”—J. R. Bignall, 1982.
NSAMANWAW (TB) akunkum nnipa bere tenten. Ɛhaw Incafo a wɔwɔ Peru no bere tenten ansa na Europafo de po so hyɛn rekɔ Amerika Kesee fam. Ɛhaw Misrifo wɔ mmere a farao abusua no dii tumi anuonyam mu no. Tete kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ TB haw atitiriw ne mmɔborɔfo nyinaa wɔ tete Babilon, Greece, ne China.
Efi afeha a ɛto so 18 besi afeha a ɛto so 20 mfiase no, na TB kunkum nnipa sen biara wɔ Atɔe fam nsase so. Awiei koraa wɔ 1882 no, German duruyɛfo Robert Koch de mmoawa a ohui sɛ ɛde yare no ba no ho amanneɛbɔ too gua. Mfe dumiɛnsa akyi no, Wilhelm Röntgen yɛɛ mfoninitwa afiri (X-ray), a na ɛma wotumi yɛ ɔteasefo biara ahurututu mu nhwehwɛmu hwɛ sɛ onii ko no wɔ TB ho nsɛnkyerɛnne anaa. Afei, wɔ 1921 mu no, France nyansahufo yɛɛ aduru a wɔde ko tia TB. Aduru yi a wɔfrɛ no BCG (Bacillus Calmette-Guérin), a wɔde nyansahufo a wohui no din na ɛtoo so no, nkutoo ne aduru a wɔde ko tia yare no. Nanso, TB kɔɔ so kunkum nnipa ma ɛyɛɛ hu.
Wonya Ano Aduru Afei!
Ná nnuruyɛfo de wɔn a wɔanya TB no kogu nsanyare ayaresabea ahorow. Ná wɔtaa sisi saa ayaresabea ahorow yi wɔ mmepɔw so, baabi a na ayarefo no betumi anya ahomegye anya mframa pa ahome. Afei, wɔ 1944 mu no, nnuruyɛfo a wɔwɔ United States no huu aduru bi a wɔfrɛ no streptomycin, aduru a edi kan a wohui sɛ ebetumi asa TB. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wonyaa nnuru foforo a ɛko tia TB. Afei, na wotumi sa wɔn a wɔanya TB no yare wɔ wɔn afie mu mpo.
Bere a yare no so tewee no, wonyaa daakye ho akwanhwɛ pa. Wɔtotoo nsanyare ayaresabea ahorow mu, na wɔammɔ ka anyɛ TB ho nhwehwɛmu bio. Wogyaee anosiw ho dwumadi akyi di, na nyansahufo ne nnuruyɛfo hwehwɛɛ aduruyɛ mu nsɛnnennen foforo akyi kwan.
Ɛwom sɛ na TB gu so rekunkum nnipa pii wɔ aman a na ennyaa nkɔso pii no mu de, nanso na nneɛma bɛyɛ yiye ɔkwan biara so. Ná TB abɛyɛ ɔhaw a atwam. Saa na na nkurɔfo susuw, nanso mfomso na wodii.
Asan Aba a Ɛredi Awu
Wɔ 1980 mfe no mfinimfini no, TB san bae bedii awu wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Afei, wɔ April 1993 no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no kae sɛ TB yɛ “wiase nyinaa asiane,” na ɛde kaa ho sɛ “yare no bekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 30 wɔ mfe du a edi hɔ no mu gye sɛ wɔyɛ biribi ntɛm de siw ne trɛw ano.” Ná ɛno ne mpaemuka a ɛte saa a WHO de ato gua nea edi kan wɔ abakɔsɛm mu.
Efi saa bere no, “adeyɛ a egye ntɛmpɛ” biara ntumi nsiw yare no trɛw ano. Nokwarem no, tebea no asɛe kɛse. Nnansa yi, WHO bɔɔ amanneɛ sɛ TB kunkum nnipa pii wɔ 1995 mu sen abakɔsɛm mu afe foforo biara. WHO bɔɔ kɔkɔ nso sɛ nnipa ɔpepepem fã betumi anya TB wɔ mfe 50 a edi hɔ no mu. Nnipa pii na wobenya TB a mpɛn pii no, nnuru pii ntumi no no.
Dɛn Nti na Asan Aba a Ɛredi Awu Saa?
Ade biako ne sɛ mfe 20 a atwam ni no, nhyehyɛe a wɔyɛ de siw TB ano abrɛ ase anaa agu koraa wɔ wiase mmeae pii. Eyi mma wontumi nhu wɔn a wɔanya yare no bi ntɛm na wɔasa wɔn yare. Ɛno nso ama yare no akum nnipa pii, na atrɛw kɛse.
Ade foforo nti a TB asan aba ne nnipa a wodi hia a wonnya aduan pa nni a wɔte nkurow a nnipa akyere so wom, titiriw aman a ennyaa nkɔso pii no nkurow akɛse, mu a wɔredɔɔso no. Bere a ɛnyɛ ahiafo nkutoo na wotumi nya TB—obiara betumi anya TB—no, mmeae a ɛhɔ ntew a nnipa akyere so no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ obi de yare no bɛsan afoforo. Etumi ma nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no nso yɛ mmerɛw koraa sɛ ɛbɛko atia yare no.
HIV ne TB—Ɔhaw a Ɛbɔ Ho Abien
Ɔhaw titiriw ne sɛ TB ne HIV, AIDS ɔyare mmoawa, anya abusuabɔ a edi awu. Wɔ nnipa ɔpepem biako a wobu akontaa sɛ AIDS kunkum wɔn wɔ 1995 mu mu no, gyama wɔn mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako na TB kunkum wɔn. Eyi te saa efisɛ HIV ma nipadua no ahoɔden a ɛde ko tia TB no yɛ mmerɛw.
Wɔ nnipa dodow no ara fam no, TB mmoawa no ano ntumi nyɛ den sɛ ɛbɛma wɔayare. Dɛn ntia? Efisɛ nkwammoaa bi a wɔfrɛ wɔn macrophages no kɛntɛn TB mmoawa no so. Nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa, titiriw nkwammoaa a ɛko tia ɔyare mmoawa no, ka wɔn hyɛ.
TB mmoawa no te sɛ nhurutoa a wɔde wɔn agu nkɛntɛn mu abua so denneennen. Nkɛntɛn no ne macrophages no, na mmuaso no ne nkwammoaa a ɛko tia ɔyare mmoawa no. Nanso, sɛ AIDS ɔyare mmoawa no ba nipadua mu a, ebue nkɛntɛn no so. Sɛ ɛba saa a, mmoawa no pue na wotumi sɛe nipadua no fã biara.
Enti, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔanya AIDS no tumi nya TB sen nnipa a wɔn nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ano yɛ den no. TB ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Scotland kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ HIV no tumi nya yare no ntɛm ara. Nnipa baanu bi a wɔwɔ HIV a na wɔwɔ adugyebea bi wɔ London no nyaa TB bere a wɔkɔtraa baabi a wɔde teaseɛnam a na obi a ɔyare TB da so bɛfae no.”
Enti, AIDS aboa ma TB yaredɔm no anya nkɔanim. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, ebedu afe 2000 no, na AIDS yaredɔm no ama nnipa 1.4 anya TB, a sɛ ɛnyɛ AIDS a anka ɛremma saa. Ɛnyɛ tumi a wɔn a wɔanya AIDS no tumi nya yare no kɛse nko ne ade titiriw a ama TB anya nkɔanim, na mmom wobetumi de ama nnipa foforo nso, a wɔn a wonni AIDS ka ho.
TB a Nnuru Pii Ntumi No
Ade a etwa to a ama ayɛ den kɛse sɛ wɔbɛko atia TB ne TB mmoawa a wɔaba a aduru biara ntumi wɔn no. Saa mmoawa nwonwaso yi rema yare no abɛyɛ nea wontumi nsa bio, sɛnea na ɛte bere a na wonnyaa ho nnuru biara no.
Awerɛhosɛm ne sɛ, nnuru a wɔde ko tia TB ho dwuma a wonni no yiye no ne ade titiriw a ɛmma nnuru pii ntumi TB. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ obi fa aduru a etumi sa TB no toa so asram asia ansa na ase atu koraa, na ɛsɛ sɛ ayarefo no fa nnuru ahorow anan da biara da a wɔntotom koraa. Ɛho behia sɛ ɔyarefo no mene nnuru dumien da biara. Sɛ ayarefo no annom nnuru no daa anaasɛ wɔanwie nom a, TB mmoawa no sensen, a ɛyɛ den sɛ wobekunkum wɔn anaasɛ wontumi nkunkum wɔn koraa. Mmoawa no bi tumi ko tia TB ho nnuru a wogye tom baabiara no mu ason.
Ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔyare TB a nnuru pii ntumi no no ayaresa yɛ den nko, na ɛho ka yɛ kɛse nso. Ɛka a wɔbɔ wɔ ho no bɛyɛ sɛ ka a wɔbɔ de hwɛ ayarefo foforo a wɔwɔ TB no mmɔho 100. Wɔ United States sɛ nhwɛso no, ɛka a wɔbɔ de sa onipa biako pɛ a wanya TB a nnuru pii ntumi no yare betumi aboro $250,000!
WHO ka sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 100 na wobetumi anya TB mmoawa a nnuru pii ntumi wɔn, na emu bi wɔ hɔ a, wɔrentumi mfa nnuru a wonim sɛ etumi sa TB no mu biara nsa. Saa mmoawa yi a wodi awu no tumi san te sɛ mmoawa a yenim no ara.
Ano Siw ne Ne Sa
Dɛn na wɔreyɛ de adi saa wiase nyinaa asiane yi ho dwuma? Ɔkwampa a wobetumi afa so adi yare no so ne sɛ wobehu wɔn a wɔanya bi no ntɛm na wɔasa. Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ yare no bi dedaw no nkutoo na eyi boa wɔn, na mmom ɛmma afoforo nso nnya yare no bi.
Sɛ wɔansa TB a, ekunkum bɛboro wɔn a wonya bi no mu fã. Nanso, sɛ wɔsa no yiye a, ɛkame ayɛ sɛ TB biara ase tumi tu, sɛ ɛnyɛ nea mmoawa a wɔasensen a wotumi ko tia nnuru ahorow de ba a.
Sɛnea yɛahu no, ayaresa a edi mu no hwehwɛ sɛ ayarefo no fa nnuru a wɔde ama wɔn no wie koraa. Mpɛn pii na wɔnyɛ saa. Dɛn ntia? Wiɛ, mpɛn pii no waw, atiridii ne ɔhaw afoforo taa gyae bere a wɔafi ne sa ase adapɛn kakraa bi akyi no. Enti, ayarefo pii ka sɛ wɔanya ayaresa na wogyae nnuru no fa.
Nea ɛbɛyɛ na wɔadi ɔhaw yi ho dwuma no, WHO yɛ nhyehyɛe bi a wɔfrɛ no DOTS, a nea ɛkyerɛ ne “directly observed treatment, short-course” (“ayaresa a nnuruyɛfo hwɛ ma ayarefo nom nnuru wɔ wɔn anim, wɔ bere tiaa bi mu.”) Sɛnea edin no kyerɛ no, akwahosan ho adwumayɛfo hwɛ hu sɛ wɔn ayarefo no anom nnuru dodow a ɛsɛ sɛ wɔnom, anyɛ yiye koraa no, asram abien a edi kan wɔ ayaresa no mu. Nanso, eyi yɛ nna fam bere nyinaa efisɛ wɔn a wɔbɔ TB no mu pii tete nkuraase. Mpɛn pii no, esiane sɛ ɔhaw ne nsɛnnennen ahyɛ wɔn asetra mã—ebinom mpo nni baabi te—nti, hwɛ a wɔbɛhwɛ anom wɔn nnuru no daa no betumi ayɛ nsɛnnennen ama wɔn.
Enti akwanhwɛ bi wɔ hɔ sɛ awiei koraa no, wobedi yare a ɛrehaw adesamma yi so anaa?
[Kratafa 5 adaka]
TB Ho Nokwasɛm Bi
Sɛnea ɛte: TB yɛ yare bi a mpɛn pii no ɛka ahurututu no, na ɛde nkakrankakra sɛe no, nanso ebetumi atrɛw akɔ nipadua no afã foforo, titiriw amemene, asaabo, ne nnompe.
Nsɛnkyerɛnne: Ahurututu mu TB tumi ma obi bɔ waw, ne so tew, n’anom tow, ɔte fifiri pii anadwo, ɔyɛ mmerɛw, n’ahome nsi so, na ne bo tutu no.
Ɔkwan a wɔfa so hu: Were mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ no betumi akyerɛ sɛ obi anya mmoawa no bi anaa. Koko so mfonini a wobetwa no betumi ada no adi sɛ ahurututu no asɛe, a ɛbɛkyerɛ sɛ onii ko no anya TB ankasa. Ɔyarefo no ahorɔ a wɔbɛyɛ mu nhwehwɛmu wɔ ayaresabea no yɛ ɔkwampa a ɛsen biara a wobetumi afa so ahu sɛ wanya TB mmoawa.
Wɔn a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn mu nhwehwɛmu: Wɔn a wɔwɔ TB ho nsɛnkyerɛnne anaa wɔreyɛ anya bi, wɔn a wɔne ayarefo a wɔbɔ TB te bere nyinaa—titiriw wɔ adan a mframa mfa mu mu.
Ano aduru: Ano aduru biako pɛ na ɛwɔ hɔ—wɔfrɛ no BCG. Ɛbɔ mmofra ho ban fi TB a emu yɛ den ho, nanso ɛmmoa mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ne mpanyimfo. Akyɛ koraa no, aduru no bɔ obi ho ban bɛyɛ mfe 15. Wɔn a wonnyaa bi nkutoo na BCG bɔ wɔn ho ban; ɛmmoa wɔn a wɔanya bi dedaw no.
[Kratafa 6 adaka]
TB Ho Anigye a Wɔkyerɛ
Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, TB bɛyɛɛ biribi a wɔkyerɛ ho anigye, efisɛ nkurɔfo gye dii sɛ yare no ho nsɛnkyerɛnne a obi wɔ no ma onya tema kɛse ma afoforo, na otumi bɔ ne tirim yɛ nneɛma yiye.
Franseni agoru ne ayɛsɛm kyerɛwfo Alexandre Dumas kyerɛw 1820 mfe no mfiase ho asɛm wɔ ne Mémoires (Abasɛm) mu sɛ: “Ná ɛyɛ fɛ koraa sɛ obi bo so betutu no; na ebi ayɛ obiara, titiriw anwensɛm akyerɛwfo; na ɛyɛ papa sɛ obi bewu ansa na wanya mfe aduasa.”
Wɔbɔ amanneɛ sɛ Engiresini anwensɛm kyerɛwfo Lord Byron kae sɛ: “Mepɛ sɛ kokoyare [TB] kum me . . . efisɛ mmea no nyinaa bɛka sɛ, ‘Hwɛ Byron mmɔborɔni no, hwɛ sɛnea ne wu yɛ fɛ!’”
Amerikani nhoma kyerɛwfo Henry David Thoreau a ɛda adi sɛ TB na ekum no no kyerɛwee sɛ: “Ɔporɔw ne yare yɛ fɛ mpɛn pii, te sɛ . . . nea TB a emu yɛ den yɛ obi.”
Bere a asɛm bi a ɛwɔ The Journal of the American Medical Association mu reka TB ho anigye a wɔkyerɛ yi ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Yare no ho anigye a ntease nnim a nkurɔfo nyae no sɛee nneɛma a ɛba so ho anigye a nkurɔfo nya; mmea bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ hoyaa nhweanhweaa, de ahoɔfɛ ntoaso fitafitaa kekaa wɔn anim, hyehyɛɛ ntade nteanteaa hanahana—te sɛ nea nnɛyi nnipa a wosiesie wɔn de wɔn bɔ aguade ho dawuru a wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ nteanteaa yɛ no.”
[Kratafa 7 adaka]
So Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Obi Benya TB?
Oduruyɛfo Arata Kochi a ɔyɛ WHO Asoɛe a Ɛhwɛ TB Ho Nsɛm So Wɔ Wiase Nyinaa kwankyerɛfo no bɔ kɔkɔ sɛ: “Baabiara nni hɔ a nsamanwaw mmoawa no ntumi nkɔ. Obiara betumi anya TB denam mmoawa no a ɔbɛhome akɔ ne mu bere a obi abɔ waw anaa wanwansi agu mframa mu no so. Saa mmoawa yi betumi adi mframa mu nnɔnhwerew pii; mfe mpo. Yɛn nyinaa da asiane mu.”
Nanso, ansa na obi benya TB no, nneɛma abien na ɛsɛ sɛ ɛda adi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ onya TB mmoawa no bi. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ mmoawa no nyin kosi sɛ wɔbɛma wayare.
Ɛwom sɛ sɛ obi ne obi a TB atumi no nya nkitahodi kakra bi mpo a, obetumi anya bi de, nanso gye sɛ obi ne obi a yare no atumi no di nkitaho daa, te sɛ nea ɛte wɔ abusuafo a wɔakyere so te faako mu no ansa na watumi anya bi.
Sɛ obi home mmoawa no bi a, wɔbɛyɛ bebree wɔ ne bo so. Nanso, wɔ nnipa 10 biara mu 9 mu no, nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no siw trɛ a mmoawa no bɛtrɛw ano, na nea wanya mmoawa no nyare. Nanso, sɛ ɛtɔ mmere bi na HIV, asikreyare, nnuru a ano yɛ den a wɔde sa kokoram, anaa nneɛma foforo ma nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no yɛ mmerɛw paa a, TB mmoawa a na anka wɔaka wɔn ahyɛ no betumi asan akanyan wɔn ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]
New Jersey Medical School—National Tuberclosis Center
[Kratafa 7 mfonini]
TB mmoawa a AIDS ɔyare mmoawa ma ɛba no te sɛ nhurutoa a wɔagyae wɔn afi nkɛntɛn mu