Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 1/8 kr. 3
  • Yare a Ekunkum Nnipa Te sɛ Akodi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yare a Ekunkum Nnipa Te sɛ Akodi
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkonimdi ne Awerɛhosɛm
    Nyan!—1998
  • Ɔkwan Foforo a Wɔfa so Ko Nsamanwaw
    Nyan!—1999
  • Nkabom a Ɛyɛ Hu
    Nyan!—1998
  • Ano Aduru Wɔ Wiase Nyinaa—So Ɛbɛyɛ Yiye?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 1/8 kr. 3

Yare a Ekunkum Nnipa Te sɛ Akodi

BERE a Marilyn a wadi mfe 23 so tewee na ɔtee nka sɛ n’ahoɔden so atew no, osusuwii sɛ efi nyinsɛn a na ɔrenyinsɛn no. Ná ɔtaa bɔ waw nso, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne duruyɛfo. Oduruyɛfo no kae sɛ yare aba n’ahome nkwaadɔm mu, na ɔkyerɛɛ no aduru. Akyiri yi, bere a Marilyn ho fii ase tee fifiri anadwo no, ɛhaw no yiye. Ɔsan kɔɔ ne duruyɛfo no nkyɛn ma ɔyɛɛ nhyehyɛe ma okotwaa ne koko so mfonini.

Nea wohui wɔ mfonini no mu kyerɛe sɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm ara, nanso na wontumi ne Marilyn nkasa wɔ telefon so. Marilyn kae sɛ: “Oduruyɛfo no nsa kaa me maame, na ɔka kyerɛɛ no sɛ meyare paa. Me maame bɛhwehwɛɛ me ka kyerɛɛ me sɛ menkɔ [oduruyɛfo] no hɔ ntɛm ara. Oduruyɛfo no de me kɔɔ ayaresabea ma wokotwaa me mfonini foforo, na wogyee me too hɔ.”

Marilyn ho dwiriw no sɛ ohui sɛ wanya nsamanwaw (TB). Osusuwii sɛ obewu, nanso bere a wɔmaa no TB aduru no, ankyɛ na ne ho tɔɔ no.

Ntease wom sɛ Marilyn ho dwiriw no sɛ wanya TB. Sɛ ɛnyɛ nnansa yi a, na anka nnuruyɛfo pii mpo gye di sɛ wɔadi TB so nkonim wɔ aman a anya nkɔso mu. Adugyebea dwumayɛni bi a ɔwɔ London ayaresabea bi no kae sɛ: “Ná misusuw sɛ wɔatu ase te sɛ yaredɔm no. Nanso bere a mebɛyɛɛ adwuma wɔ ha no, mihui sɛ ase ntui na ɛda so renya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ kuropɔn yi mu.”

Wɔ mmeae a na TB ase atu no, asan aba bio; baabi a ase antu no, ayɛ kɛse. Sɛ́ anka TB ase betu no, ɛrekunkum nnipa te sɛ akodi ne ɔkɔm pɛpɛɛpɛ. Susuw ho hwɛ:

◼ Ɛmfa ho nkɔanim nwonwaso a wɔanya wɔ nnɛyi aduruyɛ mu no, bɛyɛ mfe ɔha a atwam no mu no, TB akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 200.

◼ Nnipa bɛyɛ ɔpepepem abien—wiase nnipa dodow nkyem abiɛsa mu biako—anya TB mmoawa no bi dedaw. Bio nso, obi nya TB anibu biara mu!

◼ Wɔ 1995 no, na nnipa dodow a wɔanya TB ankasa bɛyɛ ɔpepem 22. Nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa wuwui, na na wɔn mu dodow no ara wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu.

Bere a nnuru a ano yɛ nnam a wɔde ko tia TB wɔ hɔ no, dɛn nti na saa yare yi kɔ so haw nnipa? So wobedi so nkonim da bi? So ɔkwan bi wɔ hɔ a wobɛfa so abɔ wo ho ban wɔ ho? Nsɛm a edi hɔ no bebua saa nsɛmmisa yi.

[Kratafa 3 mfonini]

New Jersey Medical School—National Tuberculosis Center

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena