AIDS Ne Nnipa A Wɔagye Din
WƆN a wɔagye din a AIDS akunkum wɔn ho nsɛm taa yɛ wɔn a wɔkenkan owu ho nkaebɔ no nwonwa. Newsweek a ɛbae January 18,1993 sii so dua sɛ nnipa a wɔtete saa no mu pii rewuwu, na ɛka sɛ: ‘Wɔ amanne biara mu—asaw, ɔyɛkyerɛ nhoma, nnwom, adwinni, ntade pam, television, sini ahorow—no, AIDS adesɛe kɔ so fi mu ba.”
Newsweek kae nso sɛ: “Paris te sɛ New York anaa Los Angeles ara pɛ: nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ Parisfo mmarima a wowuwui a na wɔadi fi mfe 25 kosi 44 a wɔwɔ nsɛnkyerɛw, adwinni ne anigyede nnwuma mu no mu nea ɛboro ɔha biara mu nkyem 60 no yɛ nea AIDS na ekunkum wɔn.”
People nsɛmma nhoma a ɛbae January 23, 1993 no kaa adesɛe a AIDS de aba nkurɔfo a wɔde sukyerɛmma so mmirikatu ayɛ wɔn adwuma so no ho asɛm sɛ: “Ehu wɔ Sukyerɛmma So.” Ɛkae sɛ: “Nnipa bɛboro 40 a wɔawuwu no asɛe wɔn agodie no, na Atifi Fam Amerikafo a wɔagye din wɔ saa mmirikatu yi mu di yaw wɔ wɔn nnamfo a wɔahwere wɔn ne nnipa dodow a AIDS akunkum wɔn no ho.”
Nsɛmma nhoma no kyerɛe sɛ John Curry, Britaniani a ogyee sika kɔkɔɔ abodin wɔ Olimpik akansi mu no yɛ “obi a wagye din wɔ sukyerɛmma so mmirikatu mu sen biara a wanya AIDS.” Wɔfaa n’asɛm kae sɛ: “AIDS na ekunkum me nnamfonom nyinaa.” Dɛn nti na wɔn a wɔde mpaboa tu mmirika wɔ sukyerɛmma so pii anya AIDS?
Wɔn asetra kwan na ama aba saa. People daa eyi adi bere a ɛkae eyi no: “Bere a wɔn a wɔde mpaboa tu mmirika wɔ sukyerɛmma so, wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔn mmirika no tu ne agodie no sohwɛfo sũ wɔn nnamfo a wɔawuwu wɔ kokoam no, wɔkɔ so yɛ basaa wɔ wɔn a wɔwɔ AIDS a wɔne wɔn bom di agoru wɔ baguam ne mmarima a wɔne mmarima da ho nsɛm a ɛwɔ mmirika a wɔde mpaboa tu wɔ sukyerɛmma so agodie mu no ho.”
Nokwarem no, nna mu ɔbrasɛe—ɔbarima ne ɔbarima ntam de ne ɔbarima ne ɔbea de abien nyinaa—ne ade titiriw a ɛde AIDS ba. Wɔ December 1991 no, nnuruyɛfo baanu a wɔwɔ Canada daa no adi sɛ ɔbea bi a AIDS kum no bobɔɔ National Hockey League agodifo no mu 70 a na ɔne wɔn anya nna mu kyɛfa pɛn din. The New York Times a ɛbae December 5, 1991 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Asɛm no ama ehu kɛse aka N.H.L. (ɔman hɔki kuw) no mu agodifo binom. Eyi daa adi wɔ, agodifo ne wɔn akyerɛkyerɛfo a awerɛhow aka wɔn a wohyiaam dwennwenee asɛm no ho wɔ mmeae ahorow a wɔtete wɔn nnɛ no ho.”
Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Montreal Canadiens hɔki kuw; no muni bi kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ mmofra sɛ wɔnhyɛ kɔndɔm, na mmom wonnya ahosodi. Mfa wɔ ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu gye sɛ wɔaware ansa.” Saa afotu yi nyɛ ade foforo, efisɛ Bible hyɛ sɛ: “Munguan aguamammɔ.”—1 Korintofo 6:18.