Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 1/8 kr. 27-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhwehwɛ Akannifo Pa
  • Mexico Agye Yehowa Adansefo Atom wɔ Mmara Mu
  • Mfaso Nni Nnipa Ahofadi Ahorow So
  • Mmofra Tuutuusi Retrɛw
  • Ɔbaa Warefo Nnwuma
  • Okyinnsoromma a Nsu Pii wɔ So
  • Bere Tenten a Wura De Porɔw
  • Kaka Tumi San
  • Ɛkyɛw Ma Wɔn a Wɔtra Baesekre So
  • Mfutuma Mu Mmoawa Mmoawa
  • Ɛyɛ Hu Sen Black Death Yare No
  • Mmofra Wɔ Ahokyere Mu
    Nyan!—1993
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1992
  • Ɔpepem Pii Nkwa Redan Wusiw
    Nyan!—1995
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 1/8 kr. 27-30

Wiase Nsɛm

Wɔhwehwɛ Akannifo Pa

Wiase akannifo ho refono wɔn nkurɔfo wɔ wiase nyinaa. The Wall Street Journal ka sɛ: “Ebinom kyerɛ sɛ ebia wiase akannifo a wɔwɔ hɔ nnɛ yi ntumi nyɛ wɔn adwuma.” Kan France ɔmampanyin Valéry Giscard d’Estaing ka sɛ: “Yɛrehu dodow amammu ho nsɛnnennen.” Dɛn nti na nkurɔfo kɔ so pa abaw? Efisɛ nkurɔfo no “bo afuw akannifo no a ɛda adi sɛ wɔyɛ mmerɛw na wontumi nni nsɛnnennen akɛse a wɔrehyia no ho dwuma no,” sɛnea Journal no ma mmuae no. Ɛkae bio sɛ: “Nea ɛyɛ wɔn abofono ne sɛ, bere a wɔhwehwɛ akwankyerɛ no nea wohu ara ne ɔporɔw. Na ɛnyɛ amanyɔfo no mu ankorankoro bi na amanfo no bo afuw wɔn: Wɔ mmeae ahorow te sɛ Japan ne Italy no, amanfo no nni amammui ahyehyɛde mũ no mu ahotoso biara.” Bere a sikasɛm mu ahokyere a emu yɛ den mu a amanfo kɔ na ɛde ahotoso a wonni wɔ aban ahorow mu ba no, “saa tebea yi yɛ soronko koraa efisɛ ɛrekɔ so wɔ mmeae ahorow pii wɔ bere koro mu, na ɛnyɛ sodifo a wɔtete agua so nko na ɛka wɔn na mmom ɛka amanyɔ akuw ahorow a ɛsɔre tia aban ahorow no nso bi.” Owura Giscard d’Estaing ka sɛ: “Ebegye biribi a ɛkyɛn sikasɛm mu mpuntu ara kwa na ama wɔatumi ama amanfo no anya anidaso. Yɛn amanfo no hia daakye ho anidaso bi.”

Mexico Agye Yehowa Adansefo Atom wɔ Mmara Mu

Mexico gyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu sɛ nyamesom kuw wɔ May 7. Aban asoɛe a ɛhwɛ ɔman no mu nsɛm so Soafo Abadiakyiri na ɔde mmara a ɛkyerɛ sɛ wɔagye wɔn atom no ho krataa hyɛɛ wɔn nsa wɔ May 31. Enti Mexico anya nkɔanim foforo wɔ nyamesom mu ahofadi ho. Efi April 1, 1989, na Yehowa Adansefo tumi bɔɔ mpae nea edi kan wɔ wɔn asafo nhyiam horow ase a wɔnka wɔn hwee na wotumi de Bible no dii dwuma wɔ afie afie ɔsom adwuma no mu. Adansefo bɛboro 370,000 na wɔwɔ Mexico. Mexico aban no yɛɛ nsakrae ahorow wɔ ne mmara mu wɔ afe a etwaam no mu na efii ase gyee nyamesom ahyehyɛde ahorow toom wɔ ɔman no mu.

Mfaso Nni Nnipa Ahofadi Ahorow So

German atesɛm kraa Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ nnipa ahofadi so a ɛwɔ Geneva, Switzerland, bu akontaa sɛ “adesamma mu fã hu amane a anibere wom wɔ nnipa ahofadi ho mmara a wobu so ho.” Saa mmara so bu yi fi aninyanne, mmonnaato, ne nnipakum so kosi nkoasom, ɔkɔm, ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade so. Asoɛe no bu akontaa sɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem 150 kosi ɔpepem 200 na wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ nnwuma wɔ nsase a ɛboro 50 so. Nea ɛka ho no, nnipa ɔpepem pii na wohu amane esiane wɔn honam ani hwɛbea ne amanfrafo a wɔyɛ nti. Owura Ibrahime Fall a ɔyɛ asoɛe no so ɔpanyin kae sɛ: “Mfaso nni onipa ahofadi so bere a wodi hia buruburoo. Ɛyɛ ampa sɛ yɛasoma onipa akɔ ɔsram so, nanso wiase a yɛte mu yi mu da so ara yɛ den, emu yɛ hu, na asiane pii wom.”

Mmofra Tuutuusi Retrɛw

Paris atesɛm krataa International Herald Tribune ka sɛ: “Nnuruyɛfo, polisifo ne asetra mu nsɛm ho adwumayɛfo . . . bɔ amanneɛ sɛ nkurɔfo hwehwɛ mmofra ne wɔn a wɔadu mpanyin mfe so kɛse ma wɔasi tuutuu efisɛ wobu wɔn sɛ nkurɔfo a ‘asiane nnim sɛ wɔne wɔn da,’ na ɛkame ayɛ sɛ wonnyaa AIDS.” Wɔ UNESCO (Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ nhomasua, nyansahu, ne amammerɛ so) nhyiam a wɔyɛe nnansa yi wɔ “nna ho aguadi ne onipa ahofadi” ho wɔ Brussels, Belgium ase no, animdefo no sii so dua sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mmofra ne wɔn adeda no wɔ ɔpɛ sɛ wobetua sika akɛse ama mmofra a wosusuw sɛ wɔyɛ mmaabun no. Ɛwom sɛ wohui sɛ AIDS nsanyare no ne atirimpɔw titiriw nti a wɔyɛ saa de, nanso animdefo no daa no adi nso sɛ nna adwuma a akatua wom kɛse no ho nsɛm pii no “ama wɔagye nna ho gua a wodi no petee mu no atom na apopa mmara ahorow a etia mmofra a wɔde wɔn di nna ho dwuma ɔkwammɔne so no.” UNESCO nhwehwɛmu no da no adi sɛ ɔhaw no abu so wɔ Benin, Brazil, Colombia, Thailand, ne Philippines titiriw. Wobu akontaa sɛ Thailandfo mmea tuutuufo ɔpepem 2 no mu 800,000 yɛ mmofra ne mmeawa, na wɔka sɛ mmarimaa bɛboro 10,000 a wɔadi fi mfe 6 kosi 14 si tuutuu wɔ Sri Lanka.

Ɔbaa Warefo Nnwuma

Bere a Italy atesɛm krataa a ɛba daa, Il Messaggero reka ɔbaa warefo ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ɔyɛ adwuma te sɛ mmirikatufo . . . nanso onnya abasobɔde mpo. Nhwehwɛmu a Rome Institute for Sports Sciences yɛe no daa no adi sɛ wobetumi de ahoɔden a ɔyere a ɔhwɛ fie hwere wɔ ne fie adwumayɛ mu (a ɛboro calories 200 dɔnhwerew biara) no “atoto nea wɔhwere wɔ agodie pii mu ho.” Bere a ɛda adi pefee sɛ agodie ahorow bi ma wotumi hwere calories pii no, akontaabu no bɛyɛ nea ɛho hia kɛse “sɛ wususuw sɛnea ɔyere a ɔhwɛ yɛ ofie nnwuma de nnɔnhwerew awotwe di dwuma da biara da no ho a.” Mmirikatufo Marisa Masullo a okura mmirikatu mu abodin no gye tom sɛ: “Mebrɛ kɛse wɔ fie adwumayɛ mu sen bere a meretu mmirika de asiesie me ho no.”

Okyinnsoromma a Nsu Pii wɔ So

People & the Planet nsɛmma nhoma no ka sɛ, sɛ anka wɔma nsu a ɛwɔ asase so no bɛkata okyinnsoromma yi so baabiara a, wiase yi bɛdan ɔtare kɛse a emu dɔ bedu kilomita 2.5. Nokwarem no, Pacific Po no nkutoo betumi akata yɛn asase kesee yi nyinaa so ma nsu no bi aka. Nanso, asase yi so nsu pii no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 3 pɛ na ɛyɛ nsu pa a nkyene nnim. Na okyinnsoromma yi so nsu pa no mu ɔha biara mu nkyem 1 pɛ na adesamma tumi de di dwuma. Nkae no nyinaa ayeyɛ nsukyenee ne nsukyerɛmma anaa ɛwɔ asase ase. Ne saa mpo, saa nsu pa nkyem 1 pɛ no dɔɔso ara yiye ma nnipa dodow a wɔwɔ wiase mprempren mmɔho abien anaa abiɛsa betumi de adi dwuma ma aso wɔn so. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, wɔnkyekyɛɛ nsu pa no mu pɛpɛɛpɛ wɔ asase yi so, na wɔsɛe nsu pa wɔ baabiara nso.” Enti, sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, asase yi so nnipa ɔpepepem abien tete mmeae ahorow a nsu ho yɛ nã yiye.

Bere Tenten a Wura De Porɔw

Bere tenten bɛn na wura de porɔw? Sɛnea Italy nsɛmma nhoma Focus ka no, egye asram asia ansa na krataa a ɛyɛ mmerɛw a wɔde popa nsa anaa nnuadewa ho wura aporɔw, egye efi afe 1 kosi mfe 2 na sigaret ti aporɔw, kyingam gye mfe 5, na egye efi mfe 10 kosi 100 na nneɛma a wɔde aluminum ayɛ te sɛ nkankyee aporɔw. Nanso nneɛma a wɔde rɔba ayeyɛ “mporɔw wɔ mfehaha pii akyi . . . Nsu ntumi mma ɛmporɔw . . . na mmoawa mmoawa biara nni hɔ a wodi.” Ebia polystyrene, a wɔtaa de yɛ nneɛma a wɔde kyekyere nneɛma ho na wɔde nnuan ne anonne gu mu no mu betumi abubu ara kɛkɛ wɔ mfe apem mu; egye mfe 4,000 ansa na perentoa asɛe adan mfutuma bio.

Kaka Tumi San

Nhwehwɛmu a Switzerland ɛsẽ sukuu ne Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ apɔwmuden ho nsɛm so (WHO) yɛe a Agence France-Presse nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma no de too gua kyerɛ sɛ: “Kaka tumi san.” Wɔn nhwehwɛmu no ma ɛdaa adi sɛ, abusua mufo bi taa de mmoawa a wɔde kaka ba, Streptococcus mutans no san abusua no muni foforo, na eyi taa ba denam atere biako a awofo ne wɔn mma de didi anaa akokoaa aduan a ɛwɔ toa mu a ɔwofo no ka hwɛ ansa na ɔde ama no no so. Asiane a ɛyɛ no gyina mmoawa no dodow a ɛwɔ onipa no ntasu mu so kɛse. Ɛkame ayɛ sɛ ɔyare mmoawa a wɔdan asikre ma ɛdan yɛ nsu yerɛwyerɛw a ɛka ɛsẽ no tumi sɛe ade yiye wɔ mmofra a wɔadi fi afe biako kosi mfe anan no anom titiriw—bere titiriw a ɛyɛ mmerɛw sɛ mmofra sẽ betumi asɛe no.

Ɛkyɛw Ma Wɔn a Wɔtra Baesekre So

Monhyɛ kyɛw a ɛbɔ eti ho ban! Eyi ne afotu a WHO (Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ apɔwmuden ho nsɛm so) de ma wɔn a wɔtra baesekre so. Ɛwom sɛ ɛkyɛw tew opira a wopira wɔ eti ho so ɔha biara mu nkyem 75 de, nanso Australia nkutoo ne ɔman a mprempren ɛhwehwɛ sɛ wɔn a wɔtra sakre so hyɛ kyɛw. Wɔ United States no, wɔn a wowuwu wɔ sakre ho asiane mu no mu baasa biara mu baanu pira ma wɔn ti ne wɔn adwene ho ka, na mmofra a wɔadi fi mfe 6 kosi 14 na wɔwɔ asiane mu kɛse. WHO ka sɛ: “Sɛ wususuw sɛnea obiara gye tom sɛ ɛkyɛw a emu yɛ duru bɔ wɔn a wɔtra motosakre so ho ban yiye no ho a, wuntumi nte nea enti a wɔtwentwɛn wɔn nan ase [sɛ wɔbɛhyɛ kyɛw a emu yɛ duru] no ase.”

Mfutuma Mu Mmoawa Mmoawa

Science News nsɛmma nhoma ka sɛ: “Obiara nnim ɔkwan pɔtee a mfutuma mu mmoawa mmoawa nam so ba afie mu ankasa, nanso wɔwɔ ofie biara mu.” Saa mmoawa mmoawa a nnipa aniwa ntumi nhu wɔn yi a wɔyɛ mmerɛw no di nnipa honam a ɛkɔ so huanhuan bere biara no. Wotumi hu mmoawa mmoawa yi wɔ adasoɔ, kapɛte, ne nkongua a wɔaduradura ho mu. Wɔn dodow yɛ ahe? Nhwehwɛmufo a wɔde afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketenkete di dwuma yɛɛ nhwehwɛmu wɔ afie abien a mmoawa no wom mu mfutuma mu. Wohuu mmoawa mmoawa yi 7,454 wɔ ofie bi mu mpa mu mfutuma gram biako pɛ mu, na wɔsan huu mmoawa mmoawa yi 2,361 wɔ kapɛte a ɛsɛw mpa no ase mu mfutuma gram biako nso mu.

Ɛyɛ Hu Sen Black Death Yare No

American Health nsɛmma nhoma ka sɛ: “Nsanyare a wɔfrɛ no Black death no kunkum nnipa ɔpepem 25, anaa nnipa baanan biara mu biako, wɔ Europa wɔ afeha a ɛto so 14 no mu. Nhwehwɛmu foforo a wɔayɛ kyerɛ sɛ sɛ nkurɔfo kɔ so nom sigaret sɛnea wɔnom no mprempren yi a, sigaret bekunkum nnipa dodow a black death kunkum wɔn no mmɔho 10: anyɛ yiye koraa no ɔpepem 250, anaa nnipa baanum biara a wɔtete aman a wodi yiye mu no biako.” Nneɛma a wohu fii nhwehwɛmu yi mu a egyina nnipa ɔpepem biako a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu yiye so no daa no adi sɛ, sigaretnom di awu kɛse sen nea na wonim bere a atwam no. Ɔbenfo Richard Peto a ɔkyerɛ ade wɔ Oxford Sukuupɔn a ɛwɔ England no kae sɛ: “Ná yegye di sɛ sigaretnom kunkum nnipa baanan biara a wɔnom no mu biako. Nanso mprempren yenim sɛ anyɛ yiye koraa no sigaretnom na ekunkum nnipa a wɔnom a wowuwu no baasa biara mu biako—ebia ɛbɛsen saa mpo. Nnipa dodow a sigaretnom kunkum wɔn dɔɔso sen nea biribi foforo biara kunkum wɔn wɔ ɔman mu.” Wɔ nnipa bɛyɛ ɔpepem 250 a wɔhwɛ kwan sɛ wobewuwu mu no, dodow a ɛboro fã bɛyɛ wɔn a wɔadi fi mfe 35 kosi 69 a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a sigaretnom ama wɔn nkwa so atew mfe 23 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena