Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 8/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Trɛw a Awudi Retrɛw No
  • Asɔre mu Ɔhaw wɔ Mexico
  • Nea Baesekre Sotrafo De Bɛbɔ Wɔn Ho Ban
  • Din Kɛkɛ Na Ɛda Wɔn So
  • Bible Asekyerɛ Trɛw
  • Ɛda So Kunkum Nnipa
  • Transvestites Awifo Akuw Horow
  • Nufu a Wɔma Mmofra Akɔ Fam
  • Brazilfo Kafe Ɔhaw
  • Nsoromam Ahwɛfo Atorofo
  • Mfiridwuma a Ɛma Wodi Dɔmmata
  • Kafe Ho Asɛnnennen No
    Nyan!—1991
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1994
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1998
Nyan!—1992
g92 8/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Trɛw a Awudi Retrɛw No

Nnipakum dodow wɔ United States kɔɔ so nyaa nkɔanim wɔ 1991 mu. Time nsɛmma nhoma ka too hɔ sɛ sɛ wɔka ne nyinaa bom a, ɛbɛyɛ sɛ awudi 25,000 wɔ afe no mu, ɛboro 1990 mfe no mu de 23,440 no so. Dodow yi, sɛnea Time kyerɛ no ma awudi a ɛkɔ so wɔ U.S. a ɛma wokum amanfo 100,000 biara mu 10 no yɛ “nea ɛsen biara wɔ Atɔe Fam wiase no mu.” Wɔ Britain no nnipa 5.5 na wokunkum wɔn wɔ 100,000 biara mu; wɔ Japan no ɛyɛ 1.3 pɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mprempren Federal Centers for Disease Control no bu awudi sɛ ɛretrɛw; simma 22 biara obi hwere ne nkwa denam tuo a wɔtow, sekanwɔ, amenetim, anaasɛ ɔhwe so. Wɔ mmea fam no, awudi na ekum wɔn pii wɔ nnwuma mu. Polisifo ntumi nyɛ asɛnnennen no ho hwee. Wɔ 1960 mfe no mfinimfini no, na wɔkyere awudifo 10 biara mu 9 di wɔn asɛm; nnansa yi, wɔn a wɔkyere wɔn no nnu 7 wɔ 10 biara mu.

Asɔre mu Ɔhaw wɔ Mexico

Ɔhaw baa nnansa yi wɔ Sunsum sɔre bi mu wɔ El Charquillo kurom wɔ Mexico. Butane wusiw—akyinnye biara nni ho sɛ na efi kanea a wɔsɔe sɛ wɔde bɛyɛ annwummere asɔre no mu—gyee hɔ nyinaa ma ekunkum asɔre no mufo 30. Sɛnea The Christian Century mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, mmarima baasa bi a wɔanwu wɔ ɔhaw no mu no se ɔsɔfo no na ɔka kyerɛɛ asɔremma no sɛ wommfi ɔdan no mu, ɛwom mpo sɛ na wusiw no nti wɔn mu binom ho hiahia wɔn, wɔayɛ basaa, na wɔayɛ bosaa de. Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ ne nguankuw a na wɔayɛ basaa no sɛ saa nkate yi nyɛ yare na mmom Kristo aba hɔ anaasɛ Onyankopɔn honhom no na ɛrehyɛn wɔn nipadua mu.

Nea Baesekre Sotrafo De Bɛbɔ Wɔn Ho Ban

Afe a etwaa mu no, baesekre sotrafo bɛyɛ 710 wuwui wɔ akwanhyia mu wɔ Germany atɔe fam, na afoforo 64,000 pirapirae. Sɛnea Rheinische Post a ɛyɛ Dusseldorf atesɛm krataa bi ka no, nyansahufo Dietmar Otte dii kuw bi anim yɛɛ mfe anum mu baesekre akwanhyia 1,200 mu nhwehwɛmu. Na emu bɛyɛ fã yɛ wɔn a wopiraa wɔn ti. Otte hui sɛ baesekre dadekyɛw betumi atew opira a wopirapirae yi mu den a ɛyɛ no so anaasɛ ebesiw ano koraa. Nanso ebia anka dadekyɛw bɛyɛ nea ɛsen saa. Amanneɛbɔ bi a wotintimii wɔ JAMA (The Journal of the American Medical Association) mu no kyerɛe sɛ efi 1984 kosi 1988 no, baesekre akwanhyia wɔ United States maa nnipa bɛyɛ ɔpepem biako pirapiraa wɔn ti. Emu 2,985 na wowuwui. Sɛnea JAMA kyerɛ no “sɛ wɔn a wɔtra baesekre so no hyɛ dadekyɛw wɔ baabiara a, anka ɛbɛbɔ nnipa . . . biako ho ban daa na simma 4 biara no ɛbɛbɔ onipa biako a obepira ne ti no ho ban.” Mmofra titiriw na wonya mfaso fi kyɛw a wɔhyɛ no mu efisɛ wɔtaa pira wɔn ti sen mpanyimfo.

Din Kɛkɛ Na Ɛda Wɔn So

Ɛwom sɛ Katolekfo bɛyɛ ɔpepem 45 na wɔwɔ France de, nanso wɔn mu pii fam no, Katolekni a obi yɛ no kyerɛ asu a wɔbɛbɔ no wɔ asɔre no mu, ayeforohyia, ne ayi a wɔbɛyɛ wɔ asɔre no mu ara kwa. Nnansa yi nhwehwɛmu bi a nsɛmma nhoma Madame Figaro ma wɔyɛe daa no adi sɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Katolekfo wɔ France no 3 biara mu 2 nnii Adidi Kronkron no bi da; 5 biara mu 4 nkɔ bɔneka da, na 10 biara mu 1 pɛ na wɔkɔ Mass daa. Wɔ mpaebɔ ho no, ɔha mu nkyem 36 ntaa mmɔ mpae, na ɔha mu nkyem 34 mmɔɔ mpae koraa da. Nsɛmma nhoma no ka nhwehwɛmu no ho asɛm sɛ: ‘“Katoleksom yɛ atetesɛm kwan so nyamesom sen obi asetra ankasa mu nyamesom.” Madame Figaro fa Franse sɔfo panyin Lustiger asɛm a ɔkae sɛ “onipa yɛ obi a ɔpɛ nyamesom” no ka na ɔde bi ka ho sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ ɔte saa. Nanso ɛda adi sɛ ɔrebu n’ani agu so nkakrankakra.”

Bible Asekyerɛ Trɛw

Sɛnea akontaabu a efi United Bible Societies hɔ a German Bible Society fa kae no kyerɛ no, wɔkyerɛɛ Bible no afa horow ase kɔe kasa afoforo 32 mu wɔ 1991 mu. Enti sɛnea German atesɛm krataa Wetterauer Zeitung bɔ amanneɛ no, mprempren Bible kyerɛw nsɛm wɔ kasa horow 1,978 mu. (Nhoma foforo ka sɛ ɛyɛ kasa horow 1,982.) Wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa ase akɔ kasa horow 322 mu, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wɔ kasa 758 mu, na Bible no afa foforo nso wɔ 898 mu. Wɔ Afrika no, Bible mu kyerɛw nsɛm no wɔ kasa horow 566 mu. Wɔ Asia no ɛyɛ 490, ɛyɛ 411 wɔ Amerika. Wɔ Pasifik no mu no ɛyɛ 321, na wɔ Europa no 187.

Ɛda So Kunkum Nnipa

Wɔ wɔne South Africa ko akyi mfe abien no, atopae a wɔde hyehyɛɛ fam da so araa kunkum mmofra wɔ Namibia. Wɔ December 1991 mu no, atesɛm krataa Lesotho Today no bɔɔ amanneɛ sɛ“nnipa bɛboro 40 awuwu wɔ asram 18 a atwam no mu, na bɛyɛ 100 apirapira.” Eyi sisii wɔ TV so ne atesɛm nkrataa mu kɔkɔbɔ ahorow nyinaa akyi. Ɛna bi a ɔtopae kunkum ne mma baawɔtwe mu baasa no de awerɛhow kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubegye adi sɛ ɔko no aba awiei mfe abien akyi nyinaa no, wɔda so kunkum yɛ mma.” Ɛwom sɛ wɔatutu atopae a ɛhyehyɛ fam mpempem pii de, nanso wɔrenhu ne nyinaa nyiyi, efisɛ ɛwowɔ mmeae pii na wɔde bi asie fam yiye.

Transvestites Awifo Akuw Horow

Nsɛmmɔnedi a ɛyɛ nwonwa bi akɔ so wɔ Florida, U.S.A., wɔ nnansa yi mfe mu. Transvestites—Mmarima a wɔasiesie wɔn ho te sɛ mmea—rewia nneɛma wɔ ntadetɔnbea ahorow wɔ nkurow pii mu. Sɛnea The Wall Street Journal ka no, polisifo akontaabu kyerɛ sɛ transvestites bɛboro ɔha na wɔwɔ akuw no mu. Polisini Michael Roggin ka kyerɛɛ Journal no sɛ afe a etwaa mu no, akuw horow yi wiaa ade bɛyɛ mpɛn 25 wɔ West Palm Beach kurow no mu nkutoo, na wowiaa ntade a ne bo bɛyɛ $400,000. Wowiaa ntadetɔnbea bi mpɛn asia wɔ asram awotwe mu, na bere a ne wura no de nnadeban sii mfɛnsere no akyi no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde kar bebu awura mu. Nanso, akuw yi mufo ahosiesie fɛfɛɛfɛ no nyinaa akyi, wɔn kyere yɛ den. Polisini panyin bi kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Journal no sɛ: “Sɛ ɛyɛ mfe 20 a atwam ni a, anka wɔn hu renyɛ den koraa. Nanso nnɛyi de nnipa no nyinaa adi afra.”

Nufu a Wɔma Mmofra Akɔ Fam

Nhwehwɛmu foforo bi ada no adi sɛ U.S. mmea a wɔma wɔn mma nufu no dodow akɔ fam. Wɔn dodow no akɔ fam fi ɔha biara mu 60 wɔ 1984 akodu ɔha biara mu 52 wɔ 1989 mu. Oduruyɛfo David Rush a ɔyɛ nnuan pa ho ɔdenimfo wɔ Tufts Sukuupɔn mu, a ɔka wɔn a wɔyɛe nhwehwɛmu no ho no se: “Saa su yi yɛ asiane kɛse. Nufunum ye ma mmofra a wɔwɔ Atɔe famfo a wodi yiye mu no mpo.” Bere a mmea pii nim sɛ nufunum ye ma wɔn ne abofra no, sɛ obi anhyɛ da antu wɔn fo wɔ ho a, ɛyɛ wɔn den na wɔn adwenem ye wɔn basaa wɔn ho. Ɛtaa ba sɛ woyi wɔn fi ayaresabea ansa na wɔn nufusu no afi ase aba, na wɔtaa de nkyɛnsee mu nnuan ho akwankyerɛ ma wɔn. Mmoa taa hia wɔn wɔ fie efisɛ wɔn ankasa nãnom taa de ntoa mu nnuan na ɛma wɔn. Institute of Medicine no hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wɔma nkokoaa num nufu nkutoo bɛyɛ asram anan kosi asia, na ɛsɛ sɛ nufunum no kɔ so bere a wɔahu aduan a ɛyɛ den di akyi, kosi sɛ abofra no bedi anyɛ yiye koraa no afe biako.

Brazilfo Kafe Ɔhaw

Kafe akuafo ho akyere wɔn esiane ne bo a ɛrekɔ fam no nti—na afei eyi. New Scientist nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ “nketekre adɔɔso ma wɔsɛe ade wɔ Brazil amantam atitiriw a wodua kafe wɔ hɔ no mu biako mu.” Nketekre no yɛ ɔpepem pii wɔ mfuw mu na wɔtow nkesua gu kafe nnua no ntini so. Wɔn mma a wɔasow wɔn foforo a wɔfrɛ wɔn nymphs no we ntini no na dua no wu. Beae a nketekre no wɔ pii no, kafe sow no kɔ fam ɔha mu nkyem 60. Mfe asia a atwam ni no, ɔhaw yi akɔ so ayɛ kɛse. Senea New Scientist ka no, Brazilian Coffee institute de ɔhaw no ho asodi to sɛe a nnipa sɛe nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no so. Eyi mu biako ne sɛ adesamma atɔre mmoa a wɔwe aketekre no ase, titiriw no apraa.

Nsoromam Ahwɛfo Atorofo

Wɔ 1991 mfiase no, Association for Scientific Research into the Parasciences a ɛwɔ Germany no boaboaa nsorommam ahwɛfo 27 nsɛm 152 a wɔka siei ano. Afei wɔhwehwɛɛ mu wɔ afe no awiei. Watterauer Zeitung bɔɔ amanneɛ sɛ nsɛm a wɔka siei no mu 103 “yɛ atoro koraa.” Sɛ nhwɛso no, nsorommam ahwɛfo no kaa atomik ho asiane ne AIDS ano aduru a wobenya wɔ 1991 mu ho asɛm siei. Nsɛm 14 bi a wɔka siei a ɛbaa mu no yɛ nea na obiara ka ho asɛm. Na afoforo mu nna hɔ koraa nti ma na wontumi nka sɛ ɛbɛbam, bere a na emu bi bɔ wɔn ho wɔn ho abira. Afei nso, nsorommam ahwɛfo no nyinaa anka nneɛma atitiriw a esisii pii wɔ 1991 mu no ho asɛm. Fekuw no so panyin no kae sɛ: “Sɛ na nsorommam ahwɛfo no mu biako mpo nim nea na ɔreyɛ no a, anka obehu gyae a Gorbachev gyaee adedi no anaasɛ Soviet Union no a ebegu no asie.

Mfiridwuma a Ɛma Wodi Dɔmmata

Amerikafo a wowuwui wɔ Persian Gulf ɔko no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 25 ne ɔha mu nkyem 15 a wopirapirae no fi nea asraafo frɛ no adamfo aboba—dɔmmata a wodi wɔn ho no. Wɔ ɔko ahorow a atwam mu no dɔmmatadi a ɛte saa no na ekunkum Amerikafo mu nea ɛreyɛ adu ɔha mu nkyem 2. Asɛnnennen no fa kɛse fi mfiridwuma mu nkɔanim pii no. Akode ahorow a ɛyɛ hu yiye no mu bi ama ntwitwiridii ne helikɔpta tumi tow ade a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita awotwe ma ɛbɔ mu pɛpɛɛpɛ. Eyi betumi atew atuo a atamfo no nso bɛtow wɔn bi no so de, nanso sɛ akohyɛn no bɛn ho a, nnɛyi mfiridwuma ntumi nhu nsonoe ɛda adamfo ne ɔtamfo ntam—titiriw wɔ wim akodi a ɛyɛ ahoɔhare so a wonhu ade yiye mu no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena