Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 2/8 kr. 16-20
  • Me Papa Nhwɛso Pa no

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Me Papa Nhwɛso Pa no
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Apuei ne Atɔe Asetra
  • Ɔko Bere mu Ahoyeraw
  • Honhom mu Ahotɔ
  • Abusua Ntetewmu a Ɛyɛ Awerɛhow
  • Bible Nkɔmmɔbɔ a Me Werɛ Remfi
  • Ɔsom Adwuma a Emu Trɛw
  • Paapa ne Maame Mfe a Etwa To
  • M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Gyinae Pa A Yesisii Ama Yɛanya Nhyira Pii Wɔ Yɛn Asetra Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Hann Kurafo Ma Amanaman Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Wɔde ‘Atom Ɔtopae Yii Me Papa Fii Afiase’
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 2/8 kr. 16-20

Me Papa Nhwɛso Pa no

NÁ YƐN abusua no wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi ase wɔ London, England wɔ July 6, 1947. Bere a me papa teɛɛ ne nsa sɔɔ me mu ma mifii ɔtare a wɔbɔɔ me asu wom mu no, anigye maa nusu guu no. Ná wɔabɔ me ne me papa asu saa bere no ara de ayɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa, yɛn Bɔfo ne Amansan Hene no, ho sɛnkyerɛnne. Ná me maame ne me nua mmarima baasa nso wɔ hɔ saa anigye da no.

Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ ankyɛ na yɛn abusua no biakoyɛ wɔ Kristofo som mu no sɛee. Nanso ansa na mɛka eyi ne sɛnea me papa nokwaredi kaa me no, ma menka me papa mmofraberem ho asɛm kakra.

Apuei ne Atɔe Asetra

Wɔwoo me papa Lester wɔ Hong Kong March 1908 mu. Ná ne papa ne hyɛngyinabea sohwɛfo no abadiakyiri. Bere a Paapa yɛ abofra no, na ne papa de no tra ahyɛmma mu tu kwan kɔhwɛ sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ Hong Kong ne nsupɔw a ɛbemmɛn hɔ no so. Afei, bere a na Paapa adi mfe awɔtwe pɛ no, ne papa wui. Ɛno akyi no, ne maame waree foforo, na abusua no tu kɔɔ Shanghai. Wɔ 1920 mu no, ne maame de ɔne ne nuabea Phyl a na wadi mfe du kɔɔ sukuu wɔ England.

Paapa traa beae bi a ɛbɛn Anglikanfo asɔredan kɛse a ɛwɔ Canterbury no. Ɛno ne asɔre a odii kan kɔe. Phyl kɔɔ sukuu bi a na Sukuufo no te hɔ wɔ London kusuu fam, nanso ɔne Paapa benyaa ayɔnkofa a emu yɛ den kɛse wɔ saa mfe no mu, efisɛ wodii wɔn akwamma wɔ faako. Bere a Paapa wiee sukuu mfe anum akyi wɔ 1925 mu no, ne maame san kɔɔ England na ɔhwɛ hui sɛ Paapa afi adwuma ase. Afei, afe a edi hɔ no, ne maame ne Phyl san kɔɔ Shanghai.

Paapa maame rebɛkɔ no, ɔmaa no nhoma bi a ne nana bi na ɔkyerɛwee. Ná ɛyɛ Buddha asetra ho anwensɛm bi a wɔato din “The Light of Asia.” Eyi maa Paapa susuw dekode a asetra atirimpɔw yɛ ankasa ho. Bere a na ɔwɔ Canterbury no, n’ani gyee asɔredan no kɛse ne ahofama a wɔdaa no adi wɔ nyamesom amane ahorow mu no ho, nanso honhom mu nkyerɛkyerɛ a na enni hɔ no ma ɔyɛɛ basaa. Enti osusuw ho sɛ: ‘So Apuei Fam asɔre ahorow no wɔ mmuae no?’ Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhwehwɛ mu. Mfe a edi hɔ mu no, ɔhwehwɛɛ Buddhasom, Shintosom, Hindusom, Konfusiosom, ne Nkramosom mu. Nanso emu biara antumi ammua ne nsemmisa no.

Ná Paapa te agodibea bi a ɛyɛ adwuma a na ɔwom no de, na onyaa korow hare, bɔɔlbɔ, ne agumadi afoforo mu anigye. Ankyɛ na n’ani begyee Edna, ɔbea hoɔfɛfo bi a na ɔno nso pɛ agumadi saa ara ho. Ɔwaree no 1929 na mfe du a edi hɔ mu no, wɔwoo mma mmarima baanan.

Ɔko Bere mu Ahoyeraw

Wɔ 1930 mfe no mu no, na nneɛma pii di adanse sɛ Wiase Ko II reba, enti Paapa sii gyinae sɛ obetu afi London akɔtra akuraase. Yetu fii hɔ no, ankyɛ na ɔko no fii ase wɔ September 1939 mu.

Wofii ase faa nkurɔfo tetee wɔn maa akodi, na bere a ɔko no kɔɔ so no, wɔtoo mfe a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wafata akodi no so. Sɛ́ anka Paapa bɛtwɛn ma wɔafa no no, otuu ne ho mae sɛ wɔmfa no wɔ Royal Air Force no mu, na wɔfaa no May 1941. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na ɔba fie begye n’ahome de, nanso edii mfe asia ansa na ɔresan ne abusua no anya abusuabɔ a ɛsɛ. Ɛbɛyɛɛ Maame nkutoo asɛyɛde sɛ ɔhwɛ yɛn, mmofra no—saa bere no na yɛn mu baanu rebɛn mpanyin mfe so.

Honhom mu Ahotɔ

Bɛyɛ mfe abien ansa na Paapa regyae Air Force adwuma no, Yehowa Adansefo baanu baa Maame nkyɛn ne no befii Bible adesua ase. Maame kyerɛw Paapa ka kyerɛɛ no sɛ n’ani gye nea ɔresua no ho. Bere bi a na waba fie rebegye n’ahome no, Maame de no kɔɔ asafo Bible adesua bi ase wɔ obi fie.

Paapa gyaee sraadi December 1946 na ofii ase traa Bible adesua a na Adansefo mmea baanu ne Maame yɛ no mu. Wohui sɛ n’ani gye ho no, wɔmaa Ernie Beavor, ɔhwɛfo guamtrani no, bɛsraa Paapa. Onua Beavor fi Bible no mu buaa Paapa nsemmisa nyinaa anadwo biako pɛ. Paapa de adapɛn abien a edi hɔ no kenkan nhoma abiɛsa a Onua Beavor de maa no no, na na ɔyɛ saa bere a ɔte keteke mu rekɔ adwuma wɔ London da biara. Bere a Onua Beavor san baa hɔ no, asɛm a edi kan a epue fii Paapa ano ne sɛ: “Eyi ne nokware a merehwehwɛ no! Dɛn na menyɛ?”

Efi saa bere no, Paapa fii ase de yɛn mmarimaa no kɔɔ adesua horow. Nanso, ɛnyɛ da biara na Maame pɛe sɛ ɔne yɛn kɔ. N’anigye no fii ase brɛɛ ase. Nanso, yɛn nyinaa kɔɔ London nhyiam no wɔ July 1947, na ɛhɔ na wɔbɔɔ me ne Paapa asu. Ɛno akyi no, ná Maame kɔ adesua nnakoro nnakoro.

Wɔbɔɔ yɛn asu akyi no, ankyɛ na me sewa Phyl bɛsraa yɛn wɔ England, na ogyee Bible mu nokware toom ntɛmntɛm ma wɔbɔɔ no asu maa Paapa ani gyee yiye. Bere a ɔsan kɔɔ Shanghai no, okohuu Stanley Jones ne Harold King, Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo baanu a na wɔaba hɔ foforo. Akyiri yi Komunis nniso no de saa asɛmpatrɛwfo yi too afiase maa obiako nyaa mfe ason na nea ɔka ho no nso nyaa mfe anum. Wɔde honhom fam mmoa maa Phyl kosii sɛ ne kunu gyaee adwuma a na ɔyɛ wɔ China no. Afei ɔne ne kunu san baa England na wɔbɛtraa baabi a ɛbɛn yɛn fie hɔ.

Abusua Ntetewmu a Ɛyɛ Awerɛhow

Saa bere no na Maame ne Paapa ntumi nni nkitaho sɛnea ɛsɛ. Maame huu sɛnea Paapa de nsi dii ne gyidi foforo no akyi, na esiane sɛ na ogye di sɛ ɛbɛyɛ asiane ama abusua no honam fam ahiade nti, ofii ase sɔre tiaa ne Kristofo dwumadi no. Awiei koraa wɔ September 1947 no, ɔde too Paapa anim sɛ, sɛ wannyae ne Kristofo gyidi no mu a, obefi fie hɔ.

Esiane sɛ na Paapa fi Kyerɛwnsɛm mu ne Maame asusuw nsɛm ho na wakyerɛ no sɛ biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma ne bo tu nti, na osusuw sɛ wama ne koma atɔ ne yam. Nanso, biribi a ɔnhwɛ kwan bae prɛko pɛ wɔ October 1, 1947. Saa da no, bere a Paapa fi adwuma baa fie no, na obiara nni fie hɔ, na na aka me nko ara te apongua no ano a yɛn nnaka sisi me nkyɛn. Ná maame afa biribiara a ɛwɔ fie hɔ kɔ, a me nua mmarima baasa nso ka ho. Meka kyerɛɛ Paapa sɛ me de, me ne no bɛtra. Maame ankyerɛw krataa mpo anto hɔ.—Mateo 10:35-39.

Ernie Beavor yɛɛ nhyehyɛe ma yɛne awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim kɔtrae kosii sɛ Paapa nyaa dan. Woyii ayamye adi kyerɛɛ yɛn, na wɔde ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:15 yi kyekyee yɛn werɛ sɛ: “Na nea onnye nni no tew mu kɔ a, ma ɔnkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuawa ko no so sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn.”

Awiei koraa no, yɛne yɛn abusua no nyaa nkitahodi, na yɛkɔsraa wɔn, nanso ankyɛ na yehui sɛ nea Maame hwehwɛ ara ne sɛ yebegyae yɛn gyidi no mu. Ná yenim sɛ yɛn gyidi mu a yebegyae de asɔ n’ani no remma yennya Yehowa nhyira. Enti Paapa kɔɔ so yɛɛ honam fam adwuma, na ɔmaa Maame sika a ɔde bɛhwɛ me nuanom no. Bere a miwiee sukuu 1947 no, minyaa adwuma a wɔde bere fã yɛ, na wɔ January 1948 no, wɔpenee me so sɛ memmɛyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no.

Bible Nkɔmmɔbɔ a Me Werɛ Remfi

Ɛda bi, bere a na madi mfe 17 pɛ no, me ne ɔbarima bi bɔɔ nkɔmmɔ wɔ asɛnka mu wɔ akuraa bi ase. Bere a na merekɔ hɔ no, Winston Churchill a na ɔyɛ Britain ɔman panyin wɔ Wiase Ko II bere mu no baa hɔ. Eyi twaa nkɔmmɔbɔ no so, nanso bere a Owura Churchill huu Ɔwɛn-Aban no, ɔkamfoo me wɔ adwuma a mereyɛ no ho.

Nna bi akyi no, na mereyɛ asɛnka adwuma no bio na mekɔbɔɔ ofie kɛse bi pon mu. Ofiehwɛfo bi bebuee pon no, na bere a mekae sɛ mepɛ sɛ me ne ofiewura no kasa no, obisaa me sɛ minim onii ko no anaa. Ná minnim no. Ɔkae sɛ: “Ɛha yɛ Chartwell, Winston Churchill fie.” Saa bere no, Owura Churchill pue bae. Ɔkaee sɛ yɛahyia pɛn na ɔkae sɛ memmra mu. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ kakra, na ogyee nhoma abiɛsa, too nsa frɛɛ me sɛ mensan mmra bere foforo.

Da ko awia bi mesan kɔɔ hɔ, na ɔsan frɛɛ me kɔɔ dan mu. Owura Churchill maa me anonne dɔkɔdɔkɔ bi, na ɔmaa me akwaaba tiawa wiei no, ɔkae sɛ: “Mɛma wo simma aduasa ma wode aka nea wususuw sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ ho asɛm akyerɛ me, nanso ma minni kan nka nea migye di sɛ ɛyɛ nkyerɛ wo.” Saa ara na yɛyɛe.

Ná Owura Churchill susuw sɛ wɔnam amanyɛfo a wosuro Onyankopɔn so na wɔde Onyankopɔn Ahenni besi hɔ, na sɛ nnipa ansua sɛ wɔbɛtra asomdwoe mu a, ɛremma da. Mitumi kyerɛkyerɛɛ Bible no adwene wɔ Onyankopɔn Ahenni ne nhyira horow a ɛde bɛba no mu kyerɛɛ no. Owura Churchill yii adamfofa su adi na ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ obu ma yɛn adwuma no.

Nea ɛyɛ yaw ne sɛ me ne no anhyia bio. Nanso ɛyɛ me anigye sɛ esiane ntetee ne nkuranhyɛ a minya fii me papa hɔ nti, mitumi dii ɔmanyɛfo a wagye din saa adanse, ɛmfa ho sɛ na minnyinii biara no.—Dwom 119:46.

Ɔsom Adwuma a Emu Trɛw

Wɔ May 1950 no, Maame kyerɛw yɛn ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔretu akɔ Canada, na ɔde me nua kumaa koraa a wɔfrɛ no John bɛkɔ. Saa bere no na me nuanom Peter ne David atew wɔn ho. Enti bere a Paapa yɛɛ n’adwuma no mfe 18 (a mfe a wodii ako wom a na ne din da so ara ka ɛhɔ adwumayɛfo ho no ka ho) no, ogyaee adwuma no, na ɔkyerɛw hwehwɛɛ daa akwampae som adwuma no ho kwan. Ofii ase yɛɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no August 1950, bere a ofi Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam kɛse a wɔyɛɛ no New York bae no. Afe biako ne kakra akyi wɔ November 1951 mu no, wɔpaw Paapa sɛ ɔhwɛfo kwantufo ma ofii ase kɔsrasraa asafo ahorow hyɛɛ wɔn nkuran. Na me nso, wɔ 1949 ofupɛ bere mu no, wɔpaw me sɛ memmɛsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ London, England hɔ.

Afei, nhyira a ɛyɛ anigye foforo bae—wɔtoo nsa frɛɛ me ne Paapa sɛ yɛmmra Gilead asɛmpatrɛw sukuu no adesuakuw a ɛto so 20 no bi wɔ New York. Adesua no fii ase September 1952, na yewiee afe a edi hɔ no February mu. Ɛno akyi no, mekɔsomee wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York hɔ, na wɔmaa Paapa nso kɔyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Indiana, U.S.A.

Wɔmaa adesuakuw a ɛto so 20 no nyinaa twɛn kɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City wɔ July mu no bi ansa na yɛrekɔ yɛn dwumadi so. Ná m’ani abegye m’adesuakuw no muni biako, Kae Whitson ho kɛse, na yesii gyinae sɛ yɛbɛware. Wɔmaa yɛkɔyɛɛ akwantu adwuma wɔ Michigan, U.S.A., na afei mfe abien akyi no, wɔmaa yɛn asɛmpatrɛw dwumadi wɔ Northern Ireland.

Nanso, bere a na aka kakra ma yɛakɔ no, Kae hui sɛ wanyinsɛn. Enti yefii dwumadi foforo ase, ɛno ne ɔbabarima biako ne mma mmea baasa a yɛtetee wɔn ma wɔbɛyɛɛ bere nyinaa asomfo a wɔbɔ mmɔden, sɛnea na me papa atete me nso no. Wɔ November 1953 mu no, Paapa kɔɔ Afrika, na wɔ January 4, 1954 no, okoduu Southern Rhodesia (mprempren Zimbabwe) kɔyɛɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no wɔ hɔ.

Ná nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Paapa sua—asetra kwan foforo, amane afoforo, ne gyidi ho sɔhwɛ afoforo. Wɔ 1954 mu no, na aborɔfo asetra kwan nnya nnyaa Southern Rhodesia so nkɛntɛnso. Bere a Paapa dii afe wɔ baa dwumadibea hɔ no, wɔmaa no kɔyɛɛ akwantu adwuma sɛ́ ɔmantam sohwɛfo. Wɔsan frɛɛ no kɔɔ baa dwumadibea hɔ 1956, na ɔsom wɔ hɔ kosii ne wu mu wɔ July 5, 1991. Ɔtraa ase hui sɛ baa dwumadibea hɔ adwumayɛfo no dodow akɔ soro fi 5 wɔ 1954 mu akosi bɛboro 40, na Ahenni adawurubɔfo nso dodow fi 9,000 akosi nea ɛboro 18,000.

Paapa ne Maame Mfe a Etwa To

Paapa ne Maame annyae aware da. Bere a Maame fii England no, ɔkɔtraa Canada kakra, na afei ɔne John tu kɔɔ United States. Me nuanom no mu biara mmɛyɛɛ Ɔdansefo. Nanso, Adansefo kɔɔ Maame nkyɛn wɔ 1960 mfe no mu. Wɔ 1966 mu no, otu kɔɔ Mombasa, Kenya, na ɔtoaa adesua no so wɔ hɔ. Nanso afe a edi hɔ no, adwene ne nkate fam yare a emu yɛ den bɔɔ no.

Me nuanom Peter ne David yɛɛ nhyehyɛe maa no kɔɔ England, na wɔhwɛɛ no yare wɔ hɔ. Ne ho tɔɔ no ma ɔsan ne Adansefo no fii ase suaa ade. Wubetumi asusuw sɛnea me papa ani gyei bere a me maame kyerɛw bɛka kyerɛɛ no sɛ wɔbɛbɔ no asu wɔ nhyiam bi ase wɔ London 1972 no. Me ne me yere faa wimhyɛn fii United States kɔɔ ne nkyɛn bere a na wɔrebɛbɔ no asu no.

Afe a edi hɔ no Paapa nyaa ahomegye bere, na bere a ɔkɔɔ England no, onyaa hokwan a anigye wom ne Maame kɔɔ afie afie asɛnka. Ɛno akyi no, ɔbɛsraa yɛn abusua no wɔ United States. Paapa ne Maame susuw ho sɛ wɔbɛsan aka abom nanso Maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn mu atetew mfe pii. Ɛbɛyɛ den. Ma yɛntwɛn nkosi wiase foforo no mu na biribiara bɛyɛ yiye.” Enti Paapa san kɔyɛɛ ne som adwuma no. Ɔyare a ɛbɔɔ Maame wɔ Kenya no kaa no kɛse, na awiei koraa no, wogyee no too ayaresabea bi kosii sɛ owui wɔ 1985 mu.

Wɔ 1986 mu no, Paapa yaree denneennen, enti me ne me nua Peter kɔsraa no wɔ ne fie wɔ Zimbabwe. Eyi hyɛɛ no nkuran kɛse na ɛte sɛ nea ɛmaa no ahoɔden foforo. Anuanom Afrikafo no yii ayamye kɛse adi kyerɛɛ me esiane sɛ me papa ne Lester nti! Nokwarem no, Paapa nhwɛso no nyaa wɔn a ɔne wɔn bɔe no nyinaa asetra so nkɛntɛnso pa.

Mprempren, m’ankasa meyare. Nnuruyɛfo no ka kyerɛ me sɛ ɛnkyɛ na mawu. Wose manya owuyare bi a ɛntaa nyɛ nnipa a wɔfrɛ no amyloidosis. Nanso, ɛyɛ me anigye sɛ me mma redi me nhwɛso akyi sɛnea midii me papa nokwaredifo no nhwɛso akyi no. Wɔn nyinaa de nokwaredi ne yɛn resom Yehowa. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ, sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛwɔ anidaso pintinn sɛ yebenya yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no nhyira pii no mu anigye daa, efisɛ yɛde nokwaredi ayɛ n’apɛde! (Hebrifo 6:10)—Sɛnea Michael Davey ka kyerɛe.a

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ June 22, 1993, bere a na wɔrekyerɛw asetra mu asɛm yi awie no, Michael Davey wui.

[Kratafa 17 mfonini]

Benkum so: Me ne me nuabarima panyin ne yɛn awofo

[Kratafa 18 mfonini]

Mitumi ne Winston Churchill bɔɔ Onyankopɔn Ahenni no ho nkɔmmɔ kɔɔ akyiri

[Asɛm Fibea]

USAF mfonini

[Kratafa 19 mfonini]

Me papa, Lester, bere tiaa bi ansa na ɔrewu

[Kratafa 20 mfonini]

Me ne me yere Kae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena