Wɔde ‘Atom Ɔtopae Yii Me Papa Fii Afiase’
Atom ɔtopae bi towee wɔ Hiroshima, Japan, wɔ August 6, 1945, anɔpa 8:15, na ɛsɛee kurow no pasaa kunkum emufo mpempem pii. Ná me papa apow sɛ ɔbɛsom ɔhempɔn no aboa Japan sraadisɛm, enti saa bere no na ɔda Hiroshima afiase hɔ.
NÁ PAPA taa ka nea esii saa anɔpa a werɛ remfi da no ho asɛm. Ɔkaee sɛ: “Hann no hyerɛnee wɔ m’afiasedan nsɛmso no so. Afei metee nnyigyei denneennen bi te sɛ nea mmepɔw nyinaa adwiriw agu bere koro mu. Mpofirim afiasedan no mu duruu sum kabii. Mede me ti hyɛɛ me pikyi no ase na makwati biribi a ɛte sɛ mframa bɔne tuntum bi no.
“Simma ason anaa awotwe akyi no, miyii me ti fii pikyi no ase na mihui sɛ ‘mframa bɔne’ no kɔ. Ná ɛhɔnom ayɛ hann bio. Na nneɛma a ɛhyehyɛ ade mu wɔ soro ahwehwe fam, na dɔte pii gugu fam hɔ, na ɛhɔ ayɛ basaa ankasa. Esiane sɛ na afasu atenten atwa afiase no ho ahyia nti, ogya biara annɛw amma hɔ.
“Mehwɛɛ mfɛnsere a ɛwɔ ɔdan no akyi no mu na me ho dwiriw me! Ná afiase no adwinnan ne nnua adan no nyinaa adwiriw agu fam. Afei mehwɛɛ mfɛnsere ketewaa a ɛwɔ ɔdan no anim no mu. Ná afiasedan a ɛne me de di nhwɛanim no abubu pasaa. Ná nneduafo a wɔanwuwu no reteɛteɛm de hwehwɛ mmoa. Ná ehu ne akomatu da adi wɔ hɔ—nkurɔfo a wɔayɛ basaa kɛse na ehu aka wɔn.”
Sɛ́ abarimaa no, na m’ani gye sɛ metie sɛ Papa ka sɛ, “wɔde atom ɔtopae yii me fii afiase,” sɛnea na ɔka ho asɛm no. Na ɔmfa afobu nkate biara nka asɛm no, efisɛ na wɔde no ato afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ansa na mɛka sobo a wɔde bɔɔ Papa ne nea wɔde yɛɛ no wɔ n’afiasenna no mu ho asɛm no, ma menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a m’awofo ne Todaisha, sɛnea na wɔfrɛ Watch Tower Bible and Tract Society wɔ Japan saa bere no, bɔɔ fekuw.
Atirimpɔw a Ɔhwehwɛe
Ná Papa ani gye nhoma ho yiye, na wɔ ne mmofrabere mu no, n’ankasa bɔɔ mmɔden sɛ obesua ade na ama asi no yiye wɔ asetram. Bere a odii mfe anum wɔ mfitiase sukuu mu no, oguan fii fie wɔ Ishinomori wɔ Japan kusuu fam apuei. Ɔfaa keteke sɛ ɔrekɔ Tokyo a na sika a ɔwɔ no betumi de no adu hɔ nkutoo, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ ama Shigenobu Okuma a na wayɛ Japan man soafo panyin mprenu sɛ abarimaa a osiesie ne fie. Nanso bere a akuraa ase abarimaa a wayɛ ne ho basaa no duu Owura Okuma fie no, wamfa no sɛ ne dwumayeni. Akyiri yi Papa nyaa adwuma wɔ baabi a wɔtɔn nufusu a ɛhɔ ara na na ɔte.
Bere a na me papa da so ara yɛ abarimaa no, ofii ase kotiee amammuifo ne nhomanimfo ɔkasa ahorow. Wɔkaa Bible no ho asɛm wɔ ɔkasa biako mu sɛ ɛyɛ nhoma a ɛho hia yiye. Enti Papa tɔɔ Bible a kyerɛw nsɛm a ɛtwe adwene si kyerɛw nsɛm afoforo so ne Bible mu asase mfonini wom. N’ani gyee nea ɔkenkanee no ho yiye na ɛma onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adwuma a adesamma nyinaa benya so mfaso.
Awiei koraa no, Papa san kɔɔ fie, na bere a odii mfe 24 no ɔwaree Higino a na wadi mfe 17 no wɔ April 1931 mu. Papa waree akyi pɛɛ no, ne busuani bi de nhoma a Todaisha tintimii manaa no. Esiane sɛ Papa ani gyee nea ɔkenkanee no ho nti, ɔkyerɛw Todaisha wɔ Tokyo. Wɔ June 1931 mu no, bere nyinaa somfo bi a wɔfrɛ no Matsue Ishii a ofi Sendai bɛsraa no wɔ Ishinomori.a Papa gyee nhoma ahorow bi a The Harp of God, Creation, ne Government ka ho fii ne nkyɛn.
Atirimpɔw a Onyae wɔ Asetra Mu
Ɛkame ayɛ sɛ Papa huu ntɛm ara sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ onipa a ɔwɔ ɔkra a enwu da, nnebɔneyɛfo a wɔyɛ wɔn ayayade daa wɔ hell gya mu, ne Ɔbɔadeɛ no a ɔyɛ baasakoro Nyankopɔn no yɛ atoro. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4; Yohane 14:28) Ohui nso sɛ wiase yi bɛba n’awiei. (1 Yohane 2:17) Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, okohuu Todaisha nanmusini a na wɔapaw no a ɔbɛsraa no wɔ August 1931 mu no, na nea efii wɔn nkɔmmɔbɔ no mu bae ne sɛ wɔbɔɔ Papa asu na osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Yehowa bere nyinaa somfo.
Bere a wɔne Maame bɔɔ nkɔmmɔ pii akyi no, ɔno nso begye dii sɛ nea na wasua afi Bible mu no ne nokware no. Ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ no asu October 1931. Bere a Papa tɔn n’asase nyinaa no, n’abusuafo susuwii sɛ ne tirim ka no.
Asetra sɛ Bere Nyinaa Asomfo
Papa de sika a onya fii nneɛma a ɔtɔnee no mu nyinaa maa ne maame, na ɔne Maame kɔɔ Tokyo November 1931. Ɛwom sɛ na wɔn nsa nkaa akwankyerɛ biara a ɛfa sɛnea wɔbɛka Ahenni asɛmpa no akyerɛ afoforo ho de, nanso woduu hɔ a ade kyee no, wofii asɛnka ase.—Mateo 24:14.
Ná asetra yɛ den ma wɔn. Ná ɛyɛ den ma me maame a na wadi mfe 17 pɛ no titiriw. Ná Adansefo afoforo, nhyiam horow ne asafo biara nni hɔ—nea wɔyɛɛ ara ne sɛ wɔkyekyɛɛ Bible ho nhoma da biara wɔ afie afie fi anɔpa 9:00 kosi anwummere 4:00.
Wɔ 1933 mu no, woyii wɔn fii Tokyo sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ Kobe. Wɔwoo me wɔ hɔ wɔ February 9, 1934 mu. Me maame de nnam yɛɛ ɔsom adwuma no kosii bere a na aka ɔsram biako ma wawo me no. Ɛno akyi no, m’awofo tu kɔɔ Yamaguchi, Ube, Kure, ne awiei koraa no Hiroshima, na wɔde bɛyɛ afe kaa asɛm wɔ kurow no biara mu.
Wɔkyeree M’awofo
Bere a Japanfo sraadisɛm nyaa nkɔso no, wɔbaraa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow na Kokoam Polisifo Soronko no tetɛw Adansefo no bere nyinaa. Afei, wɔkyeree Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo wɔ Japan nyinaa June 21, 1939. Ná Papa ne Maame ka wɔn a wɔkyeree wɔn no ho. Wɔde me hyɛɛ me nanabea a na ɔte Ishinomori no nsa sɛ ɔnhwɛ me. Bere a wɔde Maame too afiase asram awotwe akyi no, woyii no ma aban hwɛɛ ne nneyɛe yiye, na awiei koraa wɔ 1942 mu no, mitumi kɔkaa ne ho wɔ Sendai.
Saa bere no, kokoam polisifo no bisabisaa Papa ne Adansefo afoforo nsɛm wɔ Hiroshima polisifo adwumam. Esiane sɛ Adansefo no ansom ɔhempɔn no anaa wɔammoa Japan sraadisɛm nti, wɔboroo wɔn pasaa. Nea obisabisaa wɔn nsɛm no antumi amma Papa annyae Yehowa som.
Bere a wɔmaa Papa daa afiase bɛboro mfe abien akyi no, wodii n’asɛm. Wɔ asenni no fã bi mu no, ɔtemmufo no bisae sɛ: “Miura, wubu Ɔhempɔn Tumfoɔ no dɛn?”
Papa buae sɛ: “Ɔhempɔn Tumfoɔ no nso yɛ Adam aseni na ɔyɛ onipa a obetumi awu, ɔnyɛ pɛ.” Saa asɛm no maa asennibea no nsɛm kyerɛwfo ho dwiriw no araa ma wankyerɛw anto hɔ. Saa bere no na Japanfo dodow no ara gye di sɛ ɔhempɔn no yɛ onyame. Wɔhyɛe sɛ wɔmfa Papa nto afiase mfe anum, na ɔtemmufo no ka kyerɛɛ no sɛ sɛ wampa ne gyidi a, ɔbɛda afiase ne nkwa nna a aka nyinaa.
Ɛno akyi pɛɛ, December 1941 no, Japan tow hyɛɛ United States so wɔ Pearl Harbor, Hawaii. Aduan ho bɛyɛɛ na wɔ afiase hɔ, na wɔ awɔw bere asram no mu no, awɔw dee Papa na wantumi anna anadwo mpɛn pii efisɛ na onni nkataho. Ɛwom sɛ na ɔne obiara nnya honhom mu fekubɔ de, nanso na onya Bible wɔ afiase hɔ nhomakorabea, na bere a ɔkenkanee mpɛn pii no, onyaa honhom fam ahoɔden.
Bere a Ɔtopae no Paee No
Ná ɔdeduani bi pɛ sɛ ɔde ne nhoma sesa Papa de wɔ August 6, 1945, anɔpahema. Ná wɔmma eyi ho kwan, nanso esiane sɛ na ɔdeduani no apia ne nhoma no afa abrannaa no so ma aba Papa afiasedan no mu dedaw nti, opiaa ne nhoma no kɔhyɛɛ ɔdeduani biako no afiasedan mu. Enti sɛ́ anka Papa bedi ne nhyehyɛe katee no akyi saa anɔpa no, na ɔrekenkan nhoma na ɔtopae no paee. Na anka ɛbɛyɛ nea ɔwɔ n’afiasedan no mu tiafi so anɔpa saa bere no. Bere a ɛpaee akyi no, Papa hui sɛ dɔte a edwiriw gui asɛe baabi a tiafi no wɔ no.
Afei wɔde Papa kɔɔ Iwakuni afiase a ɛbɛn hɔ no mu. Ɛno akyi pɛɛ no, Japan de wɔn ho kɔhyɛɛ Asraafo a Wɔayɛ Nkabom no nsa, na woyii no fii afiase bere a nneɛma yɛɛ baasa wɔ ɔko no akyi no. Ɔsan baa fie wɔ Ishinomori December 1945 mu. Ná n’akwahosan asɛe. Ná wadi mfe 38 pɛ, nanso na ɔte sɛ akwakoraa. Mfiase no mannye anni sɛ ɛyɛ me papa.
Ne Gyidi Da so Ara Yɛ Den
Ná Japan ayɛ basaa, na na yennim faako a Adansefo anokwafo kakraa bi a wɔaka no ahwete kɔ. Saa ara nso na na yenni Yehowa Adansefo nhoma biara. Nanso, Papa kyerɛɛ me nokware a ɛfa Yehowa Ahenni, wiase foforo no, ne Harmagedon ko a ɛreba no ho ade fii Bible no mu tẽẽ.—Dwom 37:9-11, 29; Yesaia 9:6, 7; 11:6-9; 65:17, 21-24; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
Akyiri yi, bere a wɔde adannandi nkyerɛkyerɛ no kyerɛkyerɛɛ me wɔ ntoaso sukuu na m’adwenem fii ase yɛɛ me nãã wɔ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho no, me papa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma magye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Bere a na mempɛ sɛ migye di no, awiei koraa no ɔkae sɛ: “Wiase no mu nnipa dodow no ara gyinaa ɔko no akyi na wodii mogya ho fɔ. Me de, mikuraa Bible mu nokware mu na mammoa sraadisɛm, ɔhempɔn som, anaa ɔko no. Enti w’ankasa susuw asetra kwan a ɛyɛ nokware a ɛsɛ sɛ wofa so no ho yiye.”
Bere a minim nea me papa kyerɛkyerɛe na ɔde bɔɔ ne bra, na mede totoo nea na meresua wɔ sukuu ho no, mitumi hui sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no ntumi nyɛ nsusuwii pa. Ɛwom sɛ na adannandini biara mfaa ne nkwa ntoo asiane mu wɔ ne gyidi ho de, nanso na me papa wɔ ɔpɛ sɛ obewu ama ne gyidi.
Da bi wɔ March 1951 mu, bɛboro mfe anum wɔ ɔko no akyi no, na Papa rekenkan Asahi atesɛm krataa no. Ɔteɛɛm mpofirim sɛ: “Yiee, wɔaba, wɔaba!” Ɔde atesɛm krataa no kyerɛɛ me. Ná ɛyɛ asɛm a ɛfa Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo baanum a wobeduu Osaka nkyɛe ho. Papa de anigye huruwii, na ɔne atesɛm krataa no adwumam dii nkitaho na ɔtee sɛ Yehowa Adansefo ahyehyɛ baa dwumadibea wɔ Tokyo. Ogyee wɔn address na ɔkɔsraa baa dwumadibea hɔ, ma enti ɔsan ne Yehowa ahyehyɛde no dii nkitaho.
Odi Nokware Kosi Awiei
Wɔ 1952 mu no, yɛn abusua no tu kɔtraa Sendai. Ɔwɛn Aban Asafo no asɛmpatrɛwfo Donald ne Mabel Haslett tu baa hɔ saa afe no ara begyee ɔdan bi a yɛbɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua wom atua ho ka. Nnipa baanan pɛ na wɔbaa saa nhyiam a edi kan no—Haslett ne ne yere, me papa, ne me. Akyiri yi Shinichi ne Masako Tohara, Adeline Nako, ne Lillian Samson bɛkaa Haslett ne ne yere ho wɔ Sendai sɛ asɛmpatrɛwfo.
Yɛn abusua no nam asɛmpatrɛwfo yi a yɛne wɔn bɔe no so nyaa Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ ne nhyehyɛe mu nkɔanim. Ankyɛ na Maame a nsɛm a esisii wɔ ɔko no mu maa ne gyidi hinhimii no bɛkaa yɛn ho ma yɛkɔɔ nhyiam horow na yenyaa asɛnka mu kyɛfa. Ɛkaa me na mihyiraa me nkwa so sɛ mɛsom Yehowa Nyankopɔn na wɔbɔɔ me asu April 18, 1953.
Wɔ ɔko no akyi no, Papa yɛɛ adwuma sɛ ɔdetɔnfo maa insurance adwuma bi. Nea efii n’afiasenna mu bae, a asaabo mu yare ne mogya mmoroso ka ho nyinaa akyi no, na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsan afi bere nyinaa som adwuma no ase sɛ ɔkwampaefo. Ɔyɛɛ saa bɛyɛ bere a wɔbɔɔ me asu no ara. Ɛwom mpo sɛ ahoɔden a na onni amma wanyɛ ɔkwampaefo ankyɛ de, nanso nnamyɛ a ɔdaa no adi wɔ ɔsom adwuma no mu ma migyaee sukuupɔn a na merekɔ no na mede bere nyinaa som adwuma no yɛɛ m’asetra mu adwuma.
Wɔpaw Isamu Sugiura, aberante mmɔdenbɔfo bi a ofi Nagoya, sɛ ɔkwampaefo a ɔne me bɛbom ayɛ adwuma. Yefii yɛn som adwuma ase sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Beppu wɔ Kyushu Supɔw so wɔ May 1, 1955 mu. Ná Adansefo kakraa bi pɛ na wɔwɔ supɔw no so nyinaa. Mprempren, bɛboro mfe 39 akyi no, yɛwɔ amansin 15 a ɛrenya nkɔso wɔ honhom mu ne Adansefo bɛboro 18,000 wɔ supɔw no so. Ná Adansefo bɛyɛ 200,000 na wɔwɔ Japan nyinaa.
Wɔ 1956 fefɛw bere mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Isamu sɛ yɛnkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no wɔ United States. Yɛn ani gyei mmoroso. Nanso, bere a mekɔyɛɛ apɔwmuden ho nhwehwɛmu de siesiee me ho maa akwantu no, nnuruyɛfo hui sɛ mebɔ nsamanwaw. Mede abasamtu san kɔɔ Sendai.
Saa bere no na Papa yare no mu ayɛ den, na na ɔda mpa mu regye n’ahome wɔ fie. Ná yɛn fie a yetua ho ka no yɛ ɔdan biako a ne tenten ne ne trɛw yɛ anammɔn 25 a tatami kɛtɛ na ɛsɛw mu. Ná meda me papa nkyɛn. Esiane sɛ na Papa ntumi nyɛ adwuma nti, ɛyɛɛ den maa Maame sɛ ɔbɛhwɛ yɛn wɔ sika fam.
Frederick W. Franz a na saa bere no ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani abadiakyiri no baa Japan wɔ January 1957 mu, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam titiriw bi wɔ Kyoto. Papa hyɛɛ me maame nkuran sɛ ɔnkɔ bi. Ɛwom sɛ na ɔmpɛ sɛ ogyaw yɛn hɔ bere a yɛyare no de, nanso otiee Papa na ɔkɔɔ nhyiam kɛse no.
Ɛno akyi pɛɛ no, Papa tebea no mu fii ase yɛɛ den da biara. Bere a na meda ne nkyɛn no, mifii ase dwennwenee, na mibisaa no nea yɛbɛyɛ ahwɛ yɛn ho. Obuae sɛ: “Yɛasom Yehowa Nyankopɔn, yɛde yɛn nkwa too asiane mu mpo, na ɔne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no. Dɛn nti na wudwennwen? Nea ɛbɛyɛ biara Yehowa de nea yehia bɛma yɛn.” Afei ɔde odwo kɛse tuu me fo sɛ: “Nya gyidi a emu yɛ den.”
Papa wuu dinn wɔ March 24, 1957 mu. Bere a yɛyɛɛ n’ayi wiei no, mekɔɔ insurance adwumakuw a ɔne wɔn yɛɛ adwuma no mu sɛ me ne wɔn rekodi nsɛm bi ho dwuma. Bere a merefi hɔ no, adwuma no so panyin de bag bi a wɔde krataa ayɛ maa me kae sɛ: “Eyi yɛ wo papa de.”
Bere a mebaa fie no, mihuu sika pii wom. Bere a akyiri yi mibisaa adwuma no so panyin ɛho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ sika bi a na wɔtew fi Papa akatua mu ɔsram biara a na onnim. Enti Papa asɛm a ese, “Nea ɛbɛyɛ biara Yehowa de nea yehia bɛma yɛn” no baam. Eyi hyɛɛ gyidi a mewɔ wɔ Yehowa ɔhwɛ a ahobammɔ wom mu no mu den yiye.
Ɔsom Adwuma a Makɔ so de Mfe Pii Ayɛ
Honam fam mmoa a saa sika no de mae no boaa me ma mede m’adwene sii me ho a na mɛma atɔ me wɔ fie no so. Afe biako akyi, wɔ 1958 mu no, wɔpaw me ne Maame sɛ akwampaefo atitiriw. Ɛno akyi no, mesomee sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Japan, na afei wɔ 1961 mu no, minyaa hokwan de kɔɔ asram du adesua no wɔ Gilead Sukuu wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no.
Bere a mesan baa Japan no, mesan som asafo ahorow no sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Afei, mewaree Yasuko Haba a na ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Tokyo no wɔ 1963 mu. Ɔbɛkaa me ho wɔ akwantu adwuma no mu kosii 1965 a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom wɔ Tokyo baa dwumadibea hɔ. Efi saa bere no yɛabom asom—yedii kan somee wɔ baa dwumadibea a na ɛwɔ Tokyo hɔ, afei wɔ Numazu, na mprempren yɛwɔ Ebina.
Maame kɔɔ so yɛɛ ɔkwampaefo titiriw besii 1965. Efi saa bere no wakɔ so de nnamyɛ aboa nnipa pii ma wɔagye Bible mu nokware ahorow atom. Mprempren wadi mfe 79 nanso ɔwɔ ahoɔden sɛnea ɛsɛ. Yɛn ani gye sɛ ɔte bɛn yɛn, na otumi ba nhyiam wɔ asafo a yɛwom a ɛbɛn Ebina baa dwumadibea no ara mu.
Yɛda Yehowa Nyankopɔn ase ankasa sɛ me papa nyaa nkwa wɔ atom ɔtopae a ɛpaee wɔ Hiroshima no mu. Okuraa ne gyidi mu, na ɛyɛ me pɛ sɛ mɛma no akwaaba aba wiase foforo no mu na maka sɛnea wogyee yɛn fii Harmagedon ko a na ɔwɔ ɔpɛ kɛse sɛ obehu no mu akyerɛ no. (Adiyisɛm 16:14, 16; 21:3, 4)—Sɛnea Tsutomu Miura ka kyerɛe.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ Matsue Ishii nkwa nna mu asɛm a, yɛsrɛ sɛ hwɛ May 1, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-5.
[Kratafa 11 mfonini]
Katsuo ne Hagino Miura, ne wɔn ba Tsutomu
[Kratafa 15 mfonini]
Tsutomu Miura a ɔreyɛ adwuma wɔ Japan baa dwumadibea
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]
Hiroshima Peace and Culture Foundation a efi nneɛma a United States Armed Forces Institute of Pathology san de mae mu