Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 3/8 kr. 7-9
  • Nea Ɛde Akasakasa Ba a Wɔhwehwɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛde Akasakasa Ba a Wɔhwehwɛ Mu
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nhyɛ Me So!”
  • “Wonnɔ Me!”
  • “Dɛn Asɛm, Ɔdɔ?”
  • “Wuntie Me Da!”
  • “Wunni W’asɛyɛde Ho Dwuma Koraa!”
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Okununom Monkyerɛ Ɔdɔ A Ɛma Obi De Ne Ho Bɔ Afɔre
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Okununom​—Momma Mo Yerenom Ani Nnye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 3/8 kr. 7-9

Nea Ɛde Akasakasa Ba a Wɔhwehwɛ Mu

ƆBEA pɛ sɛ ɔka ne nkate kyerɛ. Ɔbarima pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛnea wodi ho dwuma. Ebia anka aware mu akasakasa ɔpepem pii a akɔ so mfe pii mu no bɛyɛ biribi foforo koraa, nanso nea ɛtaa ba ne sɛ wɔn adwene nhyia wɔ nsɛm nketenkete bi ho. Wo hokafo su anaa sɛnea odi nkitaho a ɛne wo de nhyia a wobɛte ase no betumi aboa ma mo fie a ɛredɛw sɛ kwae a ogya atom no adan ayɛ gyabiriw a egu bukyia mu wɔ ofie a emu yɛ anigye mu.

“Nhyɛ Me So!”

Ebia ɔyere a ɔyɛ nhyɛso ne anwiinwii nam afotu, adesrɛ, ne kasatia a ɔkɔ so de haw ne kunu daa no so remma no nnya ahotɔ koraa. Bible ka nkate a ɛte saa ho asɛm, bere ɛka sɛ: “Ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe.” (Mmebusɛm 19:13) Ɔyere betumi abisa ne kunu biribi na barima no aka no bɔkɔɔ sɛ dabi esiane biribi a ɔbea no nnim nti. Bere a ɔyere no susuw sɛ okunu no ante no, afei ɔbea no kyerɛ no nea ɔnyɛ. Pow a ɔbarima no pow sɛ ɔbɛyɛ abisade no mu yɛ den. So ɔyɛ ɔyere a ɔyɛ anwiinwii na ɔhyɛ ne kunu so? Anaasɛ wɔyɛ nnipa baanu a wonnyee bere mfa nnii nkitaho yiye?

Ɔyere adwenem no, ɔte nka sɛ sɛ ɔde afotu a ɛboa ma ne kunu a, na ɔreda ɔdɔ adi akyerɛ no. Wɔ ne kunu adwenem no, ɔte nka sɛ ne yere rema no akwankyerɛ, a ɛkyerɛ sɛ ontumi nni n’asɛyɛde ho dwuma. Wɔ ɔyere fam no, “Mma wo werɛ mmfi wo bag no” a ɔka no kyerɛ dwen a odwen ne kunu ho, a ɔyɛ saa de boa no na wannya biribiara hɔ. Ɛkae okunu no sɛnea na ne maame di n’akyi begyina abɔnten so frɛ no ka sɛ, “Wofaa wo krataa no?”

Ebia ɔyere a wabrɛ bebisa ne kunu brɛoo sɛ, “So wobɛkɔ akodidi kurom anwummere yi?” a nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa ne sɛ, “Womma yenkodidi kurom? Mabrɛ dodo sɛ metumi anoa aduan.” Nanso ebia ne kunu a ɔdɔ no yiye no de hokwan yi bɛkamfo n’aduannoa na wakyerɛ sɛ n’ani gye n’aduannoa ho sen onipa foforo biara de. Anaasɛ ebia ɔbɛte nka sɛ, ‘Ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi me so!’ Saa bere yi, ebia ɔyere no de abufuw bɛka wɔ ne tirim sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn mpo na mibisae yi?’

“Wonnɔ Me!”

Okunu a n’abam abu na wayɛ basaa no bisa ne ho sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ osusuw saa? Meyɛ adwuma, tua aka ahorow, na ɛtɔ da bi a mede nneɛma nketenkete a n’ani gye ho mpo brɛ no!”

Bere a nnipa nyinaa pɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔdɔ wɔn no, ɛho hia titiriw sɛ ɔkɔ so si so dua mpɛn pii kyerɛ ɔbea no sɛ ɔdɔ no. Ebia ɔrenka eyi wɔ n’ano de, nanso obetumi ate nka wɔ ne mu sɛ gyama ɔyɛ adesoa bi a ne ho nhia no, na eyi te saa titiriw wɔ mmere ahorow a ne brayɛ ma no haw no. Ebia wɔ mmere a ɛte saa mu no ne kunu bɛtwe ne ho afi ne ho, a osusuw sɛ ne yere hia bere bi a ɔde bɛyɛ ne nneɛma. Ebia ɔbea no bɛte bɛn a ne kunu mmɛn no no ase sɛ biribi a esi ehu a ɛwɔ ne mu no so dua—sɛ ɔnnɔ no bio. Ebia ɔbɛkasa abufuw so akyerɛ ne kunu, a ɔnam saayɛ so rehyɛ no ma wadɔ no na waboa no.

“Dɛn Asɛm, Ɔdɔ?”

Ɔkwan a ɔbarima nam so di ɔhaw bi a ɛyɛ den ho dwuma ne sɛ ebia ɔbɛkɔ akɔhyɛ beae bi a ɛhɔ yɛ dinn na wasusuw ho. Ebia ɔbea befi nkate mu ahu sɛ ɔhaw bi wɔ hɔ, na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛma no akasa. Nanso ɛmfa ho adwempa a ɔde yɛ saa no, ebia okunu bebu saa a ɔyɛ no sɛ asɛmpɛ ne n’anim ase a ɔregu. Bere a ɔsan sɛ ɔrekɔtra ase asusuw ne haw no ho no, otwa n’ani hwɛ n’akyi na ohu ne yere nokwafo no sɛ ɔde akokoduru di n’akyi. Ɔte asɛm a efi ɔdɔ mu a ɔkɔ so ka no: “Ɔdɔ, adɛn? Dɛn asɛm? Ma yɛnka ho asɛm.”

Sɛ wammua no a, ebia ebepira ɔyere no. Sɛ biribi haw no a, ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔne ne kunu besusuw ho. Nanso ɔbarima a ɔdɔ no no mpɛ sɛ ɔka ne nkate kyerɛ no. Ebia nea ɔbɛka ara ne sɛ “ɔnnɔ me bio.” Enti awiei koraa no, bere a ɔbarima a ɔnhwɛ kwan no fi beae a ɔkɔhyɛe apue, a ɔhaw no ho adwene a wafa no ama ne koma atɔ ne yam no, ommehu ɔyere a ɔwɔ dɔ a osusuw ne ho a ɔne no ammom ansusuw ne haw no ho no, na mmom ɔyere a ne bo afuw na wayɛ krado a ɔrebebisa no nea enti a wanka nea asi ankyerɛ no no.

“Wuntie Me Da!”

Sobo no te sɛ aseresɛm bi. Ɛyɛ ɔbarima no sɛ nea ɔyɛ bere nyinaa ne sɛ obetie no. Nanso bere a ne yere kasa no, ɔbea no nya nkate bi sɛ obedi n’asɛm no ho dwuma te sɛ kɔmputa bi a wɔde bu akontaa. Sɛ ɔrekasa na sɛ ne kunu twa n’ano ka sɛ “Eye, adɛn nti na wo . . . ?” a, ɛma ohu sɛ nea osusuwii no yɛ nokware.

Ɛnyɛ sobo a ɔbɛbɔ ne kunu anaasɛ ano aduru a ɔyere hwehwɛ nti na ɔde ne haw ba ne kunu nkyɛn. Nea ohia titiriw ara ne obi a ɔde tema betie no a ɛnyɛ nokwasɛm kɛkɛ na obetie na mmom sɛnea ɔbea no te nka wɔ ho no nso. Afei, ɛnyɛ asɛm no ho afotu na ɔpɛ, na mmom ne nkate a wobegye atom sɛ ɛfata. Ɛno nti na okununom pii a wɔwɔ adwempa akanyan wɔn yerenom abufuw bere a nea wɔka ara ne sɛ: “Me dɔfo, ɛnsɛ sɛ wote nka saa. Asɛm no nyɛ aniberesɛm sɛnea wususuw no.”

Mpɛn pii no, nkurɔfo hwɛ kwan sɛ wɔn ahokafo betumi ahu nea wosusuw. Ɔbarima bi kae sɛ: “Yɛaware mfe 25 ni. Na sɛ ebesi nnɛ onnim nea mepɛ a, na ɛkyerɛ sɛ onnwen me ho anaa ontie me.” Ɔkyerɛwfo bi kae wɔ ne nhoma a ɛfa aware mu nkitahodi ho mu sɛ: “Sɛ awarefo nka nea wohia nkyerɛ wɔn ho wɔn ho na wɔkɔ so kasa tia wɔn ho wɔn ho wɔ adeyɛ bi a ɛfata a wɔn nsa nka ho a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔdɔ ne biakoyɛ honhom befi wɔn mu. Akansi honhom besi ananmu . . . a ɛma ahokafo no mu biara bɔ mmɔden hyɛ ɔfoforo so sɛ ɔnyɛ n’ahiade mma no.”

“Wunni W’asɛyɛde Ho Dwuma Koraa!”

Ebia ɔyere nka no pɔtee nkyerɛ ne kunu de, nanso ɔnam ne nne a ɔde kasa so betumi akyerɛ saa pefee. “Dɛn nti na woamma ntɛm koraa saa?” betumi ayɛ asemmisa a wɔde hwehwɛ biribi. Nanso, n’anim yɛbea ne ne nsa a ɔde asisi ne sisi no ka kyerɛ ne kunu sɛ: “Abarimaa a onni n’asɛyɛde ho dwuma, woahaw me. Dɛn nti na woamfrɛ me telefon so? Wunnwen me ho koraa! Saa bere yi yɛn aduan no asɛe!”

Nokwarem no, ɛdefa aduan no ho de, nea ɔkae no teɛ. Nanso sɛ akasakasa sɔre a, so wɔn nkitahodi nso bɛtɔ asiane mu? Ɔbenfo John Gray ka sɛ: “Akasakasa pii sisi a ɛnyɛ sɛ nnipa no nte wɔn ho ase, na mmom ɔbarima no te nka sɛ ɔbea no nnye nea ɔka no ntom anaa ɔbea no nso ani nnye ɔkwan a ɔnam so kasa kyerɛ no no ho.”

Ebinom wɔ adwene sɛ ɛsɛ sɛ obiara nya hokwan keka nea ɔpɛ biara wɔ fie a obi nsi no kwan. Nanso nkitahodifo pa biara hwehwɛ ɔkwampa a ɔnam so bɛma biakoyɛ aba ɔne ne yɔnko ntam na wɔanya asomdwoe, a osusuw ne tiefo no nkate ho. Yebetumi de ɔkasa a ɛte saa no atoto nsunwunu a ɛwɔ kuruwa mu a wode ma wo hokafo a ɛnyɛ sɛ wode regyam n’ani so no ho. Yebetumi aka sɛ nsonsonoe a ɛwom ara ne ɔkwan a wonam so ka wo nsɛm no.

Kolosefo 3:12-14 a wode bedi dwuma no beyi akasakasa afi hɔ na ɛde asomdwoe aba ofie: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”

[Kratafa 9 mfonini]

Ɔbarima reka nokwasɛm de ayi ne ho ano, ɔbea reka ne nkate ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena