Asetra mu Nsɛnnennen a Midii ho Dwuma wɔ Asia Kesee Fam
BERE a m’ani so tetew me nkakrankakra no, mihui sɛ me nan benkum no ayɛ titiritii. Mitwaa m’ani. Ná me dɔfo Henry nkwa refi ne nsa. Nanso, na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ mema m’abam bu. Ná ɛsɛ sɛ mimia m’ani—mimia m’ani kura me mudi mu ma Onyankopɔn a na wama yɛn akyɛde pii no.
Ná ɛyɛ May 17, 1982. Ná me kunu yɛ ɔhwɛfo kwantufo a ɔsom Yehowa Adansefo asafo ahorow a wɔka Tamil kasa wɔ Sri Lanka. Ná yɛresom asafo bi a ɛne kurow a ɛso sen biara, Colombo, ntam kwan ware. Bere a yɛn baanu nyinaa te sakre biako so sɛnea nnipa pii taa yɛ wɔ saa ɔman yi mu no, na yɛreyɛ adu yɛn yɔnko Dansefo bi a yɛrekɔsra no fie. Afei, lɔre bi a yɛanhu baabi a efi bɛbɔɔ yɛn prɛko pɛ te sɛ ahurutoa bi.
Esiane sɛ na nnuruyɛfo nni anidaso bio sɛ wobetumi agye Henry nkwa nti, wɔde wɔn ani sii me nkutoo so. Ɛmfa ho sɛ na mayɛ mmerɛw no, hia a na ehia denneennen sɛ mema wohu sɛnea masi me bo sɛ mɛkyerɛ obu ama Yehowa mmara a ese yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no hyɛɛ me koma ma. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ɛsɛ sɛ mema wohu. Mede ahoɔden kakra a mewɔ no kasae: “Mesrɛ mo momma me krataa bi nkyerɛw so.” Mebɔɔ mmɔden kyerɛw me gyidi wɔ krataa no so na mede me nsa hyɛɛ ase. Na ɛhɔ na ɔko no fii ase.
Wɔyɛɛ me aduru kakra de twɛn ayaresa no ankasa. Ná ɛda adi yiye sɛ mapira kɛse. Saa bere no na nea agye m’adwene nyinaa ne me bo a masi sɛ mɛyɛ ade te sɛ nokware Kristoni—ná eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ midi awerɛhow.
Wɔampene so sɛ Wɔbɛyɛ Me Oprehyɛn a Wɔmma me Mogya
Mogya a wɔde ma ho ɔko kɔɔ so nna akron—meko de powee sɛ megye mogya na matumi atra ase ma ɛne m’ahonim ahyia, na nnuruyɛfo no koe sɛ wɔbɛdan m’adwene ma magye mogya. Ɛwom sɛ na wɔn ho akokwaw de, nanso pow ara na wɔpowee sɛ wɔbɛyɛ me oprehyɛn no a wɔmma me mogya. Ná mapira kɛse paa a ehia sɛ wɔhwɛ me ntɛm.
Nanso ɛnyɛ me nko na midii ako no. Ná Yehowa ka me ho bere nyinaa. Na na Yehowa nkurɔfo fi onuadɔ mu nso dwen me ho kɛse. Ná Colombo yɛ kilomita 400 kwan. Oduruyɛfo Perrin Jayasekera a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako yɛɛ nhyehyɛe maa ne honam fam nua bi a ɔyɛ oduruyɛfo wɔ Colombo General Hospital gyee me too hɔ.
Ɔkwan a ɛso nye a wɔde me too kar kɛse bi akyi de nea ɛrekɔ nnɔnhwerew 24 twae no yɛɛ m’ani so sɛ ɔkwan a ɛware sen biara a matwa pɛn wɔ m’asetra mu. Nanso, minyaa Yehowa ho anisɔ kɛse wɔ me koma mu esiane sɛnea ofi ɔdɔ mu hwɛɛ me te sɛ nea na wayɛ fi bere a mihuu nokware no foforo wɔ me man India mu no nti. Nanso, saa bere no, na me busuani biara nni me nkyɛn. Nea edi kan koraa no, dɛn na ɛde me baa Sri Lanka?
Awofo a na wɔyɛ Roma Katolekfo na wɔwoo me wɔ Kerala, India. Ná yɛka Malayalam kasa. Ná Engiresi yɛ kasa a yesua wɔ sukuu mu. M’ani agye yiye sɛ mede hokwan no suaa no yiye! Nnipa a wɔte saa ɔmantam a ɛwɔ India hɔ no mu pii kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Atetesɛm kyerɛ sɛ ɔsomafo Toma na ɔde Kristosom baa Kerala wɔ afeha a edi kan no mu. Sɛnea ɛte biara no, bɛboro mfe 1,400 akyi, bere a Vasco da Gama dii Portuguesefo atubrafo a wɔyɛ Roma Katolekfo anim baa Kerala no, wohuu nnipa pii a wogye Kristo di dedaw maa ɛyɛɛ wɔn nwonwa.
Gyinae Ahorow a ne Si Yɛ Den
Bere a Yehowa Adansefo boaa m’abusua no ma yesuaa Bible mu nokware ahorow a ɛma nhumu no, mifi komam nyaa ɔpɛ sɛ me ne wɔn a wɔte me mpɔtam hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no bɛbɔ nokware yi ho nkɔmmɔ. Enti mihyiraa me ho so gyee asubɔ akyi no, ankyɛ na mebɛyɛɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa ɔsomfo. Eyi ma mepow hokwan a minyae sɛ anka menya dibea kɛse sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ ɔmampɔn a na mete mu no mu. Indiafo mmofra pii botae ne sɛ wobenya adwuma a ɛte sɛ nea ahobammɔ wom a sɛ wonyin ma wogyae adwuma mpo a, wobetua wɔn ka, nanso na m’asetra mu atirimpɔw asakra. Ná mehwehwɛ ahobammɔ ankasa, na na Yehowa hɔ nkutoo na me nsa betumi aka.
Asɛnnennen foforo sɔree mfe abien akyi. So na menya ɔpɛ sɛ metu akɔtra India kurow foforo mu akɔboa wɔ faako a wohia asɛnkafo wɔ hɔ kɛse? Asɛnnennen a na ɛwom ne sɛ mesua kasa foforo, Tamil, na maboa nnipa a wɔwɔ ɔsom soronko koraa mu afei, Hindufo. Yiw, hokwan a minyae sɛ mɛda Yehowa ho anisɔ a mewɔ adi no maa nsakrae no nyinaa yɛɛ nea ɛfata. Ná Hindufo a wɔwɔ ɔdɔ na wɔpɛ nnipa no a midii wɔn adanse no yɛ anigye ankasa. Ná ɛyɛ mmerɛw sɛ wobegye atom sɛ yɛrebɛn Kali Yuga (Bɔne Mmere no) awiei na wɔn a ɛnnɛ wodi trenee akyi no benya biribi a ɛso wɔ mfaso koraa nnansa yi ara. Nanso, na ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔahu nsonsonoe a ɛda nokware Kristosom ne nea wɔasua afi Atɔe Famfo hɔ no ntam. Mpɛn pii no, na mibue Mateo 7:21-23 wɔ me Bible no mu: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!” Ná Mohandas Ghandi aka no yiye sɛ: ‘Medɔ Kristo, nanso mimmu Kristofo efisɛ wɔntra ase sɛnea Kristo traa ase no.’
Sɛnea na mahu no, Hindufo pii rehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware paara. Na mprempren, wohu nso sɛ wɔn mfɛfo Hindufo pii yɛ wɔn ade te sɛ Atɔe Famfo a wofi nyaatwomyɛ mu kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no pɛpɛɛpɛ. Nanso Yehowa Adansefo yɛ soronko koraa. Hindufo mpempem pii afi ase rehu eyi.
Ɔhokafo Foforo, Mudi mu Kura ho Sɔhwɛ Foforo
Mfe abien ne fã twaam. Ná wɔreyɛ Yehowa Adansefo “Daa Asɛmpa” Nhyiam no wɔ wiase nyinaa 1963 mu. Wɔyɛɛ biako wɔ New Delhi, wɔ ɔmantifi. Ná ɛyɛ nhyiam a ɛda nsow dɛn ara! Na ɛhɔ na me ne Henry Abraham hyiae. Ná yɛn mu biara rehwehwɛ obi a ɔne no bɛbom de ahofama ama Yehowa. Asram anum akyi no, yɛwaree.
Ná wɔatete no wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no mu wɔ New York State na wɔama no dwumadi sɛ ɔnsan nkɔ ɔman a ofi mu Sri Lanka a na mmoa kɛse ho hia wɔ hɔ no mu. Ná m’anidaso ne sɛ obenya ɔpɛ sɛ obetu aba India, efisɛ na misusuw sɛ mmoa ho hia wɔ hɔ sen Sri Lanka. Nanso amma saa. Ná wohia no wɔ faako a ɔwɔ no. Enti mitu kɔtraa Sri Lanka supɔw fɛfɛ yi so. Nea na ɛyɛ anigye no, wɔka Tamil ne Engiresi kasa wɔ ha paa. Enti na enhia sɛ misua kasa foforo saa bere no. Yɛboom nyaa Yehowa som mu anigye mfe 18 kosi sɛ asiane a ɛne lɔre a na ɛde mmirika no bɛtoo yɛn.
Nanso, na mewɔ Colombo afei, na mekɔɔ so koe na amma mannyae me mudi mu kura denam mogya a megye no so. Saa bere yi, ná me nkwa da asiane mu, a ɛnyɛ gyinae a misii sɛ minnye mogya no nti, na mmom esiane sɛ na wɔmma me ayaresa ntɛm nti.
Oduruyɛfo bi a ɔyɛ nipadua akwaa ho oprehyɛn a ɔyɛ Buddhani ne oduruyɛfo bi a ɔyɛ nnompe ho oprehyɛn a ɔyɛ Hinduni kaa wɔn tiri boom sɛ wɔde wɔn ahokokwaw no bedi aboa me. Ná me mogya (hemoglobin) adu bɛyɛ anan.
Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatwa obi a ne mogya so atew saa nan wɔ ne srɛ mu? Ná mada me gyinaesi no adi pefee, nanso so nnuruyɛfo baanu yi de mmoa a ebinom adi kan de akame me no bɛma me? Akokoduru a wonyae sɛ wobedi ɔhaw kɛse yi ho dwuma a wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me ma mabu m’ani agu m’ahonim so no da nsow. Wotwaa me nan, nanso wogyee me nkwa, na mekɔɔ so kuraa me mudi mu maa Yehowa.
Esiane sɛ me kunu a medɔ no no fii mu no nti, na afei merefi asetra foforo koraa ase. Mitumi toaa so yɛɛ me som adwuma no, na mfiase no mede apakye dua, na afei mede dua a wɔyɛ hyɛ wɔn a wɔn nan atwa (akyiri yi, ɛdenam me nuanom mmarima ne mmea ayamye so no, minyaa dua a wɔyɛ hyɛ wɔn a wɔn nan atwa foforo a eye sen ɛno koraa). Nkakrankakra, awerɛhow no danee dwumadi pii.
So ɛsɛ sɛ mesan kɔ India kɔtra abusuafo a wɔnyɛ gyidifo mu? Ná Bible mu nhwɛso fɛfɛ a ɛfa okunafo foforo a wɔfrɛ no Rut ho no da adi pefee. Ná me nso mepɛ sɛ metra faako a metumi asom Yehowa sɛnea m’ahoɔden a ɛso atew ɔkwan bi so no bɛma kwan akosi biara. Meda so ara te Sri Lanka.—Rut 1:16, 17.
Asasesin a Emu Adwuma Yɛ Den
Mfe 11 a atwam no abɛsen ntɛmntɛm. Mayɛ ‘pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Korintofo 15:58) Minya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse wɔ Colombo. Nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom a egu ahorow mu wɔ hɔ—Hindufo, Nkramofo, Buddhafo, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo, ne afoforo. Nsɛnnennen no nnyaee.
Ɔsram biara yɛn mu bi kɔsra kesee fam nkurow a wonnya nnyaa Yehowa Adansefo kuw biara wɔ hɔ no biako wɔ dapɛn bi awiei. Wɔn mu dodow no ara yɛ Buddhafo, na wɔka Sinhalese kasa. Ɔkwan a mɛfa so aboa saa nkurɔfo yi ayɛ me ahiasɛm kɛse.
Te sɛ Hindufo a wɔwɔ India ne Sri Lanka nyinaa no, Atɔe Famfo a wose wɔyɛ Kristofo no suban ama Buddhafo apow Bible no. Nanso sɛ wɔde wɔn Budhhasom mu nnyinasosɛm atitiriw, a wɔfrɛ no Akwan Awotwe a ɛfa nsusuwii ne abrabɔ a ɛteɛ ho a agye din (gyidi, adwene, kasa, nneyɛe, asetra, dwumadi, nsusuwii, ne nsɛm ho a wodwen a ɛfata) no toto Bible a wɔkyerɛw emu dodow no ara mfehaha pii ansa na Siddhārtha Gautama reba no mu ɔsoro nnyinasosɛm no ho a, na akwan awotwe no yɛ nnipa a wɔtɔ sin nyansa ara kwa.
Bere a Siddhārtha Gautama ne Kalamafo no rekasa no, ɔkaa nea ɛwɔ Kalama Sutta no mu sɛ: “Monnnye atesɛm nnni; na monnnye atetesɛm nso nnni.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ mitumi nya hokwan de kae Buddhafo komapafo pii sɛ, sɛ wɔde saa akwankyerɛ no di dwuma nnɛ a, anka obiara nnye adannandi anansesɛm no nni anaa ɔnka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ.
Amumɔyɛ Awiei Abɛn
Nsɛmpa pii wɔ Bible no mu a Yehowa Adansefo betumi aka akyerɛ saa nkurɔfo yi—ɛdefa kalpa vinasha, amumɔyɛ awiei a abɛn kɛse no ho. Eyi ho nkɔm a Bible no hyɛe bɛyɛ mfe 1,900 ni no wɔ 2 Timoteo 3:1-5, 13. Yenya hokwan no nso sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ Atɔe Fam anaa Apuei Fam som ahorow no na ɛbɛma wɔakora obi so wɔ saa mmere yi mu, na mmom sɛnea saa ti no ara nkyekyem 16 ne 17 kyerɛ no, Yehowa ankasa Asɛm a ɔnam honhom so ma wɔkyerɛwee, Bible no so.
Buddhasom yɛ nhumu a wɔhwehwɛ. Bere tenten ansa na Siddhārtha Gautama refi n’ankasa nhwehwɛmu ase no, na wɔakyerɛkyerɛ nea ama amanehunu aba mu pefee wɔ Bible no mu. (Genesis 3:1-19) Atua a wɔtew tiaa trenee mmara wɔ nnipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ no kowiee awerɛhow mu—ɔyare ne owu a ɛtrɛw kaa nnipa abɔnefo nyinaa a wontumi nyɛ ho hwee. Nsemmisa a ɛhaw adwene ba nnipa pii adwene mu—te sɛ nea ɛwɔ Habakuk 1:3 no: “Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre.” Ɔbɔadeɛ mmɔborohunufo no nkutoo na obetumi abua nsemmisa no na wafa ɔkwan bi so ama nnipa nsa aka nea wɔahwere no daa. Ɛnnɛ mpo, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa renya Onyankopɔn Asɛm no mu nyansa a eye no mu mfaso. Enti mprempren, Sinhalese a ɛyɛ kasa titiriw a wɔka wɔ ɔman yi mu no abɛyɛ asɛnnennen foforo ama me, efisɛ saa kasa no na metumi de aboa wɔn a wofi komam hwehwɛ nhumu a minyaa no mfe 37 a atwam no.
Asɛnnennen foforo nso wɔ hɔ. Esiane sɛ wɔresisi baa dwumadibea no office afoforo ne nsɛm asekyerɛ dwumadibea foforo wɔ Sri Lanka nti, ehia sɛ wɔtete nnipa pii. Meresua sɛnea wɔde kɔmputa a wɔde di dwuma kɛse nnɛ no yɛ adwuma nkakrankakra efisɛ meyɛ adwuma boa Akontaabu dwumadibea a ɛwɔ yɛn baa dwumadibea hɔ no.
Mede mfe 33 a mede ayɛ bere nyinaa Yehowa ɔsomfo no toto anidaso a mewɔ sɛ mɛsom no daa no ho a, esua koraa. Nnipa pii abɛka yɛn ho wɔ saa mfe yi mu, a oduruyɛfo a ne ho akokwaw a ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wogyee me too ayaresabea a ɛwɔ Colombo hɔ ma wɔyɛɛ me oprehyɛn a na mihia no nso ka ho. Mprempren ɔyɛ me yɔnko Yehowa Dansefo a wahyira ne ho so.
Yehowa ne n’asase so abusuafo a wɔyɛ n’asomfo awowaw me pii. Mate n’ahobammɔ nka wɔ me so kɛse, na minim sɛ n’adɔe nti ɔkae Henry yiye. Yehowa nkutoo na obetumi ama me dɔfo no afi dɔte mu asan aba ma masan akyia no bio, aka nsɛnnennen a ɛyɛ nwonwa a yɛn awo ntoatoaso yi de aba ne sɛnea Yehowa aboa me ama madi ho dwuma no ho asɛm akyerɛ no.—Sɛnea Annama Abraham ka kyerɛe.
[Kratafa 25 mfonini]
Annama Abraham ne ne kunu Henry
[Kratafa 27 mfonini]
Annama redi atwafo a wɔreyɛ adwuma wɔ Sri Lanka tii afuw bi mu adanse