Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 15
  • Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Wɔhwɛ Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Wɔhwɛ Wɔn
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhwɛ A Wɔde Ma—Da Biara Da Mu Ɔhaw Ahorow A Wogyina Ano
    Nyan!—1994
  • Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Di Nkwakoraa ne Mmerewa Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 15

Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Wɔhwɛ Wɔn

“NÁ MEYƐ nneɛma pii adekyee, na menna anadwo nso, nanso na mete nka sɛ ɛyɛ hokwan a manya.” Saa na ɔbea bi kae wɔ ne maame a ne mfe akɔ anim a ɔhwɛ no ho. Wɔ saa ɔbea yi ne afoforo pii fam no, awofo a wɔn mfe rekɔ anim a wɔhwɛ wɔn no yɛ osuahu a ɛyɛ anigye.

Ɛyɛ ade a ɛrebu so nso. Wɔkyerɛ sɛ nnipakuw a wɔredɔɔso ntɛmntɛm wɔ United States ne wɔn a wɔadi boro mfe 75. Wɔ afe 1900 mu no, na Amerikafo a wɔadi boro mfe 75 no nnu ɔpepem biako. Eduu 1980 no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem du na wɔadi boro mfe 75. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim renyin kyɛ, na wɔn a wɔadi boro mfe 85 mu baasa biara mu biako hia mmoa daa.

Ɛmfa ho sɛ obi a ne mfe kɔ anim a wɔhwɛ no betumi ayɛ osuahu a mfaso wɔ so no, ɔhaw nso wom. Sɛ w’awofo mu biako anaa wɔn baanu nyinaa mfe kɔ anim na sɛ wohia wo hwɛ a, nneɛma bi yɛ betumi ayɛ wo den. Hu a wubehu kɛkɛ sɛ wɔkɔ so gow no ma wudi yaw ankasa. Na sɛ abusuafo afoforo ammoa wo pii anaa wɔammoa wo koraa a, ɛnde na wo na wobɛyɛ ɔhwɛ adwuma no mu fã kɛse no ara.

Ebetumi aba sɛ bere a wowɔ w’awofo nkyɛn no, ɛmfa ho mfe a woadi no, wonte nka da sɛ woanyin. Ebia wɔne wo bedi te sɛ abofra, na wo nso woayɛ wo ho saa. Sɛ woannya nkuranhyɛ amfi wo nnamfo hɔ a, ebetumi de ɔhyɛ no bi aka ɔhwɛ a wode ma no ho.

Nanso, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ a wode ma no mu ɔhaw ahorow no sɛe abusuabɔ pa a wobɛma atra wo ne w’awofo ntam no. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ wɔn a wɔanyinyin pefee sɛ “wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkwan foforo so no, nea “ɔpam ne nã no yɛ aniwu ne ahohora ba.”—1 Timoteo 5:4; Mmebusɛm 19:26.

Onyamesom pa a wɔnam ɔhwɛ so de ma betumi ayɛ osuahu a mfaso wɔ so. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu mmoa pɔtee a w’awofo hia fi wo hɔ. Nsɛm a edidi eyi so no betumi aboa wo ma woahu saa ahiade ahorow no adi ho dwuma. Na bere a yɛde saa nsɛm yi agyina nea wubetumi ayɛ wɔ fie so no, yegye di sɛ wɔ tebea horow bi mu no, esiane akwahosan pa a ɔwofo bi nni anaa ne mfe a akɔ anim dodo nti, ebia obehia wɔn a wɔn ho akokwaw mmoa te sɛ nea wɔde ma wɔ mmeae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena