Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 18-22
  • Ɔhwɛ A Wɔde Ma—Da Biara Da Mu Ɔhaw Ahorow A Wogyina Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhwɛ A Wɔde Ma—Da Biara Da Mu Ɔhaw Ahorow A Wogyina Ano
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afobu Nkate a Wodi ho Dwuma
  • Wone Afoforo Nkyɛ Asɛyɛde No
  • Faako a Wɔtra
  • Bere a Obiara Benya Ayɛ N’ade
  • Hokwan Bi
  • Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Wɔhwɛ Wɔn
    Nyan!—1994
  • Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Ayarefo a Wɔhwɛ Wɔn Ho Asɛnnennen
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 18-22

Ɔhwɛ A Wɔde Ma—Da Biara Da Mu Ɔhaw Ahorow A Wogyina Ano

SƐ WUHYIA ɔhaw ahorow bi, titiriw nea wonhwɛ kwan, wɔ ɔhwɛ a wode ma mu a, ebia ɛbɛma woate afobu nka. Ebia wubesusuw sɛ: ‘So biribi atoto wɔ me ne m’awofo abusuabɔ no mu? So wɔn a wɔanyinnyin pii ne wɔn awofo ntra anigye mu wɔn nkwa nna nyinaa wɔ aman pii mu?’

Ebetumi aba sɛ wo tebea no yɛ soronko. Ebia wo ne w’awofo atetew mu mfe 20, 30, 40, anaa nea ɛboro saa ansa na wɔretu abɛtra wo fie. Eyi kyerɛ sɛ wo ne w’awofo anya asetra kwan ne su horow a ɛyɛ soronko wɔ obiara de ho wɔ mo asetra bere mu ɔfã kɛse mu. Wɔ mfe pii mu no, saa asetra kwan ne su horow no betumi ayɛ soronko yiye. Nanso mprempren, sɛ́ obi a wode ɔhwɛ ma no, ɛho abehia sɛ woma w’asetra ne wɔn a worehwɛ wɔn no de hyia pɛpɛɛpɛ. Eyi betumi ayɛ den asen sɛ anka moatra abom bere nyinaa.

Nea ɛka ho no, ebia na awofo binom yare kɛse anaa wɔ akwan afoforo so no, wohia ɔhwɛ soronko bi. Ɛwom sɛ ebia wobɔ mmɔden pii de nea w’awofo hia ma wɔn nti mprempren wunhu hia a ɛho hia sɛ wode wɔn bɛkɔ beae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe kɔ anim de, nanso sɛnea ntease wom no, saa tebea yi de da biara da mu ɔhaw ahorow brɛ wo. W’awofo a wobɛhwɛ wɔn no yɛ asetra fã. Onyin ne ɔyare nyɛ asetra fã. Ɔbɔadeɛ no ammɔ ne tirim da sɛ nnipa nhwere wɔn ahoɔden ne wɔn akwahosan bere a wɔrenyin no. Enti sɛ tebea no hwehwɛ pii wɔ nkate ne ɔhonam fam sen sɛnea wohwɛɛ kwan no a, nte nka sɛ gyama woatɔ sin wɔ wɔn hwɛ no mu.—Genesis 1:26-31; Dwom 90:10.

Ɔhaw ahorow a efi ɔhwɛ a wɔde ma mu ba no nkyerɛ ankasa sɛ wo ne w’awofo nni abusuabɔ pa. Ne titiriw no, sɛ na wo ne wɔn wɔ abusuabɔ pa ansa na worefi ase ahwɛ wɔn a, ɛda adi sɛ nsɛnnennen biara a wuhyia no fi ɔhaw ahorow a ɔhwɛ a wɔde ma betumi de aba no. Ɔkwan bɛn so na wubetumi adi da biara da ɔhaw ahorow no ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?

Afobu Nkate a Wodi ho Dwuma

Ɛtɔ da bi a wɔn a wɔreyɛ nea wobetumi ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nyinaa de boa wɔn awofo mpo bu wɔn ho fɔ sɛ nea wɔyɛ no sua. Nanso, bu a obi bebu ne ho fɔ ɔkwan a ɛmfata so no betumi ayɛ asɛnnennen. Ebetumi aba sɛ wubesisi gyinae bi a n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma woade wo ho afi afobu nka a wote no ho, nanso ɛso remma wo anaa w’awofo mfaso kɛse ankasa. Sɛ́ nhwɛso no, dɛn na ɛbɛba bere a ɔbea bi a esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔma afobu nkate a ɛmfata a ɔwɔ no brɛ ase nti, ɔma ɔhwɛ a ɔde ma no gye n’adwene araa ma obu n’ani gu ne kunu ne ne mma so? Ɔno, ne kunu, ne ne mma behu amane. Enti mma afobu nkate a ɛmfata nni w’asetra so.

So ɛtɔ da bi a wote afobu nka esiane sɛ ɛte sɛ nea wuntumi mfa mmoa a ɛfata mma w’awofo nti? Ɛte saa a, ebetumi aba sɛ w’awofo ahiade ahorow boro nea wubetumi de ama no so. Ebetumi aba sɛ ɛmfa ho nea wobɛyɛ biara no, wubehu sɛ pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ bere nyinaa. Afei nso, sɛ wubu ɔhwɛ a wode ma no sɛ ɛyɛ ɔkwan a worefa so atua w’awofo ka wɔ nea wɔyɛ maa wo bere a wɔhwɛɛ wo wɔ wo mmofraberem no mu a, wobɛte afobu nka bere nyinaa, efisɛ worentumi ntua wɔn ka nwie.

Nhoma You and Your Aging Parents da no adi sɛ ɛho hia sɛ wusi gyinae wɔ nneɛma dodow a wobɛyɛ de aboa w’awofo ho. Ese: “Sɛ woamfa [wo gyinaesi ahorow no] annyina nea wobɛpɛ sɛ woyɛ anaa nea ɛsɛ sɛ woyɛ mpo so titiriw, na mmom wode gyina nea wubetumi ayɛ so a, wobɛkwati nkate fam ɔhaw bebree.”

Yiw, hu nea ntease wom sɛ wubetumi ayɛ ankasa. Ebetumi ayɛ wo mmoa sɛ wubehu w’adamfo bi a wowɔ ne mu ahotoso a onim wo mmɔdenbɔ, wo mmerɛwyɛ, ne w’abusua mu nsɛm tebea adwene wɔ nea wususuw no ho. So wubetumi ama w’awofo abɛtra wo fie? Wowɔ ɔkwan a ɛfata wɔ hɔ? Wɔbɛpene so sɛ wobetu? Sɛ w’awofo nte wo nkyɛn a, mpɛn ahe na wubetumi akɔsra wɔn, na bere bɛn? Sɛ woyɛ nea wubetumi a, ɛho nhia sɛ wobɛte afobu biara nka. Sɛ ɛba sɛ wote afobu nka a, hu sɛ ɛmfata, na mma kwan mma enni wo gyinaesi ahorow so.

Wone Afoforo Nkyɛ Asɛyɛde No

Ɔsɛnkafo nhoma a ɛwɔ Bible mu no da no adi sɛ ɛmfata sɛ woyɛ ‘abɔnefosɛm dodo’ anaa “ɔtreneeni bebrebe,” na wo ho a wobɛyɛ no ɔtreneeni bebrebe no betumi ‘ama woasɛe wo ho.’ (Ɔsɛnkafo 7:16-18) Eyi betumi aba bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ pii asen nea wopɛ sɛ woyɛ, nea wubetumi ayɛ, ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ mpo no.

Sɛ na wowɔ nhyehyɛe a dwumadi pii wom dedaw ansa na worefi ase ahwɛ w’awofo a, ɛsɛ sɛ wuyiyi dwumadi bi fi mu anaa wohwehwɛ mmoa. Nanso, nnipa pii a wohia mmoa twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobebisa. Ebetumi aba sɛ wɔfɛre dodo anaa wɔkyerɛ sɛ afoforo mpɛ sɛ wɔboa. Nanso, sɛ wobrɛ wo ho dodo a, wohaw wo ho ne afoforo. Wɔ ne nhoma a ɛka ɔhwɛ a wɔde ma ho asɛm mu no, E. Jane Mall frɛ nneɛma a wɔyɛ tra so yi sɛ “asɛyɛde ho amanehunu ho sɛnkyerɛnne.” Otu fo sɛ: “Ɛsɛ sɛ woyɛ nneɛma a ɛho hia kɛse ho nhyehyɛe, na nneɛma a ɛho hia paa no mu abiɛsa ne bere a wubenya ama wo [hokafo], wo mma ne nnamfo, ne w’ankasa wo ho.”

Yiw, ebia ɛho behia sɛ wone afoforo kyɛ asɛyɛde no. Ɛnde ɛhe na wubetumi akɔhwehwɛ mmoa? Abusuafo, nnamfo, afipamfo, ne wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim hwɛ mu betumi ayɛ wo mmoa. Nanso ɛsɛ sɛ wubisa mmoa. Na ɛsɛ sɛ wubisa no tẽẽ. Ɛnyɛ bere nyinaa na nsɛm a wɔnka no pefee tumi sow aba. Sɛ woda nneɛma a wuhia no adi pefee na wubisa mmoa pɔtee a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ nnipa a wɔdɔɔso wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa. Sɛ́ nhwɛso no, wubetumi asrɛ obi sɛ ɔmmoa wo na siesie fie hɔ. Sɛ ɛno bɛma wo ahotɔ kakra a, ɛnde ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ woka sɛ w’ankasa wubesiesie fie hɔ sɛnea ɛte biara esiane sɛ ‘obiara ntumi nyɛ no yiye’ nti.

Sɛ wowɔ nuanom mmarima ne mmea a, wɔn nso wɔ asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn awofo. Ebia wo na wode ɔhwɛ no nyinaa anaa fã kɛse no ama de abesi nnɛ, na wugye di sɛ wo nuanom mmarima ne mmea no ntumi mmoa anaasɛ wɔmpɛ sɛ wɔboa. Nanso, so woabisa wɔn tẽẽ sɛ wɔmmoa? Ebinom bɛboa—sɛ woma emu da hɔ ma wohu sɛ wɔn mmoa ho hia a.

Ebinom nkutoo gye awofo hwɛ no to wɔn ho so de bɔ mmɔden nya awofo anim dom. Anaa ebia wɔbɛte nka sɛ wɔnam adwuma no nyinaa a wɔde bɛto wɔn ho so no so bɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa pa. Ebetumi aba sɛ wobenwiinwii aka sɛ afoforo mmoa wɔn wɔ ɔhwɛ a wɔde ma no mu, nanso ebia wɔnam wɔn nsɛm a wɔka ne nneyɛe so akyerɛ sɛ saa na wɔpɛ no. Eyi betumi ayɛ treneefo bebrebe a wɔyɛ. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode ɔhaw a ɛho nhia to wo ho so? Sɛ mmoa wɔ hɔ a, bisa, na nya mu mfaso.

Kɔkɔbɔ bi ni: Ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wo nuanom ne wo bɛkyɛ asɛyɛde no pɛpɛɛpɛ. Bere a ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ saa no, mpɛn pii no, wɔn ankasa nsɛm tebea ahorow ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ saa anaa wontumi koraa. Wɔ nsɛm pii mu no, mfaso wɔ so kɛse sɛ obusuani biako titiriw na ɔde ɔhwɛ no ma, bere a abusuafo afoforo, titiriw ne nuanom mmarima ne mmea, de honam fam nneɛma boa na wɔfrɛ wɔn wɔ telefon so, wɔkɔsra wɔn, anaa ɛtɔ da bi a wɔde wɔn pue wɔ dapɛn no awiei no.

Faako a Wɔtra

Faako a wɔtra tumi ma akasakasa nketenkete sɔre. Su horow bi a sɛ w’adamfo bi da no adi a ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya ho abotare no betumi ayɛ nea sɛ wo busuani a ɔbɛn wo da no adi a worennya ho koma.

Nea ɛka ho no, ebia w’awofo bɛka biribi te sɛ eyi, ‘Me yam a, anka wunya bere pii ma me, nanso minim sɛ wunni adagyew pii a wode bɛyɛ saa.’ Ebia adwene a ɛwɔ akyiri ankasa ne sɛ wunnwen wo wofo no ho ahe biara. Ebetumi aba sɛ wode abufuw bebua asɛm a ɛte sɛɛ. Sɛ́ anka wo bo befuw no, so ɛrenyɛ papa sɛ wubedi wo wofo no ahiade ankasa a ɛne sɛ ɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ pii no ho dwuma? Sɛ wuntumi nni abisade no ho dwuma mpo a, nsɛm a wufi ayamye mu bɛkyerɛkyerɛ mu no bɛsow aba pa asen sɛ wobɛma no mmuae a ɛyɛ yaw.—Mmebusɛm 12:18.

Mmɔden kɛse a wobɛbɔ sɛ wubenya su horow a wɔhyɛ ho nkuran wɔ Bible mu no bɛma woada ayamye adi na woasi gyinae pintinn bere a ɛho abehia saa no. Kolosefo nhoma a ɛwɔ Bible mu no ka ma ɛfata sɛ ɛtɔ da bi a yɛne “obi nya asɛm bi.” Ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnkɔ so ‘nhuhu mma yɛn ho na yɛmfa nkyekyɛ yɛn ho.’ Etu yɛn fo nso sɛ yɛnhyɛ “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, [ne] abodwokyɛre.” (Kolosefo 3:12-14) Ɛda adi sɛ su a ɛtete saa bɛboa yiye ma akasakasa a wɔn a wɔte faako nya no so atew.

Sɛ ɛba sɛ wudi mfomso, wo bo fuw, na woka biribi a anka wompɛ sɛ woka saa bere no mpo a, ‘mma owia nkɔtɔ w’abufuw so.’ Pa kyɛw ntɛm, na ma wo werɛ mfi asɛm no. Mma ɛno mmɛyɛ ade foforo a ɛbɛma woate afobu nka.—Efesofo 4:26, 27.

Bere a Obiara Benya Ayɛ N’ade

Sɛ wo ne w’awofo te fie biako mu a, ebia wubehu sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya bere ayɛ w’ade. Nanso, wo ne w’awofo hia bere a mode bɛyɛ mo ankasa mo ade. Wubetumi ne wɔn asusuw asɛnnennen yi ho na woama wɔate ase sɛ bere ne mmeae horow bi yɛ nea w’abusua de bɛyɛ wɔn kokoam nneɛma. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ mmusua bi mu no, obiara betumi ate ase sɛ ɔpon a wɔato mu na wɔde ahyɛde bi abɔ pon no ano sɛ obiara mma hɔ no kyerɛ sɛ ɛyɛ bere a nea ɔwɔ hɔ no reyɛ n’ankasa ade bi.

Sɛ ɔpon nna dan no ano a, biribi a wɔde begye hɔ anaa ntama bi a wɔde betwa mu no betumi adi atirimpɔw koro no ara ho dwuma. Sɛ obi bɛhaw wo bere a woreyɛ w’ankasa ade bi a, ebia ɛbɛfata sɛ wode anifere kae no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ abusua muni biara kyerɛ obu ma ɔfoforo na ɔnhaw no bere a n’ankasa yɛ n’ade.

Hokwan Bi

Kae sɛ ɛwom sɛ w’awofo akwahosan a ɛso tew no ma wodi yaw de, nanso yɛn Bɔfo, Yehowa, pɛ sɛ yenya anigye kodu baabi, bere a yehyia sɔhwɛ ahorow mpo no. Saa adwuma yi bɛboa wo nso ma woabɛn Yehowa, bere a wonam mpaebɔ so de wo ho to no so no. Obi a ɔde ɔhwɛ ma kaa ho asɛm sɛɛ: “Ná mebɛn Yehowa bere nyinaa, nanso ɔhwɛ a mede mae no kyerɛɛ me sɛnea mede me ho bɛto no so korakora. Ná ɛte sɛ nsonsonoe a ɛwɔ obi a ɔwɔ akyirikyiri a wone no kasa wɔ telefon so ne bere a onii no wɔ wo nkyɛn mu no. Ná Yehowa wɔ me nkyɛn pɛɛ.”

Ɔhwɛ a wɔde ma yɛ hokwan na ɛyɛ asɛyɛde nso. Wone w’awofo mmɔ nkɔmmɔ na ama woahu wɔn ahiade ahorow. Di wɔn ahiade ho dwuma ma wɔn, na kɔ so nya saayɛ mu anigye.—Filipifo 4:4-7; 1 Petro 5:7.

[Kratafa 19 adaka]

Ɔhwɛ a Wɔbɛma Ayɛ Anigye

1. Nea awofo taa hwehwɛ fi wɔn mma a wɔanyinnyin hɔ ne sɛ wɔne wɔn bedi nkitaho kɛse. Eyi hwehwɛ sɛ wobɛbɛn w’awofo na woada wo su horow a ɛho hia adi. Eyi betumi ayɛ den wɔ awofo ne wɔn mma a wɔanyinnyin abusuabɔ mu. Katee a mo mu biara bɛyɛ no bɛyɛ akwanside ama eyi. Ɛsɛ sɛ muyi su horow a ɛtete saa fi hɔ na ama moatumi abɔ.

2. Sɛ w’awofo no mu biako reka asɛnnennen bi anaa biribi a ɛhaw no ho asɛm akyerɛ wo a, fi tema mu tie. Mmuae horow a ɛka wɔn kasaboa hyɛ wɔn yam betumi ama wɔanya nkate a ɛmfata te sɛ eyi: ‘Oh, sɛɛ asɛm yi koraa nhaw adwene pii sɛnea na misusuw no’ anaa, ‘Minim, mihyia tebea koro no ara.’ Ɛbɛyɛ papa mmom sɛ wobɔ mmɔden hwehwɛ nkate horow a ɛkanyan w’awofo, wugye tom na woka ho asɛm (‘Ɛda adi sɛ ɛyɛ den ma wo mprempren, nanso yɛbɛbom adi ho dwuma’).—Mmebusɛm 20:5.

3. Sɛ wo hokafo na awofo hwɛ ho adesoa yi da no so titiriw a, boa no wɔ honam ne nkate fam. Wone wo hokafo mmɔ nkɔmmɔ; anyɛ saa a akasakasa bɛsɔre. Mmoa a ɔhokafo de ma no boa kɛse. Ɔbea biako kae sɛ na boa a n’abusua mmoa no no yɛ “den sen [ne] maame hwɛ no ankasa.” Nanso n’ani sɔɔ mmoa a na n’adamfo bi de ma bere ne bere mu no kɛse. Ɔkae sɛ: “Ɛkaa me koma bere a otuu ne ho mae no. M’ani gyee ho paa, na ɛtwee me bɛn no yiye.”

[Kratafa 22 mfonini]

Sɛ Woyɛ Obi a Wɔrehwɛ Wo A

Ebetumi aba sɛ wo na wɔrehwɛ wo. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo ne wo mma akɔ so anya abusuabɔ a ɛkari pɛ na asomdwoe wom?

Awofo binom di mfomso bɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn mma so tumi denam anwiinwii, asɛmpɛ, anaa afobu nkate a wɔbɛma wɔate so. Ebia wunim sɛ nea eyi de bɛba ara ne sɛ ommua wo, na ɛde ɔhaw pii bɛba. Sɛ woma wo mma a wɔanyinnyin hu sɛ wubu wɔn, wonhaw wɔn bere a wɔyɛ wɔn ankasa ade, wugye wɔn nsusuwii tom bere a mo adwene nhyia mpo a, nea efi mu ba no yɛ papa. Wo mma a wobɛkamfo wɔn daa no boa kɛse. Oba bi a wanyin kae sɛ: “Ɔba pɛ n’awofo anim dom ɛmfa ho mfe a wadi no.”

Ka w’ahiade ahorow ho asɛm kyerɛ wo mma no wɔ ɔdɔ ne obu tebea a ɛte saa mu. Nsɛm a wɔnka no tee taa sɛe ade mmom sen sɛ ɛbɛyɛ no yiye, enti ka nsɛm no pefee, nanso da ayamye adi. Sɛ wo ne wo ba no nyɛ adwene wɔ biribi ho mpo a, anifere a wobɛyɛ no bɛma wo ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den a efi nokwaredi mu a akasakasa nnim.

[Kratafa 20 mfonini]

Bere a worehwɛ w’awofo no, nya bere nso ma wo hokafo, wo mma, ne w’ankasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena