Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 6/8 kr. 22-24
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔda so yɛ Ɔbaabun!”
  • ‘Yɛbɛma Wo Mogya’
  • ‘Yehowa Wɔ M’afa’
  • “Yɛnyɛ Nkonyaayifo”
  • “Kɔ So Som Wo Nyankopɔn No”
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Woasisise Wo Ho Sɛ Wubegyina Aduruyɛ Mu Tebea A Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Wɔde Nyansa A Mogya Nnim Gyee Me Fii Owu A Anka Mereyɛ Awu Mu
    Nyan!—1993
Nyan!—1994
g94 6/8 kr. 22-24

Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame

SƐNEA MERCY UWASI A OFI NIGERIA KA KYERƐE

ƐYAW a metee wɔ me yam no fii ase March 1992 awia bi a na owia no gyina so wɔ Afrika Atɔe Fam. Me ne m’abusua kɔɔ yɛn afuw mu sɛ yɛrekotu bankye. Bere a yɛkɔɔ hɔ no, me yafunu fii ase yɛɛ me yaw. Bere a yeduu fie no, na ɛyaw no mu ayɛ den yiye. Mefee; na na mehome a ensi so yiye. Ɛwom sɛ na ɛyaw no nti mintumi nnyina hɔ anaa mennantew de, nanso me maame bɔɔ mmɔden de me too taksi mu ma wɔde mmirika de me kɔɔ ayaresabea a ɛbɛn hɔ.

Yeduu ayaresabea hɔ no, na dɔkta a ɔrehwɛ nkurɔfo no yɛ ɔbarima bi a mede Bible anidaso no adi no adanse pɛn. Dɔkta no soo me yafunu; ná ahon. Obisae sɛ mogya retu me anaa, na me maame kae sɛ yiw mayɛ bra.

Dɔkta no kae sɛ: “Wo babea no nyem asram anum. Nea enti a mogya retu no ne sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yafunu no.”

Maame buae sɛ: “Dabi, Dɔkta! Ɔnte saa.”

“Nka saa. Nnansa yi, mmeawa daadaa wɔn awofo. Onyem.”

Afei mekasae. Mekae sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a wɔatete me wɔ Kristofo fie, na m’ahonim a wɔde Bible atete no mma me kwan mma memfa me ho nhyɛ ɔbrasɛe mu.

Ɛno akyi no, dɔkta no ka kyerɛɛ me maame sɛ: “Maame, yɛmfa nyamesom nto nkyɛn, na yɛnka nokwasɛm. Meka kyerɛ wo sɛ abeawa yi nyem asram anum.”

Maame ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre. Yɛrekɔ ayaresabea foforo.” Bere a yɛrefi ayaresabea hɔ no, metraa sare no so sui efisɛ na ɛyaw no mu yɛ den yiye. Maame yɛɛ ntɛm de me kɔɔ fie, na ɔkaa nea dɔkta no aka no kyerɛɛ me papa.

Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde me bɛkɔ ayaresabea kɛse bi a wɔwɔ nnɛyi nneɛma a wɔde yɛ yare ho nhwehwɛmu, ayaresabea a wɔtete nnuruyɛfo wɔ hɔ. Bere a yɛrekɔ hɔ no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ onnye me nkwa na amma nkurɔfo ansopa ne din kronkron no anka sɛ nyinsɛn a menhwɛ kwan na akum me. Mekae sɛ sɛ miwu na sɛ Yehowa Adansefo kɔ dɔkta no hɔ sɛ wɔrekɔka asɛm akyerɛ no a, ɔbɛka sɛ: ‘Ɛnyɛ mo nkurɔfo no biako na ɔbaa ha bere bi a na onyem no?’ Mebɔɔ mpae nso sɛnea menya hokwan asan akɔ dɔkta no hɔ akodi no adanse bio.

“Ɔda so yɛ Ɔbaabun!”

Bere a yɛkɔɔ ayaresabea kɛse no, akyinnye a yegyee wɔ ayaresabea a edi kan no san sɔree; nnuruyɛfo no susuwii sɛ menyem. Ná ɛyaw no mu yɛ den kɛse. Ná meresu. Dɔkta bi teɛɛm kae sɛ: “Saa na mo mmeawa yɛ. Munyinsɛn na afei moafi ase ateɛteɛm.”

Wɔyɛɛ nhwehwɛmu ahorow bi. Saa bere no ara mu na wofii ase bisabisaa me nsɛm pii. “Woaware?”

Mekae sɛ, “Dabi.”

“Woadi mfe ahe?”

“Dunwɔtwe.”

“Wo mpenafo yɛ ahe?”

“Minni bi.”

Afei dɔkta panyin no fii ase teɛteɛɛm, “Wokyerɛ dɛn? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ obi a wadi mfe 18 no, wunni mpena biara?” Ɛhɔ nso mekyerɛkyerɛɛ me Kristofo gyinabea no mu sɛnea meyɛe wɔ ayaresabea a edi kan no. Afei obisae sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako anaa. Mibuae sɛ yiw. Ɛno akyi no, wammisa me asɛm foforo biara.

Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ mennyem. Maame tee sɛ dɔktafo no biako ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ: Ɔda so yɛ ɔbaabun!” Dɔktafo no paa kyɛw kae sɛ: “Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ yenyaa saa adwene no. Yenya osuahu a ɛte saa wɔ mmeawa ho daa.” Nanso, na saa osuahu no yɛ me sɔhwɛ ahorow no mfiase ara kwa.

‘Yɛbɛma Wo Mogya’

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ biribi ahon me ntini a mmadwoa fa mu kɔ m’awotwaa mu no biako ho. Ná ne kɛse te sɛ akutu. Ná ehia sɛ wɔyɛ me oprehyɛn.

Meka kyerɛɛ wɔn ntɛm sɛ minnye mogya, nanso mɛpene nnuru foforo a wɔde si ananmu so. Wɔkɔɔ so kae sɛ mogya ho hia.

Dɔkta bi a onwiee sukuu kaa m’anim sɛ: “Nea woreka yi ara na bere bi mo nkurɔfo no biako kae. Nanso bere a ne tebea no mu yɛɛ den no, ogyee mogya.”

Mibuae sɛ: “Me tebea no yɛ soronko, efisɛ me yiw yɛ me yiw, na me dabi yɛ me dabi. Minnyae me mudi mu da.”

Akyiri yi, dɔktafo baasa baa me mpa ho bebisaa me gyinabea a etia mogya no ho asɛm. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Bible no se ɛsɛ sɛ Kristofo ‘twe wɔn ho fi mogya ho.’—Asomafo no Nnwuma 15:20.

Wobuae sɛ: “Nanso yɛmfa mfa w’anom. Yɛde bɛfa wo ntini mu.”

Mekae sɛ ɛmfa ho sɛ wɔde fa w’anom anaa wo ntini mu no, ɛyɛ ade koro no ara.

Memeneda, March 14 a na ɛyɛ dapɛn biako a ɛyaw no fii ase no, dɔkta panyin no yɛɛ me yare no mu nhwehwɛmu. Ɔno na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ me oprehyɛn no. Eduu saa bere no, na ade a ahon me no adu me koko so.

Obisae sɛ, “Wɔaka akyerɛ wo sɛ ɛho behia sɛ wugye mogya?”

Mibuae sɛ, “Dɔkta, wɔka kyerɛɛ me, nanso minnye mogya.”

Ɔtoaa so sɛ: “Ma menka biribi nkyerɛ wo. Yɛde bɛma wo. Sɛ woannye a wubewu. Sɛ meba Dwoda na mogya a yɛde bɛma wo no nni wo nkyɛn a, menyɛ oprehyɛn no. Sɛ woannye mogya a, menyɛ oprehyɛn.”

Afei ohui sɛ nhoma bi da me nkyɛn na obisae sɛ, “Eyi yɛ wo Bible anaa?” Mekae sɛ dabi; ná ɛyɛ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no.a Ɔkae sɛ memfa nhoma no mmɔ mpae na manwu. Mekae sɛ yɛnkenkan yɛn mpaebɔ mfi nhoma mu. Bere biara a yebehyia asɛnnennen bi no, yefi koma mu bɔ Yehowa mpae.

Nnanu a edi hɔ no, dɔktafo ne ayarehwɛfo dii me ho akɔneaba bɛhyɛɛ me sɛ minnye mogya. Wɔka kyerɛɛ me sɛ misua dodo sɛ mewu. Wɔkae sɛ, “Gye mogya na tra nkwa mu!”

‘Yehowa Wɔ M’afa’

Wɔ saa ahohia bere no mu no, mekenkanee Dwom 118, a ne fã bi ka sɛ: “Mifi ahohia mu mefrɛɛ Yah, na Yah gyee me so, nea ɛhɔ trɛw. [Yehowa] wɔ m’afa, minsuro, dɛn na onipa betumi ayɛ me?”—Dwom 118:5, 6.

Bere a misusuw saa nkyekyem yi ho no, ɛhyɛɛ Yehowa mu gyidi a mewɔ no mu den. M’awofo baa ayaresabea hɔ saa anɔpa no. Mede saa dwom no kyerɛɛ wɔn, na ɛhyɛɛ wɔn nso gyidi den.

Saa bere no, ɛnyɛ sɛ na Maame ne Paapa regyina m’akyi wɔ gyinae a masi sɛ minnye mogya no mu nko, na mmom na wɔrebɔ mpae ma me nso. M’asafo mufo kɔɔ so bɔɔ mpae, na wofi Kyerɛwnsɛm no mu hyɛɛ me nkuran.

“Yɛnyɛ Nkonyaayifo”

Dwoda, March 16 anɔpa a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn no, dɔktafo no biako baa me dan no mu, na ohui sɛ mikura me Medical Directive kratasin [mogya ho asɛm kratasin no], a ɛkyerɛkyerɛ me gyinabea wɔ mogya ho mu no. Ɔkae sɛ, “Dɛn ni? Enti nea woreka no yɛ w’aniberesɛm?”

“Yiw, minnye mogya.”

Ɔkae sɛ, “Ɛno kyerɛ sɛ yɛatwa oprehyɛn no mu. Yɛnyɛ.”

Afei dɔkta no frɛɛ me maame wɔ telefon so wɔ me dan no mu. Me maame kae sɛ: “Wanyin sɛ n’ankasa tumi si ne gyinae. Mintumi nsi gyinae mma no. Ose n’ahonim a ɔde Bible atete no mma no kwan sɛ onnye mogya.”

Ɛno akyi no, ɔtoo me yare no ho nkrataa guu pon no so, na ofii dan no mu ntɛm. Yɛante obiara nka nnɔnhwerew anum. Ná mete yaw nka na na mintumi nnidi. Ná ayaresabea foforo biara nni mpɔtam hɔ.

Afei, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔde ade bae bɛfaa me too so de me kɔɔ oprehyɛn dan no mu. Ná me “No Blood” [mogya] kratasin no kura me denneennen. Bere a wɔde me rehyɛn oprehyɛn dan no mu no, mihuu nneɛma a wɔde yɛ oprehyɛn ne mogya a ɛwɔ nkotoku mu. Mifii ase sui denneennen, kae sɛ minnye mogya. Ayarehwɛfo no biako ka kyerɛɛ me sɛ minnyae kratasin no nto fam. Ɔkae sɛ mintumi mfa nkɔ oprehyɛn dan no mu. Meka kyerɛɛ no sɛ sɛ kratasin no nka me ho a, menkɔ dan no mu efisɛ mepɛ sɛ mede kɔkyerɛ dɔkta panyin no. Afei ɔyarehwɛfo no hwim kratasin no fii me nsam de kɔɔ oprehyɛn dan no mu de kɔkyerɛɛ dɔkta no. Ntɛm ara na dɔkta panyin no ne dɔktafo foforo anum a wɔhyehyɛ wɔn ntade akɛse a wɔhyɛ de yɛ oprehyɛn no fii adi baa faako a mewɔ no.

Ná dɔkta panyin no bo afuw. Ɔfrɛɛ me maame, de ne nsa kyerɛɛ me yafunu so, kae sɛ: “Maame hwɛ. Yennim nea yebehu wɔ ne mu. Sɛ ɛho behia sɛ yɛde sekan ka no kɛse a, mogya betu kɛse. Wopɛ sɛ mogya tu no ma owu?”

Maame buae sɛ: “Dɔkta, minim sɛ Yehowa begyina abeawa no akyi. Na obegyina wo nso w’akyi. Wo de yɛ nea wubetumi biara na gyaw nkae no ma Yehowa.”

Dɔkta no kae sɛ: “Yɛnyɛ nkonyaayifo anaa adunsinfo. Nea yɛasua na yɛde di dwuma. Mintumi nyɛ oprehyɛn yi a mogya nka ho.”

Me maame san srɛɛ no sɛ ɔno de ɔnyɛ nea obetumi biara. Awiei koraa no, ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ oprehyɛn no a ɔmma me mogya. Obisaa me sɛ misuro anaa. Mibuae sɛ: “Minsuro owu. Minim sɛ Yehowa ka me ho.”

“Kɔ So Som Wo Nyankopɔn No”

Wɔyɛɛ oprehyɛn no wiei wɔ dɔnhwerew biako mu. Wɔpaee me yam yii ade a ahon me no a wɔammrɛ ho, na ɛyɛɛ ayaresabea adwumayɛfo no nwonwa.

Ɛno akyi no, dɔktafo no biako ka kyerɛɛ me Maame sɛ edu anadwo a, dɔktafo a wonwiee sukuu no bɔ m’asɛm no ho nkɔmmɔ wɔ wɔn atrae hɔ. Mprempren sɛ me ne Maame kɔ saa ayaresabea hɔ a, wonni yɛn ho agoru koraa.

Wɔyɛɛ me oprehyɛn no akyi nnanu no, dɔkta no baa ayaresabea dan a meda mu no mu bebisaa sɛnea me ho te, na afei ɔkae sɛ: “Kɔ so som wo Nyankopɔn no. Ɔboaa wo ankasa.”

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena