Mmepɔw—Abɔde a Ɛyɛ Nwonwa
ANDES, Cascade, Himalaya, Rocky, Alps, ne Ural—ɛyɛ okyinnsoromma a ɛne Asase no so mmepɔw no bi kɛkɛ. Mmepɔw yi akɛse betumi ama wo ho adwiriw wo.
Fa no sɛ wugyina Bepɔw Everest anim. Ɛyɛ asase so ade a ɛkɔ soro sen biara, ɛyɛ mita 8,848—nkaedum a ne tenten yɛ kilomita 8.8! Na bepɔw biako yi yɛ Himalaya mmepɔw akɛse no fã ketewaa bi kɛkɛ. Saa mmepɔw a ɛtoatoam yi mu mmepɔw bɛboro 70 a emu biara sorokɔ yɛ mita 6,400 yi kɛse yɛ Alps a ɛwɔ Europa no mmɔho abien!
Ɛso Tebea Da Nsow
Mmepɔw dodow no ara so tebea gu ahorow, na nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ wim hyew ano brɛ ase bɛyɛ 1.8°C bere a obi foro kɔ n’atifi mita 300 biara no. Osutɔ, dɔte, ne mframa mu nsakrae nso ma ne fã biara so tebea da nsow.
San Francisco Mmepɔw a ɛwɔ Arizona, U.S.A, no so tebea yɛ mmepɔw so tebea a egu ahorow no ho nhwɛso biako. Ɛno ne ɔmantam no mu mmepɔw a ɛware sen biara. Sɛ woforo mmepɔw no fi n’ase wɔ Coconino Asasetamaa no so kodu San Francisco Mmepɔw no mu biako atifi a, wubedi kan ahu abɔde te sɛ aketew ne afifide a wɔfrɛ no cacti wɔ baabi a ɛhɔ tebea te sɛ anhweatam so de. Nkakrankakra wubedu baabi a ɛhɔ tebea no yɛ wiridudu a eye ma atorɔm ne nnua a wɔfrɛ no spruce. Awiei koraa no wubedu bepɔw no atifi a awɔw a ano yɛ den yiye wɔ hɔ. Wɔ saa bepɔw biako pɛ yi so no, wubehu abɔde ne tebea a egu ahorow a sɛ wofa asase a ne sorokɔ ne po reyɛ ayɛ pɛ so fi Mexico kɔ Canada nkutoo a, na wubehu!
So woahome bepɔw so mframa a emu yɛ nwini, emu tew na ɛyɛ dɛ pɛn? Sɛnea mframa no mu dwo ne ade biako nti a ɛyɛ dɛ no. Nanso bepɔw so mframa mu tumi tew yiye wɔ baabi a nkurow biara mmɛn hɔ no. Ebia dɔte, nhwiren aba ne nea ɛkeka ho mu nneɛma nketenkete bɛyɛ 2,500 pɛ na ɛwɔ mframa dodow a ɛwɔ soro mita 2,000 biara mu. Fa ɛno toto mframa a ɛwɔ nkurow akɛse mu a saa nneɛma nketenkete yi bɛyɛ 150,000 betumi atra mframa a ne dodow te saa ara mu ho! Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a wɔtaa sisi adan a mfiri a wɔde hwɛ nsoromma wom wɔ mmepɔw so baabi a mframa mu tew na ɛyɛ wesee a ɛhɔnom tebea ye ma nsoromma a wɔhwɛ no mu.
Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ obi bɛtra mmepɔw a ɛwoware a ɛhɔnom nyɛ hyew pii na mframa pa sua, owia mu ɔhyew a epira dɔɔso na ahum a etu no ma wim yɛ wiridudu no so. Anwonwasɛm ne sɛ abɔde bi kɔ so tra tebea a emu yɛ den saa no mu. Sɛ́ nhwɛso no, susuw ananse bi a ohuruhuruw ho. Saa aboa a ɔte bepɔw so yi pɛ Himalaya a ne tenten boro mita 6,000 no so tra. Nyansahufo ntumi nte sɛnea aboa no tumi tra hɔ a onwu no ase yiye.
Tumi a Ɛwɔ wɔ Nnipa So
Mmepɔw wɔ adesamma nyinaa so tumi. Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ wiase no asase mfonini bi so. Hyɛ sɛnea Pyrenees mmepɔw a ne sorokɔ boro mita 3,000 no tew Spain fi France ne Europa aman a aka ho no nsow. Wubehu nso sɛ wotwa amammui ahye pii fa mmepɔw akɛse a ɛtoatoam ho. Saa mpampa a wontumi nyi mfi hɔ yi ato nnipa a ɛsono wɔn kasa ne amammerɛ akwantu ne aguadi ano hye. Enti, ebetumi aba sɛ mmepɔw ama sɛnea ɔman a wufi mu no su ne ne kɛse te, kasa a woka, ne wo man mu amammerɛ asakra.
Mmepɔw a ɛwoware nso mma mframa ntumi mmɔ ntoatoa so. Eyi betumi anya osutɔ, sukyerɛmma, mframa ne wim tebea kyinhyia no so tumi. Eyi nso ka nnuan ahorow a wudi, ntade a wohyɛ, ne ebia sɛnea woasi wo fie.
Sɛ́ nhwɛso no, Kunlun, Tien Shan, Hindu Kush, Himalaya, ne mmepɔw afoforo a ɛtoatoam a ɛwɔ Asia Mfinimfini no fi ase fi apuei kosi atɔe fam. Saa abran a wɔnkasa yi siw mframa wiridudu a emu yɛ wesee a ɛbɔ fi Siberia no ne mframa a emu yɛ hyew na emu afɔw a ɛbɔ fi India Po no mu no kwan. Enti, wim tebea a ɛwɔ mmepɔw yi kusuu fam yɛ soronko koraa wɔ kesee fam de no ho, na ɛka nnipa ɔpepem pii asetra.
So Ɛso Tebea Reyɛ Asɛe?
Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ nnipa resɛe mmepɔw no fɛ ne ne kɛse. Sakraman ne asisi a na anka bere bi wokyinkyin Alps no so no ase agu esiane ahayɔ a wɔnto ano hye no nti. Kwae a wobu no nti, nsu hohoro asase ani dɔte pa fi mmepɔw pii so. Mfiridwuma mu fĩ ne nnipa bebree a wɔkɔhwɛ mmepɔw bi so no resɛe nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye no kɛse.
Anigyesɛm ne sɛ mmepɔw ka asase so nneɛma a ɛwɔ hɔ daa no ho. (Fa toto Genesis 49:26 ho.) Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ Bible no de wiase nyinaa nniso foforo a ɛreba no toto bepɔw ho. Sɛ saa nniso a ɛte sɛ bepɔw yi di asase nyinaa so a, ebesiesie asase no so biribiara a wɔasɛe no no. (Daniel 2:35, 44, 45) Enti yɛwɔ awerɛhyem sɛ yebenya abɔde a ɛyɛ nwonwa yi ho anigye daa.
[Kratafa 17 mfonini]
Mont Blanc a ɛwɔ France, anammɔn 15,771
[Asɛm Fibea]
M. Thonig/H. Armstrong Roberts
[Kratafa 18 mfonini]
Bepɔw Fuji a ɛwɔ Japan, anammɔn 12,388
[Asɛm Fibea]
A. Tovy/H. Armstrong Roberts