Kilimanjaro—Beae a Ɛkorɔn Sen Biara Wɔ Afrika
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
BƐYƐ mfe 150 a atwam ni no, na wonnim Afrika mfinimfini ho nsɛm ahe biara. Nkurɔfo a na womfi hɔ fam no, na asasepɔn kɛse yi yɛ nea na wontumi nkɔhwehwɛ so na ɛso yɛ hu. Ɛte sɛ nea na Apuei fam Afrika ho nsɛm pii a wɔka no mu biako titiriw yɛ Europafo nwonwa paa. Ná ɛyɛ amanneɛbɔ bi a efi Germanfo asɛmpatrɛwfo bi a wɔn din de Johannes Rebmann ne Johann L. Krapf hɔ a na wɔkyerɛ sɛ wohuu bepɔw bi a ɛbɛn nkyempɛ no wɔ 1848 mu a ɛkorɔn araa ma sukyerɛmma wɔ n’atifi fitaa no.
Ɛnyɛ wɔn adwene mu nko na ɛyɛɛ wɔn nãã wɔ te a wɔtee sɛ bepɔw bi a sukyerɛmma wɔ atifi wɔ Afrika beae a osu tɔ na owia bɔ wɔ hɔ no ho, na mmom wodii ho fɛw nso. Nanso, bepɔw kɛse ho asɛm yi kanyan asase ho nsɛm ho animdefo ne abɔrehufo anigye, na awiei koraa no, wosii asɛmpatrɛwfo no amanneɛbɔ no so dua. Ná ogya bepɔw a sukyerɛmma wɔ atifi wɔ Afrika Apuei fam ampa a wɔfrɛ no Kilimanjaro. Nnipa binom tee ase sɛ ɛkyerɛ “Bepɔw Kɛse.”
Beae a “Ɛkorɔn Sen Biara” Wɔ Afrika
Ɛnnɛ, Kilimanjaro kɛse no agye din wɔ ne fɛ a ɛkyɛn so ne ne tenten a ɛyɛ nwonwa no ho. Mmeae kakraa bi pɛ na ne fɛ tumi ka adwenem a werɛ mfi da te sɛ asono a wɔredidi a wɔretwam wɔ Afrika asasetaw a ɛso awo na mfutuma wɔ so a “Kili” a ɛkorɔn a sukyerɛmma wɔ atifi si so wɔ akyirikyiri no.
Kilimanjaro ne bepɔw a ɛkorɔn sen biara wɔ Afrika asasepɔn no so, na ɛka ogya mmepɔw akɛse a enturuturuw bio a ɛwɔ wiase no ho. Esi Tanzania, nkyempɛ no anafo pɛɛ, na ɛbɛn Kenya hye so. Ɛha na asase puw dɔte a ne trɛw bɛboro mita ahinasa ɔpepepem anum gui ma ɛyɛɛ saa bepɔw yi a n’atifi kɔka soro no.
Tew a bepɔw no atew ne ho no na ɛma wohu ne kɛse yiye. Ɛno nkutoo na atew ne ho si hɔ, na n’ase wɔ Masai mantam mu asase kesee a ɛhɔ wɔ soro mita 900 sen po no so, na ne korɔn yɛ mita 5,895! Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔka Kilimanjaro ho asɛm sɛ Afrika beae a ɛkorɔn sen biara no.
Ná wɔfrɛ Kilimanjaro “Akwantufo Bepɔw,” efisɛ te sɛ kanea fitaa a ɛkɔ so hyerɛn no, wotumi fi akyirikyiri bɛyɛ akwansin ɔhaha pii hu n’asukyenee no wɔ afã biara. Wɔ mfehaha pii a atwam mu no, sukyerɛmma a ɛwɔ n’atifi no akyerɛ akwantufo a na wɔde asonse, sika kɔkɔɔ, ne nkoa tutu akwan wɔ Afrika mfinimfini kwaem no kwan.
N’atifi Korɔn a Ɛyɛ Nwonwa
Kilimanjaro yɛ ogya mmepɔw abien a aka abom. Kibo ne ogya bepɔw a ɛkorɔn sen biara; nsukyenee ne nsukyerɛmma wɔ n’atifi sorɔnsorɔn a ɛyɛ fɛ no. Nea ɛto so abien a ɛkorɔn a ne din de Mawenzi no wɔ apuei fam, na ne korɔn yɛ mita 5,150, na Kibo ne Bepɔw Kenya akyi no, ɛno ne Afrika bepɔw a ɛto so abiɛsa a ɛkorɔn sen biara. Nea ɛne Kibo a n’afã nyinaa siansian nkakrankakra bɔ abira no, Mawenzi atifi yɛ mmonkyemmɔnka donkudonku a ɛyɛ fɛ na abo a ano yɛ hwirenhwiren wɔ afã nyinaa. Asasetaw kɛse bi a ɛyɛ aboabo donkudonku na ɛka Kibo ne Mawenzi bom kɔ soro kodu mita 4,600. Shira a ɛyɛ tete ogya bepɔw bi a adwiriw dedaadaw ma mframa ne nsu atwiw afa ho ma seesei abɛyɛ asase kesee a ɛyɛ fɛ a ɛkorɔn sen po mita 4,000 no wɔ Kibo atɔe fam.
Adebɔ Mu Ade a Ɛyɛ Fɛ
Adebɔ mu nneɛma a atwa Kilimanjaro ho ahyia gu ahorow a egyina ne sorokɔ, osutɔ, ne afifide so. Ase yɛ kwaebirentuw a asono ne Asase Hwene so ɛkoɔ kyinkyin mu. Asoroboa a wogu ahorow pii wɔ kwae no mu nnua so, na ɛtɔ mmere bi a obi a ɔkɔsra hɔ tumi hu bepɔw so wansan ne adowa a wosuro nnipa no sɛ wɔde ahoɔhare reguan akowura dɔtɔ mu.
Kwaewa wɔ kwaebirentuw no atifi. Nnua a akyɛ a ɛho yɛ apɔwapɔw a mframa a ano yɛ den ne onyin ama akyinkyim, na ɛho afuw ntini fitafitaa te sɛ nkwakoraa abogyesɛ atenten a ayɛ dwen wɔ hɔ. Bepɔw no nkyɛn bae wɔ ha, na kwaewa mu nnua akɛse nyin yiye wɔ ha. Sare ne nhwiren a ɛyɛ fɛ a ne kɔla gu ahorow a adi afra wɔ hɔ no ma hɔ yɛ fɛ.
Sɛ wufi baabi a nnua wɔ no kɔ soro bio a, ɛhɔ na asase kesee a ɛso yɛ mmonkyemmɔnka no wɔ. Afifide ahorow a ɛyɛ soronko a wɔfrɛ no groundsel a ne nhwiren te sɛ akokɔsrade, a ne tenten yɛ mita 4, ne afifide bi a ɛsɛ cabbage akɛse na esi nnua ananmu wɔ hɔ. Nhwiren a ɛmpo a ɛte sɛ sare na ɛyɛ wesee fifi abo a ɛso awewe ne nea apuepue no so daa, na ɛma asase a anka ɛso yɛ hoyaa no ani yɛ fɛ.
Sɛ wokɔ soro bio na wutwam asase kesee a ɛyɛ mmonkyemmɔnka no so a, wukodu baabi a afifide bi a wɔfrɛ no alpine wɔ. Ɛhɔ asase no nyɛ fɛ, na ɛso afifide yɛ tuntum ne hoyaa a adi afra. Afifide kakraa bi pɛ na etumi gye ntini wɔ saa beae yi a ɛhɔ wesee a afifide nnɔɔso wɔ hɔ no. Ɛha yi na asase kɛse bi a ɛyɛ bepɔw so anhweatam, na ɛso wesee a abotan wɔ so ka mmepɔw atitiriw abien, Kibo ne Mawenzi, bom. Ewim tebea mu yɛ den wɔ ha, a emu tumi yɛ hyew kodu digrii sɛntigred 38 awia, na ɛyɛ wiriduduu anadwo.
Awiei koraa no, yedu atifi hɔ. Ɛha no, mframa no ano yɛ nwini na emu tew. Sɛ wode nsukyenee no toto ewim a ɛyɛ bruu no ho a, na nsukyenee no yɛ fitaa a ani tew, na ɛma bepɔw no ho kwaebirentuw no yɛ tumm fɛfɛɛfɛ. Mframa no ano yɛ nwini, na oxygen a ɛwom no dodow bɛyɛ nea ɛwɔ beae a ɛwɔ fam te sɛ po mframa mu no de fã. Amoa bi a ogya bepɔw no dɔte turuw faa mu a ɛreyɛ atwa kontonkron na ne trɛw yɛ kilomita 2.5 da Kibo atifi paa a ɛhɔ yɛ tratraa no. Nsõ amoa kɛse bi a ne trɛw bɛboro mita 300 na emu dɔ bɛyɛ mita 120 wɔ amoa kɛse a ɛwɔ bepɔw no atifi pɛɛ no mfinimfini. Sufre tutuw a ɛyɛ hyew pue brɛoo fi ntokuru (wusikwan) nketenkete no mu hyia mframa nwininwini no, na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ gyegyeegye bi rekɔ so wɔ ogya bepɔw a ɛnkeka ne ho no mu.
Kilimanjaro kɛse ne ne tenten nkutoo ma ɛhɔnom wim tebea sesa. Mframa a ano yɛ nwini a ɛbɔ fi India Po so no twam wɔ asase kesee a nnua kakra bi wɔ so no so bɛbɔ bepɔw no ma ɛbɔ kɔ soro kɔdan suwusiw ma ɛtɔ. Eyi ma ase no yɛ asasebere a wodua kafe ne nnuan a ɛwowaw nnipa a wɔte bɛn bepɔw no ase no wɔ so.
“Kili” Atifi a Wodu
Nnipa a wɔte bɛn Kilimanjaro ase no kura gyidihunu bi sɛ bepɔw no nkyɛn nkyɛn a esian no yɛ ahonhommɔne fie, na wobepira obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ atifi a sukyerɛmma wɔ no. Eyi amma ɛhɔfo no ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ n’atifi hɔ. Ɛyɛ 1889 mu ansa na German abɔrehufo baanu foroo bepɔw no kogyinaa Afrika beae a ɛkorɔn sen biara no atifi. Afe 1912 mu ansa na wɔredu bepɔw a ɛkorɔn sen biara a ɛto so abien, Mawenzi, a ne foro yɛ den yiye no atifi.
Ɛnnɛ, obiara a ɔwɔ akwahosan pa na onim ahɔho a wɔkɔsra Afrika Apuei fam no betumi aforo Kilimanjaro. Tanzania agodibea hɔ mpanyimfo ayɛ nhyehyɛe pa ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔforo bepɔw no. Wubetumi agye ntade ne nneɛma a wɔde foro atua ho ka. Wɔn a wɔsoa nneɛma ne akwankyerɛfo a wɔatete wɔn wɔ hɔ, na wɔasisi dabere pii a wubetumi ada hɔ adwudwo wo ho fi bepɔw no nsrahwɛ mfiase akosi n’awiei. Wɔabobɔ asese kama wɔ bepɔw no afã horow a ɛma nea ɔreforo no nya baabi da home.
Ɛyɛ anigye sɛ w’ankasa wubehu Kilimanjaro, na ɛma wususuw nneɛma ho. Obi betumi agye Onyankopɔn ho nsɛm yi atom ntɛm ara sɛ: “Wode w’ahoɔden de mmepɔw tintim hɔ.” (Dwom 65:6) Yiw, Kilimanjaro a atew ne ho na ɛkorɔn sen biara wɔ Afrika no yɛ Ɔbɔadeɛ Kɛse no tumi ho adanse a edi mũ.
[Asase mfonini wɔ kratafa 16]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
AFRIKA
Kenya
KILIMANJARO
Tanzania