Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Nufu Mu Kokoram Meda mo ase pii sɛ motintim nsɛm “Nufu Mu Kokoram—Ade a Ɔbea Biara Suro” no. (May 8, 1994) Ná m’ankasa meyɛ me nipadua ho nhwehwɛmu bere ne bere mu, na na misusuw sɛ me nufu ano na ɛyɛ den ara kwa. Esiane sɛ na mintumi nhu sɛ ɛyɛ bi nti, manyɛ ho hwee. Nanso, bere a mekenkanee asɛm no wiei no, mekɔɔ ayaresabea, na mihui sɛ manya kokoram. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa me na wɔyɛɛ me oprehyɛn. Mifi me komam tɔnn meda mo ase.
T. Y., Japan
Efi bere a wɔyɛɛ me oprehyɛn no, mintumi nkenkanee kokoram ho asɛm biara da. Enti bere a nsɛmma nhoma no bae no, m’ani annye ho. Nanso metaa kenkan Nyan! biara a ɛba fi ti kosi ti, na saa anadwo no, misii gyinae sɛ mɛkan kakra na sɛ ɛbɔ me hu a, magyae. Nanso, mantumi annyae. Ná wɔakyerɛw no yiye, na ɛma nimdeɛ, na na edwen nnipa ho.
G. K., United States
Asɛm no boaa me ma mihuu sɛnea Yehowa te yɛn ase wɔ suro a yesuro owuyare no ho. Masusuw bere nyinaa sɛ sɛ nkurɔfo da osuro adi wɔ saa kwan yi so a, na wɔyɛ mmerɛw anaasɛ wonni gyidi. Ɛboaa me yiye ma mihuu sɛnea Yehowa wɔ tema kɛse.
K. G., United States
Sɛ nsɛmma nhoma tumi kasa kyerɛ obi a, ɛnde na saa nsɛmma nhoma no kasa kyerɛɛ me. Ná me ne me kunu te agua mu a me nufu mu kokoram ho oprehyɛn ho ka ho nkrataa atwa yɛn ho ahyia. Bere a yɛhyehyɛɛ nkrataa a yɛde rekotua ho ka no, ɔbarima a ɔde nkrataa ne amenade ba no de Nyan! yi bae. Mede anigye a ɛkyɛn so kenkanee asɛm no saa da no ara. Migyina mmea a nsɛm no bɛhyɛ wɔn nkuran nyinaa ananmu meda mo ase.
E. J., United States
Nkurow Akɛse Madi mfe 16, na m’ani gyee nsɛm a ɛfa nkurow akɛse ho no akenkan ho. Wɔ asase ho nsɛm ho adesua mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ obiara mpaw asɛm biara a ɔpɛ, na ɔmmɛma ho ɔkasa tiawa. Mede me de no gyinaa asɛm “Kurow Kɛse a Ná Nnipa Pii Wom” no so. (January 22, 1994, Engiresi de) Bere a mekenkanee m’asɛm no den wɔ sukuudan mu wiei no, obiara bɔɔ ne nsam. Meda mo ase sɛ moaboa me ma manya ntease kɛse wɔ asase ho nsɛm ho adesua mu.
T. R., Germany
Wɔ asɛm “Momma Yɛnkyekye Kurow Kɛse Mfa” mu no, mokae sɛ: “Wɔ afe 1900 mu no, ná London nkutoo ne kurow kɛse a ɛwɔ wiase a emu nnipa du ɔpepem biako.” (January 8, 1994, Engiresi de) Nanso wɔ nea edi hɔ a ɛbae no mu no, mokae sɛ: “Ebeduu 1800 mfinimfini hɔ no, na nnipa a wɔwɔ [Edo, a mprempren wɔfrɛ no Tokyo] no boro ɔpepem biako.” Emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware?
S. T., Japan
Ɛda adi pefee sɛ London ho asɛm no nyɛ nokware. Ná egyina “Illustrated Atlas of the World” (Rand McNally and Company) a wɔyɛɛ no 1985 no so. Nanso, ɛte sɛ nea asɛm a “The World Almanac and Book of Facts 1993” kae sɛ 1900 no na nkurow akɛse pii wɔ hɔ a emu nnipa boro ɔpepem biako no yɛ nokware. Ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛama wuntumi nhu nea ɛyɛ nokware wom.—SM.
Sika Akyidi Sɛ́ abofra a mekenkan Nyan! no, nsɛm “Sika Akyidi—Ɛhe na Ɛbɛkɔ Akowie?” no hyɛɛ me nkuran ankasa. (March 22, 1994, Engiresi de) Ɛyɛ me sɛ m’atipɛnfo wɔ botae biako pɛ: sɛ́ wobenya sika. Nanso, ɛyɛ nidi kɛse sɛ obi bedi nea Yehowa kyerɛkyerɛ akyi mmom sen sɛ ɔbɛsom nneɛma a etumi sɛe.
K. R., France
Agodi Meda mo ase wɔ asɛm “So Onyankopɔn Gyina Ɔfã bi Akyi wɔ Agodi Mu?” no ho. (April 8, 1994) Madi mfomso sɛ na mebɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a medi nkonim wɔ mmirikatu akansi mu; na mebɔɔ mpae nso sɛ wɔn a me ne wɔn si akan no nni nkogu. Afei mahu sɛ Yehowa apɛde mfa agodi ho. Merehyira me nkwa so ama Yehowa, na mete abotɔyam kɛse nka bere a minim sɛ ɔretie me mpaebɔ ankasa no.
J. T., United States