Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Asetra Akwan Abien Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Asetra Akwan Abien—Hena na Ɛsɛ sɛ Ohu?” (March 8, 1994) no ho. Bere a midii mfe 16 no, mifii asanom, sigaretnom, ne nhyehyɛe a ɔbarima ne ɔbea yɛ de pue ase a na m’awofo nnim ho hwee. Saa nsɛm yi boaa me ankasa ma mihui sɛ biribiara nni hɔ a ahintaw Onyankopɔn aniwa a ehu ade bere nyinaa no.
T. T., Fiji
Sika a Wodi Akyi Seesei ara na merekenkan nsɛm a edidi so a ɛne sɛ, “Sika a Wodi Akyi—Ɛhe na Ɛbɛkɔ Akowie?” no. (March 22, 1994, Engiresi de) Nsɛm no pɛɛpɛɛ adesuade no mu yiye. Ná minnim sɛ tebea bɔne a ɛte sɛɛ da so ara wɔ hɔ ma adwumayɛfo a wɔatu akɔtra baabi ne wɔn mmusua. Midi wɔn ho yaw.
G. M., United States
Sɛnea mokyerɛkyerɛɛ adwumayɛ tebea a enye ne akatua a esua mu no yɛ pɛpɛɛpɛ. Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ awerɛhow a ɛkyerɛ sɛnea ebinom bu saa adwumayɛfo yi—wommu wɔn sɛ nnipa a wɔwɔ nkate te sɛ yɛn. Yiw, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne”!—Ɔsɛnkafo 8:9.
K. V., United States
Nufu mu Kokoram Wɔ mo nsɛm a edidi so a ɛne sɛ, “Nufu mu Kokoram—Ade a Ɔbea Biara Suro” (May 8, 1994) no mu no, moammɔ nhwehwɛmu a ɛkyerɛ sɛ nufuma betumi atew asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi benya nufu mu kokoram so no biara so.
B. J. M., Germany
Yedi yaw wɔ eyi a yɛamfa amma no ho. Nanso, yɛdaa asɛm no adi wɔ asɛmti “Ɛna Nufusu ho Asɛm” a epuei wɔ yɛn September 22, 1993 (Engiresi) de mu no mu.—SM.
Metraa Kristoni onuawa bi a wotwaa ne nufu nkyɛn kakra. Ná wadi mfe 62 na na wahaw yiye. Mekae sɛ na minhu asɛm a menka mfa mmoa no. Ɛdenam nkurɔfo nsɛm a mofa kae wɔ nsɛm no mu so no, mprempren metumi ama no mmoa a ehia no.
D. H., United States
Bɛyɛ mfe abien a atwam ni no, wɔyɛɛ me oprehyɛn wɔ nufu mu kokoram ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na manya ɔyare no ho nsɛm no, metɔɔ nhoma bi a ɛfa aduruyɛ ho, nso mannya nsɛm pii. Nanso mo asɛm no buaa me nsemmisa no. Nokwarem no, ɛkyekyee me werɛ.
M. G., Italy
Mfe akron a atwam ni no, nufu mu kokoram kum me maame. Saa bere no na madi mfe akron pɛ, na mante tebea a na ɔwom no ase da. Ná ɛyɛ den ma me sɛ merensu bere a mekan saa nsɛm no na misusuw ne ho no. Merentumi nna mo ase nwie wɔ nhumu a mode ama me wɔ n’asetra mfe a etwa to ho no ho.
K. F., United States
Wɔn a AIDS Ayɛ Wɔn Mekenkan mo asɛm “Wɔn a Wɔanya AIDS a Yɛbɛboa Wɔn” no. (March 22, 1994, Engiresi de.) Manya AIDS mmoawa no bi, na na ɛyɛ den ma me sɛ megye asɛm no atom. M’abusua no sui esiane yaw a midii ne te a metee nka sɛ wɔapow me no nti.
B. J., United States
Akyinnye biara nni ho sɛ yedi wɔn a wɔwɔ yɛn mu a wohu amane sɛɛ yi nyinaa ho yaw. Yɛn asɛm no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛma wɔn ahiade ne nea ɛhaw nnipa dodow no ara akari pɛ. Esiane sɛ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no de akwan ahorow a emu yɛ den mae na abɔ ɔman no nyinaa akwahosan ho ban nti, yesusuwii sɛ eye sɛ yɛde akwahosan ho kɔkɔbɔ a ntease wom bɛma. (Fa toto Leviticus 13:21, 33 ho.) Yegye toom sɛ “ɛho nhia sɛ obi besuro pii sɛ wɔn a wɔanya AIDS no bɛbɛn no.” Ɛmfa ho sɛ ɛte saa no, nnipa pii kɔ so bɔ hu wɔ awerɛhyem a nnuruyɛfo de ma nyinaa akyi. Enti yɛhyɛ wɔn a wɔrehu AIDS ho amane nkuran sɛ wɔnkyerɛ obu mma afoforo a wɔmpɛ sɛ woso wɔn mu de kyerɛ ɔdɔ no nkate. Nea wɔn a wonnyaa bi no bɛpaw sɛ wɔbɛyɛ wɔ eyi ho no yɛ wɔn ankasa gyinaesi. Wɔ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nya ɔpɛ a efi koma mu sɛ wɔbɛda ayamye ne mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn a wɔrehu amane no.—SM.
Ahyɛ me nkuran pii sɛ wɔde asɛm a wɔakyerɛw no yiye a mmɔborohunu wom sɛɛ yi ama. M’ani sɔɔ nyansahyɛ a ɛne sɛ bere a ɛsɛ sɛ “yɛyɛ ahwɛyiye wɔ obiara ho” no, ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborohunu adi na yefi ayamhyehye mu de mmoa ma no titiriw.
M. H., United States