Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 5/8 kr. 3-5
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Mmea Hu Fa Nufu Mu Kokoram ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsɛ Sɛ Mmea Hu Fa Nufu Mu Kokoram ho
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusuafo a Wɔanya Bi
  • Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia a Ɛde Ba
  • Sɛnea Obi Akwahosan Te
  • Nea Enti a Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Ɛbɛyɛ Wɔn
  • Nufu mu Kokoram a Ɛtrɛw Ka Nkwaa Afoforo
  • Nneɛma A Ɛbɛma Wɔanya Nkwa
    Nyan!—1994
  • Mmoa A Mfaso Wɔ So
    Nyan!—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Ɔbaatan Nufusu Ye
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 5/8 kr. 3-5

Nea Ɛsɛ Sɛ Mmea Hu Fa Nufu Mu Kokoram ho

NNIPA dodow a wonya nufu mu kokoram no rekɔ soro wɔ asasepɔn biara so. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, ebedu afe 2000 no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem abien na wonya nufu mu kokoram afe biara wɔ wiase nyinaa.

So ɔbea bi betumi anya ne ho tɔtorɔtɔɔ a onnya yare yi bi? So wobetumi ayɛ biribi de asiw ano? Na awerɛkyekye ne mmoa bɛn na wɔn a wɔwɔ ɔyare yi bi hia?

Owia no mu ahoɔden bi a wɔfrɛ no ultraviolet rays na ɛde were mu kokoram dodow no ara ba. Sigaretnom na ɛde kokoram a ɛka nkurɔfo ahurututu no mu pii ba. Nanso wonhuu dekode pɔtee a ɛma nkurɔfo nya nufu mu kokoram.

Nanso, sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu kyerɛ no, nneɛma bi a ebetumi de nufu mu kokoram aba ne awosu a obi kura, baabi a ɔte, ne ne nkwammoa mu aduru [hormone] tebea horow. Mmea a wɔwɔ tebea a ɛtete sɛɛ mu betumi anya ɔyare no bi ntɛm.

Abusuafo a Wɔanya Bi

Ɔbea a ne busuani bi te sɛ ne maame, ne nuabea, anaasɛ ne sewa anaa ne nana mpo wɔ nufu mu kokoram betumi anya ɔyare no bi ntɛm koraa. Sɛ n’abusuafo no pii wɔ yare no bi a, ɛnde ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ ɔno nso betumi anya bi.

Awosu ho onimdefo Patricia Kelly a ɔwɔ United States ka kyerɛ Nyan! akyerɛwfo sɛ, ɛwom sɛ ebinom nam awosu a wokura so tumi nya nufu mu kokoram de, nanso ebia saafo no yɛ nnipa dodow a yare no yɛ wɔn no ɔha biara mu 5 kosi 10 pɛ. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yesusuw sɛ nnipa bebree na awosu mu nneɛma kakraa bi ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia na ɛka bom ma wonya yare no bi.” Mpɛn pii no, abusuafo a wokura awosu koro bom tra faako.

Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia a Ɛde Ba

Onimdefo bi a wɔfrɛ no Devra Davis kyerɛwee wɔ Science nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ nnipa pii gye tom sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ka ho” na ɔyare no ba. Esiane sɛ ɔbea nufu yɛ onipa nkwaa a entumi nnyina mframa a edi awu ano koraa no biako nti, mmea a wɔtaa home mframa a edi awu no betumi anya nufu mu kokoram ntɛm. Mmea a wɔtaa bɛn awuduru nso betumi anya nufu mu kokoram saa ara.

Ade foforo a ɛma obi tumi nya yare no bi ne aduan a odi. Ebinom susuw sɛ aduannuru bi a wonnya no sɛnea ɛsɛ betumi de nufu mu kokoram aba, na wɔkyerɛ sɛ ɛno ne nea wɔfrɛ no vitamin D no. Saa aduannuru no boa ma nipadua no nya nea wɔfrɛ no calcium, a ɛma nnompe mu yɛ den no, na ɛno nso ma nipadua no kwati kokoram.

Nhwehwɛmu afoforo nso ka sradeduan ho asɛm sɛ ɛnyɛ sɛ ɛno na ɛde nufu mu kokoram ba, na mmom ɛyɛ biribi a ɛma no nya nkɔanim. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no FDA Consumer kae sɛ, nufu mu kokoram kum nnipa wɔ aman te sɛ United States a wodi srade ne ahoɔdennuru a ɛwɔ mmoa mu kɛse mu no sen biara. Ɛkae sɛ: “Ná Japanfo mmea dodow a wonya nufu mu kokoram no sua, nanso ɛrekɔ soro bere a wodi Atɔe Famfo nnuan no; kyerɛ sɛ, wɔagyae nnuan a srade pii nnim di na wodi sradeduan.”

Nnansa yi nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ aduan mu ahoɔden pii a wonya fi sradeduan mu no ne ade a ebetumi de ɔyare no aba ankasa. Science News kae sɛ: “Sɛ obi nya aduan mu ahoɔden ma ɛboro so kakraa bi a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ obenya nufu mu kokoram, na wɔn a wobetumi anya ɔyare no bi afi aduan mu ahoɔden [calorie] a wonya fi sradeduan mu a ɛboro so no dɔɔso sen wɔn a wobetumi anya bi afi aduan mu ahoɔden a wonya fi nnuan afoforo mu no ɔha biara mu 67.” Aduan mu ahoɔden a obi nya ma ɛboro so ma otumi yɛ kɛse boro so, na wɔkyerɛ sɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ mmea a wɔsõsõ dodo betumi anya nufu mu kokoram asen afoforo no yɛ mmɔho abiɛsa, titiriw wɔ mmea a wɔatwa brayɛ mu. Nipadua mu srade ma estrogen, mmea nkwammoaa mu aduru bi a ebetumi asɛe nufu mu nkwammoaa, na ama wɔanya nufu mu kokoram.

Sɛnea Obi Akwahosan Te

Nkwammoaa mu aduru pii wɔ ɔbea nufu mu a ɛma nsakrae ba mu ne nkwa nna nyinaa. Oduruyɛfo Paul Crea kyerɛw wɔ Australian Dr Weekly mu sɛ: “Nanso wɔ mmea binom fam no, nufu mu nkwammoaa mu aduru a ɛba pii no . . . betumi ama nsakrae bi afi ase aba mu ma adan kokoram.” Eyi nti, wogye di sɛ mmea a wofi ase yɛ bra ntɛm, ansa na wɔadi mfe 12 no, anaa wɔn a wontwa bra ntɛm, kosi bere a wobedi mfe 50 kosi 60 no wɔ asiane kɛse mu.

Nkwammoaa mu aduru a wonya fi nnuru a wɔfrɛ no ERT (nea wɔde si estrogen ananmu) mu, a ebinom kyerɛ sɛ ebetumi ama nkurɔfo anya nufu mu kokoram no ho asɛm yɛ ade a wogye ho kyim kɛse. Bere a nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ ERT mfa obi nto asiane kɛse mu no, nhwehwɛmu afoforo kyerɛ sɛ wɔn a wɔtaa de di dwuma no ba asiane kɛse mu. Ɛdefa nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm no ho no, British Medical Bulletin nsɛmma nhoma a ɛbaa 1992 kae sɛ ebetumi aba sɛ “wɔn a wɔde estrogen nnuru a ɛnyɛ nea wɔde siw awo ano di dwuma no ɔha biara mu 30 kosi 50 na wobetumi anya nufu mu kokoram ntɛm asen afoforo” bere a wɔde di dwuma ma ɛkyɛ no.

Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ nnuru a wɔfa de siw awo ano mfa obi nto nufu mu kokoram ho asiane mu kɛse. Nanso, ada adi sɛ mmea binom a wɔyɛ saa wɔ asiane kɛse mu. Mmabaa, mmea a wɔnwoo da, ne mmea a wɔfa nnuru a wɔde siw awo ano bere tenten ɔha biara mu 20 betumi anya nufu mu kokoram ntɛm asen afoforo.

Nanso, mmea a wonya nufu mu kokoram no 4 biara mu 3 ntumi nkyerɛ ade pɔtee a ɛma wonyaa yare no. Enti asemmisa a wobisa ne sɛ, So ɛsɛ sɛ ɔbea bi bu ne ho sɛ obetumi anya ne ho tɔtorɔtɔɔ a onnya nufu mu kokoram? FDA Consumer bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛnea nnuruyɛfo kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wobu mmea nyinaa sɛ ɛnyɛ den sɛ wobetumi anya nufu mu kokoram.”

Enti, ɛyɛ mmerɛw sɛ yare no bɛyɛ mmea, titiriw wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Oduruyɛfo Kelly ka sɛ bere a nneɛma pii tumi ma obi nya nufu mu kokoram no, ‘migye di sɛ nea ɛma ebinom nya bi ara ne wɔn mfe a ɛkɔ anim ne wɔn nkwammoaa a ɛdɔɔso ntɛmntɛm wɔ wɔn nipadua no afã bi sen afoforo no.’

Nea Enti a Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Ɛbɛyɛ Wɔn

Sɛnea ɔbea nufu te a yebehu no bɛma yɛate nea enti a kokoram tumi yɛ no ntɛm no ase. Ntokuru nketenkete a nufusu fam kɔ nufu no ano wom. Nkwammoaa wowɔ nufu kotoku no mu, na bra a ɔbea yɛ no ɔsram biara no ma ɛkɔ so yɛ bebree, na ɛsakra de siesie ɔbea no ma nyinsɛn, nufu a efi ase ba, ne nufu a ɔbɛma ne ba. Saa ntokuru nketenkete yi mu na nufu mu kokoram taa fi ase.

Nhwehwɛmufo Rose Kushner kyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma, Alternatives: New Developments in the War on Breast Cancer mu sɛ: “Adeyɛ a ɛkɔ so da biara a wɔde biribi siw no kwan—sɛ dekode no di mu sɛ dɛn ara mpo a . . .—betumi ama nneɛma atoto.” Ɔde ka ho sɛ: “Nkwammoaa mu aduru bi kɔ so fɔw nufu mu nkwaboaa a ɛyɛ adwuma boro so no, na ɛka kyerɛ no sɛ, ‘Gyae eyi yɛ. Fi ase yɛ eyi.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkwammoaa a emu kyekyɛ pii no dɔɔso ntɛmntɛm ma egye nsam.”

Nufu mu kokoram fi ase bere a nkwaboaa bi a ne su yɛ soronko mu kyekyɛ ma ne nyin no gye nsam, na efi ase dɔɔso mmoroso. Nkwammoaa a ɛtete saa no mu kɔ so kyekyɛ, na akyiri yi ɛma nkwammoaa a ɛbemmɛn hɔ a edi mũ no ho ka, na ɛma ɔyare no ka akwaa a ɛte apɔw no.

Nufu mu Kokoram a Ɛtrɛw Ka Nkwaa Afoforo

Sɛ kokoram ka nufu no nkutoo a, wobetumi atwa baabi a ɛho aka no. Sɛ nufu mu kokoram trɛw kɔka nipadua mu nkwaa a ɛwɔ akyiri a, wɔfrɛ no metastasis. Eyi na ɛtaa kunkum mmea a nufu mu kokoram yɛ wɔn no. Bere a nkwammoaa a kokoram wom no dɔɔso wɔ nufu no mu ma ɔyare no nyin yɛ kɛse no, nkwammoaa a kokoram wom no betumi ayɛ nkakrankakra afi beae a ɛwɔ ankasa no akɔhyɛn ntini a mogya fa mu no mu.

Edu saa bere yi a, nkwammoaa a kokoram wom no betumi akɔ nipadua mu nkwaa a ɛwɔ akyirikyiri no mu. Sɛ wotumi di nipadua mu nkwammoaa a wɔko tia nyarewa no a emu bi ne nkwammoaa a ɛnenam mogya ne hɔn mu a wɔto hyɛ nkwammoaa a wɔn ho akã so yi wɔn fi nipadua no mu so a, wobetumi akɔtra nkwaa a ɛho hia te sɛ berɛbo, ohurututu, ne amemene mu. Sɛ wɔma kokoram no ka nkwaa yi a, wobetumi adɔɔso na wɔatrɛw bio. Sɛ kokoram no fi ase trɛw ka nkwaa afoforo a, ɛde ɔbea nkwa to asiane mu.

Enti, ade biako a ebetumi ama obi anya nkwa ne sɛ obehu kokoram no ntɛm ansa na afi ase atrɛw. Dɛn na ɔbea biara betumi ayɛ na ama watumi ahu no ntɛm? So biribi wɔ hɔ a wobetumi ayɛ de asiw nufu mu kokoram ano koraa ansa na afi ase?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Mmea a wonya nufu mu kokoram no 4 biara mu 3 ntumi nkyerɛ ade pɔtee a ɛma wonyaa yare no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena