Mmoa A Mfaso Wɔ So
VIRGINIA, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Argentina no biako ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ migyina owu ho suro ne adwenemhaw ano.” Wɔyɛɛ no oprehyɛn twaa ne nufu ne ɛho ntini ne ne mmadwoa nkotoku abien no nyinaa wɔ nufu mu kokoram ho ayaresa mu.a
Nokwarem no, wosuro wɔ mmaa nyinaa sɛ nufu mu kokoram kowie owu mu. Saa osuro yi ne suro a ɔbea wɔ sɛ obedi dɛm na wahwere mmea yɛbea ne abayɛn hokwan a ɔwɔ no betumi ama ne werɛ ahow. Ankonamyɛ nka a ɔte no betumi ahyɛ no so ma wakɔ abasamtu mu ntɛmntɛm. Ɔkwan bɛn so na afoforo betumi aboa no ma wakwati nkate fam ɔhaw yi?
Hia a Ɛho Hia sɛ Wɔboa No
Joan a ɔwɔ United States no bua sɛ: “Ohia denhyɛ!” Ná n’ankasa maame ne ne nana anya nufu mu kokoram pɛn, na na ɔno ankasa nso anya bi. Eyi ne bere a abusuafo ne nnamfo anokwafo betumi de denhyɛ ne mmoa ama. Joan kunu Terry bɛyɛɛ ɔboafo pa ankasa. Terry ka sɛ: “Sɛnea na mihu no no, na m’asɛyɛde ne sɛ mɛyɛ okyigyinafo pa. Ná ehia sɛ meboa Joan ma osisi ayaresa ho gyinae ahorow a ɛbɛboa no ma wanya awerɛhyem ne ahoɔden de agyina yare no ano na wampa abaw. Yesuaa ɔkwan a yɛbɛfa so agyina osuro a ɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ no kokoram ho oprehyɛn no ano, na mebɔɔ mmɔden hwɛ hui sɛ yɛne nnuruyɛfo abɔ osuro a ɔwɔ no ho nkɔmmɔ.” Terry de kaa ho sɛ: “Eyi yɛ ade a yebetumi ayɛ ama yɛn abusuafo ne mfɛfo Kristofo a wonnya abusuafo hɔ mmoa. Yebetumi agyina wɔn ananmu ayɛ nneɛma pii ama wɔn bere a wɔne nnuruyɛfo redi no.”
Ɛsɛ sɛ ani kũ wɔn a wonwaree anaa wɔyɛ akunafo ho titiriw. Diana a ɔwɔ Australia, ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔyɛɛ me kunu kokoram ho oprehyɛn mfe anum a atwam mu na owui, nanso me mma no yɛɛ nea anka ɔbɛyɛ no nyinaa. Wɔn yam ye na wɔnna wɔn nkate adi ntɛmntɛm. Ɛno hyɛɛ me den. Wofi odwo mu yɛɛ biribiara ntɛmntɛm.”
Sɛ nufu mu kokoram yɛ obi a, ɛma n’abusuafo nyinaa werɛ how. Enti wɔn nyinaa hia ayamye ne mmoa a wofi ɔdɔ mu de ma fi afoforo hɔ (titiriw fi wɔn honhom mu anuanom hɔ, sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a).
Rebecca, a ɔwɔ United States, a ne maame nyaa nufu mu kokoram, ka sɛ: “Asafo no te sɛ w’abusua, na wɔn nneyɛe no ka wo nkate kɛse. Ɛwom sɛ na wɔn mu pii ani nnye ayaresa a nkurɔfo nnye ntoom a me maame pawee no ho de, nanso wɔboaa yɛn hyɛɛ yɛn nkuran denam telefon so a wɔfrɛɛ yɛn ne nsrahwɛ so. Ná ebinom mpo bɛboa ma yɛnoa n’aduan soronko no. Asafo mpanyimfo no yɛɛ nhyehyɛe maa yɛnam telefon so tiee nhyiam horow no, sɛnea ɛbɛyɛ a emu biara mpa yɛn ti so. Asafo no mpo kyerɛw krataa tiawa de sika kaa ho brɛɛ yɛn.”
Joan ka sɛ: “Ɛnnɛ mpo sɛ misusuw ɔdɔ a me honhom fam anuanom no yii no adi no ho a, awɔse gu me! Me nuanom mmea a wɔwɔ ɔdɔ de wɔn kar faa me nnidiso nnidiso de me dii ayaresabea akɔneaba na ama wɔahwɛ me yare adapɛn ason, a dapɛn biara na mekɔ hɔ nnanum. Na na ne-kɔ ne ne-ba yɛ kilomita 150! Meda Yehowa ase dɛn ara sɛ ɔnam saa Kristofo onuayɛ yi so ahyira me kɛse!”
Ɔkwan foforo a yɛn nyinaa nam so betumi de nkuranhyɛ ne mmoa ama ne nsɛm a ɛma denhyɛ a yɛbɛka. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankeka nsɛm a ɛnhyɛ nkuran amfa abasamtu amma a yɛn ani nna so. June a ɔwɔ South Africa ka sɛ: “Wuntumi nhwɛ kwan sɛ obi a kokoram nnyɛɛ no bɛka ho asɛm a ɛfata. Me fam no, na mete nka sɛ eye mmom sɛ afoforo nka wɔn a kokoram ayɛ wɔn ho asɛm gye sɛ biribi a ɛhyɛ nkuran. Noriko a ɔwɔ Japan no ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo ka obi a ne ho tɔɔ no a yare no ansan amma bio ho asɛm a, ɛma minya anidaso sɛ ebia me nso me ho bɛtɔ me.”
Kae sɛ mmea binom rempɛ sɛ wɔbɛka wɔn akwahosan ho asɛm bere nyinaa. Nanso wɔ afoforo fam no, esiane wɔn ankasa yiyedi nti, ɛho hia sɛ wɔka wɔn nufu mu kokoram no ho asɛm kyerɛ afoforo, titiriw wɔn a wɔbɛn wɔn. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahu nea obetumi ayɛ de aboa ɔyarefo no kɛse? Helen a ɔwɔ United States hyɛ nyansa sɛ: “Bisa onii no sɛ ɔpɛ sɛ ɔka ne yare no ho asɛm anaa, na ma ɔno mmom nkasa.” Yiw, Ingelise a ɔwɔ Denmark ka sɛ: “Wɛn w’aso tie no. Wode bɛn no kɛkɛ, na amma ne nkutoo anni awerɛhow.”
Adwempa a Wɔbɛbɔ Mmɔden Anya
Nufu mu kokoram ho ayaresa tumi ma ɔyarefo no brɛ na ɔyɛ mmerɛw adapɛn, asram, anaa mfe pii. Ade biako a etumi haw ɔbea a nufu mu kokoram ayɛ no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ontumi nyɛ nneɛma pii te sɛ kan no. Ne mmerɛwyɛ ahorow a obegye atom no bɛma wabrɛ ne dwumadi ase na wagye n’ahome awia.
Sɛ obi nya adwenemhaw bi a, ɛho hia sɛ ɔyɛ ho biribi ntɛm na ama wanya adwempa. Noriko ka ne suahu: “Nkwammoa mu nnuru a wɔde saa me yare no ma minyaa adwenemhaw. Ná mintumi nyɛ nea mepɛ sɛ meyɛ wɔ saa tebea yi mu, na mifii ase tee nka sɛ me so nni mfaso ma Yehowa ne Kristofo asafo no. Bere a me nsusuwii a ɛnteɛ no kɔ so no, na mekae amane a m’abusuafo a kokoram kunkum wɔn no hui ansa na wɔrewuwu. Ɛyɛ a ehu ka me ma mibisa me ho sɛ, ‘So metumi agyina ɛyaw no ano te sɛ nea wɔyɛe no?’”
Noriko toa so ka sɛ: “Saa bere no na mebɔɔ mmɔden sɛ mede Yehowa Adansefo nhoma ahorow bedi dwuma de asakra me nsusuwii na mayere me ho asusuw sɛnea Yehowa bu nkwa mu a yɛwɔ no. Misua hui sɛ ɛnyɛ adwuma dodow a wɔyɛ so na wɔnam da onyamesom pa adi, na mmom adwene nti a wɔyɛ saa no. Esiane sɛ na mepɛ sɛ Yehowa ani sɔ me komam tebea ne me nsusuwii nti, meyɛɛ m’adwene sɛ mefi anigye ne koma nyinaa mu asom no, ɛmfa ho sɛ ebia mintumi nyɛ pii wɔ Kristofo som adwuma no mu no.”
Daakye ho suro a mmea a wɔwɔ nufu mu kokoram wɔ no betumi ama adwempa a wɔwɔ no ayera. Diana kyerɛ sɛ nea aboa no kɛse ne sɛ, ɔde ne koma ne n’adwene si nneɛma pa a Yehowa Nyankopɔn de ama no no nyinaa so: “M’abusua, nnamfo, nnwom a ɛyɛ dɛw, ɛpo kɛse no ne owia a ɛrekɔtɔ a mehwɛ.” Ɔhyɛ nkuran kɛse sɛ: “Ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo. Na nya tebea horow a ɛbɛba asase so wɔ Ahenni no nniso ase, bere a ɔyare befi hɔ no ho akɔnnɔ ankasa.!”—Mateo 6:9, 10.
Nea ɛma Virginia nso nya ahoɔden de ko tia n’adwenemhaw ne sɛ osusuw n’asetram atirimpɔw ho: “Mepɛ sɛ metra ase ankasa efisɛ mewɔ adwuma a ɛsom bo kɛse a ɛsɛ sɛ meyɛ.” Ɛdefa bere a tebea no mu yɛ den ma osuro kyekyere no ho no, ɔka sɛ: “Mede me ho to Yehowa so korakora, a minim sɛ ɔrennyaw me da. Na misusuw kyerɛwsɛm a ɛwɔ Dwom 116:9 no a ɛma minya awerɛhyem yi ho sɛ ‘mɛnantew [Yehowa] anim, ateasefo asase so.’”
Saa mmea yi nyinaa de wɔn werɛ ahyɛ Bible no Nyankopɔn, Yehowa mu. Bible mu nhoma a ɛne 2 Korintofo ti 1, nkyekyem 3 ne 4 frɛ Yehowa “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” So Yehowa di boa wɔn a wohia awerɛkyekye?
Mieko a ɔwɔ Japan bua sɛ: “Migye di sɛ menam Yehowa som a mekɔ so tra mu no so nya awerɛkyekye ne mmoa.” Yoshiko nso ka sɛ: “Ɛwom sɛ ebia nnipa ntumi nte m’amanehunu no ase de, nanso Yehowa nim biribiara, na migye di sɛ wadi m’ahiade ho dwuma sɛnea ɛsɛ.”
Joan ka sɛ: “Mpaebɔ ma wutumi di abasamtu so na wutumi san gyina wo nan so. Sɛ misusuw yare pii a Yesu sae bere a na ɔwɔ asase so ne ɔyare a obeyi afi hɔ korakora wɔ wiase foforo no mu ho a, hwɛ sɛnea saa nsɛm no kyekye me werɛ fa!”—Mateo 4:23, 24; 11:5; 15:30, 31.
Wubetumi ayɛ wiase a nufu mu kokoram ne ɔyare foforo biara nnim ho mfonini? Eyi na awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, Yehowa hyɛ ho bɔ. Yesaia 33:24 ka sɛ bere bi bɛba a asase so nipa biara renka sɛ ɔyare. Ɛnkyɛ, saa anidaso no bɛbam, bere a Onyankopɔn Ahenni a ne Ba, Kristo Yesu di so no di tumi koraa wɔ asase so, na ɛpopa nea ɛde ɔyare, awerɛhow, ne owu ba nyinaa fi hɔ no! Dɛn nti na wonkenkan saa anidaso nwonwaso yi ho asɛm wɔ Adiyisɛm 21:3 kosi 5? Nya daakye mu awerɛhyem, denam mmoa a ɛde nokware awerɛkyekye ba no so.
[Ase hɔ asɛm]
a Mmea a wontwaa bra mmadwoa nkotoku mu na estrogen taa fi ba.