Akisikuru—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa
“Nea ɛho hia tititiw wɔ ayaresa biara mu ne hia a ɛho hia sɛ oduruyɛfo no bɛma wɔahu sɛ ɔwɔ tema na waboa ɔyarefo no ma wate ne yare no ase.”—Holistic Medicine
NIPA a wɔyare akisikuru a wɔbɛhwɛ wɔn no yɛ adwumaden, ne titiriw no, ma nnuruyɛfo a wɔne ɔyarefo no di nkitaho tee no. Wohyia nsɛnnennen abien—hia a ɛho hia sɛ wɔda tema adi na wɔma wonya anidaso ne hia a ɛho hia sɛ wokwati adwene a ɛnteɛ a wobenya wɔ ɔyarefo no ho wɔ bere koro no ara mu. Dɛn na dwuma a wɔde eyi bedi no kyerɛ?
Nnuruyɛfo a wɔhwɛ nnipa a akisikuru ayɛ wɔn bere nyinaa no rentumi ne wɔn mu biara nhu amane anyɛ saa a wɔbɛyɛ basaa kɛse. Nyan! bisaa obi a anka ɔyɛ oduruyɛfo asɛm faa eyi ho. Ɔkae sɛ: “Na ɛsɛ sɛ me ne nnuruyɛfo ahorow pii yɛ adwuma wɔ ayaresabea. Na wɔn a na ɛte sɛ nea wɔn werɛ ahow anaasɛ wɔn aba mu abu no ne nnuruyɛfo a wɔsa akisikuru no.
Wɔ bere koro no ara mu no, nnuruyɛfo rentumi nyɛ nnipa a wɔnte nka mma ɔyarefo no, efisɛ ɔhwɛ ɔkwan sɛ wɔn na wɔbɛma wanya anidaso. Sɛnea Maurice Finkel kyerɛwee wɔ Fresh Hope in Cancer mu no: “Nea ɛsen ne nyinaa no, nea obi a ɔyare akisikuru hia ne anidaso. Anidaso a ɛbɛma wanya ahoɔden a ɔde bɛko atia ɔyare no—sɛ wanni nkonim wɔ n’apereperedi no mu mpo a. . . Bere nyinaa nea ogyae no wu na nea ɔkɔ so ko no betumi anya nkwa.
Nea ɛsɛ sɛ oduruyɛfo no yɛ wɔ ho no yɛ den. Ɛsɛ sɛ ohu ɔyare no ho asɛm a sɛ ɔka kyerɛ no a, ɛbɛboa no ma wako atia ɔyare no. Sɛ ɔka ho asɛm pii a, so ɛbɛma ɔyarefo no apa abaw? Ɛsono sɛnea eyi te wɔ amammerɛ biara mu.
Nyan! bisabisaa Tomoyoshi Hirano a ofi Japan a akisikuru kum n’ase barima nnansa yi no nsɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛn Japanfo amammerɛ mpɛ sɛ wɔbɛka nokwasɛm ahorow a ɛbɛhaw obi. Oduruyɛfo no anka ankyerɛ m’ase barima sɛ akisikuru ayɛ no. Nokwarem no, wanka ankyerɛ ne mmabea mpo. Na ɔpɛ sɛ ɔbɛka ɔyare no ho asɛm a ɛyɛ aniberesɛm akyerɛ me nkutoo, ‘obi a ɔnyɛ abusua no muni.’ Na ɛsɛ sɛ misi gyinae ahorow no nyinaa a ɛnsɛ sɛ mebɔ me yere anaasɛ ne papa amanneɛ. Nanso metee nka sɛ sɛ́ Kristoni no, ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mɛda nokware no adi wɔ anifere kwan so na ɛnsɛ sɛ mede nokwasɛm no hintaw.”
Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ Atɔe Famfo amammerɛ mu no, sɛ oduruyɛfo no ankyerɛkyerɛ asɛm no mu yiye a, so wɔde ho asodi bɛto no so akyiri yi esiane sɛ nsɛm a ɔyarefo no gyinaa so sii gyinae no nyɛ nea ɛdɔɔso nti? Nokwarem no, ebegyina nea ɔyarefo no pɛ sɛ ohu ne bere ko a ɔpɛ sɛ ohu no so kɛse. Sɛnea oduruyɛfo Charles F. McKhann ka no: “Mihui sɛ, sɛ nkurɔfo tumi bisa nsɛm a anibere wom a, anyɛ yiye koraa no, nea ɛfata sɛ wonya ne ɔpɛ a oduruyɛfo no wɔ ne tumi a obetumi de mmuae a ntease wom ama.”—The Facts About Cancer.
Enti sɛ nnuruyɛfo yi ayamhyehye ankasa adi kyerɛ ayarefo a, ɛhyɛ wɔn nkuran kɛse. Eyi si hia a ɛho hia sɛ wobɛpaw oduruyɛfo a wubetumi ne no anya abusuabɔ pa so dua. Oduruyɛfo McKhann de ka ho sɛ: “Oduruyɛfo a wowɔ no mu ahotoso ankasa no betumi ama biribiara ayɛ mmerɛw kɛse. Ɛsɛ sɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no nya ayamhyehye, ne ntease a ɔwɔ wo ho anigye sɛ onipa ne ɔyarefo nso.”
Bere a ɔyarehwɛfo bi a akisikuru ayɛ no rekyerɛ sɛ ɛnyɛ nnuruyɛfo nyinaa na wosusuw ɔyarefo no ahiade ahorow ho bere nyinaa no, ɔkyerɛw kɔmaa The New Times sɛ: “Nea ɛyɛ me nwonwa kɛse ne ayarefo ne mmusua a ɛnyɛ akisikuru ano na wotumi gyina na mmom nnuruyɛfo ne wɔn nneɛma ahorow a ɛte sɛ nea wɔahyehyɛ no sɛnea ebebu wɔn aba mu na amma wɔannya nea ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi anya mmoa a wohia kɛse na ama wɔatumi agyina tebea no ano no.” Ɔde ne krataa no baa awiei denam nyansahyɛ a ɔde mae sɛ ɛsɛ sɛ “yɛhyɛ no nsow kɛse sɛ nkate a yebenya ama afoforo, obu, ɔserew ne nnipa ho a wosusuw nso yɛ ‘akode ahorow’ wɔ ɔko a yɛreko atia akisikuru no mu” no so.
Nnipa afoforo, te sɛ obi abusuafo ne ne nnamfo nso boa wɔ mmoa a wɔde ma ayarefo no mu. Eyi te saa titiriw wɔ ɔyarefo no kunu, ne yere ne ne mma ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛkyerɛ mmoa ko a afoforo betumi de ama no mu no, Nyan! bisabisaa awarefo pii a wɔboa ne ebinom a wɔanya ahotɔ no nsɛm.
“Na Ɛsɛ sɛ Mesesa Nneɛma a Ehia Me Titiriw”
Asɛm a ɛfa Terry ho no kyerɛkyerɛ nea abusuafo a wɔde mmoa ma no betumi ayɛ titiriw no mu. Na wadi mfe 28 bere a ohui sɛ akisikuru a “emu yɛ den” ayɛ no wɔ bere a aka da koro na 1982 aba awiei no mu no. Nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ obewu wɔ efi asram 6 kosi 12 ntam. Ɛyɛɛ dɛn na ɔne ne kunu Paul tumi gyinaa tebea no ano?
Paul kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Metee nka sɛ na ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm no tom. Na aka asram pii ansa na wawu na na mepɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛma ne wu ayɛ nea nidi wom sɛnea metumi. Ayaresa a wɔfrɛ no chemotherapy betumi asɛe nneɛma pii a obi ho nhwi a ebetutu, fono a ne bo bɛfono no ne fe a ɔbɛfe bere nyinaa no ka ho.”
Nyan!: Ɔkwan bɛn so na eyi kaa w’asetra sɛ okunu?
“Na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mesesa nneɛma a ɛho hia titiriw wɔ m’asetra mu no. Ahode ne sika bɛyɛɛ ade a ɛho nhia ahe biara. Mihui sɛ na ɛsɛ sɛ meyɛ ɔyarehwɛfo a ɛkame ayɛ sɛ ɔde ne bere nyinaa yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhwɛ no. Misuaa sɛnea meyi boasetɔ adi na mabu mani agu aniwude ahorow so bere a ɔyare bɔ no mpofirim wɔ baguam no nso. Nea na eye no, na okura adwempa na wanyɛ ne ho mmɔbɔmmɔbɔ. Ɛno boa maa m’adwuma no yɛɛ mmerɛw kɛse.”
Nyan!: Nyansahyɛ afoforo bɛn na wode bɛma nnipa a wɔyare akisikuru abusuafo ne wɔn nnamfo?
“Mma wo dɔfo no nte nka sɛ wayɛ adesoa ama wo. Da tema adi. Sua sɛnea wubetumi ahu wɔn nkate horow sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea ɛsɛ sɛ moka ho asɛm ne bere a ɛsɛ sɛ moyɛ saa. Ɛtɔ bere bi a wɔpɛ sɛ wogyae nneɛma a ɛhaw wɔn no ho dwen na bere foforo mu nso no ɛno ne ade a etwa to a wɔpɛ sɛ wɔka ho asɛm.”
Nyan!: Dɛn na ɛboaa Terry ma otumi gyinaa ne sɔhwɛ no ano?
“Yɛn mfɛfo Adansefo boaa yɛn kɛse wɔ wɔn nsrahwɛ ne aduannoa mu nso. Bible a osuae no ma ohuu owusɔre ho anidaso no ne bere a owu anaa ɔyare nni asase so bio no pefee.”
Sɛnea nnuruyɛfo no ka too hɔ no, Terry wui ansa na afe no reba awiei wɔ October 1983 mu.
Asetra ne Botae
Sɛ ɔyare bɔne yɛ obi a, ɛma asemmisa bi sɔre a ɛne, Medi nna ahe ansa na mawu? Adapɛn? Asram? Mfe? Saa bere no sɛnea obu ne bra no ba bɛyɛ nea ɛho hia kɛse. Nneɛma ahorow a otumi yɛ, nneɛma nketenkete te sɛ nkrataa a ɔbɛkyerɛw ne nhoma a ɔbɛkenkan ba bɛyɛ nea ɛho hia titiriw na ɛma n’asetra yɛ nea mfaso wɔ so. Dodow a otumi yɛ eyi no, dodow no ara na ɛyɛ aduru ma no.
Adwenkyerɛ yi yɛ nea Barbara a wadi mfe 46 a ofi England no pene so. Wɔ 1980 mu no, ohui sɛ akisikuru ayɛ ne nufu. Efi saa bere no ɔyare no atrɛw akɔ ne nipadua afã afoforo nso. Nanso nnuru ahorow bi aboa no. Ɔyɛ dɛn tumi tra ase? “Mihu sɛ botae a ɛnkyɛ na wadu ho a menya no ye ma me. Midi kan yɛ botae ahorow a ɛnkyɛ na madu ho nhyehyɛe. Afei mitumi hu sɛ matumi anya anigye ne akomatɔyam kɛse.
“Bɔ a mebɔ mmɔden sɛ mesusuw afoforo ho nso boa me. Mekyerɛw krataa ahorow kɔkyekye afoforo a wɔyare no nso werɛ. Ɛno nso ma minya anigye.”
Ne kunu a wɔfrɛ no Stephen no boa no dɛn? “Barbara tebea no ho a misusuw ankasa no nso boa no. Yɛyɛ biribiara bom. Sɛ nhwɛso no, yɛn nyinaa ani gye akenkan ho de nanso yehu sɛ eye sɛ yɛbɛkenkan no den akyerɛ yɛn ho yɛn ho na yɛnam saa yɛ so anya mu kyɛfa.”
Komayare, Afei Akisikuru
Komayare yɛɛ Dode kunu Charles a ɔyɛ ɔbran a ɔwɔ ne mfe 60 mu no wɔ 1985 mu. Ne yare no mu yɛɛ den nna akron nanso wɔ adapɛn asia ntam no, ne ho tɔɔ no na ɔsan kɔyɛɛ n’adwuma. Afei wɔ September mu wɔ saa afe no ara mu no, sɛ odidi a, tekɔtekɔ si no. Bere a wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu akyi no, wosusuw sɛ wanya yafunu mu akisikuru. Wɔyɛɛ no oprehyɛn wɔ December mu. Wɔ adapɛn anan akyi no, ɔsan kɔyɛɛ n’adwuma.
Dode bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ne kunu wɔ asram a emu yɛ den yi mu dɛn? Obua sɛ: “Yɛansɛe bere ne yɛn ahoɔden wɔ nsusuwii ahorow a ɛnteɛ ho. Yɛtwɛn kosii sɛ yɛn nsa kaa ɔyare no ho nokwasɛm ansa na yesusuw ho anaasɛ yehuu ɔkwan a yɛbɛfa so.
“Esiane sɛ yegyee ayaresa a nnuruyɛfo no kamfo kyerɛe no toom nti, yɛde ahotoso kɛse yɛɛ nea wɔkae no. Yɛbɔɔ nneɛma pa ho nkɔmmɔ na yesusuw ano aduru a yebenya no ho. Me kunu nyɛ obi a ɔpa abaw enti misii me bo sɛ mɛboa no.”
Nyan!: Dɛn bio na woyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so anya adwempa?
Dode: “Mamma nnipa ammɛsra no wɔ bere a na ɔda ayaresabea no. Na ɛsɛ sɛ wɔbɔ yɛn amanneɛ ansa na wɔabɛsra no na na ɛnsɛ sɛ wɔtra ne nkyɛn kyɛ. Wɔ saa kwan no so no na metumi ahu nkurɔfo a wɔwɔ adwempa a wɔn ho betumi afono no. Nokwarem no, nea na eye sen nsrahwɛ ahorow no ne nkrataa ɔhaha pii a yɛn nsa kae no.”
Nyan!: Yenim sɛ na woyɛ ɔyarehwɛfo na wo ne nnuruyɛfo pii ayɛ adwuma. Nanso mprempren sɛ obi a ɔyare yere no, wususuw sɛ nnuruyɛfo betumi aboa wɔ ɔkwan bɛn so?
Dode: “Sɛnea oduruyɛfo no yɛe wɔ yɛn asɛm no mu no, migye di sɛ ɛsɛ sɛ oduruyɛfo no ma ɔyarefo no nya adwempa. Ɛsɛ sɛ ɔka nea ɔpɛ sɛ ohu nkutoo ho asɛm kyerɛ no na ɔma ɛyɛ nea ɔde bua ne nsemmisa ahorow. Nokwarem no, na mehwɛ kwan sɛ nnuruyɛfo no bɛka biribiara akyerɛ me pefee. Nanso wɔ me kunu fam no na mepɛ sɛ wɔma onya anidaso na ɛnyɛ sɛ wobebu n’aba mu. Enti sɛ ɔyarefo bi ammisa wo a, misusuw sɛ ɛnsɛ sɛ woka kyerɛ no sɛ ɔbɛtra nkwa mu asram kakraa bi pɛ. Ma ɛnyɛ nea egyina ɔyarefo no tebea no ne ne bo a wasi no so.”
Nyan!: Dɛn na ɛboa wo ma wutumi gyina nsɛnnennen a wuhyia da biara no ano?
Dode: “Mmɔborohunu! Ɔhokafo a ɔde mmoa ma no haw bere nyinaa wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obeyi akokoduru adi akyerɛ no mu. Enti eye sɛ obi bisa sɛ, ‘Dode wo ho te dɛn?’ Ɛma mihu sɛ wɔte sɔhwɛ a mihyia no ase.
“Mihu nso sɛ aseresɛm nso boa yɛn.”
Dɛn na Charles te nka sɛ ahyɛ ne nkuran kɛse sɛ ɔyarefo?
“Metumi abobɔ nneɛma abiɛsa din—me yere, ayaresabea no adwumayɛfo, ne yɛn nnamfo nyinaa. Nnuruyɛfo no boaa yɛn kɛse. Wodii kan kyerɛkyerɛɛ oprehyɛn no mu kyerɛɛ yɛn na wɔne yɛn dii sɛ nnipa. Esiane eyi nti yenyaa wɔn mu ahotoso kɛse na ɛboaa yɛn ma yenyaa anidaso.
“Nokwarem no, nea ɔboaa me sen biara ne me yere. Na esiane sɛ wayɛ ɔyarehwɛfo pɛn nti, ɛboaa me kɛse. Mpaebɔ ma minyaa awerɛkyekye kɛse na ɛhyɛɛ me den nso. Mebɔɔ mpae sɛ wɔmma menkɔ so nyɛ adwuma . . . na ɛno na wuhu me wɔ m’adwumayɛbea ha yi!”
Nokwasɛm a Wubegye Atom, Anidaso a Wubenya
Nyan! bisabisaa Ethel a akisikuru kum ne kunu Stan a na wadi mfe 65 no nnansa yi no nsɛm.
Nyan!: Ayaresa bɛn na Stan nyae?
Ethel: “Wodii kan huu akisikuru a na ayɛ ne dwonku no wɔ January 1985 mu. Bere tiaa bi akyi no, yehui sɛ biribi te sɛ pɔmpɔ asi n’ahrawa, n’aniwa biako ne n’amemene ho. Wɔyɛɛ no aduru. Bere tiaa bi mu no na ɛte sɛ nea ɔrenya ahotɔ na na ɔreyɛ nhyehyɛe atu kwan. Afei da koro ɔfee kɛse na na yenim sɛ ɔyare no mu reyɛ den. Efi saa bere no reba no yɛn nyinaa hui sɛ obewu.”
Nyan!: Ɛnde mo baanu nyinaa yɛɛ mo ade wɔ nokwasɛm yi ho dɛn?
Ethel: “Yɛbɔɔ yɛn tebea no ho nkɔmmɔ na Stan gyee nokwasɛm no toom. Nokwarem no, ɔnam su a okura no so boaa me ma mitumi gyinaa nokware a asɛm no yɛ no ano.
“Menyɛ obi a ɔpɛ su na mebɔɔ mmɔden sɛ merensu wɔ n’anim. Nanso mekae sɛ da koro bi mihui sɛ ɔresu na ɛno ma mifii ase sui. Meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ wopɛ sɛ wusu a, yɛn nyinaa betumi asu na afei yɛagyae. Enti yɛboom sui na misusuw sɛ ɛma yenyaa ahotɔ. Wɔ ɛno akyi no, ɔserewee na na minim sɛ aboa yɛn.
“Ade titiriw foforo nso ne yɛn Bible mu anidaso a ɛfa owusɔre ho no. Na yɛtaa bɔ ho nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: ‘Merekɔda kakraa. Na afei mesan asɔre aba bere a nhyehyɛe foforo no aba asase yi so no.’ Yɛn gyidi maa nneɛma sakrae kɛse.
Akisikuru ne Gyidi
Esiane sɛ akisikuru yɛ ɔyare a ɛsɛ sɛ obi ankasa ko tia nti, gyidi a emu yɛ den betumi aboa. Mpaebɔ a ɛyɛ nkitaho a obi ne Onyankopɔn di no betumi ama woayɛ w’ade bɔkɔɔ. Sɛnea Bible no ka no: “Monnna nnwen biribiara nhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ ne aseda mma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.
Sɛnea Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu kyerɛ no, bere no abɛn sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni ho bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ Yiw, wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, wobeyi akisikuru ne nyarewa afoforo nyinaa afi hɔ. Saa bere no abɛn.—Adiyisɛm 21:3, 4; Luka 21:29-33.
[Kratafa 25 adaka]
Nneɛma Pa ma Nnipa a Wɔyare Akisikuru
1. Nka sɛ wonyare. Nya adwempa na di ho dwuma. Ɛdenam saa kwan no so no, wubetumi de bere a wowɔ no adi dwuma kɛse.
2. Yɛ nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no ho nhyehyɛe pa. Nya atirimpɔw bi wɔ w’asetra mu. Mfaso nni asetra a atirimpɔw biara nnim so. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa—egyina wo so.
3. Kɔ so yɛ nneɛma ahorow sɛnea wubetumi. Sɛ wunni honam mu ahoɔden mpo a, w’adwene da so ara yɛ adwuma. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma ɛpatuw gyae adwumayɛ? Ma w’adwene nkɔ so nyɛ adwuma—akenkan, akyerɛw, mfoniniyɛ, adesua. Yɛ nneɛma afoforo mpo ka ho.
4. Nya adwempa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de nneɛma a wowɔ no adi dwuma nyansam. Yɛ a obi yɛ ne ho mmɔbɔmmɔbɔ no ma ɔyɛ ɔhopɛfo na odi ne ho awu nso. Susuw nea wubetumi ayɛ ama afoforo ho. Adwempa a wowɔ no betumi ahyɛ wo nnamfo ne w’abusuafo den.
5. Bɔ mmɔden sɛ wubeyi aseresɛm na woatumi aserew w’ankasa ho. Hu nneɛma ahorow a ɛyɛ anigye na ɛnyɛ nea ɛyɛ awerɛhow nkutoo. Kyerɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wote nkwa mu no ho anisɔ na ɛnyɛ adwene a ɛne sɛ te sɛ obiara no, wo nso woreyɛ awu.
[Kratafa 27 adaka]
[Yehowa] bɛhwɛ no so na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa. [Yehowa] bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi na yiye.”—Dwom 41:2, 3.
[Kratafa 24 mfoni]
Nnuruyɛfo, adɔfo, ne nnamfo nyinaa betumi aboa