Sarajevo-Efi 1914 Besi 1994
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ
Mfe aduɔwɔtwe atwam fi bere a wɔtotow saa atuo a ɛde amanehunu bae wɔ June 28, 1914 mu wɔ Sarajevo no. Atuo a wɔtotowee no kum Ɔheneba Francis Ferdinand ne ne yere, Ɔheneba Yere Sophie, na afei ɛmaa Austria-Hungary ne Serbia ntam ɔtan no yɛɛ kɛse ma ɛdanee Wiase Ko I. Mmerante ɔpepem 65 a wɔma wɔkɔɔ ɔko no mu bɛyɛ ɔpepem 9 ansan amma bio. Nnipa ɔpepem 21 a wɔn a wɔnyɛ asraafo ka ho wuwui. Ebinom da so ara ka saa ɔko a efii ase August 1914 no ho asɛm sɛ bere a “wiase no bɔɔ dam.”
WƆRETOTOW atuo bio wɔ Sarajevo nyinaa. Ɛnyɛ Sarajevo nko na mmom kan Yugoslavia adehyeman no aman asia no pii nso mu.a Nhoma Jugoslavien—Ett land i upplösning (Yugoslavia—Ɔman a Ɛrebɔ) ka sɛ: “Ɛyɛ ɔmanko a ofipamfo ne ofipamfo ko. Afoforo ho menasepɔw ne nneyɛe ho adwene a ɛnteɛ a atra hɔ akyɛ ayɛ kɛse ma adan ɔtan. Ɔtan yi ama wɔreko na ɔko no ama wɔrekunkum nnipa sɛe nneɛma pii. Ɛte sɛ ɔhaw a ɛkɔ so bere nyinaa anaasɛ ɔtan, afoforo ho adwemmɔne ne nnipakum a ɛrenya nkɔanim bere nyinaa mmom.”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a wofii ase koe wɔ Yugoslavia wɔ June 1991 mu no, nnipa pii kaee atuo a wɔtotowee wɔ Sarajevo wɔ June 1914 mu no. So ɔko foforo yi bɛsɛe nneɛma te sɛ kan de no? So ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ Europa no? So “mmusua asetɔre” (abusua, amammui, anaa ɔman bi mu nnipakuw a wɔhyɛ da kunkum wɔn na wɔpam wɔn fi baabi a wɔte) dwumadi no betumi atrɛw akɔ wiase no mmeae afoforo? Aman horow de nhyɛso aba wɔn so de abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae ɔko no. Nanso dɛn ankasa na ɛde ɔhaw ahorow a ɛwɔ kan Yugoslavia no ba? So nsɛm a asisi nnansa yi wɔ Sarejevo no ne awu a wodii wɔ 1914 mu no wɔ abusuabɔ bi?
Yugoslavia ne Wiase Ko I
Akodi no nyɛ ade foforo. Wɔkaa Balkan Supɔw no ho asɛm wɔ afeha yi mfiase pɛɛ sɛ “Europa beae a basabasayɛ wɔ.” Jugoslavien—Ett land i upplösning ka sɛ: “Nea yɛredi ho dwuma no yɛ nkabom bi a ɛregu a ɔtan reyɛ kɛse wom bere tenten ni. Nokwarem no, na wɔreko dedaw bere a wɔhyehyɛɛ Serbia, Croatia, ne Slovenia [Yugoslavia kan din] Ahemman no wɔ Wiase Ko I awiei no.” Ɛho abakɔsɛm bi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea akodi a ɛrekɔ so nnɛ no fii ase wɔ Wiase Ko I no mu.
Abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ bere a wokum Francis Ferdinand wɔ 1914 mu no, na Slavfo Kesee Fam aman a ɛne Slovenia, Croatia, ne Bosnia ne Herzegovina yɛ Austro-Hungary Ahemman no mu amantam. Nanso, na Serbia yɛ ahemman a ɛde ne ho, na na ɛte saa fi 1878, a na Russia gyina n’akyi denneennen. Nanso, na Serbiafo pii te amantam a ɛhyɛ Austria-Hungary ase mu, ma enti na Serbia pɛ sɛ Austria-Hungary yi wɔn nsa fi Balkan Supɔw no afã horow a wodi so no nyinaa so. Ɛwom sɛ na ntawntawdi wɔ Croatia ne Serbia ntam de, nanso na wɔn nyinaa pɛ ade biako: sɛ wɔbɛde wɔn ho afi wɔn amannɔne awuranom a wokyi wɔn no ho. Amampɛfo pɛe sɛ wɔbɛka Kesee Fam Slavfo nyinaa abom ayɛ wɔn ahemman biako. Ná Serbiafo ne wɔn a wɔhyɛ ɔman a ɛte sɛɛ a ɛwɔ ahofadi a wɔbɛhyehyɛ no akyi denneennen.
Saa bere no na ɔhempɔn a ɔredi tumi, Francis Joseph, adi mfe 84. Na ɛnkyɛ na Ɔheneba Francis Ferdinand abɛyɛ ɔhempɔn foforo no. Serbiafo amampɛfo no buu Francis Ferdinand sɛ osiw wɔn kwan wɔ Kesee Fam Slavfo ahemman a wobenya no ho.
Ná sukuufo nkumaa bi a wɔwɔ Serbia wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya Kesee Fam Slavfo man a ɛde ne ho, na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobewu ama nea wɔhwehwɛ no. Wɔpaw mmofra pii sɛ wonkokum Ɔheneba no. Esum ase Serbiafo ɔmampɛ kuw bi a wɔfrɛ wɔn Black Hand maa wɔn akode tetee wɔn. Mmofra yi mu baanu bɔɔ mmɔden sɛ wobedi awu, na wɔn mu biako dii nkonim. Wɔfrɛ no Gavrilo Princip. Ná wadi mfe 19.
Saa awudi yi dii wɔn a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe no atirimpɔw ho dwuma. Bere a wiase ko a edi kan no baa awiei no, na Austria-Hungary ahemman no agu, na na Serbia betumi adi anim aka Slavfo abom ahyehyɛ ahemman. Wɔbɛfrɛɛ saa ahenni no wɔ 1918 mu sɛ Serbiafo, Croatfo, ne Sloveniafo Ahemman. Wɔsakraa din no yɛɛ no Yugoslavia wɔ 1929 mu. Nanso, bere a na ɛho nhia bio sɛ akuw horow no ka bom de biakoyɛ ko tia Austria-Hungary no, ɛbɛdaa adi sɛ na akasakasa wɔ akuw no ankasa ntam. Mmusuakuw bɛyɛ 20, kasa atitiriw anan ne pii a nnipa kakraa bi na wɔka, nkyerɛwde ahorow abien (Roma ne Cyril nkyerɛwee), ne ɔsom akɛse abiɛsa—Katoleksom, Nkramosom, ne Serbia Ortodoksom—na na ɛwom. Nyamesom da so yɛ ade titiriw a ɛpaapae wɔn mu. Ɔkwan foforo so no, na nneɛma a atra hɔ akyɛ a ɛde mpaapaemu ba Ɔman foforo no mufo ntam pii wɔ hɔ.
Yugoslavia ne Wiase Ko II
Wɔ Wiase Ko II mu no, Germany tuu Yugoslavia so sa, na sɛnea nhoma The Yugoslav Auschwitz and the Vatican kyerɛ no, Croatia Katolekfo a na wɔne Nasifo no ayɛ biako no “kunkum nnipa bɛboro 200,000 a na wɔn mu dodow no ara yɛ Serbia Ortodokfo toatoaa so.” Nanso, Croatiani Josip Tito, ne ne Komunistfo akyidifo ne Britaniafo ne Amerikafo ka boom tumi pamoo Germanfo fii hɔ. Bere a ɔko no baa awiei no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ ɔno na ɔbɛyɛ ɔman no kannifo, na odii wɔn so atirimɔden so. Ná ɔyɛ obi a ɔmfa ne ho nto afoforo so. Stalin mpo antumi anhyɛ no sɛ ɔmma Yugoslavia ne Komunist aman a aka no nyɛ ade mmom.
Nnipa pii a wofi kan Yugoslavia aka sɛ: ‘Sɛ ɛnyɛ Tito a, anka nkabom no gui ntɛm ara. Ɔno nkutoo na na ɔwɔ ahotoso ne tumi a ehia na akɔ so ayɛ biako.’ Ada adi sɛ eyi yɛ nokware. Ɛyɛ bere a Tito wui wɔ 1980 mu akyi na ntawntawdi fii ase bio, na emu yɛɛ den kosii sɛ ɔmanko fii ase wɔ 1991 mu.
Aboba a Ɛsakraa Wiase No
Nhoma kyerɛwfo Frederic Morton kyerɛw Francis Ferdinand kum ho asɛm wɔ ne nhoma Thunder at Twilight—Vienna 1913/1914 no mu sɛ: “Saa aboba a ehwirow ne kɔn mu no ne otuo a wodii kan towee wɔ nnipakum a ɛsen biara a na adesamma ahu besi saa bere no mu. Ɛno na efii nea ɛde Wiase Ko II bae no ase. . . . Wodii kan fii nneɛma a ɛde tebea a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa bae no ase wɔ Danube no ho afe ne fã ansa na wɔtow saa otuo no bɔɔ Ɔheneba no ti no.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Ɛnyɛ nsɛm a ɛresisi nnansa yi wɔ kan Yugoslavia no nko ne nneɛma a ɛde “tebea a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa” a yebetumi ahu sɛ efii ase 1914 no bae. Abakɔsɛm kyerɛwfo Edmond Taylor ka biribi a abakɔsɛm akyerɛwfo pii gye tom: “Wiase Ko I a efii ase no de afeha a ɛto so aduonu mu ‘Ɔhaw Mmere’ bae . . . Basabasayɛ a akɔ so wɔ mfe aduonum a atwam no mu nyinaa fi nsɛm a esisii wɔ 1914 mu no tẽẽ anaa efi no ɔkwan bi so.”
Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a atuo a wɔtotowee wɔ Sarajevo no de ɔhaw a emu yɛ den saa bae no mu. Ɛyɛɛ dɛn na otuo a “sukuuni abofra” bi tow no mprenu maa wiase no nyinaa koe na ɛde nsɛmmɔnedi, basabasayɛ ne abasamtu a akɔ so de abedu yɛn bere yi mu bae?
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛkyerɛkyerɛ 1914 Mu
Thunder at Twilight—Vienna 1913/1914 no kyerɛwfo bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nea esii no mu wɔ ne nhoma no mu denam adwene a ɔtwe si nea ɔfrɛ no “tumi foforo” a enyaa amanaman no so nkɛntɛnso wɔ 1914 mu no so. Ɔka sɛ na “tumi” yi yɛ nneɛma pii a ne nyinaa reyɛ adwuma bom ankasa. Ka a wɔkae bere nyinaa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu a ɛkɔɔ so yɛɛ kɛse no bunkam nea nnipa kakraa bi a wosusuw nneɛma ho anibere so kae no so. Ahosiesie a ɔman biako yɛ maa ɔko no maa afoforo a aka no nyinaa siesiee wɔn ho ntɛmntɛm. Sodifo ahorow danee wɔn tumi maa asraafo mpanyimfo. Nnipa pii nso hui sɛ wobenya hokwan a ɛyɛ anigye a ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ “ɔman abaninsɛmdi kɛse” mu wɔ ɔko no mu, na wɔnam saayɛ so bɛde wɔn ho afi da biara asetra a afono wɔn no ho. Aban panyin bi kyerɛw akyiri yi sɛ: “Te sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ ahum tu na ama wɔn ho a ehuru wɔn wɔ ahohuru bere mu agyae no, saa ara na 1914 awo ntoatoaso no gye dii sɛ ɔko no betumi de ahotɔ aba.” Germanni nhoma kyerɛwfo, Hermann Hesse, kae sɛ na ɛde mfaso bɛbrɛ nnipa pii na ama wɔade wɔn ho “afi nhyehyɛe a ɛma ankorankoro yɛ wɔn ankasa nnwuma mu asomdwoe a anigye nnim ho.” Wɔkyerɛ sɛ Germanni nhoma kyerɛwfo Thomas Mann a onyaa Nobel akyɛde no na ɔkae sɛ “ɔko yɛ ahodwirade, ogye, ne anidaso kɛse.” Winston Churchill mpo, obi a na ɔko ho adwene adi ne ti no kyerɛwee sɛ: “Ahosiesie a wɔyɛ ma ɔko yɛ me anigye ma ɛyɛ nwonwa. Mebɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmfa me bɔne mfiri me wɔ adehunu a ɛyɛ hu ho nkate ntraso yi ho.”
“Tumi foforo” yi nti na wɔyɛɛ nneɛma anigye so wɔ Europa nyinaa bere a na asraafo ato santen rekɔ ɔko no. Na wɔakyekyere nnubaa momono afomfam wɔn kyɛw ho, wɔde nhwiren a wɔayɛ no nkurukuruwa asensɛn wɔn aprɛm ho, nnwontofo too nnwom, mmea awarefo hinhim wɔn nnuku wɔ wɔn mfɛnsere mu, na mmofra a wɔn ani agye tuu mmirika faa asraafo no ho. Na ɛte sɛ nea nkurɔfo rebɔ ɔko a aba no ho ose na wɔredi ho ahurusi. Wiase nyinaa ko bae te sɛ afahyɛ bi.
Eyi ne nsɛm a Morton a yɛafa n’asɛm aka dedaw no frɛɛ no “tumi foforo” a wosusuw sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea ɛde wiase nyinaa ko a edi kan bae ase no bi. Nanso “tumi” yi fi he na ɛbae? Abakɔsɛm kyerɛwfo Barbara Tuchman kyerɛwee sɛ na mfiridwuma ama onipa anya tumi ne nhyɛso foforo. Nokwarem no, “na adesamma . . . anya . . . nhyɛso foforo ne ahoɔden a ano aboaboa.” Stefan Zweig a saa bere no na ɔyɛ aberante nhomanimfo bi a ofi Vienna kyerɛwee sɛ: “Ahoɔden a ano aboaboa yi, awerɛhosɛm a efii asetra mu tumi a ɛboaboaa ano wɔ asomdwoe a ɛtraa hɔ mfe aduanan mu a afei na ɛpɛ sɛ ɛda adi ahoɔden so mu bae” no nkutoo na metumi de akyerɛkyerɛ mu. Asɛm, “nkutoo na metumi de akyerɛkyerɛ mu” no kyerɛ sɛ ɛyɛ den sɛ n’ankasa bɛkyerɛkyerɛ mu. Morton kyerɛwee wɔ ne nhoma Thunder at Twilight nnianim mu sɛ: “Dɛn nti na ɛno sii saa bere no ne saa beae no? Na ɔkwan bɛn so? . . . So nhwɛsode bi wɔ hɔ a ɛbɛma yɛate anwonwasɛm a esisii no nyinaa ase?”
Yiw, pii a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ 1914 mu no te nka sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte nneɛma atitiriw a ɛma ɛbaa saa no ase. Dɛn nti na saa akuw a na ɛfa wɔn ho tẽẽ no nkutoo anko? Dɛn nti na ɛdanee wiase ko? Dɛn nti na ɛtrɛw kɛse na ɛsɛee nneɛma pii saa no? Dɛn ne saa tumi soronko yi a enyaa adesamma so nkɛntɛnso wɔ 1914 ofupɛ bere mu no ankasa? Yɛn asɛm a edi hɔ a ɛwɔ kratafa 10 no bɛka mmuae a Bible de ma wɔ nsemmisa yi ho ho asɛm.
2[Ase hɔ asɛm]
a Yugoslavia kyerɛ “Kesee Fam Slavfo Asase.” Aman no ne Bosnia ne Herzegovina, Croatia, Macedonia, Montenegro, Serbia, ne Slovenia.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Te sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ ahum tu na ama wɔn ho a ehuru wɔn wɔ ahohuru bere mu agyae no, saa ara na 1914 awo ntoatoaso no gye dii sɛ ɔko no betumi de ahotɔ aba.”—Ernest U. Cormons, Austria ahemmɔfo
[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
1914
Bible no hyɛɛ amanehunu nsɛm a asisi fi 1914 no ho nkɔm
“Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi. Na ɔtew nsɔano a ɛto so abiɛsa no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no se: Bra! Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam. Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Awi susukora abiɛsa taku, na aburow susukora abiɛsa taku; na ngo ne nsa de, nyɛ no hwee! Na ɔtew nsɔano a ɛto so anan no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no se: Bra! Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsõnso bi ni, na nea ɔte no so no din de Owu, na asaman di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn.”—Adiyisɛm 6:4-8 (Hwɛ Luka 21:10-24; 2 Timoteo 3:1-5 nso.)
“Ɔko Kɛse a esii 1914-18 mu no te sɛ asase a ahyew bi a ɛtew saa bere no ne yɛn de yi ntam. Ɛde honam ne adwene mu oku kɛse bi too mmere atitiriw abien ntam denam sɛnea ɛmaa nnipa pii a anka wɔbɛtra ase wɔ mfe a edi hɔ no mu hweree wɔn nkwa, ɛsɛee gyidi horow, ɛsakraa nsusuwii horow, na egyaw abasamtu a wontumi nyɛ ho hwee no so.”—The Proud Tower, a Barbara W. Tuchman kyerɛwee no nnianim nsɛm.
“Sɛnea Graham Wallas kyerɛwee no, ná mfe anan a edii [1914] akyi no yɛ ‘mmɔden a ɛsen biara a adesamma abusua no de ‘akokoduru abɔ pɛn no mu mfe anan.’ Bere a mmɔdenbɔ no baa awiei no, abasamtu pii kataa anidaso ne anigye a na ɛwɔ hɔ de besi 1914 no so nkakrankakra. Ade titiriw a adesamma nya fii nea wɔhweree no nyinaa mu ne sɛ wohuu wɔn ankasa sintɔ ahorow wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so.”—Nhoma koro no ara mu nsɛm a etwa to.
[Mfonini Ho Asɛm]
The Bettmann Archive
Imperial War Museum, London, so Ahwɛfo
National Archives of Canada, P.A. 40136
[Asase mfonini wɔ kratafa 7]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sɛnea na Europa Te—August 1914
1. Great Britain ne Ireland 2. France 3. Spain 4. Germany Ahemman 5. Switzerland 6. Italy 7. Russia 8. Austria-Hungary 9. Romania 10. Bulgaria 11. Serbia 12. Montenegro 13. Albania 14. Greece
[Kratafa 5 mfonini]
Gavrilo Princip
[Kratafa 6 mfonini]
Germanfo a wɔregye nhwiren bere a wɔrekɔ ɔko no
[Mfonini Ho Asɛm]
The Bettmann Archive
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Culver Pictures