Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 12/8 kr. 10-11
  • Nea 1914 Kyerɛ Ankasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea 1914 Kyerɛ Ankasa
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1914 Fi Ɔhaw Bere bi Ase
  • Mprempren Nhyehyɛe Yi Bɛtra Hɔ Akosi Bere Bɛn?
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • 1914 Awo Ntoatoaso No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Titiriw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Onyankopɔn Ahenni ‘Ba’​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • “Nna a Edi Akyiri” ne Ahenni No
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 12/8 kr. 10-11

Nea 1914 Kyerɛ Ankasa

SƐNEA yɛakyerɛ wɔ kratafa 4 no, “nsɛmma nhoma yi ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa nhyehyɛe foforo a asomdwoe wom a ɛbɛba ansa na awo ntoatoaso a ehuu nsɛm a esisii 1914 mu no atwam akɔ no ho no mu awerɛhyem.”

Ebia saa asɛm no ma yɛn akenkanfo pii ho dwiriw wɔn. Nanso, wɔ December 1879 mu tɔnn—bɛyɛ mfe 35 ansa na 1914 reba—no, Ɔwɛn-Aban (na wɔfrɛ no Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence saa bere no) de Bible mu adanse a ɛkyerɛ sɛ 1914 bɛyɛ afe titiriw mae. Ansa na ɛreka eyi mpo—wɔ afeha a ɛto so 19 no mfinimfini—no, ná Bible asuafo afoforo aka sɛ 1914 betumi ayɛ afe a wɔahyɛ no agyirae wɔ Bible nkɔmhyɛ mu.a

Wɔaka nkɔmhyɛ ho asɛm sɛ abakɔsɛm a wodi kan kyerɛw to hɔ. Saa ade a ɛyɛ Bible no fã yi di adanse sɛ efi soro. Wɔ nsɛm a ebesisi daakye a Bible no ka kyerɛ yɛn akyi no, ɛtɔ mmere bi a ɛka bere tenten a ebetwam ansa na asɛm bi asi. Saa nkɔmhyɛ pɔtee yi mu bi ka nna kakraa bi ho asɛm, ebinom ka mfe ho asɛm, na afoforo ka mfehaha pii ho asɛm.

Daniel a ɔhyɛɛ bere a edi kan a Mesia no bɛba ho nkɔm no kyerɛɛ bere nso a Mesia no bɛsan ‘aba’ wɔ nea wɔfrɛ no “awiei bere” no mu. (Daniel 8:17, 19; 9:24-27) Bible nkɔmhyɛ yi ka bere tenten bi ho asɛm, ɛnyɛ mfehaha kakraa bi pɛ na mmom bɛboro mfe mpem abien—mfe 2,520! Yesu frɛ bere yi wɔ Luka 21:24 sɛ ‘amanaman no bere a wɔahyɛ.’b

1914 Fi Ɔhaw Bere bi Ase

Bible nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ sɛ yɛatra awiei bere no mu fi 1914. Yesu kaa bere yi ho asɛm sɛ ‘awoko yaw na efii ase.’ (Mateo 24:8) Yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 12:12 sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a basabasayɛ pii aba wiase no mu fi 1914 no mu.

Nanso, sɛ wɔde toto ho a, awiei bere yi bɛyɛ bere tiaa bi—awo ntoatoaso biako mu. (Luka 21:31, 32) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛwɔ mfe 80 mu fi 1914 no kyerɛ sɛ yebetumi ahwɛ ogye a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no kwan nnansa yi ara. Eyi kyerɛ sɛ yebehu sɛ “nnipa mu hobrɛasefo”—Yesu Kristo—bedi “nnipa ahenni” so koraa na ɔde wiase foforo a asomdwoe ne trenee te mu aba.—Daniel 4:17.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ 1844 mu no, Britaniani sɔfo bi a wɔfrɛ no E. B. Elliott twee adwene sii 1914 so sɛ ebetumi ayɛ bere a “mmere nson” a Daniel ti 4 ka ho asɛm no bɛba awiei. Wɔ 1849 mu no, Robert Seeley a ofi London kaa asɛnkoro no ara. Joseph Seiss a ofi United States twee adwene sii 1914 so sɛ bere titiriw wɔ Bible mmerebu mu wɔ nhoma bi a wɔteɛteɛɛ emu nsɛm bɛyɛ 1870 no mu. Wɔ 1875 mu no, Nelson H. Barbour kyerɛwee wɔ ne nsɛmma nhoma Herald of the Morning mu sɛ 1914 yɛ bere a Yesu kaa ho asɛm sɛ ‘amanaman no bere a wɔahyɛ’ no awiei.—Luka 21:24.

b Sɛ wopɛ Daniel nkɔmhyɛ no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Reasoning From the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 95-7.

[Kratafa 1 adaka]

Nsɛm a Wɔka Fa 1914 ne Ɛno Akyi Ho

“Ebetumi aba sɛ, wɔ wiase nyinaa ko abien a ɛte sɛ nea na etwa sɛ ɛba akyi no, ná nuklea akode a wɔyɛe no yɛ kɔkɔbɔ a ɛma yɛkwatii aman akɛse no ntam ɔko a ɛto so abiɛsa, na efi Victoria bere so no ɛde wiase asomdwoe bere a ɛware sen biara bae, ɛwom sɛ ɛyɛ asomdwoe a ehu wom de. . . . Dɛn na na ɛhaw adesamma? Dɛn nti na afeha a ɛto so dunkron no ho bɔhyɛ no amma mu? Dɛn nti na na afeha a ɛto so aduonu no adan ehu bere anaasɛ bere bɔne, sɛnea ebinom bɛka no?”—A History of the Modern World—From 1917 to the 1980s a Paul Johnson kyerɛwee.

“Wɔ nsakrae ahorow a basabasayɛ ma ɛbae wɔ Europa nhyehyɛe mu no nyinaa mu no, Ɔko Kɛse no ne asomdwoe a ɛbae no maa kan sikasɛm, asetra ne amammuisɛm nso sakraa ntɛm sen biara. . . . Ɔko mu amanehunu maa saa nhyehyɛe a na enni anohyeto biara na ɛsow aba no mu anuonyam tu yerae. Mmom no, na ɛsɛ sɛ Europa gyina sikasɛm mu ahokyere ne sikasɛm nhyehyɛe a ayɛ basaa wɔ mmaa nyinaa ano. . . . Nneɛma sɛee araa ma Europa sikasɛm nhyehyɛe no anyɛ papa ansa na ɔko a edi hɔ no refi ase.”—The World in the Crucible 1914-1919 a Bernadotte E. Schmitt ne Harold C. Vedeler kyerɛwee.

“Nnipa ntam abusuabɔ biara sɛee wɔ Wiase Ko a Ɛto so Abien no mu. Germanfo dii nsɛmmɔne wɔ Hitler tumidi a ɛbrɛɛ wɔn ase kɛse hyɛɛ ase na ɛyɛɛ nneɛma bɔne a ɛsen biara a asɛe adesamma din pɛn no ase. Mmarima, mmea ne mmofra bɛyɛ ɔpepem asia anaa ason a wɔfaa ɔkwan pɔtee bi so kunkum wɔn boom wɔ Germanfo nnadeban a wokum nnipa wom mu no yɛ hu sen atirimɔden kwan a Genghis Khan faa so kunkum nnipa no, na sɛ wɔde toto ho a, ɛma nnipa a okunkum wɔn no dodow sua koraa. Germany ne Russia yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtɔre nkurow mu nnipa nyinaa ase wɔ Apuei Fam ɔko no mu. . . . Awiei koraa no, yɛafi honam fam ne abrabɔ fam adesɛe a mfeha a atwam no mu nnipa annya ho adwene da mu.”—The Gathering Storm, The Second World War Po I a Winston S. Churchill kyerɛwee.

“Mprempren wogye hokwan ahorow a nnipa a wofi nnipakuw, aman, ne mmusua nyinaa wɔ sɛ nnipa no tom; nanso bere koro no ara yɛde yɛn ho ahyɛ nnipakuw ntam akodi, ɔmampɛ ne mmusua mu nyiyim a ebia ebi mmae saa da mu. Nkate bɔne yi ma wɔyɛ nneɛma a wɔde atirimɔden ne ahokokwaw yɛɛ ho nhyehyɛe; ɛnyɛ wiase koro no mu nko na yehu sɛ nsusuwii ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow abien a ɛbɔ abira bom yɛ adwuma nnɛ, na mmom ɛtɔ mmere bi a, wɔ ɔman koro ne ɔkra koro mpo mu.”—Civilization on Trial a Arnold Toynbee kyerɛwee.

“Te sɛ ɔsaman bi a ɔkyɛ sen bere a wɔhyɛe no, na afeha a ɛto so dunkron no—ne ne nhyehyɛe pa atitiriw, ahotoso ne gyidi a ɛwɔ sɛ nnipa benya nkɔso—no atwɛn akosi August 1914, bere a Europa tumi akɛse no nyinaa adwene tu frae na ɛma wokunkum awo ntoatoaso bi mu mmerante ahoɔdenfo ɔpepem pii kwa no. Mfe anan ne fã akyi, bere a wiase no bɔɔ mmɔden sɛ ebesiesie nneɛma ma ayɛ sɛnea na ɛte kan wɔ amanehunu a Ɔko Kɛse no ma ɛbae akyi no, saa bere no mu nnipa pii (ɛnyɛ wɔn nyinaa) a na wɔhwɛ nea ɛrekɔ so no hui sɛ nhyehyɛe dedaw no ho biribiara a na aka asɛe, na adesamma ahyɛn bere foforo bi a ɛnte nnipa sintɔ ase pii na enni ho fafiri kɛse mu. Wɔn a wɔhwɛɛ kwan sɛ asomdwoe de wiase pa bi bɛba no hui sɛ wɔn anidaso ahorow amma mu wɔ 1919 mu.”—1919—The Year Our World Began a William K. Klingaman kyerɛwee no mu nnianim nsɛm.

[Kratafa 10 mfonini]

Bavaria Mmepɔw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena