Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 12/8 kr. 12-15
  • Wɔde Kristofo Kɔ Yerusalem Asennibea Kunini Anim Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde Kristofo Kɔ Yerusalem Asennibea Kunini Anim Bio
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan Bɛn so na Ntawntawdi no Fii Ase?
  • Akyigyina a Efi Baabi a Wɔnhwɛ Kwan
  • Ɛda a Wɔkɔɔ Yerusalem Asennibea No
  • Asuade Ahorow a Yɛanya
  • Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • ‘Wɔayi’ Yehowa Adansefo ‘Ama Mpanyimfo Bagua’
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 12/8 kr. 12-15

Wɔde Kristofo Kɔ Yerusalem Asennibea Kunini Anim Bio

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ISRAEL HƆ

NÁ YESU gyina Sanhedrin asennibea kunini a ɛwɔ Yerusalem no anim a wɔrebedi n’asɛm akum no. Ná nhyɛso yi mfa ho, ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. (Mateo 26:57-68) Yesu asenni no akyi adapɛn kakraa bi no, wɔde n’akyidifo a wɔbɛn no paa no kɔɔ asennibea kunini koro yi ara anim. Wɔde nnamyɛ dii Onyankopɔn Ahenni ne ne Hene a wapaw no no ho adanse wɔ hɔ.—Asomafo no Nnwuma 4:5-21.

Nna bi akyi, wɔde wɔn kɔɔ Sanhedrin no anim bio, na asɛm bi a wɔnhwɛ kwan sii. Ɛmfa ho n’atipɛnfo nhyɛso a emu yɛ den no, Gamaliel, asennibea baguafo a wobu wɔn yiye no mu biako kasa maa Yesu asuafo no. Ne ho a ɔde gyee asɛm no mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so yi ma wogyaee asomafo no.—Asomafo no Nnwuma 5:27-42.

Asennibea a wɔde wɔn kɔe mpɛn pii no yɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 10:16-18 no mmamu: “Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini . . . wobeyi mo ama mpanyimfo gua, . . . me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” Ɛwom sɛ na wɔntaa nte Yesu akyidifo no ase de, nanso wɔbɛyɛɛ nnipa a na wonim wɔn yiye wɔ Israel nyinaa. Afeha a edi kan no mu Yudafo mpempem pii gyee Yesu asɛm no dii. (Asomafo no Nnwuma 4:4; 6:7) Nnamyɛ a Yesu asuafo a wɔyɛ Yudafo no de dii adanse ne akokoduru a wɔdaa no adi mpɛn pii wɔ asennibea no na ɛde eyi nyinaa bae.

Wɔ Israel nnɛ no, sɛ wɔde toto ho a nnipa kakraa bi pɛ na wonim Yehowa Adansefo a mprempren wɔn dodow nnu 500 wɔ ɔman a emu nnipa bɛyɛ ɔpepem 5 no mu. Nanso wɔ 1993 mu no, ɛnyɛ twe nko na Ɔdansefo kumaa bi asɛm twee adwene kɔɔ wɔn adwuma no so kɛse na mmom ɛdaa abakɔsɛm mu abusuabɔ soronko bi a ɛda adwemmɔne a wonya wɔ Yudafo ne Yehowa Adansefo nyinaa ho ne taa a wɔtaa wɔn ntam nso adi.

Ɔkwan Bɛn so na Ntawntawdi no Fii Ase?

Ariel Feldman, Yudani Russiani bi a wadi mfe 17 a watu abɛtra Israel, a ɔte Haifa no yɛ sukuuni a waben, ná sukuu no akyerɛkyerɛfo ne ne mfɛfo sukuufo no nyinaa pɛ n’asɛm yiye.

Ɛdenam abɔnten so bɔnnɔ so nkɔmmɔbɔ bi so bere a na Persia Po Ko no rekɔ so no, Ariel ne n’abusua fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ariel yɛɛ Yudasom mu nkyerɛkyerɛ ne Bible no mu nkyerɛkyerɛmu ahorow a onya fii Yehowa Adansefo hɔ no mu nhwehwɛmu na ɔde totoo ho. Ariel a osusuw nsɛm ho anibere so no nyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ ne Bible adesua no mu, na ɔne n’abusua no muni a odi kan a wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako.

Eyi mu biara amma wanhyia ɔhaw bi wɔ ne sukuu adesua mu. Nanso, wɔ afe a ɔrebewie sukuu mu no, ne sukuu no sii gyinae de dwumadi bi a wɔresɔ ahwɛ a ebesiesie sukuufo no ama sraadi kaa wɔn adesua ho. Asraafo na wɔde ɛho nkyerɛkyerɛ mae, ná wɔkyerɛ sɛnea wodi ako ne ɛho nyansakwan ahorow. Esiane sɛ Ariel tee nka sɛ ne ho a ɔde bɛhyɛ adesua yi mu no bɛma wabu n’ahonim a ɔde Bible atete no ne afã biara a onni sɛ Yehowa Adansefo mu biako no so nti, ɔbɔɔ mmɔden faa ɔkwampa so kyerɛkyerɛɛ ne gyinabea mu kyerɛɛ sukuu sohwɛfo no. (Yesaia 2:2-4) Ofi obu mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ sukuu dwumadi foforo biara mu saa bere no, nanso ontumi nyɛ biribi a ɛne ne gyidi nhyia.

Ɛwom sɛ na ne sukuu sohwɛfo no anya ntease bi ama no bere bi a atwam de, nanso osii gyinae sɛ ontumi mma saa adebisa yi ho kwan. Ɔmaa no ahyɛde a etwa to sɛ: Fa wo ho hyɛ ntetee a edi asraadi anim no mu koraa, anyɛ saa a wɔbɛpam wo afi sukuu. Ná Ariel ntumi mmu n’ani ngu n’ahonim so. Wɔ January 31, 1993, bere a aka asram kakraa bi ma wayɛ ne sɔhwɛ a etwa to no, wɔpamoo no fii sukuu a na onni hokwan foforo biara.

Akyigyina a Efi Baabi a Wɔnhwɛ Kwan

Ariel dan kɔɔ Fekuw a Edi Hokwan a Ɔmanfo Wɔ ho Nsɛm ho Dwuma a ɛwɔ Israel no nkyɛn. Ná wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛso n’asɛm no mu, na wɔagyina n’akyi wɔ mmara kwan so a ontua hwee. Nnɛyi Yudafo Man Israel no yɛ demokrase man. Ɛwom sɛ wonni amammui mu mmara biara a ɛma ankorankoro bi nya hokwan ahorow de, nanso Israel man no ahofadi mpaemuka no hyɛ nyamesom ne ahonim mu ahofadi ho nkuran. Ná mmara mu ahwehwɛde biara nni Israel a ɛkyerɛ sɛ wotumi pam obi fi sukuu wɔ nyamesom mu gyidi ho.

Atesɛm nkrataa fii ase kyerɛɛ asɛm no ho anigye. Esiane sɛ na Ariel redi mmara kwan so afotu akyi nti, wamma kwan ma nsɛnkyerɛwfo ammisabisa no nsɛm, ɔpɛe sɛ wobedi n’asɛm no wɔ asennibea dan mu mmom sen sɛ wobedi wɔ amanfo adwenkyerɛ “asennibea.” Nanso, sukuu sohwɛfo no kyerɛe ntɛm so wɔ nsɛm a nsɛnkyerɛwfo bisabisa no mu sɛ nea ɔyɛe no teɛ. Ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛɛ n’adwene wɔ atesɛm krataa Hadashot a ɛbae wɔ February 9, 1993 no mu sɛ sukuuni no nyamesom mu gyinabea no haw Israel Man no ne wɔn a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa nko, na mmom ɔde hokwan no kasa tiaa Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ ahyehyɛde bi a, sɛnea ɔkaa no no: “Wɔn dwumadi yɛ kokoam de, ɛyɛ fĩ, na wɔyɛ wɔ sum ase. Wotumi kɔ baabiara kɔhwehwɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw kyere wɔn.”

Israelfo pii tumi hui sɛ sukuu sohwɛfo no adwenkyerɛ ahorow no daa afoforo ho adwemmɔne a ɔwɔ adi. Nsɛnkyerɛwfo nkɔmmɔbɔ no mu nsɛm no haw Tom Segev, Israelni bi a ɔyɛ sɛnkyerɛwfo ne abakɔsɛm kyerɛwfo a wayɛ Okunkɛse no mu nhwehwɛmu pii no titiriw. Ɛmaa ɔkaee su bi a nnipa bi a na wɔwɔ Nasi Germany a atosɛm a wɔka guu Yudafo so kanyan wɔn ma wɔdaa wɔn adwemmɔne adi wɔ nsɛmmɔne kɛse a ɛyɛ hu sen biara a wɔadi wɔ abakɔsɛm mu no biako mu. Segev kyerɛɛ n’adwene sɛ, ɛnyɛ sukuuni kumaa no gyinabea a ofi ahonim mu apaw no ne ade a ɛyɛ asiane kɛse ma Israel Man no, na mmom, afoforo ho koma a wonni ho nhwɛso a sukuu sohwɛfo no ayi no adi no. Ɛkaa no ma ɔkyerɛw asɛm bi de gyinaa hokwan a Yehowa Adansefo wɔ akyi. (Hwɛ adaka no, kratafa 15.)

Segev kyerɛw n’asɛm no akyi no, afoforo nso kaa ho asɛm. Obi a ɔte Yerusalem, a wɔde no too afiase wɔ Wiase Ko II mu esiane sɛ ɔyɛ Yudani nti kyerɛw krataa bi kɔmaa samufo no kaa Yehowa Adansefo a na ɔne wɔn da nneduaban biako mu esiane sɛ wɔansom wɔ Germany sraadi mu nti no suban pa ho asɛm.

Esiane sɛ Ɔdansefo kumaa no ampene so sɛ ɔbɛma wɔabisabisa no nsɛm nti, nsɛnkyerɛwfo dan kɔɔ asafo no mufo afoforo nkyɛn. Ɛwom sɛ wɔanhyɛ da anka Ariel tebea no ho asɛm titiriw ansa na wɔde rekɔ asennibea de, nanso wɔn ani gyei sɛ wotumi kaa Yehowa Adansefo gyidi ahorow ne wɔn dwumadi wɔ Israel ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Eyi ma wɔkyerɛw nsɛm a eye wɔ Israel atesɛm nkrataa mu, na wobisabisaa ɛhɔ mpanyimfo no mu biako nsɛm wɔ radio so. Nnipa pii nam saa dawurubɔ yi a wɔansrɛ hokwan yi so tee Yehowa Adansefo ho asɛm nea edi kan.

Ɛda a Wɔkɔɔ Yerusalem Asennibea No

Fekuw a Edi Hokwan a Ɔmanfo Wɔ ho Nsɛm ho Dwuma a ɛwɔ Israel no fã a ɛwɔ Haifa no bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔne sukuu sohwɛfo no, Nhomasua Bagua, ne Nhomasua Asoɛe a ɛwɔ Yerusalem no besusuw nsɛm ho. Nanso, mmɔdenbɔ yi nyinaa yɛɛ ɔkwa. Wɔ March 11, 1993 no, wɔde adesrɛ kɔtoo Asennibea Kunini a ɛwɔ Yerusalem, nnɛyi Israel asennibea kunini no anim maa Ariel Feldman.

Wɔhyɛe sɛ wobedi asɛm no nea edi kan wɔ March 15, 1993. Mmaranimfo a wofi Fekuw a Edi Hokwan a Amanfo Wɔ ho Nsɛm ho Dwuma a ɛwɔ Israel no mu gyinaa Ariel ananmu ne Nhomasua Bagua, sukuu sohwɛfo no, ne Haifa kuropɔn no so ahwɛfo dii asɛm no. Israelfo Asennibea Kunini atemmufo baasa na wɔtraa asɛm no mu nea edi kan.

Ɔman no mmaranimfo no de asɛm no too gua sɛ sɛ wɔma sukuuni no kwan ma “ɔkyerɛ” adesua kõ a ɔde ne ho behyem ne nea ɔmfa ne ho nhyem a ɛbɛsɛe sukuu no tumidi. Wɔsrɛe sɛ asennibea no nnyina wɔn gyinaesi sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma sukuuni no kwan ma ɔba sukuu hɔ wɔ ɔkwan biara so no akyi.

Ɔmanfo hokwan a wɔwɔ ho mmaranimfo no de asɛm no too gua sɛ sukuu no nam ɔkwan a ɛfaa so dii asɛm no ho dwuma no so asɛe ɔsom ne ahonim mu ahofadi hokwan atitiriw. Atemmufo no bisabisaa Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ho nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nea enti a sukuuni kumaa no apaw saa gyinabea no ase. Wɔde nsɛm pii a ɛfa nsɛm a ɛtete saa ho wɔ wiase nyinaa a asennibea akunini abu Yehowa Adansefo bem a ɛwɔ adesrɛde a wɔakyerɛw no mu maa wɔn.

Awiei koraa no, atemmufo no kae sɛ afãnu no nyinaa redi apere wɔ nnyinasosɛm bi ho. Nanso, bere a wɔhwehwɛɛ mu hwɛe sɛ ɔfã bɛn na sɛ wogyae asɛm no mu ma ɛka sɛnea ɛte no ara a ebepira no kɛse no, wohui pefee sɛ ɛbɛyɛ sukuuni no. Atemmufo no annye nea sukuu sohwɛfo no ne Nhomasua Bagua no pɛe sɛ wɔyɛ no antom, na wɔmaa wɔn dadu sɛ wɔmfa nkyerɛw nkrataa mmɛkyerɛkyerɛ wɔn nneyɛe no mu. Asennibea no de bere tiaa mu ahyɛde bi mae sɛ wɔnsan nnye Ariel Feldman mmra sukuu no mu ma onwie sukuu afe no a wonnsiw ne sɔhwɛ a etwa to a ɔbɛyɛ no ho kwan.

Aka nna bi ma wɔadi asɛm no nea etwa to a wɔde hyɛɛ May 11, 1993 no, Nhomasua Bagua no twee sobo a wɔde abɔ Ariel Feldman no sanee. Ne saa nti, wotwaa asenni a etwa to no mu na asennibea no ansi asɛm no nsɛmpɔw atitiriw ho gyinae, na wɔanhyɛ mmara biara a ɛsɛ sɛ wodi so. Ɛwom sɛ eyi ma asɛm no bɛyɛ nea wobetumi asusuw ho wɔ mmara mu bio de, nanso Yehowa Adansefo ani sɔɔ ntease a Israel Asennibea Kunini no atemmufo no daa no adi no.

Asuade Ahorow a Yɛanya

Efi Yesu bere so besi nnɛ no, Yehowa Adansefo ahyia ɔsɔretia na nkurɔfo anya wɔn ho adwemmɔne, na eyi de wɔn akɔ asennibea akunini anim wɔ nsase pii so. Nsɛm yi bɛyɛ ‘adansedi ma amanaman no.’ (Mateo 10:18) Sɛ n’Adansefo a wɔwɔ asase bi so yɛ kakraa bi mpo a, Yehowa betumi ama ne din ahyeta. Na sɛnea ɛbae wɔ afeha a edi kan no mu a Sanhedrin baguani a wobu no, Gamaliel, de ne ho gyee asɛm no mu ma ɛyɛɛ nwonwa no, saa ara na Onyankopɔn betumi ama ne nkurɔfo anya mmoa afi mmeae a wɔnhwɛ kwan nnɛ.

[Kratafa 15 adaka]

“Nea Sukuu Sohwɛfo bi Nim wɔ Yehowa Adansefo Ho”

(Tom Segev asɛm a ɛwɔ Haʼaretz a ɛbae wɔ February 12, 1993 no mu nsɛm bi)

“Wɔ ɔman a ɛwɔ biribiara mu no, Yehowa Adansefo a wɔyɛ Israelfo nso wom. Wɔnnɔɔso, na ɛnyɛ nnipa pii nso na ate wɔn ho asɛm, ɛmfa ho sɛ wɔ Israel, te sɛ ɔman biara mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya akyidifo denam nsɛm a wɔakyerɛw ne nea wɔde ano ka so no. Nanso wɔanya saa sukuuni a ɔwɔ Hugim sukuu mu no so nkɛntɛnso bi. Efi bere a ɔpawee sɛ obedi kuw no mmara horow so no, ɔmfa ne ho nhyɛ adesua a edi sraadi anim mu apɔw-mu-teɛteɛ no mu wɔ sukuu. Sukuu sohwɛfo no ampene so sɛ obeyi no afi saa adesua no mu. Sɛ mete no ase yiye a, ohu sukuuni no sɛ obi a obetumi asɛe Sionsom daakye. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me dapɛn yi sɛ: ‘Yɛn sukuu yi yɛ Sionsom sukuu; yɛkyerɛ mmofra no sɛnea wobedi nokware ama Ɔmantam no ne ɔman no.’ . . .

“Rina Shmueli, a ɔwɔ Fekuw a Edi Hokwan a Amanfo Wɔ ho Nsɛm ho Dwuma a ɛwɔ Haifa mu no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma sukuu sohwɛfo no agye hokwan a sukuuni no wɔ sɛ ɔyɛ nea n’ahonim kyerɛ no no atom na wayi no afi ntetee a edi sraadi anim no mu; anka eyi betumi ayɛ afoforo ho koma a wonya ne demokrase ho asuade a ɛfata yiye. Nanso wampene. Ɔwɔ adwene sɛ yɛne fekuw a wɔn ho yɛ hu a wɔnam nnaadaa so na enya emufo na ɛredi asɛm. . . .

“Eyi kaee me asiane asɛm bi. Enti me ne sukuu sohwɛfo no kasae wɔ telefon so bisaa no nea onim wɔ Yehowa Adansefo ho ankasa. Ɔkae sɛ onnim wɔn ho nsɛm pii na mmom, wate sɛ wɔreyɛ adwuma denneennen wɔ aman afoforo so nso, na ɔno ankasa hyiaa wɔn wɔ Canada ne Germany. Mibisaa no sɛ ebia onim nea wɔde yɛɛ wɔn wɔ Germany anaa. Sukuu sohwɛfo no buae sɛ: ‘Minnim, na mempɛ sɛ mihu nso.’

“Ebia Hugim Ntoaso Sukuu no wɔ nhomakorabea, na ebia wɔwɔ The Encyclopedia of the Holocaust a Israel Gutman yɛ ne samufo no bi wɔ wɔn nhomakorabea hɔ. Sɛ wonni bi a, ɛsɛ sɛ wɔtɔ bi. Sukuu sohwɛfo no behu wɔ asɛmti ‘Bible Asuafo Mmɔdenbɔfo’ ase sɛ Nasifo de Yehowa Adansefo guu nneduaban mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena