Wiase Nsɛm
Okyinnsoromma a Ɛda Nsow
Nyansahufo fi bere tenten asusuw ho sɛ ebetumi aba sɛ abɔde a nkwa wom bi te okyinnsoromma afoforo so. Wɔfaa no sɛ ɛsɛ sɛ tebea horow a ɛma yetumi tra nkwa mu wɔ asase so no bi wɔ baabi foforo nso wɔ nsoromma akuw ɔpepepehaha pii a ɛwɔ amansan yi mu no so. Nanso, France kasa mu nsɛmma nhoma Le Nouvel Observateur ka sɛ, ada adi kɛse nnɛ sɛ “anwonwade pii kɛkɛ sisii bere koro mu ansa na onipa reba asase so,” na amansan no ne asase no ankasa ho nneɛma a wɔahu no nnansa yi no “ama hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ nsɛm a ɛtete saa ara betumi asisi wɔ baabi foforo, a na hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ebesi no sua dedaw no so atew kɛse.” Bere a nsɛmma nhoma no reka sɛnea ɛbɛyɛ den sɛ tebea horow a ɛtete saa betumi aba okyinnsoromma foforo so ho asɛm no, ɛka sɛ nyansahufo wɔ awerɛhyem sɛ anyɛ yiye koraa no, abɔde a nkwa wom wɔ okyinnsoromma biako so—yɛn de yi.
Television na Ɛka Nokware Anaa Atesɛm Nkrataa?
Ahotoso a nnipa wɔ wɔ television so amanneɛbɔ ahorow mu wɔ Australia no rebrɛ ase ma nea wɔwɔ wɔ atesɛm nkrataa mu no rekɔ soro. Sɛnea nsɛm amanneɛbɔ ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a wotintim baa The Australian mu kyerɛ no, “television agyae nokwasɛm a wotumi de ho to so na ennyina afã biara no ka de asesa ‘nsɛmɔdɛ.’” Sɛ nhwɛso no, wɔde video mfonini dedaw hyehyɛ TV so amanneɛbɔ ahorow bi mu na ama nkurɔfo ani agye asɛm bi ho kɛse. Wɔ amanneɛbɔ 500 a wɔhwehwɛɛ mu no mu no, ɛdaa adi sɛ wɔde video mfonini dedaw dii dwuma wɔ emu 260 mu. Sɛ mfonini dedaw bi wɔ TV so amanneɛbɔ bi mu a, nkurɔfo taa hwɛ kwan sɛ wɔbɛkyerɛ, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wɔyɛ saa. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Nhwehwɛmu a Ray Morgan Nhwehwɛmubea yɛe no . . . da no adi sɛ nnipa dodow a na wogye di sɛ television so amanneɛbɔ ye sen biara wɔ ‘nsɛm a ɛyɛ nokware na wotumi de ho to so mu’ no so tewee bɛboro ɔha biara mu nkyem 12, ma efii ɔha biara mu nkyem 53.7 wɔ 1986 mu baa ɔha biara mu nkyem 41.5” wɔ 1993 mu.
Ɛyɛ Ɔwofo ne Abofra Ntam Abusuabɔ?
Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma di nsɛm te sɛ atipɛnfo anaa? Ɔkyerɛkyerɛfo Lisandre Maria Castello Branco a ɔwɔ São Paulo Sukuupɔn mu ka wɔ Brazil atesɛm krataa O Estado de S. Paulo mu sɛ: “Awofo ne wɔn mma nyɛ pɛ da, na ɛsɛ sɛ wɔma eyi mu da hɔ pefee. . . . Sɛ abofra no nhu tumidi no a, ɔbɛyɛ obi a wɔagyaw no, ayisaa bi. Abofra hwɛ kwan bere nyinaa sɛ n’awofo bedi wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn.”
Oprehyɛn a Wɔyɛ Yi Mmofra Fi Yafunu mu Redɔɔso
Rome atesɛm krataa Il Messaggero bɔ amanneɛ sɛ: “Mmea nnuruyɛfo ɔpedu bɔ Italy sobo sɛ: wɔyɛ oprehyɛn yi mmofra fi yafunu mu dodo.” Ɛdefa oprehyɛn a wɔyɛ yi mmofra fi yafunu mu dodow ho no, Italy na edi kan wɔ Europa, na ɛto so abiɛsa wɔ wiase nyinaa, a United States ne Brazil na edi anim. Efi 1980 no, oprehyɛn a wɔyɛ yi mmofra fi yafunu mu dodow abu abɔ ho wɔ Italy; seesei aka kakra na mmofra 4 biara mu 1 yɛ wɔn a wɔnam oprehyɛn so yi no. Dɛn nti na akɔ soro? Sɛnea Il Messaggero kyerɛ no, sɛ aduruyɛ ho nsɛm da nkyɛn a, nneɛma abien nti na ɛma no ba saa: Mmea pɛ sɛ wɔkwati awo a ɛyɛ yaw, na esiane sɛ nnuruyɛfo suro sɛ nkurɔfo de wɔn bɛkɔ asennibea nti, wɔn ani gye akwan a asiane nnim kɛse ho. Nanso, ɛwom sɛ wɔabu oprehyɛn a wɔyɛ yi mmofra sɛ asiane nnim de, nanso nnuruyɛfo pii gye di sɛ wɔtaa fa saa kwan no so dodo, na mpɛn pii no, ntease nnim. Carlo Signorelli a ɔwɔ La Sapienza Sukuupɔn a ɛwɔ Rome kae sɛ: “Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea oprehyɛn a wɔyɛ yi mmofra fi yafunu mu ne owu a ɛba wɔ awo akyi nni abusuabɔ biara.” Na Luciano Movicelli a ɔwɔ S. Orsola Ayaresabea a ɛwɔ Bologna, kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ woyi adwene a ɛne sɛ oprehyɛn a wɔyɛ yi mmofra fi yafunu mu no kyerɛ ahobammɔ kɛse no fi hɔ efisɛ ɛnyɛ nokware koraa.”
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛma Wɔn Anim Aba Nyam
Sɛ Japanni barima nni abusuafo ne nnamfo a wɔdɔɔso a obetumi de wɔn akyerɛ wɔ ayeforohyia ne ayi ase ma n’anim aba nyam a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Mmuae no ne sɛ: Ɛsɛ sɛ ɔfa nnipa tua wɔn ka. Mpɛn pii no, ayeforo ne ayeforo kunu no bɔ mmɔden sɛ nnipa a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn no dodow bɛyɛ pɛ. Nanso sɛ akuw abien no dodow nyɛ pɛ anaasɛ abien no mu biara sua dodo sɛ ɛbɛma wɔn anim aba nyam a, ayeforo no anaa ayeforo kunu no betumi akɔfa benriya, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “nkurɔfo a wɔn ho hia” atua wɔn ka a obiara nhu. Ɛkame ayɛ sɛ benriya no yɛ nnwuma nketenkete nyinaa bi, a ebi ne abusuafo ne nnamfo a wogyina wɔn ananmu. Ɛdefa ayi ho no, wɔmfa wɔn sɛ wommesu nnye sika, na mmom wɔfa wɔn ma wobesi nkurɔfo ananmu sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ́ nhwɛso no, afipamfo renhu sɛ nea wawu no adwuma mufo remma ase. Mainichi Daily News bɔ amanneɛ sɛ benriya adwumakuw bi wura kae sɛ nnipa 100 a na wɔwɔ adwumakuw panyin bi ayi a ɔkɔɔ bi ase no mu bɛyɛ 60 yɛ benriya. Ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ abusua no faa benriya nnwumakuw 3 anaa 4.”
Nea Ɛma Wɔpɛ Akyerɛkyerɛfo Asɛm?
Germany atesɛm krataa Nassauische Neue Presse bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛwom sɛ mmofra pii taa nwiinwii wɔ sukuu ho de, nanso wɔn mu dodow no ara da so ara wɔ akyerɛkyerɛfo a wɔpɛ wɔn asɛm.” Nokwarem no, mmeawa ɔha biara mu 91 ne mmarimaa ɔha biara mu 83 wɔ akyerɛkyerɛfo a wɔpɛ wɔn asɛm. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ sukuufo 2,080 a wɔadi fi mfe 7 kosi 16 mu de bɔɔ mmɔden hwehwɛɛ su horow a ɛma sukuufo pɛ akyerɛkyerɛfo asɛm. Ebia ɛbɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ “ɛnyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔmma wɔn fie nnwuma pii na wɔn mu pii pɛ n’asɛm.” Nea ɛho hia sen saa koraa ne sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nyɛ animhwɛ, otumi yi aseresɛm, na ɔma adesua yɛ anigye. Nea ɛka ho no, sukuufo ani sɔ akyerɛkyerɛfo a wotumi kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye, wodwo, na wɔwɔ ntease.
Mmofra a Wɔto Wɔn Sraha
Australia awofo pii gyaw mmofra nketewa wɔ fie a obiara nka wɔn ho sɛ wɔnhwɛ wɔn ho, bere a awofo no kɔ adwuma anaa wɔkɔyɛ nneɛma afoforo. Saa tebea bɔne yi ada adi titiriw fi bere a wɔyɛɛ telefon dwumadi a ɛma mmofra tumi ne aban mpanyimfo kasa tẽẽ no. Mprempren mmofra a wɔahaw bɛyɛ 35,000 frɛ wɔn dapɛn biara. Sɛnea The Sunday Telegraph a ɛwɔ Sydney kyerɛ no, telefon dwumadi no panyin ka sɛ: “Yenya mmofra pii a wɔwɔ ɔhaw a emu yɛ den mu—mmofra a wogyaw wɔn nkutoo a wonni aduan anaa wɔn awofo ato wɔn sraha.” Atesɛm krataa no kae sɛ: “[Eyi] yɛ mmaratode a etia ɛnnɛ abusua asetra sɛnea yenim sɛ ɛte no.” Nokwarem no, mmofra yi bi susua koraa; obiako a ɔfrɛɛ baabi a wɔn a wɔn ho akam frɛ yɛ abeawa bi a na wadi mfe anan a ehu aka no.
Yɛn Nwura Ka Biribi Kyerɛ Yɛn
Dɛn na yɛn nwura ka kyerɛ yɛn? Ɛkyerɛ yɛn asetra kwan a yedi akyi. Nwura da nea yedi ne nea yɛsɛe no adi. The Toronto Star kae sɛ: “Nnipa a akɛsesɛm nni wɔn asetra mu na wɔyɛ nneɛma koro bere nyinaa nyɛ nwura pii, efisɛ wɔtaa tɔ nea wohia nkutoo, na wodi nea wɔtɔ.” Nea ɛyɛ nwonwa no, Star de ka ho sɛ sɛ biribi ho yɛ nã a, “nnipa sɛe pii mmom sen bere a abebu so.” Dɛn nti na ɛte saa? Nkurɔfo de nneɛma sie. Wɔtɔ pii sen nea wohia, na wɔtow nea wɔmfa nni dwuma no gu. Sausage—sausage pii—ne aduan a wɔtaa tow gu aduan nwura mu sen biara. Nkrataa, nkrataa pii, titiriw nea wɔde tintim nhoma, ka nwura a wɔde yɛ asase yiye mu. Kɔmputa wiase a yɛwɔ mu no de nkrataa pii, ɛnyɛ kakraa bi, na aka yɛn nwura ho. Asɛm a yɛn nwura no ka kyerɛ yɛn ara ne sɛ yɛte wiase a wɔsɛe ade kɛse wom mu.
“Mfaso Nni” Nnuru a Ɛbɛma Obi Akwati AIDS Mu
Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no nhwehwɛmu ne nkɔso panyin, Ɔbenfo Piot, abɔ amanneɛ sɛ sikasɛm nti adufra adan pii agyae nhwehwɛmu a wɔreyɛ de anya aduru a ɛbɛbɔ obi ho ban na wannya AIDS no akyidi rehwehwɛ aduru a wɔde bɛsa wɔn a wɔanya AIDS yare mmom. Wɔbɔ amanneɛ sɛ adufra adan no suro sɛ sɛ wonya aduru a ebetumi abɔ obi ho ban yiye na wannya AIDS a, aban bɛhyɛ wɔn ma wɔde aduru no ama amanfo a wonnya mfaso mfi mu papa.
Awofo Akwankyerɛ Ho Hia
Sɛ mmofra nam kɔmputa so ne afoforo di nkitaho a, wɔtaa nya nna ho nsɛm a wɔakatakata so pii ne nna ho nsɛm a wɔde to wɔn anim pefee. Wotumi ne wɔn a wɔkanyan nna ho akɔnnɔ ne mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho da di nkitaho. Wobetumi asua sɛnea wɔyɛ atopae, sɛnea wowia sikakorabea sika, ne sɛnea wobewia wɔn ho akɔ kɔmputa dwumadi afoforo mu na wɔadi nsɛmmɔne. Kɔmputa so agodie binom tumi twetwe mmofra kɔ tebea a ɛma wɔn adwene fi wɔn ho so koraa mu, na ɛka wɔn mu bi hɔ. The Washington Post National Weekly Edition kyerɛ sɛ ebinom ka sɛ “ano aduru gyina adwuma a ɛyɛ den sen biara no so: ɔbra pa a wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn.”
Ɔwo Bere a Wadi 62
Italiani bea bi woe bere a na wadi mfe 62. Ɛna no ne abofra no, abarimaa a ne mu duru yɛ kilogram 3 ne gram 270, no ho ye. Nkamfo a wonyae wɔ adeyɛ a ɛyɛ anigye no ho akyi no, asɛm no maa huhuhuhu nso sɔree wɔ abrabɔ ho nsɛm mu. Dɛn ntia? Wɔde ɔbarima bi ho nsu hyɛɛ ɔbea no awode mu na ɔde nyinsɛnee. Ɔbenfo Severino Antinori, mmea duruyɛfo a ogyee awo no kae sɛ: “Minim sɛ asɛm yi de nsɛm pii bɛba, nanso ɛsɛ sɛ wobu no sɛ ɛyɛ biribi a wɔyɛe wɔ tebea a wontumi nyɛ ho hwee mu.”