Wiase Nsɛm
Eye Sen Nea Nnipa De Wɔn Ho Gyee Mu
The Daily Telegraph bɔ amanneɛ sɛ, ahum bi tutuu nnua ɔpepem 15 gui wɔ England wɔ 1987 mu mfe du akyi no, wohui sɛ kwae mu mmeae a nnipa amfa wɔn nsa anka no mu nnua san nyinyin yɛɛ fɛfɛɛfɛ sen biara. Hann duu asase a ɛso nnua tutu gui no so kɛse. Eyi maa ɛhɔ nnuforo ne nwura nyinyin duu bɛyɛ anammɔn 20, na na nkoekoemmoa, nnomaa, ne afifide ahorow nso abu so wɔ hɔ. Odum ne yew nnua a etutu gui no pii amporɔw sɛnea na wɔhwɛ kwan no, na afei ne ntaboo a wɔahyɛ no aduru no bo a ɛsom no abu abɔ ho abiɛsa. Abɔde ho bammɔfo Peter Raine ka sɛ: “[Nnipa] a wɔde adwempa yɛɛ sɛ wobesiesie asase no so no sɛee ade kɛse sen ahum no ankasa. Ahopere so na woduaduaa nnua no mu pii wɔ ɔkwan a ɛmfata so wɔ saa otwabere no, na ewuwui.”
Adwuma, Ahoyeraw, ne Komayare
Frankfurter Rundschau bɔ amanneɛ sɛ, sɛ yeyi sigaretnom to nkyɛn a, adwumam ahoyeraw ne ade titiriw a ɛto so abien a ɛde komayare ba. Bere a Ɔman Asuae a Ɛhwɛ Nnwumam Ahobammɔ ne Akwahosan So a ɛwɔ Berlin, Germany, rebɔ asɛm no mua no, ɛka sɛ: “Wɔn a wɔwɔ asiane mu kɛse ne adwumayɛfo a wonni hokwan pii a wɔde sisi gyinae na wɔyɛ adwuma koro daa no. Na sɛ nneɛma hyɛ wɔn so wɔ wɔn ahomegye bere mu, sɛ ebia wɔresi wɔn ankasa fie, anaasɛ wɔrehwɛ obusuani bi a ɔyare a, ɛnde asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi anya komayare no bɛyɛ mmɔho akron.” Onimdefo bi hyɛ nkuran sɛ wɔmma adwumayɛfo kwan pii ma wɔmfa nsisi gyinae. “Gyinae biako pɛ a obi besi wɔ ne mfɛfo adwumayɛfo nyinaa mu wɔ adwumayɛbea bi ɔsram biako mu no betumi ama nneɛma ayɛ yiye.”
‘Afiri a Wɔde Twa Kwan a Eye Sen Biara Wɔ Wiase’
The Island, a ɛwɔ Colombo, Sri Lanka, bɔ amanneɛ sɛ, sɛ woretwa kwan a ennu kilomita 8 wɔ kurow kɛse mu a, sakre betumi akɔ ntɛm asen kar. Amanaman ntam ahyehyɛde a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so kuw a wɔfrɛ no Asase Nnamfo no frɛ sakre “afiri a wɔde twa kwan a eye sen biara wɔ Asase so.” Wɔka wɔ amanneɛbɔ no mu sɛ, wobetumi de sakre atwa kilomita 2,400 a wɔnsɛe mframa, na ahoɔden a wonya fi aduan mu a wɔde twa kwan a ɛte saa no ne pɛtro galɔn biako mu ahoɔden yɛ pɛ. Ɛde ka ho sɛ, sakreka boa obi akwahosan nso.
Asisifo Abu So
Nhwehwɛmu bi a Rome La Sapienza Sukuupɔn yɛe da no adi sɛ wosisi sukuufo wɔ akwan horow so a nea ɛka ho bi ne atɛnnidi, ayayade, korɔn nketenkete, ntua, ne ahunahuna. Wohuu nneyɛe bɔne yi wɔ Rome titiriw, baabi a wɔasisi mmarimaa ne mmeawa nyinaa mu bɛboro ɔha biara 50 wɔ asram abiɛsa mu no. La Repubblica a ɛyɛ Italy atesɛm krataa no kae sɛ, nhwehwɛmufo Anna Costanza Baldry, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mmeawa pii a wɔne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri no kaa ahoguan a emu yɛ den a wɔde baa wɔn so a wɔmmɔɔ so, esiane ehu ne . . . afei bu a wobu nneyɛe ahorow bi sɛ nea asɛm biara nni ho nti.”
Ɛnyɛ mmofra nkutoo na wosisi wɔn. The Irish Times bɔ amanneɛ sɛ wosisi mpanyimfo pii wɔ wɔn adwumayɛbea, na wɔn adwumam mpanyimfo titiriw na wɔyɛ saa. Ɛkae sɛ: “Atɛnnidi, nkurɔfo adwuma a wɔkasa tia, ne wɔn ho nsɛnkeka yɛ akwan a adwumam asisifo taa de di dwuma. Animtiaabu ne adwuma a obi ntumi nyɛ a wɔde hyɛ ne nsa nso abu so.” Times ka sɛ, nsisi de adwenem basaayɛ na ɛba, na nea ɛka ho bi ne “dadwen, abufufa, adwenemhaw, nsusuwii hunu, adwennwen, ahotoso a wonni, obu a obi nni mma ne ho, ne twe a obi twe ne ho fi afoforo ho.” Wɔ nsɛm bi a ɛkɔ akyiri mu no, saa nsisi yi tumi bɔ obi yare anaa ɛma okum ne ho mpo.
Oprehyɛn a Wɔyɛ Yi Mmofra Anaa Awo Ankasa?
Brazil nnuruyɛfo ne ɛnanom ani taa gye oprehyɛn a wɔyɛ yi mmofra ho sen awo ankasa. Veja nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ oduruyɛfo no hu sɛ “otumi gye awo pii, na otumi nya sika pii wɔ n’adwumam, na ne dapɛn awiei mmɔ no.” Ɛnanom “mpɛ sɛ wɔn ankasa bɛwo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati ɛyaw (nanso, ɛyaw pii wɔ oprehyɛn a wɔyɛ yi abofra no akyi), na wogye di sɛ saa kwan yi ma wɔn ho yɛ fɛ (nanso ɛnte saa).” Wɔ aban ayaresabea ahorow mu no, awo a wogye wɔ hɔ no nyinaa abiɛsa biara mu biako yɛ oprehyɛn, na wɔ ankorankoro ayaresabea bi mu de, ɛkɔ anim kodu ɔha biara mu 80. Oduruyɛfo João Luiz Carvalho Pinto e Silva, a ɔyɛ Campinas Sukuupɔn mu beae a wosua awo ho nsɛm so panyin no ka sɛ: “Awogye abɛyɛ aguadi. Nkurɔfo werɛ taa fi sɛ nea ɛnte sɛ awo ankasa no, yafunu mu a wɔpae yi abofra no yɛ oprehyɛn. Wɔhwere mogya kɛse, wonnyan ntɛm, na hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi anya yare bi no yɛ kɛse.” Veja ka sɛ, sɛnea oduruyɛfo no kyerɛ no, “tebea horow abiɛsa pɛ mu na ɛsɛ sɛ wɔyɛ oprehyɛn yi mmofra: bere a ɛna no anaa abofra no nkwa da asiane mu, bere a awo nka ɛna no, anaa bere a ohyia nyinsɛn mu haw mpofirim.”
Nyamesom mu Ahofama so Atew Wɔ Greece
Athens atesɛm krataa Ta Nea tintim nyamesom mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi te sɛ nea wɔyɛe wɔ 1963 mu no ho asɛm wɔ Greece. Nea efii mu bae da no adi sɛ nyamesom mu ahofama so atew wɔ saa man no mu. Bere bi a atwam no, nnipa ɔha biara mu 66 kae sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔkɔ asɔre mpɛn abien anaa abiɛsa ɔsram biara, na sɛ wɔde toto nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi ara ho a, wɔn a wɔkɔ no nnu ɔha biara mu 30. Reuters nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma no ka sɛ, mpanyimfo bɛboro 965 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ Athens kurom ankasa no baasa biara mu baanu kae sɛ ɔmanfo no nnya asɔre no so mfaso “ahe biara” anaasɛ wonnya so mfaso “koraa.” Bere a Greeceni nhwehwɛmufo a wobu no, Elias Nikolakopoulos, rekyerɛw n’asɛm wɔ Ta Nea mu no, ɔkaa “sɛnea Greecefo de nkakrankakra reyɛ anibiannaso wɔ nyamesom ho,” na osii so dua sɛ ɛnnɛ nkurɔfo rehwɛ “wɔn ho yiye repo” asɔre wɔ Greece.
Fa Wo Nkrataa Hunu Gugu Tomatos Ase
Dɛn na amenae adwuma betumi de nkrataa hunu tɔn 500 a wonhu ne wuranom a wɔn nsa ka ɔsram biara a nea ɛka ho bi ne nkrataa a nneɛma ho mfonini wom ne nkrataa foforo a wɔde bɔ aguade ho dawuru no bɛyɛ? Dallas-Fort Worth, Texas, amenae adwuma no afi ase de pii kɔ ma wɔde yɛ ɔyɛ-asase-yiye. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, wɔde ɔyɛ-asase-yiye no dua tomatos ne nhwiren, na nea afi mu aba no hyɛ nkuran yiye. Wɔde nsa nyinyanyinya ne nsa dɔkɔdɔkɔ ase na ɛma mmoawammoawa a wɔdan nkrataa hunu a wɔayam ma ɛyɛ ɔyɛ-asase-yiye no. Asikre wɔ nsa ne anonne no mu, na ɛma mmoawammoawa no nyinyin yiye. Joel Simpson, a ɔyɛ adwumayɛkuw a wɔyɛ ɔyɛ-asase-yiye a wɔreyɛ nhwehwɛmu no titrani abadiakyiri no ka sɛ: “Nneɛma a ɛma yɛyɛ kɛse no ara na ɛma mmoawammoawa no nso yɛ kɛse na ɛma wɔn ani gye.”
Mmoa Ma Wɔn a Wɔwɔ Honam Ani Nyarewa
The Irish Times bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa pii a wɔwɔ honam ani nyarewa nhwehwɛ ayaresa esiane fɛre nti, na wotumi hu amane a wɔnka” mfe pii. Bere a Oduruyɛfo Gillian Murphy reka wɔn tebea no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mewɔ ayarefo bi a wɔyare ɔwe, a sɛ woyi wɔn ntade a wɔn honam nkonkonene huanhuan gu, na wɔte nka sɛ wɔn ho ntew koraa, na ɛyɛ wɔn aniwu araa ma enti wɔntra ahɔhodan mu anaasɛ wɔnkɔyɛ wɔn ti.” Bill Cunliffe, a ɔyɛ honam ani nyarewa ho ɔbenfo wɔ Leeds Sukuupɔn mu de ka ho sɛ: “Nsawanini ka nipadua ne adwene. Wɔkyerɛ sɛ ɛho ntew na ɛyɛ nsanyare. Sɛ nnipa baanu a wɔn nyinaa mmɔdenbɔ yɛ pɛ kɔhwehwɛ adwuma a, wɔbɛfa nea nsawanini nni ne ho no.” Cunliffe ka sɛ ɔwɔ ayarefo bi a nsawanini a ɛwɔ wɔn ho no ama wɔn adwene atu afra araa ma wɔabɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho. Nhyiam bi a nnuruyɛfo a wɔwɔ Europa Asuae a Wɔhwɛ Honam Ani Nyarewa ne Nyarewa a Wonya Fi Nna Mu yɛe nnansa yi wɔ Dublin, Ireland, no sii hia a ehia sɛ wɔhwehwɛ ayaresa ntɛm so dua. Oduruyɛfo biako kae sɛ: “Ɛyɛ ɔhaw kɛse ma nnipa bi, nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ɛho aduru a etu mpɔn wɔ hɔ.”
Ɔwofo Kasa—So Ɛsen Nnyigyei a Ɛyɛ Dɛ?
Nyansahufo bi ka sɛ, ebia awofo a wɔworo nsɛm kyerɛ wɔn mma wɔ agodie kwan so no reyi nea ɛsen ɔdɔ kɛkɛ adi na akyerɛ wɔn. Patricia Kuhl, a ɔwɔ Washington Sukuupɔn mu ne ne mfɛfo adwumayɛfo suaa nsɛm a wɔka kyerɛ mmofra wɔ kasa horow abiɛsa mu—Russia, Sweden, ne Engiresi. Ɛte sɛ nea ɛnyɛ twetwe nko na awofo kasa a wogugu mu no twetwe wɔn ba no adwene na mmom ɛno so nso na abofra no gyina sua saa kasa no. Science nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Bere a mmofra bedi asram 6 no, na wɔasua sɛnea wɔkyekyɛ ɛnne nnyigyei mu, na wɔde wɔn adwene si nea mfaso wɔ so wɔ wɔn kasa a wɔka mu te sɛ nsonsonoe a ɛwɔ ‘ee’ ne ‘aa’ mu, na woyi wɔn adwene fi nnyigyei ahorow a mfaso nni so no so.”