Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 9/8 kr. 13-15
  • Nsisi—Nea Ɛde Ba no Bi ne Ɔhaw a Ɛwom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsisi—Nea Ɛde Ba no Bi ne Ɔhaw a Ɛwom
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ɛde Nsisi Ba?
  • Honam ne Nkate Fam Haw
  • Nkɛntɛnso a Ɛwɔ Wɔ Abusua no So
  • Nsisi Ma Wɔbɔ Ka
  • Nsisi—Wiase Nyinaa Haw
    Nyan!—2003
  • Nsisi a Yɛbɛde Yɛn Ho Afi Ho
    Nyan!—2003
  • Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 9/8 kr. 13-15

Nsisi—Nea Ɛde Ba no Bi ne Ɔhaw a Ɛwom

DƐN na ɛma abofra bi fi ase sisi afoforo? Sɛ obi asisi wo pɛn a, ebia ɛbɛka wo ma woaka sɛ, “ɛno mfa me ho! Wonni anoyi biara wɔ suban a ɛte saa no ho.” Ebia ɛte saa. Nanso nsonsonoe kɛse wɔ hu a wobehu nea enti a abofra bi abɛyɛ osisifo no ne anoyi a wɔde ma wɔ ho no ntam. Nea enti a abofra bi bɛyɛ osisifo no mma onnya anoyi wɔ ne subammɔne no ho, nanso ebia ɛbɛma yɛanya ne nneyɛe no mu nhumu. Na saa nhumu no so betumi aba mfaso kɛse. Ɔkwan bɛn so?

Tete abebusɛm bi ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” (Mmebusɛm 19:11) Abufuw a yebenya wɔ osisifo no nneyɛe ho no mma yemmu atɛmpa, na ɛbɛma yɛn abam abu na mpo yɛatan no. Nanso nhumu a yebenya wɔ ne nneyɛe no ho betumi abrɛ yɛn abufuw ase. Ɛno nso bɛma yɛahu mmoa a ɛsɛ sɛ yɛde ma no no yiye. Enti ma yensusuw nneɛma a ɛde saa subammɔne no ba no bi ho.

Dɛn na Ɛde Nsisi Ba?

Mpɛn pii no awofo nhwɛso bɔne anaa to a wɔto mmofra asaworam no sɛe osisifo no fi ne mmofraberem. Asisifo pii fi afie a awofo no nni tema anaa wɔnka mmɛn nnipa, anaa wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ wɔmfa patapaa ne akakabensɛm so nni ɔhaw ahorow ho dwuma mu. Mmofra a wɔtete wɔn saa mmeae no nhu sɛ afoforo a wodidi wɔn atɛm anaa boro a wɔboro wɔn no yɛ nsisi; wobesusuw mpo sɛ wɔn nneyɛe no ho nni asɛm na wogye tom.

Abeawa bi a wadi mfe 16 a na ne maame kunu asisi no wɔ fie na mfɛfo sukuufo nso ayɛ no saa ara wɔ sukuu mu no ka sɛ ɔno nso bɛdanee osisifo wɔ ne sukuu afe a ɛtɔ so ason mu. Ɔka sɛ: “Ne titiriw no na abufuw ahyɛ me ma; na midwoodwoo obiara ɛmfa ho sɛ nea ɔte. Ɛyaw nka a wote wɔ nkɛntɛnso kɛse. Bere a wudi yaw no, wopɛ sɛ wo nso wode ma obi foforo.” Ɛwom sɛ ebia adwoodwoo a ɛte saa no nyɛ ɔkwan a mmea asisifo fa so de, nanso abufuw a ɛwɔ akyi no ma wɔyɛ saa.a

Sukuu dodow no ara wɔ sukuufo pii a wofi mmusua ahorow mu, a wɔtetee wɔn wɔ akwan a ɛsonsonoe koraa so. Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra binom yɛ keka efisɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔn wɔ fie sɛ afoforo a wobepoopoo wɔn na wɔadidi wɔn atɛm no ne ɔkwan a ɛsen biara a wobetumi afa so ama wɔn nsa aka nea wɔpɛ.

Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, ɛte sɛ nea saa ɔkwan a wɔfa so no tumi yɛ adwuma. Shelley Hymel a ɔyɛ sukuu panyin a ɔde afotu ne nteɛso ma sukuufo no abadiakyiri wɔ British Columbia Sukuupɔn mu wɔ Canada no de mfe aduonu ayɛ nhwehwɛmu wɔ mmofra suban mu. Ɔka sɛ: “Yɛanya mmofra bi a wɔrehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔn nsa aka nea wɔpɛ, na nea ɛyɛ yaw no, nsisi na efi mu ba. Wɔn nsa ka nea wɔpɛ—wonya tumi, ne gyinabea ne edin.”

Ade foforo a ɛma nsisi nya nkɔso ne ɔhwɛ ase a wonni no. Nnipa a wosisi wɔn no mu pii te nka sɛ wonni baabi a wɔbɛkɔ akogye mmoa—nokwasɛm a ɛhaw adwene no ne sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a na ɛte saa. Debra Pepler, a ɔyɛ ɔkwankyerɛfo wɔ LaMarsh Asoɛe a Wɔyɛ Nhwehwɛmu Wɔ Basabasayɛ Ho na Wosiesie Ntawntawdi wɔ Toronto York Sukuupɔn mu no, de n’ani too fam yiye hwɛɛ sukuufo a wɔwɔ sukuu mu no na ohui sɛ nsisi a ɛkɔ so no mu ɔha biara mu 4 pɛ na akyerɛkyerɛfo no tumi hu siw ano.

Nanso, Ɔbenfo Pepler gye di sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ biribi de siw ano. Ɔka sɛ: “Mmofra ankasa ntumi nni ɔhaw no ho dwuma efisɛ ehia ahoɔden, na bere biara a osisifo bi bedwoodwoo obi no, ɔde ahoɔden na ɛyɛ saa.”

Ɛnde dɛn nti na wɔnka nsisi a ɛkɔ so no pii ho asɛm? Efisɛ wɔn a wosisi wɔn no nim sɛ sɛ wɔka ɔhaw no ho asɛm a, ɛbɛyɛ kɛse mmom. Enti, wɔ akwan bi so no, mmofra pii no ara na wɔde ayamhyehye kɔ sukuu wie a wɔnte ahobammɔ nka. Ɔhaw bɛn na efi eyi yɛ mu ba?

Honam ne Nkate Fam Haw

Amanneɛbɔ bi a efi Ɔman Fekuw a Ɛkyerɛkyerɛ Adwene ne Nneyɛe Ho Nimdeɛ wɔ United States no ka sɛ da biara da mmofra bɛboro 160,000 na wɔto sukuu mu esiane sɛ wosuro sɛ wobesisi wɔn nti. Ebia wɔn a wosisi wɔn no begyae sukuu anaa adesuakuw pɔtee bi anaa sukuu dwumadi bi ho asɛm ka. Ebia da biara wɔbɛka akyi wɔ sukuu kɔ mu anaa wɔrenkɔ sukuu anaa mpo wɔbɛpɛ biribi ayi wɔn ho ano agyae sukuu koraa.

Yɛbɛyɛ dɛn ahu mmofra a wɔresisi wɔn no? Wiɛ, ebia wɔbɛyɛ wɔn anim kusuu, wɔn bo befuw, wɔbɛhaw, anaa wɔbɛyɛ te sɛ nea wɔabrɛ na wɔayɛ ankonam. Ebia wɔde wɔn anibere bɛsoɛ wɔn a wɔwɔ fie anaa atipɛnfo ne nnamfonom so. Wɔn a wogyina nkyɛn hwɛ nsisi no a wɔmfa wɔn ho nhyem no nso te ɔhaw nka. Tebea no ma ehu ka wɔn, na ɛmma wontumi nsua ade.

Nanso, Pediatrics in Review nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɔhaw a ɛsen biara a efi nsisi mu ba ma wɔn a wosisi wɔn ne ɔmanfo ne basabasayɛ, a nea ɛka ho bi ne obi ho a okum ne awudi. Te a mmofra a wosisi wɔn te nka sɛ wonni tumi no betumi ayɛ kɛse araa ma wɔadi wɔn ho dɔm anaa wɔadi awu atua ka.”

Oduruyɛfo Ed Adlaf, a ɔyɛ nyansahu mu nhwehwɛmufo ne ɔbenfo wɔ ɔmanfo akwahosan ho nyansahu mu wɔ Toronto Sukuupɔn mu no, ka sɛ “ɛda adi sɛ wɔn a wosisi wɔn no betumi ahyia nkate fam nsɛnnennen ɛnnɛ ne daakye.” Wɔ 2001 sukuu afe no mu no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ sukuufo bɛboro 225,000 mu wɔ Ontario, na na wɔn mu baanan anaa baasa biara mu biako na wɔde wɔn ho ahyɛ nsisi mu wɔ ɔkwan bi so, sɛ́ wɔn a afoforo sisi wɔn anaa wɔn a wosisi afoforo. Wɔ saa kuw no ara mu no, na 10 biara mu 1 asusuw ho anibere so sɛ obekum ne ho.

Sɛ wɔtaa sisi obi a, ɛmma onii no nnya n’ankasa mu ahotoso, ohyia akwahosan ho nsɛnnennen, na mpo ɛsɛe ne daakye. Ebia wɔn a wosisi wɔn no bɛte tipae, kɔdaanna, dadwen ne adwenemhaw nka. Ebinom mpo hyia amanehunu akyi dadwen. Bere a ɔhaw a ɛda adi betumi ama afoforo ada tema adi aboa nea wɔasisi no no, ebia ɛremma saa wɔ nkate fam haw ho. Wontumi nhu ɔhaw no. Enti sɛ anka wobenya tema ama no mmom no, abusuafo ne nnamfo no bɛte nka sɛ nea wɔasisi no no de ne nkurobɔ no reguan wɔn ho.

Nsisi nya asisifo no ankasa nso so nkɛntɛnso bɔne. Sɛ wɔannyae nsisi wɔ mmofraberem a, sɛnea ɛte biara no wobenyin abesisi afoforo wɔ adwumam. Nokwarem no, nhwehwɛmu bi da no adi sɛ wɔn a na wɔyɛ asisifo wɔ mmofraberem no benyaa suban bi a wɔde nyinii. Ɛda adi sɛ wonyaa adanse a ɛkyerɛ nso sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo sen wɔn a na wɔnyɛ asisifo no.

Nkɛntɛnso a Ɛwɔ Wɔ Abusua no So

Adwumam nsisi ka ahotɔ ne dwoodwoo asetra a ɛwɔ abusua mu no. Ebetumi akanyan nea wɔde ani asi no so no, anaa nea wɔasisi no no wɔ ɔkwan nwonwaso bi so ma wapira n’adɔfo a ɔne wɔn wɔ fie. Bio nso, ebetumi aba sɛ nea wɔasisi no no aware mu hokafo anaa ne busuani begyina n’akyi ma ɔne osisifo no ako. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔwarefo bi bɛbɔ ne hokafo a wɔasisi no no sobo sɛ ɔno na ɔde ɔhaw no aba. Awarefo mpo a anka wɔtaa wɔn ahokafo akyi no pa abaw bere a nsisi ho nsɛm no kɔ so bere tenten a ennyae no. Bere kɔ so no, ebetumi aba sɛ abusua no mu bɛtetew.

Wɔ tebea ahorow bi mu no nea efi nsisi mu ba ne adwuma ne asetrade a wɔhwere, ntetewmu ne awaregyae, anaa mpo obi ho a okum. Wɔn a wosisi wɔn wɔ adwumam wɔ Australia no mu fã kosi abiɛsa biara mu abien bɔɔ amanneɛ sɛ enya nkɛntɛnso bɔne wɔ wɔn a wɔne wɔn bɔ abusua paa no so, te sɛ wɔn mpenafo, wɔn aware mu ahokafo, ne abusuafo.

Nsisi Ma Wɔbɔ Ka

Adwumam nsisi nso ma adwumawuranom hwere sika pii. Obi a osisi afoforo wɔ adwumam no betumi ayɛ adwumam panyin a ɔde ne tɛkrɛma twiri anaa yɔnko dwumayɛni bi a ɔbɔ pɔw bɔne, na ebetumi ayɛ ɔbea anaa ɔbarima. Saafo no hyɛ wɔn a wosisi wɔn no so, wɔtwe adwene si nsɛm nketenkete paa so, ka nsɛm a ɛmfata de brɛ afoforo ase, wɔkasa tia wɔn daa, na mpɛn pii no, wogu wɔn anim ase wɔ afoforo anim. Ɛntaa mma sɛ asisifo behu wɔn aniammɔnho no anaa wɔbɛpa wɔn nneyɛe no ho kyɛw. Mpɛn pii no wosisi adwumayɛfo a wɔyɛ nsi, wodi nokware, na wɔn mfɛfo adwumayɛfo pɛ wɔn asɛm no.

Adwumayɛfo a wosisi wɔn no nyere wɔn ho nyɛ adwuma yiye. Mfɛfo adwumayɛfo a wɔn ani tua nsisi no nso adwumayɛ ho ba asɛm. Nsisi betumi ama adwumayɛfo atwa wɔn adwumawura nkontompo anaa wɔatoto wɔn adwuma ase. Amanneɛbɔ bi ka sɛ nsisi bɔ mfiridwuma a ɛwɔ United Kingdom no ka bɛyɛ dɔla ɔpepepem abiɛsa afe biara. Na wɔka sɛ saa nneyɛe no de nyarewa a efi adwennwen no mu ɔha mu 30 na ɛba.

Ɛda adi pefee sɛ, nsisi nya ɔmanfo so nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa. Asɛmmisa no ne sɛ, So wobetumi ayɛ biribi de asiw ɔhaw no ano na wɔayi afi hɔ?

[Ase hɔ asɛm]

a Mmea nsisi taa yɛ pam a wɔpam obi fi wɔn adeyɛ mu anaa atesɛm mu a wɔtrɛw. Nanso, ɛte sɛ nea dodow no ara de wɔn ho rehyɛ ɔhwe mu nso.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Adwumam nsisi abu so baabiara

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Wɔn a wosisi wɔn daa no betumi abɛyɛ basaa na wɔayɛ ankonam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena