Nsisi—Wiase Nyinaa Haw
“Sɛ woba sukuu ɔkyena a, yebekum wo.”—Ɔbea bi a wammɔ ne din na ohunahunaa Canadani sukuuni bi a wɔfrɛ no Kristen saa wɔ telefon so.a
“Menyɛ obi a nsɛm hyɛ me so, nanso eduu bere bi no na mempɛ sɛ mɛkɔ sukuu. Me yam yɛɛ me yaw, na anɔpa biara sɛ mididi wie a, na mefe.”—Hiromi, sukuuni bi a wadu ne mpanyin afe so a ɔwɔ Japan no kaa ne suahu a onyae wɔ nsisi ho no.
SO WO ne osisifo bi adi nsɛm pɛn? Yɛn mu pii ne bi adi nsɛm pɛn wɔ mmere bi mu. Ebetumi ayɛ sukuu mu anaa adwumam, anaasɛ ebia esii wɔ fie mpo—baabi a nnansa yi tumi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so abu so no. Sɛ nhwɛso no, akontaabu bi a efi Britain ka sɛ bɛyɛ mpanyimfo ɔha mu 53 na wɔn aware mu ahokafo anaa wɔn mpenafo twa wɔn adapaa. Asisifo ne wɔn a wosisi wɔn no betumi ayɛ mmarima anaa mmea a wofi asetra mu gyinabea biara mu wɔ wiase no fã biara.b
Dɛn ne nsisi ankasa? Ɛne abufuw a wɔhyɛ obi anaasɛ tow a wɔtow hyɛ obi so no nyɛ ade koro. Ɛtaa fa nsɛm nketenkete a aboaboa ano bere tenten bi ho mmom sen asɛm biako anaa kakra bi a esi ho. Dan Olweus, a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo a ɔde nsisi ho nhwehwɛmu a wɔyɛ kɔ akyiri ho adwene bae no, da nneɛma bi a ɛka saa suban yi ho no adi, te sɛ ntɔkwaw a wɔhyɛ da kɔkã obi ne ahoɔden a osisifo no hu sɛ ɔwɔ bi sen afoforo no.
Ebia wontumi mfa nkyerɛase biako nnyina hɔ mma nsisi nyinaa, nanso wɔakyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔpɛ a obi nya ne boa a ɔboapa sɛ ɔde anidaho bɛhaw ɔfoforo na wagya no adwennwen.” Ɛnyɛ nea esi nko na ɛde adwennwen no ba na mmom ehu a onipa no nya wɔ nea ebetumi asi nso ho. Ɔkwan a wɔfa so no bi ne ebia obi ho fɛw a wodi no yayaayaw, kasa a wɔkasa tia no daa, atɛnnidi, nseku, ne nneɛma a ntease nnim a wɔhwehwɛ fi obi hɔ.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12 no.
Asisifo de wɔn ani sii Kristen a na wɔadu ne mpanyin afe so a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no so wɔ ne sukuu mfe dodow no ara mu. Wɔ ne mfitiase sukuu mu no, na asisifo no taa de kyingam tare ne ti nhwi mu, serew no wɔ sɛnea ne ho ayɛ no ho na wɔahunahuna no sɛ wɔbɛhwe no. Wɔ ntoaso sukuu mu no, nneɛma sɛe sen saa mpo—ekoduu baabi a wohunahunaa no telefon so sɛ wobekum no. Seesei ɔwɔ mfe 18, na ɔka sɛ: “Sukuu yɛ baabi a ɛsɛ sɛ wusua ade, na ɛnyɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔde owu hunahuna wo na wɔhwe wo.”
Adwenemyare ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ɛyɛ awerɛhow, nanso ayɛ nnipa ntam nkitahodi fã. Ebinom te nka sɛ wɔn ho tɔ wɔn bere a wobu afoforo animtiaa no.” Sɛ saa nneyɛe yi yɛ kɛse a, ebetumi akowie basabasayɛ a wɔde tua so ka anaa mpo asiane mu. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a na ne kasa mu ntew a na ɔyɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a wɔde nneɛma kɔ mmeaemmeae mu no mfɛfo adwumayɛfo dii ne ho fɛw sisii no ara ma awiei koraa no okum wɔn mu baanan, na ɔno nso bɔɔ ne ho tuo.
Nsisi Rekɔ So Wɔ Wiase Nyinaa
Nsisi a ɛkɔ so wɔ sukuufo mmofra ntam no wɔ wiase baabiara. Nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ Pediatrics in Review mu no daa no adi sɛ wɔ Norway no, mmofra ɔha biara mu 14 yɛ asisifo anaasɛ wɔn a wosisi wɔn. Wɔ Japan no, mfitiase sukuu mmofra ɔha biara mu 15 na wɔka sɛ wosisi wɔn, na wɔ Australia ne Spain no ɔha biara mu 17 na wosisi wɔn. Onimdefo bi a ɔwɔ Britain bu akontaa sɛ mmofra ɔpepem 1.3 na wɔde wɔn ho hyɛ nsisi mu.
Ɔbenfo Amos Rolider a ɔwɔ Emek Yizre’el Kɔlege mu no yɛɛ nhwehwɛmu wɔ sukuufo 2,972 mu wɔ sukuu ahorow 21 mu. Sɛnea The Jerusalem Post kyerɛ no, ɔbenfo no hui sɛ “mmofra no mu ɔha mu 65 yɛ wɔn a mfɛfo sukuufo bɔ wɔn sotɔre, de wɔn nan bobɔ wɔn, wopiapia wɔn anaasɛ wɔyɛ wɔn ayayade bi.”
Ade foforo a ɛnam anifere kwan so pira nkakrankakra ne nsisi a wɔnam mfiri so de ba—nsɛm a wɔde fa telefon a wokura kyin ne kɔmputa so de hunahuna nkurɔfo no. Wɔn a wɔadu wɔn mpanyin afe so no nso hyehyɛ beae bi wɔ Intanɛt so a wɔka nsɛm a ɔtan wom kyerɛ afoforo, a nea ɛka ho ne nsɛm a ɛfa wɔn ankasa ho. Sɛnea Ɔbenfo Wendy Craig a ɔwɔ Queen Sukuupɔn a ɛwɔ Canada mu kyerɛ no, saa nsisi yi “pira mmofra a wɔde yɛ wɔn no wɔ ɔkwan soronko so koraa.”
Wɔ Adwumam
Adwumam nsisi yɛ basabasayɛ biako a ɛma anwiinwii kɔ so kɛse wɔ adwumam. Nokwarem no, aman ahorow bi bɔ amanneɛ sɛ nsisi abu so paa sen mmusua mu nyiyim anaa nna a wɔde guan afoforo ho no. Afe biara, U.S. adwumayɛfo 5 biara mu 1 na wosisi wɔn.
Wɔ Britain no, amanneɛbɔ bi a Manchester Sukuupɔn Asoɛe a Wosua Nyansahu ne Mfiridwuma ho ade de too gua afe 2000 mu no kae sɛ adwumayɛfo 5,300 a wɔwɔ nnwumakuw ahorow 70 mu ɔha biara mu 47 bɔ amanneɛ sɛ wosisii wɔn wɔ mfe anum a na atwam no mu. Nhwehwɛmu bi a Europa Aman Nkabom yɛe wɔ 1996 a wɔde gyinaa nnipa 15,800 a wofi Europa aman 15 mu a wobisabisaa wɔn nsɛm so no daa no adi sɛ ɔha biara mu nkyem 8—bɛyɛ adwumayɛfo ɔpepem 12—na wɔbɔɔ wɔn apoo anaa wosisii wɔn.
Sɛ ɛyɛ sukuu mu nsisi anaasɛ adwuma mu de no, ɛte sɛ nea ne nyinaa wɔ nsɛdi bi no—wɔde tumi di dwuma pira afoforo anaa wɔde brɛ wɔn ase. Nanso, dɛn nti koraa na nkurɔfo sisi afoforo? Nkɛntɛnso bɛn na ɛwɔ? Na dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛasesa edin no bi.
b Ɛwom sɛ asɛm yi mu no, asɛmfua nsisi no fa “mmarima” titiriw ho de, nanso nnyinasosɛm no fa mmea asisifo nso ho.
[Adaka wɔ kratafa 12]
Nsisi Ahorow
◼ Ɔhwe a Wɔnam So Sisi: Eyi yɛ nsisi a ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu. Asisifo no da wɔn abufuw adi denam wɔn a wɔde wɔn ani asi wɔn so no a wɔbɔ wɔn, wosum wɔn hwe hɔ, anaa wotu wɔn nan wɔ wɔn no so—anaa denam wɔn a wosisi wɔn no agyapade a wɔsɛe no so.
◼ Ano a Wɔde Sisi: Wɔka nsɛm a epira na egu obi anim ase kyerɛ wɔn a wɔde wɔn ani asi wɔn so no, denam ebia edin a wɔn ani nnye ho a wɔde frɛ wɔn, atɛnnidi, anaa wɔn ho fɛw a wodi no yayaayaw bere nyinaa no so.
◼ Abusuabɔ Mu Nsisi: Wɔka atesɛm a ɛmfata fa wɔn a wɔde wɔn ani asi wɔn so no ho. Mmea asisifo titiriw na wɔde wɔn ho hyɛ saa nneyɛe yi mu.
◼ Nsisi a Wɔde Tua Nsisi So Ka: Eyinom ne wɔn a wosisi wɔn a wɔn nso bɛdan asisifo no. Nokwarem no, sisi a wosisi wɔn no nkyerɛ sɛ wɔn nso mmɛdan asisifo; ɛboa ma yehu nea enti a wɔabɛyɛ asisifo no kɛkɛ.
[Asɛm Fibea]
Fibea: Take Action Against Bullying, a Gesele Lajoie, Alyson McLellan, ne Cindi Seddon kyerɛwee