Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 12
  • Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne nsisi?
  • Adɛn nti na nkurɔfo sisi afoforo?
  • Henanom na nkurɔfo taa sisi wɔn?
  • Sɛ nkurɔfo sisi wo a, dɛn na wubetumi ayɛ?
  • Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Nsisi a Yɛbɛde Yɛn Ho Afi Ho
    Nyan!—2003
  • Nsisi—Nea Ɛde Ba no Bi ne Ɔhaw a Ɛwom
    Nyan!—2003
  • Nsisi—Wiase Nyinaa Haw
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 12

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?

  • Dɛn ne nsisi?

  • Adɛn nti na nkurɔfo sisi afoforo?

  • Henanom na nkurɔfo taa sisi wɔn?

  • Sɛ nkurɔfo sisi wo a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Afei nso, kenkan nyansahyɛ ahorow a efi w’atipɛnfo hɔ ne nea ɔkyerɛkyerɛni bi ka faa nsisi ho. Wuwie a, yɛ nsisi ho sɔhwɛ a ɛwɔ ase hɔ no.

Nsisi yɛ aniberesɛm. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Britain na ɛbɛdaa adi sɛ mmabun a wokum wɔn ho a wɔbɔɔ ho dawuru wɔ TV, radio ne intanɛt so no, wɔn mu 100 biara mu 40 de, nsisi ka ho bi pa ara na ɛma wɔyɛ saa.

Dɛn ne nsisi?

Nsisi nyɛ adwoodwoo ne ɔboro nko ara. Nea edidi so yi nso ka ho.

  • Atɛnnidi. Celine a wadi mfe 20 ka sɛ: “Mmaayewa ano betumi ayɛ yaw ankasa. Edin a na wɔde frɛ me anaa nsɛm a na wɔkeka kyerɛ me no de, me werɛ remfi da. Wɔma metee nka sɛ me so nni mfaso, me ho nhia na mensɛ hwee. Wɔboroo me mpo a anka eye.”

  • Bere a nkurɔfo ayi wo baako ahyɛ wo nsa. Haley a wadi mfe 18 ka sɛ: “Me sukuufo fii ase twee wɔn ho fii me ho. Sɛ edu awiabere na yɛrekodidi a, baabi a yɛtena didi no, wɔma ɛyɛ sɛ merennya kwan wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a merentumi ne wɔn ntena mmom nnidi. Ná me nko ara na metena didi, na na ɛma misu. Wɔyɛɛ saa afe baako.”

  • Bere a obi fa intanɛt so sɛe ne yɔnko din. Daniel a wadi mfe 14 ka sɛ: “Obi betumi atena kɔmputa akyi abɔ nsɛm kakraa bi de asɛe ne yɔnko din anaa ne daakye mpo. Anhwɛ a wobɛka sɛ merehããhãã m’ani aka, nanso ebetumi asi!” Nea ɛka ho bi nso ne mfoni anaa text message a egu obi anim ase a obi de bɛma afoforo.

Adɛn nti na nkurɔfo sisi afoforo?

Nea ɛma nkurɔfo sisi afoforo no bi ni.

  • Ebia na obi nso asisi wɔn pɛn. Aberante bi a ne din de Antonia ka sɛ: “M’atipɛnfo sisii me araa ma afei de na amee me, enti me nso misisii afoforo tuaa ka. Akyiri yi a m’ani baa me ho so no, mibehui sɛ nea meyɛe no nyɛ ade pa!”

  • Wosuasua nhwɛso bɔne. Nhoma kyerɛwfo Jay McGraw kyerɛwee sɛ: “Mpɛn pii no, mmabun a wosisi afoforo no, sɛnea wɔn awofo, wɔn nuanom mpanyimfo anaa wɔn abusuafo ne nkurɔfo di no, ɛno na wɔhwɛ sua.”​—Life Strategies for Dealing With Bullies.

  • Wɔyɛ wɔn ho kokotii nanso wɔyɛ ahufo. Nhoma kyerɛwfo Barbara Coloroso ka sɛ: “Mmofra a wosisi afoforo no, anhwɛ a wobɛka sɛ wonsuro obiara, nanso ɛnte saa. Wɔyɛ saa na obiara anhu sɛ wɔyɛ ahufo anaa wɔrefa yaw bi mu.”​—The Bully, the Bullied, and the Bystander.

Henanom na nkurɔfo taa sisi wɔn?

  • Wɔn a wɔayɛ ankonam. Mmabun a wontumi ne afoforo mmɔ yiye taa tew wɔn ho, enti nkurɔfo taa sisi wɔn.

  • Mmabun a nkurɔfo hu sɛ wɔyɛ soronko. Mmabun bi wɔ hɔ a wosisi wɔn esiane sɛnea wɔte, baabi a wofi, anaa ɔsom a wɔwom nti. Ebinom nso ebia na wɔn nipadua akwaa bi atɔ kyima.

  • Mmabun a wobu wɔn ho abomfiaa. Nkurɔfo a wobu wɔn ho sɛ wɔnsɛ hwee no, asisifo tumi hu wɔn ntɛm. Nkurɔfo a wɔte saa no, esiane sɛ woka wɔn a, wɔnka wo bi nti, ɛreyɛ ara ni na wɔatɔ asisifo nsam.

Sɛ nkurɔfo sisi wo a, dɛn na wubetumi ayɛ?

  • Nsosɔ wɔn so. Ababaa bi a ne din de Kylie ka sɛ: “Sɛ asisifo yɛ wo biribi na wohu sɛ ahaw wo a, ɛma wɔn ani gye pa ara. Nanso sɛ anhaw wo a, ɛnkyɛ na wɔagyae.” Bible ka sɛ: ‘Onyansafo dwudwo n’abufuw ano kosi ase.’​—Mmebusɛm 29:11.

  • Nyɛ bi ntua ka. Woyɛ bi tua ka a, ɛrenyi ɔhaw no mfi hɔ, mmom ɛbɛma ayɛ kɛse. Bible ka sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.”​—Romafo 12:17; Mmebusɛm 24:19.

  • Mfa wo ho nkɔto ɔhaw mu. Sɛ wuhu sɛ obi yɛ osisifo a, yɛ nea wobetumi biara na twe wo ho fi ne ho. Tebea ahorow nso a ebetumi ama nkurɔfo asisi wo no, twe wo ho fi ho.​—Mmebusɛm 22:3.

  • Yɛ biribi a ɔnhwɛ kwan. Bible ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa.”​—Mmebusɛm 15:1.

  • Fa bi yɛ serew. Fa no sɛ osisifo bi aka akyerɛ wo sɛ wosõ dodo. Wo nso wubetumi de ayɛ serew aka sɛ, “me koraa mepɛ sɛ me so tew o!”

  • Fi hɔ. Nora a wadi mfe 19 ka sɛ: “Sɛ woyɛ komm na woankasa a, ɛkyerɛ sɛ wo ho akokwaw na wo ho yɛ den sen nea ɔreteetee wo no. Ɛkyerɛ nso sɛ wutumi hyɛ wo ho so. Osisifo ntumi nyɛ saa.”

  • Mmu wo ho abomfiaa. Abaayewa bi a ne din de Rita ka sɛ: “Osisifo hwɛ bere a ehu aka wo anaa wo yam hyehye wo, na wagyina so ama woate nka sɛ wonsɛ hwee.”

  • Ka kyerɛ obi. Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ nnipa a nkurɔfo fa intanɛt so sɛe wɔn din no, emu bɛboro fã nka ho asɛm nkyerɛ obiara. Ebia wɔnka nkyerɛ obiara efisɛ wosuro nea ebefi mu aba. Mmarimaa fam no, ebia fɛre ntia. Nanso kae sɛ, sɛ woanka ho asɛm a, wɔbɛkɔ so ara asisi wo. Ade a edi kan a ebetumi ama nsisi no to atwa ne sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ obi.

Nyansahyɛ ahorow a efi w’atipɛnfo hɔ

“Nkɔ baabi a nkurɔfo betumi asisi wo, na tebea ahorow nso a ebetumi ama obi asisi wo no, twe wo ho fi ho. Ma ɛntena w’adwenem sɛ asisifo nso wɔ wɔn haw. Sɛ wuhu no saa a, ɛremma nsɛm a wɔkeka no nhaw wo pii.”​—Antonio.

“Mmu wo ho abomfiaa. Nsuro sɛ wobɛkyerɛ w’adwene. Asisifo bebree wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ wonsosɔ wɔn so anaa wunsuro wɔn a, wogyae wɔn asisisɛm no.”​—Jessica.

Nea ɔkyerɛkyerɛni bi ka faa nsisi ho.

“Nsisi yɛ aniberesɛm pa ara. Baabi a na mekyerɛ ade no, na mmofra no taa ko wɔ sukuu dan mu hɔ pa ara​—wɔn a wɔn mu apagyaw kakra mpo no, na wɔko! Mmofra no bi sisi wɔn mfɛfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nka sɛ obiara nim wɔn, na nkurɔfo suro wɔn.

“Mpɛn pii no, sukuufo no bi wɔ hɔ a sɛ obi sisi wɔn a wɔmmɔ so nkyerɛ obiara efisɛ wosuro nea osisifo no bɛyɛ. Ebi nso suro sɛ wɔn sukuufo no bɛka sɛ wɔayi wɔn ama. Wosusuw sɛ, sɛ wɔka ho asɛm koraa a hwee nni hɔ a obi bɛyɛ afa ho. Nanso wɔn a nkurɔfo sisi wɔn no, nea mɛka akyerɛ wɔn ne sɛ, ɛyɛ a wɔnka nea wɔrefa mu no ho asɛm nkyerɛ obi. Nyansa wom pa ara sɛ wɔbɛyɛ saa. Sɛ osisifo bi mpo ayɛ n’adwene sɛ obesisi obi a, wei betumi ama wagyae.”​—Jenilee, ná ɔkyerɛ ade wɔ sukuu bi mu wɔ United States.

Nsisi ho sɔhwɛ

Ampa Anaa Atoro

  1. Asisisɛm fii ase no, bɛyɛ mfe mpempem pii ni.

  2. Asisisɛm yɛ agorɔ kɛkɛ, ɛnyɛ hu biara.

  3. Sɛ obi resisi wo a, wo ne no mfa nsi ani na ɛbɛma wagyae.

  4. Sɛ obi sisi wo a, ɛyɛ wo ara na woama kwan.

  5. Sɛ wosisi obi a, ɔno nso betumi abɛyɛ osisifo.

  6. Sɛ wokɔto sɛ wɔresisi obi a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubeyi w’ani.

  7. Asisifo rekasa a, wobɛka sɛ wonsuro hwee, nanso mpɛn pii no wobɛhwɛ no na wonnye wɔn ho nni.

  8. Asisifo betumi asesã.

MMUAE

  1. Ampa. Sɛ́ nhwɛso no, Bible no ka Nefilimfo ho asɛm​—wɔn din no asekyerɛ ne “Wɔn a Wɔma Afoforo Hwe Ase.”​—Genesis 6:4.

  2. Atoro. Nsisi betumi de obi nkwa ato asiane mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔasisi ebinom araa ma wɔakum wɔn ho.

  3. Atoro. Mpɛn pii no, asisifo ho yɛ den pa ara, enti worentumi ne wɔn mfa nsi ani.

  4. Atoro. Obiara nni hɔ a sɛ wosisi no a ɔpɛ! Sɛ obi yɛ osisifo a, ɛyɛ ɔno ara ne suban na ama ɔreyɛ saa.

  5. Ampa. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a, sɛ wosisi wɔn a, na wɔde wɔn anibere akowie afoforo so. Nea wɔde yɛɛ wɔn no, saa ara na wɔn nso de yɛ afoforo.

  6. Atoro. Sɛ wuhu sɛ wɔresisi obi a, worentumi nka sɛ ɛmfa wo ho. Sɛ woanka hwee amfa ho a, ɛkyerɛ sɛ w’ani gye ho na wopɛ sɛ ɛkɔ so sen sɛ ɛto betwa.

  7. Ampa. Asisifo no bi yɛ ahomaso pa ara nanso ebinom yɛ ahufo na wohunahuna afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtɔ wɔn na wɔn ani agye.

  8. Ampa. Afoforo betumi aboa asisifo ma wɔasesa wɔn adwene ne wɔn suban.​—Efesofo 4:23, 24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena