Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ypq asɛmmisa 5 kr. 15-17
  • Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?
  • Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsisi a Yɛbɛde Yɛn Ho Afi Ho
    Nyan!—2003
  • Nsisi—Nea Ɛde Ba no Bi ne Ɔhaw a Ɛwom
    Nyan!—2003
  • Nsisi—Wiase Nyinaa Haw
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
ypq asɛmmisa 5 kr. 15-17
Abarimaa bi reteetee ne yɔnko wɔ sukuufo anim

ASƐMMISA 5

Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?

NEA ENTI A EHIA

Sɛ obi reteetee wo a, nea wobɛyɛ wɔ ho betumi adwudwo tebea no ano anaa ɛbɛsɛe no koraa.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Thomas mpɛ sɛ ɔkɔ sukuu nnɛ anaa ɔkyena; ɔse ɔnkɔ bio koraa. Asɛm no nyinaa ne sɛ, bosome mmiɛnsa ni na ne sukuufo fii ase kekaa ne ho nsɛm sɛee ne din. Edin a wɔtotoo no deɛ, kɛntɛn ma. Ɛtɔ da a na obi ahyɛ da akɔpem no ama nhoma a ekura no nyinaa afiri agu. Owie a na wayɛ sɛ nea gyama wanhyɛ da na ɔyɛe. Ɛtɔ da nso a obi tumi sum no; afei ɔdan ne ho a na obiara ayɛ sɛ nea hwee nsii. Nnɛra mpo deɛ, Thomas huu sɛ nneɛma reyɛ agye nsam. Ne sukuufo de biribi faa Intanɛt so behunahunaa no.

Wone Thomas a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Ɛnsɛ sɛ w’aba mu bu koraa! Asɛm no ne sɛ wubetumi adi osisifo so nkonim a wontow twɛre. Wobɛyɛ no sɛn?

  • HYƐ WO HO SO. Bible se: “Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo dwudwo ne de kosi ase.” (Mmebusɛm 29:11) Sɛ obi regyigye wo na wutumi hyɛ wo ho so a, n’ani bewu.

  • NYƐ BI NTUA KA. Bible se: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” (Romafo 12:17) Woyɛ bi tua ka a, na woasɛe asɛm no koraa.

  • MA W’ANI NNA HƆ. Bible se: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.” (Mmebusɛm 22:3) Obi reteetee wo a, twe wo ho. Ɛbɛyɛ yiye a, nkɔfa baabi a ɔwɔ koraa.

  • MA NO MMUAE BƆKƆƆ. Bible se: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa.” (Mmebusɛm 15:1) Ɛtɔ da a, wubetumi de bi koraa ayɛ serew. Fa no sɛ, obi redi wo ho fɛw sɛ woso dodo. Wubetumi aka sɛ: “Ɛno deɛ wommoa oo; ɛsɛ sɛ metew m’aduan so kakra.”

  • FI HƆ KƆ. Nora adi mfe 19, na ɔkae sɛ: “Sɛ obi gyigye wo na wufi hɔ komm a, ɛkyerɛ sɛ w’adwenem abue na wusi pi. Ɛkyerɛ nso sɛ wowɔ ahoɔden a wode hyɛ wo ho so. Wei yɛ biribi a ogyigyefo no nni.”​—2 Timoteo 2:24.

  • NYA AKOKODURU. Womoamoa wo ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ obiara bedwoodwoo wo. Nanso sɛ wohu sɛ wontumi mmu mfa wo so a, wɔde wɔn asɛm bɛkɔ.

  • KA HO ASƐM KYERƐ OBI. Tikyani bi kae sɛ: “Sɛ obi sisi wo a, mfa nhyɛ wo ho; ka ho asɛm. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne no. Anyɛ hwee koraa no, ɛbɛbɔ afoforo ho ban.”

Abarimaa bi a wamma ateetee ammɔ no hu

Sɛ obi reteetee wo na woammɔ hu a, ɛkyerɛ sɛ wo ho yɛ den sen no

WUNIM BIRIBI?

Ɛnyɛ sɛ obi abɔ wo nko ara na ɛkyerɛ sɛ ɔreteetee wo. Nea edidi so yi nso ka ho:

  • Nsɛm a efi ogyigyefo bi anom te sɛ ogya

    Atɛnnidi. “Me ho nsɛm a wɔkekae ne din a wɔtotoo me deɛ, sɛ meka sɛ mereka a, adagyew bɛbɔ yɛn. Wɔmaa metee nka sɛ me so nipahunu deɛ, ebi mmaa da. Wɔboroo me mpo a, anka mepɛ.”​—Celine; wadi mfe 20.

  • Abarimaa bi te hɔ dinn; ne mfɛfo apo no

    Obiara mpɛ w’anim ahwɛ. “Me sukuufo fii ase twee wɔn ho fii me ho. Yɛrekodidi mpo a, wɔmmpɛ sɛ mɛtena wɔn nkyɛn. Afe mu no nyinaa, me nko ara na na mididi. Daa na misu.”​—Haley; wadi mfe 18.

  • Abaayewa bi hwɛ ne ho nsɛm a ɛwɔ lntanɛt so a, na ani soso enti wobɛka sɛ ɔreguan

    Wɔbɛhaw w’adwene wɔ Intanɛt so. “Obi anhwɛ yiye a, biribi ketewaa bi a ɔbɛbɔ wɔ kɔmputa so betumi asɛe ne yɔnko din anaa ɛbɛhaw no ne nkwa nna nyinaa. Ebia wobɛka sɛ yɛahããhãã yɛn ani, nanso etumi si ankasa.”​—Daniel; wadi mfe 14.

YƐ SƆHWƐ YI

AMPA ANAA ATORO

ƐHO MMUAE

1 Nsisi ne ateetee fii ase nyɛ nnɛ; akyɛ paa.

1 Ampa. Wo deɛ yɛnyɛ nhwɛso. Bible ka sɛ tete no nnipa bi tenaa ase a na wɔfrɛ wɔn Nefilimfo. Wɔn din ase ne “Wɔn a Wɔma Afoforo Hwe Ase.”​—Genesis 6:4.

2 Obi teetee wo a, mma no nhaw wo; ne nyinaa yɛ agorɔ.

2 Atoro. Ateetee ne ahunahuna ka ho bi na mmerante ne mmabaa pii kum wɔn ho.

3 Wopɛ sɛ obi gyae wo haw a, momfa nsi ani.

3 Atoro. Ɛyɛ a asisifo yi ho yɛ den, enti mode si ani a, ɛrenyɛ asɛmpa.

4 Wohu sɛ obi reteetee ne yɔnko a, ne papa mu ne sɛ wobeyi w’ani akɔ wo baabi.

4 Atoro. Wei nyɛ biribi a yeyi yɛn ani kɛkɛ. Sɛ obi reteetee ne yɔnko na woanka ho asɛm a, na worehyɛ no den. Ɛba saa a, biribiara renka no sɛ onnyae ne suban bɔne no.

5 Asisifo yɛ wɔn ho kokotii hunahuna afoforo, nanso wokɔ mu paa a wɔyɛ ahufo ankasa.

5 Ampa. Sukuufo bi hunahuna wɔn mfɛfo sɛnea nnipa behu sɛ wɔn nso wɔ hɔ. Nanso wobɛhwɛ mu no, na wɔn ara wɔ wɔn haw.

6 Asisifo betumi asesa.

6 Ampa. Asisifo betumi asesa wɔn adwene ne wɔn nneyɛe. Nea ehia ne sɛ wobenya obi aboa wɔn.

NEA MEPƐ SƐ MEYƐ

  • Obi teetee me a, dɛn na mɛyɛ anaa mɛka?

SUA PII KA HO!

Di Osisifo So Nkonim a Wontow Twɛre

Hwɛ video a wɔato din Di Osisifo So Nkonim a Wontow Twɛre wɔ www.jw.org/tw. (Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMABUN)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena