Nsisi a Yɛbɛde Yɛn Ho Afi Ho
‘Nsisi yɛ suban a wosua na biribiara a wosua nso, wotumi gyae.’—Ɔbenfo C. Sally Murphy.
OSISIFO no ne nea wosisi no nyinaa hia mmoa. Ɛsɛ sɛ osisifo no sua sɛ ɔne afoforo bɛbɔ a ɔmfa ne tumi nni dwuma kwammɔne so. Na nea wosisi no no nso hia nyansahyɛ a ɔde begyina ɔhaw no ano.
Mpɛn pii no, osisifo no nhu sɛnea ɔne afoforo bɛbɔ na onhu sɛnea wɔn a opoopoo n’ani kyerɛ wɔn no te nka fa. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye na wɔkyerɛ no ɔkwan pa a obetumi afa so adi nkitaho. Take Action Against Bullying nhoma no ka sɛ: “Sɛ asisifo ansua sɛ wobenya suban foforo a, wɔbɛkɔ so apoopoo nkurɔfo wɔn nkwa nna nyinaa. Wosisi wɔn ahokafo, wɔn mma, ne mpo wɔn a wɔhyɛ wɔn ase wɔ adwumam no.”
Boa Mmofra na Wɔanyɛ Asisifo
Mmofra a wubefi ase atete wɔn ntɛm wɔ asetram ma wɔanya tema no betumi aboa wɔn na wɔammɛdan asisifo. Akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ aman bi so de nkyerɛkyerɛ foforo bi a wɔfrɛ no tema ho ntetee redi dwuma. Botae no ne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ sukuufo a wɔadi bɛyɛ mfe anum ma wɔate afoforo nkate ase na wɔne nkurɔfo adi no ayamye so. Bere a wɔn a enya wɔn so nkɛntɛnso bere tenten ho akontaabu sua no, nea efi mu ba mfiase no kyerɛ sɛ wɔn a wɔafa saa ntetee no mu no nyɛ anuɔdenfo pii.
Sɛ awofo no, ɛnsɛ sɛ mugyaw saa ntetee no nyinaa to sukuu nhyehyɛe bi so. Sɛ wompɛ sɛ wo ba bɛyɛ osisifo a, ɛsɛ sɛ wofa ɔkasa ne nhwɛso so kyerɛ no sɛnea obebu afoforo na wɔadi wɔn ni. Dɛn na ebetumi aboa wo? Ɛda adi sɛ eyi mu no, wowɔ ade bi a ɛkyɛn so a ebetumi aboa wo ma woatete wo ba nanso wobu no adewa—Onyankopɔn Asɛm, Bible no. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa?
Ade biako ne sɛ, ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nsisi ho no pefee. Okyi koraa! Bible no ka fa Onyankopɔn ho sɛ: “Nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Bio nso, Onyankopɔn nyɛ obi a onhu nea ɛrekɔ so no. Bible no yɛ yaw a odii wɔ Israelfo no amanehunu ho ‘esiane wɔn ahawfo ne wɔn ataafo anim apinisi no nti’ ho kyerɛwtohɔ. (Atemmufo 2:18) Mpɛn pii na Onyankopɔn twee wɔn a wɔde wɔn tumi dii dwuma kwammɔne so de sisii wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wonni ahobammɔ no aso.—Exodus 22:22-24.
Bible no kura akwankyerɛ a agye din paa a wɔde ama pɛn wɔ sɛnea wɔda tema adi ho nso. Yesu kae sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Sɛ́ wobɛkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔadɔ saa Mmara Pa no—agye atom na wɔde atra ase no—nyɛ mmerɛw; egye nhwɛso pa, mmɔdenbɔ, ne adwumaden, ne titiriw no esiane sɛ mmofra fi awosu mu yɛ pɛsɛmenkominya nti. Nanso mfaso wɔ saa mmɔdenbɔ no nyinaa so. Sɛ wo mma sua sɛ wobenya ayamye ne tema a, nsisi ho adwene bɛyɛ wɔn abofono.
Mmoa a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wosisi Wɔn No
Wɔn a wosisi wɔn no, ne titiriw no mmofra, hyia sɔhwɛ a emu yɛ den—sɛnea wɔbɛkari pɛ wɔ nhyɛso no ase. Sɛ obi sisi wo a, ɛda adi sɛ ɔmpɛ sɛ wobɛkari pɛ wɔ nkate fam. Ɔhwɛ kwan sɛ wobɛfa abufuw kɛse na wo bo atu. Sɛ wofa abufuw, anaa wusu na woda awerɛhow anaa ehu adi a, na osisifo no nsa reka nea ohia ara nen. Enti ɔbɛkɔ so ahaw wo ara ama woada saa nkate no adi.
Dɛn na wubetumi ayɛ? Susuw nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ho. Wɔkyerɛw maa mmofra titiriw, nanso emu nnyinasosɛm no betumi afa mpanyimfo a wosisi wɔn nso ho.
◼ Yɛ dinn. Mma wo bo mmfuw. Bible no tu yɛn fo nyansam sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ.” (Dwom 37:8) Sɛ woansianka w’abufuw a, woma osisifo no nya wo so tumi, na ɔkwan biara so no, wobɛyɛ ade a akyiri yi wubenu wo ho.—Mmebusɛm 25:28.
◼ Mmɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ bi atua no so ka. Aweretɔ taa de nkogudi ba. Sɛnea ɛte biara no, aweredi mma wunnya nea wohwehwɛ ankasa. Abeawa bi a mmabun baanum boroo no bere a odii mfe 16 no kae sɛ: “Misii gyinae me koma mu sɛ, ‘Mɛyɛ bi atua wɔn ka.’ Enti me nnamfonom boaa me ma yɛhwee wɔn mu baanu tuaa ka.” Dɛn na efii mu bae? Ɔkae sɛ: “Mannya abotɔyam biara.” Ne tebea sɛee koraa wɔ ɛno akyi. Kae Bible no nsɛm a nyansa wom yi: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.”—Romafo 12:17.
◼ Bere a ɔham refi ase aba no, fi hɔ ntɛm. Bible ka sɛ: “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” (Mmebusɛm 17:14) Ne nyinaa mu no, bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn a wɔpɛ nsisi nnantew. Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”
◼ Sɛ nsisi no kɔ so a, ebia ɛho behia sɛ wokasa afei. Paw bere a wo bo adwo no, hwɛ osisifo no anim tẽẽ, na fa ɛnne a ɛkyerɛ sɛ w’ani abere kasa kyerɛ no bɔkɔɔ. Ka kyerɛ no sɛ wompɛ nea ɔreyɛ no—ɛno nyɛ agodie na epira. Nnidi no atɛm anaa nka nsɛm a ɛhyɛ abufuw.—Mmebusɛm 15:1.
◼ Ka nsisi no ho asɛm kyerɛ ɔpanyin a ɔfata. Ka ɔhaw pɔtee no ho asɛm kyerɛ no, na hwehwɛ mmoa a wode bedi ho dwuma. Yɛ saa ara wɔ mpae a wobɔ Onyankopɔn no mu, na eyi betumi ama woanya mmoa ne awerɛkyekye nwonwaso.—1 Tesalonikafo 5:17.
◼ Kae sɛ woyɛ obi a wosom bo. Osisifo no pɛ sɛ wunya adwene sɛ wo ho nhia, na wofata sɛ ɔne wo di no ɔkwammɔne so. Nanso ɔnyɛ wo temmufo. Onyankopɔn na ɔyɛ wo temmufo, na ɔhwehwɛ adepa a ɛwɔ yɛn mu biara mu no. Osisifo no mmom na ɔnam ne nneyɛe no so bɛyɛ obi a ne so nni mfaso.
Awofo—Mommɔ Mo Mma Ho Ban
Awofo nso betumi afi ase ntɛm asiesie wɔn mma ma wɔne asisifo adi no nyansam. Sɛ nhwɛso no, wobetumi ne wɔn mma no adi agoru ayɛ wɔn ho sɛ nnipa ahorow bi na ama wɔahu sɛnea wonya afoforo mu ahotoso.
Sɛnea obi gyina hɔ fa—ebia sɛnea otumi gyina hɔ yiye—no mpo betumi ama osisifo no ahu sɛ ɔnyɛ obi a wosisi no. Afoforo anim a ɔbɛhwɛ, ne nsa ne n’abasa a ɔmma ɛmpopo, ne ɛnne a ɛmpopo a ɔde bɛkasa nso betumi aboa. Wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ wɔntwe wɔn ho mfi asisifo ho, na wommisa mpanyimfo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso, te sɛ sukuu akyerɛkyerɛfo, hɔ mmoa.
Suban a ɛma obi yɛ osisifo a woyi fi hɔ no fi ase wɔ ntetee a wɔde ma abusua no so. Awofo a wonya bere ma wɔn mma na wofi ntoboase ne tema mu tie wɔn ahiasɛm no ma wɔte nka sɛ wɔn ho hia, wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn, na wɔdɔ wɔn. Nnipa a wɔwɔ abayɛn ne atipɛnfo haw ahorow ho nimdeɛ no mu dodow no ara hyɛ awofo nkuran sɛ wɔmma wɔn mma nnya wɔn ankasa ho adwene a ɛfata. Saa adwene a ɛfata yi ntaa mma asisifo mfa wɔn ani nsi wɔn so.
Nanso pii ho hia sen ɔkasa kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ abusua no muni biara bɔ mmɔden sua sɛ wɔne wɔn ho bedi no obu ne nidi mu na wonya tema. Ɛno mma nsisi su biara nkɔ so wɔ w’abusua mu. Ma wo fie nyɛ baabi a ahobammɔ wɔ, beae a obu ne ɔdɔ wɔ.
Nsisi Awiei Abɛn
“Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Saa na Bible no bɔ nnipa abakɔsɛm mua. Nokwarem no, nsisi ahaw adesamma mfe mpempem pii. Bible kyerɛwfo bi kae sɛ: “Na mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!”—Ɔsɛnkafo 4:1.
Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn hu nsisi a ɛrekɔ so wɔ wiase no nyinaa, na ɔte nka ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no. Na so ɔbɛyɛ ho biribi da bi? Yiw, ɔbɛyɛ! Hyɛ ne bɔhyɛ a ɛwɔ Mika 4:4 no nsow: “Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”
Twa sɛnea wiase no bɛyɛ ho mfonini hwɛ bere a saa bɔhyɛ no anya ne maamu no. Obiara renyi obi hu—asisifo nni hɔ! So ɛno nyɛ anigyesɛm? Nanso Onyankopɔn ayɛ nea ɛkyɛn saa daakye ho bɔhyɛ no. Mprempren wɔayɛ Bible nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ho nhyehyɛe wɔ wiase nyinaa. Ɛresow aba pa. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wɔrenya mu kyɛfa no sɛ wɔnyɛ nsakrae wɔ wɔn suban a ɛyɛ keka no ho, ne wɔn ho wɔn ho ntra asomdwoe mu, na wɔne afoforo nni no obu ne nidi mu. (Efesofo 4:22-24) Ɛrenkyɛ koraa, mfaso a ɛwɔ saa nkyerɛkyerɛ a ɛkyɛn so yi mu no bɛyɛ asase so mã, na nsisi ho haw rentra hɔ bio. Onyankopɔn bɔhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no benya mmamu. Obiara a ɔwɔ hɔ saa bere no bɛtra wiase a asisifo nnim mu!
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Ɛnyɛ aniwu sɛ wobɛtwe wo ho afi osisifo ho
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Wɔ abusua a emu tebea ye mu no, wɔkyerɛ mmofra sɛnea ɛsɛ sɛ wogyina nsisi nyinaa ano
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]
Kyerɛ wo mma sɛnea wɔbɛkasa ama wɔn ho anibere mu nanso wɔbɛyɛ no anifere kwan so