Mmofra Bisa Sɛ . . .
Nsisi—Ɛsɛe Dɛn?
‘Oh! Agoru kɛkɛ na na meredi. Dɛn na ɛhaw adwene wɔ ho? Sɛ ɛno da nkyɛn a, nea ɛfata Ron ara na wanya no.’
EBIA wosõ na wo ho yɛ den sen w’atipɛnfo fã kɛse no ara. Anaasɛ ebia na w’adwene mu abue, w’ano yɛ yaw, anaa w’ani so yɛ hyew. Sɛnea ɛte biara no, ɛte sɛ nea apoopoo, fɛwdi, anaa serew a wɔserew obi ma ɛhaw no no yɛ wo su.
Ɛwom sɛ ebia sisi a wubesisi afoforo no bɛma wo nnamfo aserew de, nanso ɛnyɛ asɛm a wɔde di agoru. Nokwarem no, nhwehwɛmufo binom rehu sɛ, sɛ wosisi obi a, etumi pira no sen sɛnea na bere bi wosusuw no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. mmofra a wɔasõ sukuukɔ mu daa no adi sɛ “wɔn a na wosisi wɔn no ɔha biara mu 90 kae sɛ enyaa wɔn so nkɛntɛnso bɔne—wɔn mmɔdenbɔ a ɛkɔɔ fam, wɔn dadwen a ɛyɛɛ kɛse, nnamfo anaa asetram fekuw a wɔhweree.” Wɔ Japan no, obi a wadi mfe 13 “hyɛɛ ne ho akɔmfo gyaw krataa tenteenten bi too hɔ de kyerɛɛ sɛnea na wɔasisi no mfe abiɛsa mu.”a
Dɛn koraa na ɛma obi yɛ osisifo? Na sɛ w’ankasa woreyɛ w’ade saa a, wobɛyɛ dɛn atumi asesa?
Dɛn Ne Osisifo?
Bible ka asisifo a wɔtraa ase ansa na Noa Nsuyiri no reba ho asɛm. Ná wɔfrɛ wɔn Nefilim—asɛmfua bi a ɛkyerɛ “wɔn a wɔma afoforo hwe ase.” Wɔ wɔn atirimmɔden nniso no mu no, “na anuɔden ahyɛ asase so ma.”—Genesis 6:4, 11.
Nanso ɛho nhia sɛ wobobɔ nkurɔfo anaa wupiapia wɔn ansa na woayɛ osisifo. Obiara a ɔne afoforo—titiriw wɔn a wonni ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw—di no atirimɔden so anaa ɔyɛ wɔn basabasa no yɛ osisifo. (Fa toto Ɔsɛnkafo 4:1 ho.) Asisifo bɔ mmɔden sɛ wobehunahuna nkurɔfo, apoopoo wɔn, na wɔadi wɔn so. Nanso wɔn mu fã kɛse no ara de wɔn ano na ɛyɛ saa, wɔmfa akuturuku. Nokwarem no, nkate fam nsisi ne ɔkwan a wɔtaa fa so di nkurɔfo ani sen biara. Enti ebetumi ayɛ ɔyaw, ɔkasatia, fɛwdi, ne din toto.
Nanso, ɛtɔ mmere bi a, nsisi tumi ba wɔ anifere kwan so. Sɛ́ nhwɛso no, susuw nea ɛtoo Lisab no ho hwɛ. Ná ɔwɔ mmeawa nnamfo bi a ɔne wɔn bɔ tipɛn. Nanso bere a odii mfe 15 no, nneɛma fii ase sesae. Lisa ho bɛyɛɛ fɛ paa, na nnipa pii adwene fii ase baa ne so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me nnamfo fii ase twee wɔn ho fii me ho, na wɔkekaa m’akyi nsɛm a ɛmfata—anaa wɔka sii m’anim mpo.” Wɔkekaa ne ho atosɛm nso ma ɛtrɛwee, de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe ne din. Yiw, ahoɔyaw kaa wɔn maa wosisii no atirimmɔden so.
Nea Ɛma Obi Yɛ Osisifo
Mpɛn pii no anuɔdensɛm gyina fie tebea so. Abofra bi a wɔfrɛ no Scott ka sɛ: “Ná me papa yɛ basabasa, enti ná meyɛ basabasa.” Ná Aaron nso fie asɛm yɛ den. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ nkurɔfo nim sɛnea m’abusua te—sɛ́ na ɛyɛ soronko—na na mempɛ sɛ mɛyɛ nkurɔfo mmɔbɔ.” Enti sɛ Aaron redi agoru a, na ɔpɛ sɛ odi nkonim ɔkwan biara so. Nanso na nkonim a obedi kɛkɛ no nnɔɔso mma no. Ná ɔhyɛ wɔn a wonni n’afã no aniwu—de wɔn nkogudi no pa wɔn ti ho.
Brent de, awofo a wosuro Nyankopɔn na ɛtetee no. Nanso ogye tom sɛ: “Ná meyɛ ma nkurɔfo serew, nanso ɛtɔ mmere bi a na minhu baabi a ɛsɛ sɛ migyae, na na mitumi yɛ ade ma epira obi.” Sɛnea na Brent pɛ agodie ne sɛ ɔbɛtwe adwene asi n’ankasa so no maa obuu n’ani guu afoforo nkate so.—Mmebusɛm 12:18.
Ɛkame ayɛ sɛ television na enya mmofra foforo so tumi. Nsɛmmɔnedi ho sini ahorow kamfo ‘nnipa a wodi akakabensɛm,’ na ɛma ɛyɛ te sɛ ayamye kyerɛ mmerɛwyɛ. Ɔkasatia ahyɛ aseresɛm ho sini ahorow mu ma. Atesɛm amanneɛbɔ ahorow taa si ntɔkwaw ne kasafĩ a ɛkɔ so wɔ agumadi horow ase no so dua. Yɛn nnamfo nso betumi anya sɛnea yɛne afoforo di no so tumi. Sɛ yɛn nnamfo yɛ asisifo a, ɛnyɛ den sɛ yebedi wɔn akyi na amma wɔamfa amma yɛn ankasa so.
Sɛnea wo tebea te biara no, sɛ wusisi nkurɔfo a, ɛnde na ɛnyɛ wɔn a woyɛ wɔn saa no nkutoo na epira wɔn.
Nea Ɛde Ba a Ɛtra Hɔ Daa
Psychology Today nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Nsisi betumi afi ase wɔ mmofraberem, nanso ɛtoa so kodu mpanyin mfe so.” Nhwehwɛmu bi a The Dallas Morning News bɔɔ ho amanneɛ no daa no adi sɛ “wodii mmarimaa a wohuu wɔn sɛ asisifo wɔ wɔn sukuu afe a ɛto so abien mu no mu ɔha biara mu 65 asɛm sɛ nsɛmmɔnedifo ansa na wɔredi mfe 24.”
Ampa, ɛnyɛ asisifo nyinaa na wɔdan nsɛmmɔnedifo. Nanso yɛ a wode bɛyɛ wo su sɛ wubebu afoforo animtiaa no betumi de nsɛnnennen paa abrɛ wo wɔ asetram daakye. Sɛ wode kɔ aware ase a, ebetumi de ahohia kɛse abrɛ wo hokafo ne wo mma. Esiane sɛ adwumawuranom pɛ wɔn a wotumi ne afoforo bɔ yiye nti, ebetumi ama adwuma hokwan ahorow abɔ wo. Hokwan ahorow a wubetumi anya wɔ Kristofo asafo no mu daakye nso betumi abɔ wo. Brent ka sɛ: “Mepɛ sɛ daakye mefata sɛ ɔpanyin, nanso me papa boaa me ma mihui sɛ, sɛ nkurɔfo susuw sɛ metumi akasa atia wɔn a, wɔremfa wɔn nsɛnnennen mmɛto m’anim.”—Tito 1:7.
Ɔkwan a Wɔfa So Sakra
Ɛnyɛ bere nyinaa na yehu yɛn ankasa mfomso ahorow yiye. Kyerɛwnsɛm no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ obi betumi mpo ‘abu ne ho yiye dodo wɔ n’ankasa ani so, a onhu n’amumɔyɛ na ama wakyi.’ (Dwom 36:2) Enti wubetumi abisa wo wofo bi, w’adamfo a wugye no di, anaa Kristoni a ne ho akokwaw bi ma waka wo ho asɛm akyerɛ wo. Ebia nokwasɛm no bɛhaw wo, nanso ebetumi aboa wo ma woahu nsakrae pɔtee a ehia sɛ woyɛ. (Mmebusɛm 20:30) Aaron ka sɛ: “Ɛyɛ me sɛ asõ a meyɛ tiei no ne ade a ɛboaa me kɛse. Wɔn a wɔkaa nokware no kaa me mfomso kyerɛɛ me. Ná ɛnyɛ nea bere nyinaa mepɛ sɛ mete na wɔka, na mmom nea na mihia ankasa.”
So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae kɛse wɔ wo nipasu nyinaa mu? Dabi, ebia wo nsusuwii ne wo nneyɛe bi kɛkɛ na ɛsɛ sɛ wusiesie. (2 Korintofo 13:11) Sɛ́ nhwɛso no, ɛde besi saa bere yi no, ebia na wubu wo ho kyɛn afoforo esiane wo kɛse, w’ahoɔden, anaa w’adwene mu a abue nti. Nanso Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa ahobrɛase adwene mmu yɛn yɔnkonom nkyɛn yɛn ankasa ho.’ (Filipifo 2:3) Hu sɛ—ɛmfa ho wɔn kɛse ne wɔn ahoɔden no—afoforo wɔ su pa horow bi a wunni bi.
Ebia ebehia nso sɛ wuyi su biara a ɛbɛma woayɛ basabasa anaa nhyɛso no gu. Bɔ mmɔden sɛ ‘worenhwɛ wo nko ade, na mmom wobɛhwɛ afoforo de bi.’ (Filipifo 2:4) Sɛ ɛho hia sɛ woka asɛm bi pefee a, ɛmfa atennidi, ɔkasatia, anaa ɔyaw nyɛ saa.—Efesofo 4:31.
Sɛ biribi yɛ wo sɛ sisi obi a, kae sɛ Onyankopɔn sɛee Nefilim asisifo no. (Genesis 6:4-7; 7:11, 12, 22) Mfehaha bi akyi, wɔ odiyifo Hesekiel bere so no, Onyankopɔn bu fuw wɔn a ‘wosunsum’ mmerɛwyɛfo ‘sisii’ wɔn no kɛse. (Hesekiel 34:21) Hu a obi behu sɛ Yehowa kyi nsisi no betumi akanyan no kɛse ma wayɛ nsakrae a ehia!
Mfaso wɔ so nso sɛ wɔde mpaebɔ besusuw Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho. Mmara Pa no ka sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Sɛ biribi yɛ wo sɛ poopoo obi a, bisa wo ho sɛ: ‘So m’ani gye ho sɛ wobesisi me, apoopoo me, anaa wobegu m’anim ase? Ɛnde dɛn nti na meyɛ afoforo saa?’ Bible hyɛ yɛn sɛ “momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho.” (Efesofo 4:32) Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso a edi mũ. Ɛwom sɛ na ɔkorɔn sen nnipa foforo nyinaa de, nanso ɔdaa ayamye, tema, ne obu adi kyerɛɛ obiara. (Mateo 11:28-30) Sɛ wuhyia obi a ɔyɛ mmerɛw sen wo—anaa ɔhyɛ wo abufuw mpo—a, bɔ mmɔden yɛ saa ara.
Na sɛ ɔkwan a wɔfa so ne wo di wɔ fie no ho abufuw na ɛhyɛ wo so ma woyɛ basabasa nso ɛ? Wɔ tebea horow bi mu no, ntease wɔ abufuw a ɛte saa mu. (Fa toto Ɔsɛnkafo 7:7 ho.) Nanso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɔɔ treneeni Hiob kɔkɔ sɛ: “Mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi mu . . . Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so.” (Hiob 36:18, 21) Sɛ wɔne wo redi no ɔkwammɔne so mpo a, wunni hokwan biara sɛ wo ne afoforo di no ɔkwammɔne so. Ɔkwampa a wubetumi afa so ne sɛ wobɛbɔ mmɔden ne w’awofo asusuw nsɛm ho. Sɛ woyɛ obi a wodi w’ani a, ebia wubehia mmoa afi nipa foforo hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ahobammɔ na ɔhaw no antoa so.
Ebia nsakrae a wobɛyɛ no renyɛ mmerɛw, nanso ebetumi ayɛ yiye. Brent ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ da biara mebɔ eyi ho mpae, na Yehowa aboa me ma mayɛ nsakrae horow bi a etu mpɔn.” Bere a wo nso woyɛ nsakrae wɔ sɛnea wo ne nkurɔfo di mu no, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ nkurɔfo bɛpɛ w’asɛm kɛse. Kae, ebia nkurɔfo besuro asisifo, nanso obiara mpɛ wɔn asɛm ankasa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm a ɛfa sɛnea wɔn a wosisi wɔn no betumi akwati adwoodwoo a, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn na Metumi Ayɛ Wɔ Sukuu Asisifo Ho?,” a ɛwɔ August 8, 1989, Engiresi de mu no.
b Wɔasesa edin ahorow no bi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
“Nsisi betumi afi ase wɔ mmofraberem, nanso ɛtoa so kosi mpanyin mfe so”
[Kratafa 29 mfonini]
Atennidi yɛ ɔkwan biako a wɔfa so sisi nkurɔfo