Asotifo Yi Yehowa Ayɛ
Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Nigeria Hɔ
MFE pii a atwam ni no, na ɛyɛ den ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ Nigeria sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ asotifo ɔpepem pii no Bible. Ná eyi fi Adansefo a wonim mum kasa a na wɔn ho yɛ nã no ntia. Nanso tebea no resesa. Adansefo pii asua mum kasa no, na wɔredi nnipa dodow a wɔyɛ asotifo no adanse. Nkɔanim titiriw wɔ eyi mu ne Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Nigeria bɛyɛ afe ni no.
Nhyiamfo no mu biako kae wɔ Ota, Nigeria, nhyiam no ase sɛ: “Ná wutumi hu anigye a ɛrekɔ so no.” Ɔfoforo kae sɛ: “Na ɛyɛ ahodwiriw ne nwonwa.” Dɛn na ɛkanyan nkate horow a ɛtete saa? Bere a edi kan koraa wɔ Nigeria no, wɔkyerɛɛ dwumadi no nyinaa ase kɔɔ mum kasa mu. Wɔ nhyiam ahorow 96 a wɔyɛe wɔ ɔman no mu no, eyi nkutoo ase na wɔyɛɛ eyi.
Wɔn a wɔka mpempem a wɔkɔe no ho ne nhyiamfo 43 a wɔyɛ asotifo a wɔtraa asɛnka agua no anim wɔ benkum so no. Ná ntaabo fitaa kɛse bi sɛn wɔn atifi a wɔde nkyerɛwde kɔkɔɔ akyerɛw so “Mum Kasa.” Ná nhyiamfo a wɔyɛ asotifo no ani agye sɛ wɔwɔ hɔ. Wɔn mu biako kyerɛwee sɛ: “Mede anigye ne ani a nusu ataataa na ɛrekyerɛw krataa yi. “Nnɛra ara, bere a yɛtee sɛ yɛn mfɛfo Kristofo asotifo a wɔwɔ aman horow mu no renya honhom fam nsiesiei horow mu kyɛfa no, na yɛte nka sɛ wɔatwa yɛn agya. Ná yennim koraa sɛ yɛn nsa bɛka nhyira koro no ara bi wɔ ha.”
Henanom na Wɔkɔɔ Bi?
Asotifo fi Nigeria afã nyinaa bae. Ɔdansefo sotifo bi de ne Bible asuafo baasa a wɔyɛ asotifo bae. Asotifo kuw bi a wotwaa kwan kilomita 700 kɔe de asram ason siee sika a wɔde bɛfa kar. Nanso bere dui sɛ wobetu kwan no, esiane sɛ na ɛyɛ dapɔnna nti, wɔannya bɔs wɔ ɔmanfo bɔs adwumayɛbea hɔ. Bere a ɔmantam no mu atumfo huu wɔn ahokyere no, wɔmaa wɔn 13,000 naira ($152, U.S.) na ama wɔatumi afa kar foforo!
Mmusua a wɔwɔ mma asotifo tuu kwan baa saa nhyiam soronko yi bi. Ɔbea bi a ofi akuraa bi ase tee nhyiam no ho asɛm, na ɔne ne babarima a ɔyɛ ɔsotifo bae. Ná ɔne ne babarima no mu biara nnim mum kasa ho hwee. Esiane sɛ nea wohui no maa nusu guu wɔn nti, afei wɔasi wɔn bo sɛ wobesua mum kasa.
Wɔ nnipa mpempem pii no mu no, ebinom fi akyirikyiri na wɔbae sɛ wɔrebɛhwɛ sɛnea asotifo no “betie” dwumadi no kɛkɛ. Nnipa a wɔbae Kwasida no dodow si 13,936—dodow a ɛsen biara wɔ ɔmantam nhyiam ahorow 96 a wɔyɛe wɔ Nigeria no mu. Nhyiamfo a wɔyɛ asotifo no ani gyei sɛ na wɔka saa dɔm no ho.
Wɔn a Wɔhwɛe Ani Gyee Ho
Ná ɛyɛ bere a edi kan koraa a asotifo no mu dodow no ara “retie” asɛmpa no wɔ mum kasa mu. Na na wɔn a wɔte asɛm no rehwɛ mum kasa bere a edi kan koraa. Nhyiamfo no mu biako kae sɛ ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ wɔkyerɛɛ dwumadi no nyinaa ase—nnwom, mpaebɔ, nkaebɔ, ne drama mpo! Ɔfoforo kae sɛ: “Ná ɛyɛ nwonwa dodo.”
Sɛnea nhyiamfo a wɔyɛ asotifo no too dwom no daa wɔn anigye adi. Wɔde wɔn nsa yii Yehowa ayɛ anigye so. Wɔ wɔn a wɔte asɛm no fam no, na asotifo a “wɔreto dwom” a wɔhwɛ wɔn no yɛ ade a ɛka koma kɛse. Ɛmaa pii ani tetɛe. Wɔtee sɛ nhyiamfo no mu biako de ahodwiriw teɛɛm sɛ “Oo Yehowa!” de kyerɛɛ sɛnea ɛyɛ no nwonwa fa. Bere a wɔtoo dwom biako bi wiei no, wɔn a wɔte bɛn ɔfã a wɔka mum kasa no bɔɔ wɔn nsam denneennen.
Asubɔ ɔkasa no akyi, bere a asubɔ hwehwɛfo sɔre gyinae no, aberante bi a ɔwɔ mum kasa afã hɔ nso sɔree. Bere a ɔde sɛnkyerɛnne gyee nsɛmmisa abien a ɔkasafo no bisae no so sɛ “yiw” no, atiefo no de huhuhuhu kyerɛɛ ho anisɔ.
Hwɛ sɛnea nhyiamfo a wɔyɛ asotifo no ani gyei sɛ wɔahyia wɔn nuanom mmarima ne mmea a wofi ɔman no mu afã horow no! Bere a asotifo no hu wɔn ho wɔn ho no, abasa ne nsateaa di akɔneaba anigye so. Wokyiakyiaa wɔn ho pii gyegyee address ahorow.
Kasa asekyerɛfo (mum kasa) baakron fii ɔman no mu mmeae horow bae. Ná wɔn abasa ne wɔn nsateaa a wɔde yɛ sɛnkyerɛnne de kyerɛ ɔkasa horow ne nnwom ase no yɛ anika yiye. Wɔde atuuyɛ, nkyia horow, ne nkamfo maa wɔn amo. Wobisabisaa wɔn nsɛm pii nso: Ɛyɛɛ dɛn na musuae? Mɛyɛ dɛn atumi asua? So nhoma horow bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ mum kasa?
Asasesin Foforo a Ano Abue
Wɔ asotifo no fam no, nhyiam no ase ade titiriw ne mum kasa mu Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a ɛwɔ video so a woyii no adi no. Wɔhyɛɛ afoforo pii nkuran sɛ wonsua mum kasa, na bere a wɔde ade a ɛboa ma wɔkyerɛ ade yi di dwuma no, ɛbɛma wɔatumi adu asotifo a wɔwɔ Nigeria nyinaa nkyɛn. Nhyiam no maa nnipa pii sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ saa.
Onuawa bi kae sɛ: “Bere a atwam no, sɛ yehyia ɔsotifo wɔ asɛnka mu a, yesian ne ho kɔ fie foforo mu. Seesei de yenim nea yɛbɛyɛ.” Akyinnye biara nni ho sɛ wobenya asotifo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ ɔpepem anum wɔ Nigeria no mu pii. Onua bi kae sɛ: “Eyi yɛ mfitiase. Seesei de, ɛsɛ sɛ yɛyɛ asase foforo yi mu adwuma.”
Wɔ asram a edi nhyiam no akyi no, saa pɛpɛɛpɛ na akɔ so. Wɔrebɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛkyerɛ asotifo ɔpepem pii a wɔwɔ Nigeria no Onyankopɔn Asɛm mu nokware no. Ɛsɛ sɛ eyinom nso sua asɛmpa a ɛfa wiase foforo a ɛreba wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ho ade, efisɛ ɛhɔ na wɔbɛsa yare anwonwakwan so, na “asotifo aso atue.”—Yesaia 35:5.