Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 5/8 kr. 10-11
  • Woasusuw Ho Pɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasusuw Ho Pɛn?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woasusuw Ho Pɛn? Bible no Mmuae Ahorow
  • So Wo Som Sɔ Onyankopɔn Ani Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Woahu Nokware Som No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nea Enti A Onyankopɔn Hyira Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 5/8 kr. 10-11

Woasusuw Ho Pɛn?

BERE a ɔsom ahorow, awaefo akuw, ne sum ase akuw ɔhaha pii na ɛwɔ wiase nnɛ no, wobɛyɛ dɛn atumi ahu ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani? Ebetumi ayɛ te sɛ nea wohwehwɛ paane wɔ sare a wɔaboa ano mu. Na so ɛho hia sɛ wubeyiyi sare no mmiako mmiako? Dabi. Wubetumi afa nyiyim kwan bi so. Onyankopɔn Asɛm Bible no di dwuma te sɛ twebo, na ɛno na ɛbɛboa wo ma woahu saa “gyidi biako” no.—Efesofo 4:5.

Wɔ nsɛmma nhoma yi bi a aba dedaw (January 8, 1994, Engiresi de no kratafa 13) mu, wɔ “Woasusuw Ho Pɛn?” ase no, yɛkaa ɔkra a enwu ho asɛm. Bere a yɛde Bible hwehwɛɛ mu no, yehui sɛ onipa nni ɔkra a wohyira no anaasɛ wɔyɛ no ayayade wɔ owu akyi. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Bere a yɛwɔ saa nokwasɛm a asete nyɛ den yi no, yebetumi ayiyi ɔsom biara a ɛkyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra bi a enwu agu nkyɛn. Ɛno bɛma aka ɔsom ahorow kakraa bi pɛ wɔ ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani a yɛrehwehwɛ no mu. Enti ma yɛmfa nsemmisa afoforo bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛahuan ɔsom ahorow no dodow so bio nni dwuma, denam Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ ase hɔ no a yɛbɛkenkan na yɛasusuw ho so.

1. Nokware som bɛma nyamesom mu akannifo a wɔyɛ nnipa so, ahyɛ wɔn anuonyam, adi wɔn ni sɛnea ɛnsɛ, na amema wɔn abodin a ennyina kyerɛw nsɛm so mpo?—Dwom 96:5-7; Mateo 23:6-12; 1 Korintofo 3:5-9.

2. Ɛsɛ sɛ nokware som yɛ adwuma a wɔde pɛ mfaso, sɛnea ɛbɛyɛ na n’akannifo anya asetra a ahotɔ wom?—Mateo 6:19-21; Yakobo 2:1-4; 5:1-3.

3. Ɛsɛ sɛ wɔde edin a ɛda nokware som so no gyina nkyerɛkyerɛ biako bi (te sɛ Baptist [Asubɔfo], Pentecostal [Pentekostefo]), asase no fã bi a enyaa ne mfiase wɔ hɔ (te sɛ Roman [Rome Asɔre], Southern [Kesee Fam Asɔre], Church of England [England Asɔre]), ne farebae a ɔnyɛ pɛ te sɛ (Luther, Calvin, Wesley) anaa tumidi ko a ɛde di dwuma (te sɛ Presbyterian, Episcopal, Congregational) so?—Yesaia 43:10, 12; Asomafo no Nnwuma 11:26.

4. Nokware som bɛbɔ mmɔden de Onyankopɔn din a wada no adi asie anaasɛ ɛde foforo asi ananmu?—Yesaia 12:4, 5; Mateo 6:9; Yohane 17:26.

5. (a) Ɛsɛ sɛ nokware som bu Bible no dɛn? (Dwom 119:105; Luka 24:44, 45; Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:14-16) (b) Ɛsɛ sɛ ebu nea wɔfrɛ no Bible akyi adiyisɛm ahorow no dɛn?—Galatifo 1:8, 9.

6. Dɛn ne hena so na nokware asomfo twe adwene si sɛ nkwagye gyina?—Dwom 27:1; Mateo 6:33; Romafo 16:25-27; 1 Korintofo 15:27, 28; Adiyisɛm 11:15.

7. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ nokware som nkyerɛkyerɛ ma wɔda no adi?—Mateo 22:37-40; Efesofo 4:23-29; fa Galatifo 5:19-21 toto 5:22, 23 ho.

8. Onyankopɔn nokware asomfo onuayɛ kuw a ɛwɔ wiase nyinaa no de wɔn ho bɛhyehyɛ amammuisɛm ne ɔmampɛ a ɛde mpaapaemu ba no mu?—Daniel 2:44; 7:14; Yohane 18:36; Romafo 16:17; 1 Korintofo 1:10.

9. Ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani bɛma kwan ma wɔde wɔn ho ahyehyɛ akodi ne mmusua ntam awudi mu?—Exodus 20:13; Yesaia 2:2-4; Yohane 13:34, 35.

10. Henanom na wɔda nokware Kristofo dɔ adi wɔ wiase nyinaa nnɛ? Henanom na amammuisɛm, mmusua anaa ɔmampɛ mpaapae wɔn mu? Wɔnhyɛ nnipa akannifo anuonyam? Wonsisi nkurɔfo mfa mpɛ ahode ne dibea? Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ akodi mu? Bible mu din da wɔn so? Wɔka Onyankopɔn Ahenni nniso ho asɛm sɛ ɛne adesamma haw ahorow ano aduru a ɛtra hɔ daa?—Yesaia 43:10, 12.

Woasusuw Ho Pɛn? Bible no Mmuae Ahorow

Nea edidi so yi yɛ kyerɛw nsɛm ahorow a wɔatwe adwene asi so a ɛka nsemmisa a ɛwɔ kratafa 20 ho no bi:

1. “Wɔpɛ mpanyin trabea adidi ase, ne mpanyin nkongua hyia adan mu, ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no. Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo. Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”—Mateo 23:6-12.

2. “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia; na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mateo 6:19-21) “Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom! Mo ahonyade aporɔw, na nwewee awe mo ntade. Mo sika ne dwetɛ agye nkannare, na ɛho nkannare no bedi mo adanse, na ebedi mo nam sɛ ogya.”—Yakobo 5:1-3.

3. “Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no.” (Yesaia 43:10) “Na Antiokia na wodii kan [nam ɔsoro akwankyerɛ so] too asuafo no din Kristofo.”—Asomafo no Nnwuma 11:26.

4. “Monkamfo [Yehowa], mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! . . . Momma wonhu eyi asase nyinaa so.” (Yesaia 12:4, 5) “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”—Mateo 6:9.

5. (a) “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:15, 16) (b) “Sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue!”—Galatifo 1:8.

6. “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.”—Adiyisɛm 11:15.

7. “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. . . . Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa sɛn.” (Mateo 22:37-40) “Honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.”—Galatifo 5:22, 23.

8. “Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.”—Yohane 18:36.

9. “Nni awu.” (Exodus 20:13) “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

10. “Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. . . . Na mone m’adansefo, [Yehowa] na ose. Mene Nyankopɔn.”—Yesaia 43:10-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena