Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 6/8 kr. 3
  • Wɔtɔn Wɔn Kɔ Nkoasom Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔtɔn Wɔn Kɔ Nkoasom Mu
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔpepem Pii Dan Nkoa
    Nyan!—1995
  • Nkoa a Wonya Fahodi—Tete no ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • So Onyankopɔn Penee Nkoatɔ no So?
    Nyan!—2001
  • Ako A Wofi Bere Tenten Adi Atia Nkoasom
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 6/8 kr. 3

Wɔtɔn Wɔn Kɔ Nkoasom Mu

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Afrika hɔ

WƆWOO Olaudah Equiano wɔ 1745 mu wɔ beae a wɔfrɛ no Nigeria apuei fam nnɛ no. Ná n’akuraa hɔ asetra te sɛ ne bere sofo de no ara pɛ. Ná mmusua bom yɛ adwuma dua aburoo, asaawa, bayerɛ, ne adua. Ná mmarima hwɛ anantwi ne mpɔnkye so. Ná mmea to asaawa nwene.

Ná Equiano papa yɛ abusua panyin ne ɔsɛnnifo a wobu no kɛse mpɔtam hɔ. Ná ɛyɛ dibea a Equiano benyin abedi daakye. Amma saa da. Wɔkyeree Equiano tɔn no kɔɔ nkoasom mu bere a na ɔyɛ abarimaa.

Aguadifo no dii no atɔtɔn, na wanhyia Europafo ara kosii sɛ oduu mpoano. Ɔkaa nea ohui no ho asɛm mfe bi akyi sɛ: “Ade a m’ani dii kan bɔɔ so bere a miduu mpoano hɔ ne ɛpo, ne hyɛn a wɔde fa nkoa a na wɔato no sɛkyɛ a na ɛretwɛn nneɛma. Eyinom maa me ho dwiriw me, na ɛdanee ehu bere a wɔde me kɔɔ mu no. Ntɛm ara na ɛhyɛn no mu adwumayɛfo bi huruw me kɔɔ soro de hwɛe sɛ mete apɔw anaa, na afei wɔmaa me tee ase sɛ maba ahonhommɔne wiase bi mu, na wobekum me.”

Bere a Equiano totoo n’ani no, ohuu “abibifo ahorow ahorow a wɔagu wɔn mpokyerɛ abom, a wɔn mu biara anim ayɛ bosaa na wɔn werɛ ahow.” Ehu bunkam ne so ma ade tɔɔ ne so. Ne mfɛfo Afrikafo no kanyan no, na wɔbɔɔ mmɔden kyekyee ne werɛ. Equiano ka sɛ: “Mibisaa wɔn sɛ ebia saa aborɔfo no renwe yɛn anaa.”

Wɔde Equiano kɔɔ Barbados, ne afei Virginia, na akyiri yi wɔde no kɔɔ England. Esiane sɛ ɛpo so hyɛn mu panyin bi na ɔtɔɔ no nti, otutuu akwan pii. Osuaa akenkan ne akyerɛw, na awiei koraa no otuaa sika de nyaa ahofadi, na odii akoten kɛse wɔ kuw a ɛko tiaa nkoasom wɔ Britain no mu. Wɔ 1789 mu no, otintim n’ankasa asetra ho asɛm a ɛyɛ kyerɛwtohɔ kakraa bi a Afrikafo a wɔtɔɔ wɔn sɛ nkoa no mu biako kyerɛw faa nkoatɔ no ho (nea ebia eye sen biara).

Afrikafo foforo ɔpepem pii annya no yiye saa. Bere a wɔtew wɔn fii wɔn afie ne wɔn mmusua ho no, wɔde wɔn twaa Atlantic wɔ atirimɔden kwan so. Wɔtɔɔ wɔne wɔn mma a wɔwoo wɔn tɔn wɔn te sɛ anantwi, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma a wɔantua wɔn ka de maa wɔn wuranom ahode dɔɔso. Ná wɔn mu dodow no ara nni hokwan ahorow, na na wobetumi atwe wɔn aso, ayɛ wɔn ayayade, anaasɛ wɔakum wɔn mpo sɛnea wɔn wuranom adwene bɛkyerɛ wɔn biara. Wɔ saa nkurɔfo a na wɔhyɛ wɔn so dodow no ara fam no, na owu nkutoo ne ade a ɛbɛma wɔade wɔn ho afi nkoasom mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena