Ɔpepem Pii Dan Nkoa
ƐDE besi bere a wɔwoo Olaudah Equiano no, na po so ahyɛn a efi Europa de Afrika nkoa atwa Atlantic Po no mfeha abien ne fa. Nanso ɛnyɛ saa bere no na nkoasom fii ase koraa. Nnipa a wɔyɛ wɔn nkoa, a mpɛn pii akodi na ɛde ba no akɔ so wɔ wiase nyinaa fi tete mmere mu.
Nkoasom kɔɔ so bere tenten wɔ Afrika nso ansa na po so ahyɛn refi Europa aba. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Nkoatɔ akɔ so wɔ Afrika abibifo mu fi bere a wofii ase yɛɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ. . . . Ná wɔtɔ nkoa wɔ baabiara ansa na Nkramosom mpo refi ase, na na wɔtɔn nkoa a wɔyɛ abibifo a wɔde wɔn fi Afrika kɛse wɔ Nkramofo nsase nyinaa so.”
Nea ɛmaa Atlantic so nkoatɔ no yɛɛ soronko ne ne kɛse ne bere tenten a edii no. Sɛnea akontaabu a edi mũ sen biara kyerɛ no, nkoa a wɔde wɔn twaa Atlantic Po no fi afeha a ɛto so 16 mu kosi afeha a ɛto so 19 mu no dodow yɛ ɔpepem 10 kosi ɔpepem 12.
Ɔkwan Ahinasa No
Christopher Columbus po so kwan a otui wɔ 1492 mu akyi bere tiaa bi na Europa atubrafo fii ase tuu fagude na wɔyeyɛɛ ahwerefuw wɔ Amerika. Nea ɛka ɛhɔfo a Europafo no de wɔn yɛɛ nkoa ho no, wofii ase tɔɔ nkoa fii Afrika.a Nkoa a wɔde wɔn twaa Atlantic no fii ase sɛ ade ketewaa bi wɔ 1500 mfe no mfinimfini hɔ, nanso ebeduu Equiano bere so, wɔ 1700 mfe no mfinimfini no, na abɛyɛ ade kɛse—bɛyɛ nkoa 60,000 afe biara.
Ná po so ahyɛn a efi Europa taa fa ɔkwan ahinasa bi so. Nea edi kan no, wofi Europa de wɔn ani kyerɛɛ kesee fam kɔɔ Afrika. Ɛno akyi no, wotwaa mfinimfini kwan no (ahinasa no mfinimfini kwan) kɔɔ Amerika. Awiei koraa no, wɔsan kɔɔ Europa.
Po so ahyɛn mu mpanyimfo no dii gua wɔ ɔkwan ahinasa no gyinabea biara. Ná ahyɛn no tu fi Europa po so ahyɛn gyinabea ahorow a nneɛma ayeyɛ no ma—ntama, dade, atuo, ne mmosa. Sɛ edu Afrika atɔe fam a, ahyɛn mu mpanyimfo no de saa nneɛma yi gye nkoa fi Afrikafo aguadifo no hɔ. Wɔhyehyɛɛ nkoa no ma wɔkyeree so wɔ ahyɛn no mu, na afei ɛde wɔn kɔɔ Amerika. Sɛ wodu Amerika a, ahyɛn mu mpanyimfo no tɔn nkoa no, na afei wɔfa nneɛma a wɔde nkoa yɛɛ ho adwuma no—ahwerew, mmorɔsa, ahwerew nsu, tawa, ɛmo, ne efi 1780 mfe no mu no, asaawa. Afei ahyɛn no san twa kwan no fã a etwa to no kɔ Europa.
Wɔ Europafo ne Afrikafo aguadifo ne atubrafo a wɔwɔ Amerika no fam no, nea na wɔfrɛ no nneɛma a nkwa wom ho aguadi no ma wonyaa mfaso, na ɛbɛyɛɛ ɔkwan a wɔnam so nyaa sika. Wɔn a wɔyɛɛ wɔn nkoa no fam no—okununom ne ɔyerenom, agyanom ne ɛnanom, mmabarima ne mmabea—na nea aguadi no kyerɛ ma wɔn ne atirimɔdensɛm ne ahude.
Ɛhe na na nkoa no fi? Wɔkyeree binom te sɛ nea wɔyɛɛ Olaudah Equiano no, nanso wɔfaa wɔn mu dodow no ara nnommum wɔ akodi a ɛkɔɔ so wɔ Afrika amantam ntam no mu. Afrikafo na na wɔde wɔn ba. Abakɔsɛm kyerɛwfo Philip Curtin, a ɔyɛ nkoatɔ aguadi ho ɔbenfo no, kyerɛwee sɛ: “Europafo no behui ntɛm sɛ na Afrika yɛ asiane kɛse ma wɔn ankasa akwahosan sɛ wobetumi akɔkyere nkoa no tee. Nkoakyere bɛyɛɛ ade a na Afrikafo nkutoo na wɔyɛ . . . Mfiase no, na nnipa dodow no ara a wɔtɔn wɔn sɛ nkoa no yɛ nnipa a na wɔafa wɔn nnommum.”
Mfinimfini Kwan No
Ná ɔkwan a wotwa kɔ Amerika no yɛ hu. Ná wɔka Afrikafo so sɛ akuw a wɔagu wɔn mpokyerɛ abom kɔ mpoano, na ɛtɔ da bi a na wɔde wɔn gu abodan anaa ntaboo dan mu asram pii, a na wɔayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Mpɛn pii no, ebedu sɛ nkoahyɛn bɛba abɛfa wɔn akɔ Amerika no na ayayade a wɔde ayɛ wɔn ama wɔayareyare dedaw. Nanso na afei na na wɔn tebea no bɛsɛe koraa.
Sɛ wɔtwe wɔn kogu hyɛn no mu, bɔ wɔn adagyaw, na hyɛn no mu duruyɛfo anaa ɔpanyin no hwehwɛ wɔn ho wie a, wogu mmarima no mpokyerɛ de wɔn kɔ hyɛn no ase hɔ. Ahyɛn mu mpanyimfo hyehyɛɛ nkoa no dodow biara a wobetumi wɔ ase hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mfaso bɛdɔɔso. Wɔmaa mmea ne mmofra no kwan kakra ma wɔnenamee, nanso eyi nso maa ɛhyɛn no mu adwumayɛfo too wɔn mmonnaa.
Ná ase hɔ mframa no bɔn, na ɛyɛ abofono. Equiano ka nea ohui ho asɛm sɛ: “Mframa a na enni hɔ papa ne ɛhɔ hyew ne nnipa dodow a na wɔakyere so wɔ hyɛn no mu ma ɛyɛɛ den sɛ obiara benya ne ho twabere, na ɛmaa yɛn ahome tewee. Eyi ma yɛtew mfifiri kɛse na ankyɛ na pampan ahorow a ɛbɔn maa ɛhɔ mframa bɛyɛɛ nea ɛmfata sɛ wɔhome, na ɛde yare bi baa nkoa no mu ma ekunkum wɔn mu pii . . . Mmea no nteɛteɛm ne wɔn a wɔrewuwu no apinisi maa ɛhɔ bɛyɛɛ baabi a ɛyɛ hu a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wubetumi ayɛ ho mfonini wɔ w’adwenem.” Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no gyina tebea horow a ɛtete saa ano wɔ wɔn akwantu a egye wɔn bɛyɛ asram abien, a ɛtɔ da bi a ɛboro saa no nyinaa mu.
Nyarewa kɔɔ so wɔ tebea horow a ɛyɛ fĩ kɛse no mu. Nsanyare a ɛne konkoruwa ne mpete kaa nkurɔfo mpɛn pii. Awuwuawuwu no yɛɛ kɛse. Kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ ɛde besi 1750 mfe no mu no, na Afrikafo 5 biara a wɔforo po so hyɛn no mu 1 wu. Ná wɔto wɔn a wowuwu no gu po mu.
Bere a Wɔakodu Amerika
Sɛ nkoahyɛn no bɛn Amerika a, na ahyɛn mu adwumayɛfo no siesie Afrikafo no ma wɔtɔ wɔn. Wɔsansan nnommum no fi wɔn mpokyerɛ mu, ma wɔn aduan di ma wɔyeyɛ akɛse, na wɔsra wɔn ngo ma wɔyɛ te sɛ nea wɔte apɔw, na wɔde katakataa wɔn ho akuru so.
Ná po so ahyɛn mu mpanyimfo no nam adetɔfo no a wɔma wɔkeka sika a wobetua so na ɛtɔn wɔn nnommum no, nanso ɛtɔ da bi a na wɔyɛ “ɔfom” ho nhyehyɛe, a na ɛno hwehwɛ sɛ adetɔfo no di kan tua sika pɔtee bi. Equiano kyerɛwee sɛ: “Sɛ wonya ma wɔn sɛnkyerɛnne (sɛ ebia kyene bi mu a wɔbɛbɔ) pɛ a, wɔbɔ kirididi prɛko pɛ kɔ ban a nkoa no gu mu no mu kɔpaw nnipakuw no mu nea wɔpɛ. Dede a eyi de ba, ne ahopere a ɛda adi wɔ adetɔfo no anim no ma Afrikafo a wɔabɔ hu no suro bɛyɛ kɛse.”
Equiano de ka ho sɛ: “Saa kwan yi na wɔfaa so, a wɔn ahonim anhaw wɔn, tetew abusuafo ne nnamfo mu a na wɔn mu dodow no ara renhu wɔn ho wɔn ho bio da.” Ná eyi yɛ asɛm a ɛyɛ yaw kɛse ma mmusua a na wɔatumi abom atra ɔkwan bi so wɔ ahude no mu wɔ asram a atwam no mu no.
Adwuma no ne Ɔhwe No
Afrika nkoa no yɛɛ adwuma wɔ mfuw akɛse mu duaduaa kɔfe, ɛmo, tawa, asaawa, ne ahwerew titiriw. Afoforo tuu fagude denneennen. Ebinom yɛɛ adwuma sɛ dua adwumfo, nnadedwumayɛfo, nyansadɔnyɛfo, atuoyɛfo, ne po so ahyɛn mu adwumayɛfo. Afoforo nso yɛɛ ofie nnwuma—asomfo, mmofrahwɛfo, adepamfo, ne aduannoafo. Nkoa na wɔdɔɔ mfuw, wɔpaapaee akwan sisii adan, na wotutuu asuka.
Nanso, ɛmfa ho adwuma a nkoa yɛe no, wobuu wɔn sɛ agyapade, na sɛnea na mmara kyerɛ no na owura no wɔ n’agyapade so tumi koraa. Nanso, ɛnyɛ hokwan ne ahofadi a wɔde kamee nkoa ara kwa na ɛmaa nkoasom kɔɔ so. Ɔhwe ma ɛkɔɔ so. Ná tumi a awuranom ne ahwɛfo no wɔ no gyina ayayade a wotumi yɛ so. Na wɔyɛɛ ayayade pii.
Sɛnea ɛbɛyɛ na awuranom no betumi asiw atuatew ano na wɔadi wɔn nkoa so no, wɔde honam fam asotwe a ɛmfata mae wɔ mfomso nketenkete mpo ho. Equiano kyerɛwee sɛ: “Ná ade a wɔtaa yɛ [wɔ West Indies] ne sɛ wɔde dade a wɔde ato gya mu bɛkyerɛw nkoa wura din mu nkyerɛwde a edi kan agu wɔn ho de ahyɛ wɔn nsow, na wɔde nnade kɔtɔkoro a emu yɛ duru bɛsensɛn wɔn kɔn mu. Nokwarem no, sɛ nsɛm nketenkete bi sisi a, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn soa wɔn, na na wɔtaa de nnwinnade ahorow a wɔde yɛ ayayade ka ho. Ɛtɔ da bi a na wɔde dade nkataano, adwinnade a wɔde mia kokurobeti ne nea ɛkeka ho . . . di dwuma wɔ mfomso nketenkete ho. Mahu obibini bi a wɔboroo no kosii sɛ ne nnompe bi bubui esiane sɛ ɔmaa kuku bi huruw bu faa so ara kwa nti.”
Ɛtɔ da bi a na nkoa no tew atua. Nanso, mpɛn pii no, na atua a wɔtew no nsi wɔn yiye na wɔtwee wɔn aso atirimɔden so.
[Ase hɔ asɛm]
a Europa aman atitiriw a wɔde wɔn ho hyɛɛ Atlantic so aguadi mu tee no ne Britain, Denmark, France, Netherlands, Portugal, ne Spain.
[Kratafa 5 mfonini]
Ná wɔto wɔn a wowuwu no gu po mu
[Asɛm Fibea]
Culver Mfonini Ahorow
[Kratafa 5 mfonini]
Wɔhyehyɛɛ nkoa dodow biara a wobetumi wɔ hyɛn no ase hɔ
[Asɛm Fibea]
Schomburg Asoɛe a Wɔyɛ Abibifo Amammerɛ mu Nhwehwɛmu / New York Ɔmamfo Nhomakorabea / Astor, Lenox ne Tilden Suabea