Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 15
  • Wiase Awiei Ho Nkɔmhyɛ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Awiei Ho Nkɔmhyɛ Ahorow
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Yi Awiei Abɛn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nea Enti a Nnipa Pii Gye Di sɛ Wiase Bɛba Awiei
    Nyan!—1995
  • Wiase Awiei​—Ɛsɛ sɛ Wusuro Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • ‘Wɔn Nkɔmhyɛ Ahorow No Biako Mpo Amma Mu’
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 15

Wiase Awiei Ho Nkɔmhyɛ Ahorow

“Mfirihyia mpempem pii ni na amanehunu ho nkɔmhyɛfo ahyehyɛ nkɔm sɛ wiase rekɔ awiei.”—Premonitions: A Leap Into the Future.

WƆ AFE 1033, Kristo wu akyi mfirihyia 1,000 pɛ no, ehu kɛse kaa wɔn a na wɔte Burgundy, France, efisɛ wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wiase bɛba awiei saa afe no. Ɔsɛe ho akwanhwɛ no mu yɛɛ den bere a ahum akɛse soronko bi tutui na ɔkɔm bi a emu yɛ den bae no. Nnipa akuwakuw yɛɛ guasodeyɛ ahorow de daa wɔn ahonu adi.

Mfe du du bi a na abɛsen no, bere a Kristo awo akyi mfirihyia apem (sɛnea akontaabu a na wogye tom saa bere no kyerɛ no) bɛnee no, nnipa pii gye dii sɛ wiase awiei abɛn. Wɔkyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ wogyaee adwinni ne amammerɛ ho dwumadi a na ɛkɔ so wɔ Europa nkokorafie ahorow mu no. Eric Russell kae wɔ ne nhoma Astrology and Prediction mu sɛ: “Ná ‘bere a mahu sɛ wiase awiei rebɛn seesei no’ yɛ asɛm a wɔtaa de yɛ nsamansew wɔ afeha a ɛto so du no fã a ɛto so abien no mu.”

Martin Luther, a ofii Protestantfo Ɔsesɛw no ase wɔ afeha a ɛto so 16 mu no hyɛɛ nkɔm sɛ wiase awiei abɛn wɔ ne nna no mu. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, ɔkae sɛ: “Me fam de, migye di sɛ atemmuda no abɛn pɛɛ.” Nhoma kyerɛwfo foforo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a Luther de abakɔsɛm mu nsɛm totoo Bible nkɔmhyɛ ahorow ho no, otumi kaa bɛn a ɔsɛe a edi akyiri koraa no abɛn ho asɛm kyerɛe.”

Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, William Miller a wɔtaa ka sɛ ɔne Adventist Asɔre no farebae no hyɛɛ nkɔm sɛ Kristo bɛsan aba bɛyɛ March 1843 ne March 1844 ntam hɔ. Ne saa nti, ebinom hwɛɛ kwan saa bere no sɛ wɔbɛfa wɔn akɔ soro.

Nnansa yi ara, ɔsom bi a ɛwɔ Ukraine a wɔfrɛ no Great White Brotherhood hyɛɛ nkɔm sɛ wiase no bɛba awiei November 14, 1993. Wɔ U.S.A. no, radio so ɔsɛmpakafo bi, Harold Camping, kae sɛ wiase bɛba awiei wɔ September 1994 mu. Ɛda adi pefee sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa da a wiase bɛba awiei ho yi amma mu.

Eyi ama nnipa nnye nni bio sɛ wiase bɛba awiei? Ɛnte saa koraa. U.S.News and World Report a ɛbae December 19, 1994 no kae sɛ: “Mfirihyia apem foforo a ɛreba wɔ afe 2000 no ama atemmuda ho nkɔmhyɛ pii aba.” Nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ “ɛkame ayɛ sɛ Amerikafo ɔha biara mu 60 susuw sɛ wiase bɛba awiei daakye bi; bɛyɛ wɔn a wosusuw saa no baasa biara mu biako susuw sɛ ɛbɛba awiei mfe kakraa bi akyi.”

Dɛn nti na wɔahyɛ wiase awiei ho nkɔm pii saa? Ntease pa bi wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yegye di sɛ ɛbɛba awiei?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena