Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 3-4
  • Dɛn na Ɛreto Nananom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛreto Nananom?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Ɔhaw Ahorow no Bi?
    Nyan!—1995
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Me Nananom Anya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
  • Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1995
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 3-4

Dɛn na Ɛreto Nananom?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ

“Sɛ́ nanabarima no, mannye anni sɛ me mmanana betumi ayi ɔdɔ a ɛte saa adi akyerɛ me. Wɔyɛ akyɛde—mmofra pa a wɔn ho yɛ anika a wɔma ɔdɔ hama mu yɛ den.”—Ettore, nanabarima no.

ƐMFA ho abusuabɔ pa a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no, ɛnyɛ bere nyinaa na nananom, awofo, ne mmanana tumi bɔ wɔ nna yi mu. Sɛ anka wɔbɛyɛ biako no, awo ntoatoaso abiɛsa no taa ham. Dɛn na efi mu aba? Wɔn a wɔn mfe akɔ anim, nananom—abusua mufo a mpɛn pii wonni ahobammɔ na wɔtwe wɔn ho fi wɔn ho, wɔn a ebia abusuafo kɔ wɔn hɔ kogye mmoa bere a wohyia sikasɛm mu ahokyere—no redan ankonam na wodi awerɛhow kɛse. Tebea no te dɛn wɔ w’abusua mu? Mo ani sɔ mo nananom nokwarem?

Wɔ mfe du du a atwam mu no, asetra mu nsakrae kɛse a aba wiase nyinaa no aka abusua no ne nananom, mma, ne mmanana ntam abusuabɔ na ɛkame ayɛ sɛ mmusua a wodi agyade no reyera koraa. Wɔ Europa no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu ɔha biara mu 2 pɛ na wɔne wɔn mma te. Sɛ ɛte saa mpo a, esiane sɛ mprempren nnipa tumi nyin kyɛ na awo so atew nti, nananom dodow renya nkɔanim pii sen nnipa dodow nyinaa. Nnipa dodow a wɔwɔ Europa no mu ɔha biara mu 26 na wɔyɛ nananom mmea ne mmarima, na sɛnea nhwehwɛmu bi a Europa Nkabom Kuw no tintimii kyerɛ no, dodow no “bɛkɔ soro.” Asahi Evening News ka sɛ Japan “ani gye n’amammerɛ a ɛne sɛ ɛhwɛ ne manfo a wɔn mfe akɔ anim no ho yiye.” Nanso, su a ɛretrɛw wɔ hɔ, titiriw wɔ nkurow akɛse mu ne sɛ wobegyaw nananom wɔ ayaresabea ne mmeae atitiriw a wɔsa yare bere a ɛho nhia ankasa sɛ wɔde wɔn bɛkɔ akɔto ayaresabea mpo no. Sɛnea Cape Town atesɛm krataa The Cape Times kyerɛ no, wɔ South Africa nso, baabi a wofi tete adi wɔn a wɔn mfe akɔ anim nni no, seesei su bɔne a ɛwɔ hɔ ne sɛ wɔbɛpow wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Amanneɛbɔ no ka sɛ mmusua pɛ sɛ wonya “asetra mu anigye sɛnea wobetumi” na “wɔredaadaa wɔn ho sɛ bere tenten a wɔde nanabeanom akɔto beae a ahobammɔ wɔ no, wɔayɛ nea wɔhwehwɛ afi wɔn hɔ nyinaa.”

Saa atesɛm krataa koro no ara ka asɛm pɔtee bi a ɛfa aberewa bi a ne mma baasa de no kɔtoo beae bi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim, “na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛboa no yiye na wɔbɛba abɛsra no daa” ho asɛm. Nanso dɛn na ɛtoo no? “Mfiase no na wɔkɔsra no daa. Wɔ adapɛn bi akyi no wɔtew so baa mprɛnsa dapɛn biara. Afei ɛbɛyɛɛ pɛnkoro dapɛn biara. Wɔ afe akyi no, ɛbɛyɛɛ mprenu anaa mprɛnsa ɔsram biara, bere bi akyi no ɛbaa mpɛn anum anaa asia afe biara na awiei koraa no wɔankɔsra no koraa bio.” Ɔkwan bɛn so na saa aberewa yi a na ɛte sɛ nea ne nna remma awiei yi fa traa ase? Nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ awerɛhow no ka sɛ: “Ná ne dan no wɔ mfɛnsere bi a ɛma ohu dua bi, na na wɔn a ɔne wɔn te hɔ ne mmorɔnoma ne nnomaa foforo bi a na wobesisi so. Ná ɔde ahopere twɛn wɔn te sɛnea wɔyɛ abusuafo a wɔbɛn no yiye.”

Esiane sɛ nnipa a wɔte South Africa afa Atɔe Famfo asetra kwan a ɛma nnipa pii kɔhwehwɛ nnwuma wɔ nkurow akɛse mu nti, ade koro no ara rekɔ so wɔ mmusua mu. Wɔ asetra mu nsɛm a ɛresakra akyi no, ntease afoforo a enti wɔpow nananom ne nipasu a ɛde anigye ba ɔmanfo ne abusua asetra mu a ayera no—papayɛ, obu a obi de bɛma ne yɔnko, abusua ho dɔ—ne pɛsɛmenkominya su, anigye ntraso, ahantan, ne atuatew a abu so no. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, ɔbrasɛe a ɛte saa no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Enti, sɛ anka mma ne mmanana bebu wɔn nananom sɛ nhyira ne asomdwoe no, wɔtaa bu wɔn sɛ wɔyɛ akwanside kɛse, a wɔn nneyɛe ne asetra mu nsakra a ɛba no bɔ abira.a

Bɔ a nananom, mma ne mmanana ne wɔn ho mmɔ no reyɛ kɛse, na ɛde nhyɛso kɛse ba, titiriw bere a wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn mmusua te no. Nanso, mmoa a nananom de ma no betumi ayɛ mfaso kɛse! Ɛnde, ɔhaw atitiriw a ɛda nananom, mma ne mmanana ntam a esiw abusuabɔ pa a ɔdɔ wom kwan no bi ne nea ɛwɔ he? Na ɛbɛyɛ dɛn na nananom atumi asan adi dwuma a ɛsom bo no wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu?

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛsɛ sɛ wohu sɛ awofo bi a wɔn mfe akɔ anim a onyin ama wɔn adwene ho aka a wonni ahoɔden koraa fam no, ebia afie a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ hɔ a adwumayɛfo a wɔfata wɔ hɔ no betumi ayɛ nsiesie a ɛsen biara a ɔdɔ wom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena