Bere a Asiane Si Mpofirim
ASIANE akɛse asisi afeha a ɛto so 20 no mu, na nnipa na wɔmaa emu dodow no ara sii. Nanso, ebinom mfi nnipa. Bere a Yesu Kristo reka yɛn bere yi ho asɛm asie no, ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Nokwarem no, onipa na ɔma akodi ne ɔkɔm ba, nanso ɛnyɛ ɔno na ɔma asasewosow ba. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere a onipa dwumadi de nsuyiri a ɛsɛe ade ba no, wɔrentumi nka sɛ ɔno na ɔma asasewosow ba. Saara na ahum a etu anaa mmepɔw a ɛpaapae no mfi onipa mfomso.
Ɛmfa ho nea ɛde asiane ahorow ba no, ɛkyerɛ sɛnea onipa sua fa, sɛnea ɔnsɛ hwee bere a ohyia abɔde mu tumi horow a ano yɛ den no. Asase a ɛyɛ yɛn fie yi taa yɛ beae a ahobammɔ wɔ na enhinhim. Nanso sɛ ɛwosow wɔ asasewosow mu, nsu yiri fa so, na mframa a ano yɛ den a ennyae bɔ wɔ so sɛnea biribi a apae mu tumi na ɛma ɛyɛ saa a, saa ahobammɔ ho nkate no yera.
Asiane asɛe nneɛma kɛse na akunkum nnipa pii wɔ afeha a ɛto so 20 mu. Wobetumi akwati eyi? Wobetumi ayɛ biribi ma ɔhaw a efi mu ba no so atew? Sɛ́ ankorankoro no, dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban? Yentumi nyɛ hwee koraa bere a asiane si mpofirim no? Adesamma behu amane saa kwan yi so bere nyinaa? Nsɛm a edidi so no bɛka saa nsemmisa yi ho asɛm.