Yehowa Adansefo Aboa ma Koma Mu Oprehyɛn Anya Nkɔanim
NEW YORK Daily News de “Oprehyɛn a Mogya Nka Ho” yɛɛ wɔn amanneɛbɔ bi asɛmti wɔ August 27, 1995 de no mu. Ɛkae sɛ na ɛsɛ sɛ New York Ayaresabea-Cornell Aduyɛbea “bɛda ɔkwan titiriw bi a wɔbɛfa so ayɛ koma mu oprehyɛn a mogya nka ho adi—nnansa yi, nea na anka ɔyɛ kuropɔn no Sohwɛfo, David Dinkins, pɛe sɛ wɔyɛ no saa oprehyɛn koro no ara bi—a ɛremma mogya ntu no kɛse.”
Krataa no kae sɛ: “Yehowa Adansefo ahiade ahorow na ɛma wɔhwehwɛɛ saa kwan no, na ɔkwan foforo a wɔanya no ho anwonwade no . . . bɛda adi wɔ dɔla ɔpehaha pii a ɛbɛma ayaresabea ahorow no de asie, na atew mogya mu nyarewa a ayarefo betumi anya so kɛse no mu.” Oduruyɛfo Todd Rosengart, a ɔyɛ ayaresabea no oprehyɛn a mogya nka ho nhyehyɛe no ho kwankyerɛfo kae sɛ: “Mprempren, yɛatumi atew mogya dodow a wohia wɔ saa oprehyɛn yi yɛ mu so afi ntoa abien kosi anan a ɔyarefo biara hia no abesi sɛ yɛremma wɔn bi koraa.”
Oduruyɛfo Karl Krieger a ɔyɛ koma mu oprehyɛn wɔ ayaresabea hɔ, a ɔboae ma wonyaa saa kwan, no kae sɛ: “Bere a yɛma hia a ehia sɛ wɔn a wɔtwe wɔn mogya kyɛ ne nnuru a mogya wom fi hɔ no, yɛtew atiridii ne nyarewa foforo a mogya taa de ba wɔ oprehyɛn no akyi nso so.”
Abenfo foforo ka sɛ “oprehyɛn a mogya nka ho no ma bere a wɔde hwɛ obi wɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea mu yɛ den wɔ oprehyɛnyɛ akyi no so tew—fi nnɔnhwerew 24 anaa nea ɛboro saa besi nnɔnhwerew asia pɛ. Ayarefo a wɔyɛɛ wɔn saa oprehyɛn no tumi nyaa ahoɔden fii ayaresabea hɔ nnɔnhwerew 48 ansa na ayarefo a wɔmaa wɔn mogya no refi hɔ.” Eyi kyerɛ sɛ ayaresabea ahorow, nniso, ne insurance nnwumayɛkuw besie sika kɛse. Oduruyɛfo Rosengart buu akontaa sɛ “anyɛ yiye koraa no, saa oprehyɛn yi betumi ama wɔasie $1,600 wɔ ɔyarefo biara ho.”
Daily News amanneɛbɔ no toaa so sɛ:
“Nokwarem no, ɛnyɛ sikasɛm anaa aduruyɛ mu tebea bi a egye ntɛmpɛ mpo na ɛde oprehyɛn foforo no bae, na mmom ɔsom ho nkate. Ná Yehowa Adansefo—a wɔn gyidi bara mogya a wɔde ma no—rehwehwɛ mmoa ama wɔn nkurɔfo a wɔn mfe akɔ anim a wonya komayare no. . . .
“Yehowa Adansefo adesrɛ nti, nnuruyɛfo no de ɔkwan a wɔfa de mogya kora nkwa so ne nnuru foforo no boom dii dwuma. Wɔsan huu ɔkwan foforo a wɔbɛfa so de afiri a ɛtwe mogya fa koma mu a ɛma ayarefo tra nkwa mu bere a wɔreyɛ wɔn koma oprehyɛn no adi dwuma.
“Nea ɛka Yehowa Adansefo 40 a wɔyare a wodii kan yɛɛ wɔn saa oprehyɛn no ho no, asram asia a atwam ni no, New York-Cornell hɔ nnuruyɛfo no yɛ ayarefo no nyinaa saa oprehyɛn no bi. Krieger kae sɛ: ‘Efi saa bere no, wɔayɛ oprehyɛn a mogya nka ho 100 atoatoa so a obiara anwu.’ Nnipa dodow a wowu wɔ koma mu oprehyɛn a mogya nka ho mu no bɛyɛ 2.3%.”
Ayaresabea ahorow 102 de oprehyɛn a mogya nka ho ho nhyehyɛe aka nea wɔyɛ no ho,—wɔ wiase nyinaa—na ama ayarefo a wɔwɔ wiase nyinaa anya ɔkwan a wɔfa so yɛ oprehyɛn a ahobammɔ wom yi bi.